Momma Yensiesie Beae a Yɛsom Yiye
1. Dɛn ne Ahenni Asa atirimpɔw?
1 Yehowa Adansefo asafo ahorow bɛboro 94,000 na ɛwɔ wiase nyinaa. Asafo dodow no ara hyiam sua Bible na wonya Kristofo fekubɔ wɔ Ahenni Asa so, beae a wohyiam ma nokware som.
2. Dɛn nti na ehia sɛ yɛma Ahenni Asa no ho tew na ɛyɛ nea ɛfata?
2 Monyɛ Nhyehyɛe Mfa Nsiesie Hɔ Daa: Adwuma a yɛbɛyɛ de asiesie Ahenni Asa no yɛ ɔsom kronn a yɛde ma no fã titiriw. Yɛn Som Adwuma nhoma no ka wɔ kratafa 61-2 sɛ: “Ɛnsɛ sɛ anuanom bu no sɛ ɛyɛ hokwan a wɔanya a wɔde bɛboa Ahenni Asa no ho adwuma sika fam nko na mmom sɛ wɔde wɔn ho bɛma, ayɛ adwuma de ama ɛho atew, na ayɛ nea ɛfata a wɔasiesie no yiye. Ɛsɛ sɛ Ahenni Asa no so ne ɛho yɛ nea ɛfata a egyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde no.” Esiane sɛ yɛde Ahenni Asa no di dwuma mpɛn pii wɔ dapɛn no mu nti, ehia sɛ yɛtew ho na yesiesie no yiye daa. Atuhoamafo a wofi asafo a wohyiam wɔ Ahenni Asa no so no na wɔtaa yɛ nnwuma yi. Sɛnea na ɛte wɔ Bible mmere mu no, ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma wɔn ani bere sɛ ‘wɔbɛpompam na wɔasiesie’ beae a wɔsom no.—2 Be. 34:10.
3. Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ Ahenni Asa so asiesie ho nhyehyɛe, na henanom na wobetumi anya hokwan yi mu kyɛfa?
3 Ɛsɛ sɛ mode Ahenni Asa so siesie ho nhyehyɛe a wɔayɛ no foforo ama dapɛn biara no bɔ amanneɛbɔ pon no so. Ɛsɛ sɛ nhoma adesua akuw siesie asa no so nnidiso nnidiso, bere a wodi nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ a wɔahyehyɛ no akyi no. Ehia sɛ obiara a obenya kwan no tumi de ne ho hyɛ dapɛn dapɛn hokwan a ɛne sɛ wobesiesie Ahenni Asa so ma ayɛ nea ɛfata no mu bi. Wobetumi de mmofra aka ho bere a wɔn awofo hwɛ wɔn so no, na wɔnam saayɛ so akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔakyerɛ hokwan yi ho anisɔ. Ne titiriw no, sɛ asafo bɛboro biako na ɛde Ahenni Asa no di dwuma a, biako a wɔbɛyɛ ho hia sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn som no fã a ɛho hia yi ho adwuma renna asafo biako anaa nnipa kakraa bi so.
4. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama asafo no ahu nea wɔbɛyɛ bere a wɔresiesie Ahenni Asa so no?
4 Mubetumi akyerɛw nnwuma a wɔbɛyɛ no abɔ amanneɛbɔ pon so, titiriw wɔ baabi a wɔde nneɛma a wɔde siesie hɔ no gu no. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ adwuma a wɔbɛyɛ no dapɛn biara a ebi ne, apra, agyanan ne adwensɔe a wobesiesie ne mfɛnsere ho popa, apon a wɔde nhoma gu so ho popa, nea wɔde nwura gu mu a wobehwie mu nwura agu, fam popa, ne nhwehwɛ a wɔbɛpopa anim, no mu yiye. Nnwuma bi wɔ hɔ a ɛnyɛ bere nyinaa na wɔbɛyɛ, te sɛ dan mu nneɛma a wɔde dua ayɛ a wɔde aduru bɛfa ho, nkongua a wɔbɛpopa ho yiye, nkataanim a wɔbɛhoro ne anyinam nkanea ho a wɔbɛpopa. Ɛsɛ sɛ mode nnuru a mode siesie dan no mu no sisi baabi a mmofra ntumi mfa wɔn nsa nka, na ɛsɛ sɛ mokyerɛw ho ma afoforo hu dekode pefee. Ɛsɛ sɛ mokyerɛ dwuma a wɔde aduru biara di tiawa nso bɔ ho.
5. Ahobammɔ ho hia dɛn, na nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ bere ne bere mu no yɛma yɛn ani ku ho? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 4 no.)
5 Ahenni Asa so ahobammɔ yɛ ahiasɛm paa. (Deut. 22:8) Wɔ eyi ho no, adaka a ɛwɔ kratafa 4 no kyerɛ nneɛma bi a ɛsɛ sɛ bere ne bere mu no, yɛma yɛn ani ku ho na amma akwanhyia biara ansi.
6. Ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ adwuma a wɔyɛ de siesie Ahenni Asa so no so?
6 Ahenni Asa no Sohwɛ: Ɛyɛ mpanyimfo kuw no asɛyɛde sɛ wɔhwɛ ma wosiesie Ahenni Asa no. Asafo mu panyin anaa ɔsomfo na wɔtaa paw no ma ɔhwɛ adwuma no so. Ɔno na ɔyɛ adwuma a wɔyɛ no da biara wɔ Ahenni Asa no ho no ho nhyehyɛe, na ɔhwɛ hu sɛ ɛho tew bere nyinaa na ɛfata. Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ nneɛma a wɔde besiesie asa no so no dodow a ɛsɛ wɔ hɔ. Ɛho hia sɛ yɛhwɛ hu sɛ tebea a ebetumi ayɛ asiane biara nni asa no so anaa ɛho. Sɛ asafo ahorow abien anaa nea ɛboro saa na ɛde asa no di dwuma a, mpanyimfo kuw no bɛpaw boayikuw ma wɔayɛ nhyehyɛe a wɔde bɛhwɛ dan no ne asase no so. Boayikuw yi bɛyɛ adwuma wɔ mpanyimfo akuw no akwankyerɛ ase.
7. (a) Dɛn na wɔyɛ no afe biara de hwɛ hu sɛ wɔasiesie Ahenni Asa no ma ayɛ nea afata? (b) Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ani ku ho bere ne bere mu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 5 no.)
7 Afe biara wɔhwehwɛ Ahenni Asa no tebea mu yiye. Mpanyimfo no gyina so yɛ nhyehyɛe a wɔnam so de besiesie biribiara a ɛho hia sɛ wɔyɛ ho biribi no. Wobetumi ato nsa afrɛ adawurubɔfo no ma wɔabɛboa ma wɔasiesie biribiara a ehia sɛ wɔyɛ ho biribi no. Ɛsɛ sɛ obiara ma n’ani ku nneɛma ho, na ɔyɛ ntɛm siesie biribi a ehia sɛ wɔyɛ ho adwuma no. Ɛnsɛ sɛ moyɛ mmɔtohɔ.
8. Bere bɛn na mpanyimfo no betumi ne Ahenni Asa Adansi Dwumadibea no adi nkitaho wɔ Ahenni Asa asiesie ho?
8 Sɛ mpanyimfo no te nka sɛ wohia akwankyerɛ anaa mmoa bi na ama wɔde ahwɛ asiesie nneɛma wɔ Ahenni Asa no ho a, wobetumi ne Ahenni Asa Adansi Dwumadibea no adi nkitaho. Eyi betumi ayɛ biribi te sɛ agyanan, mfiri a ɛma dan mu dwo, suhyɛ a enwini a wobesiesie.
9. Sɛ ehia sɛ yɛbɔ obi paa ma ɔyɛ adwuma bi ma yɛn a, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so?
9 Asafo Sika a Wɔde Bedi Dwuma Nyansam: Atuhoamafo na wɔyɛ Ahenni Asa no ne ɛho adwuma no mu dodow no ara. Ahofama a wɔda no adi no yɛ ɔdɔ a wɔda no adi ɔkwampa so, na ɛboa ma ɛtew ka a wɔbɔ no so. Sɛ ɛho behia sɛ wɔbɔ obi paa ma ɔyɛ adwuma titiriw bi te sɛ durubɛn a nsu fa mu a wobesiesie, anaa agyanan a wɔbɛtwe a, mpanyimfo no hwehwɛ obi a obetumi ayɛ adwuma no yiye a wɔremmɔ ho ka pii. Ansa na wɔbɛyɛ eyi no, wodi kan yɛ adwuma a wɔbɛyɛ ne nneɛma a wobehia de ayɛ adwuma no nyinaa ho kyerɛwtohɔ. Wɔde nneɛma a wɔakyerɛw yi ne ɛho nkyerɛkyerɛmu ma wɔn a wobetumi ama wɔn nsa aka nneɛma a wohia no ma wɔn nyinaa kyerɛ ɛbo a wobetumi de agye. Bere a mpanyimfo no ahu sɛnea nneɛma a wohia no bo te afi aguadifo ahorow hɔ no, afei wobetumi apaw nea wɔbɛtɔ nneɛma no afi ne hɔ. Sɛ onua bi atu ne ho ama sɛ ɔbɛyɛ adwuma no anaasɛ ɔbɛtɔn nneɛma a ehia no de agye bo pɔtee bi mpo a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no fa saa kwan yi ara so di ho dwuma.
10. Dɛn na wɔyɛ de hwɛ hu sɛ wɔde asafo sika redi dwuma ɔkwampa so?
10 Sɛ asafo bɛboro biako na ɛde Ahenni Asa no di dwuma a, boayikuw a ɛhwɛ so no bue ɛho sika foto bu ho akontaa ɔsram biara kyerɛ mpanyimfo akuw no mu biara, na wɔnam saayɛ so ma mpanyimfo no hu sɛnea wɔde sika no di dwuma. Ɛyɛ mpanyimfo no asɛyɛde sɛ wɔde asafo no sika di dwuma ɔkwan a ɛfata so.
11. Sɛ ɛho behia sɛ wɔyɛ adwuma titiriw bi de siesie dan no anaa wɔyɛ ho nsakrae a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?
11 Nnwuma Akɛse a Wɔyɛ De Siesie Dan no Anaa Wɔde Sakra Ɛho Nneɛma: Sɛ boayikuw a ɛhwɛ so no hu sɛ ehia sɛ wɔyɛ Ahenni Asa no ho adwuma titiriw bi a, boayikuw no de asɛm no to mpanyimfo akuw no anim gye ho akwankyerɛ. Sɛ wɔkyerɛ sɛ ehia sɛ wɔyɛ adwuma titiriw bi de siesie anaasɛ wobehia mmoa afi asafo afoforo a wonhyia wɔ asa no so hɔ a, mpanyimfo no ne Ahenni Asa Adansi Dwumadibea bedi nkitaho. Anuanom a wɔfata a wɔn ho akokwaw yi de adwuma no ho nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma. Sɛ ɛho ka dɔɔso a, ebehia sɛ wobu ho akontaa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛ ho tirimbɔ ma asafo no pene so.—Hwɛ February 1994 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã.
12. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛanya sɛ yehyiam wɔ Ahenni Asa so no?
12 Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ hokwan a yenya de hyiam wɔ Ahenni Asa so no kɛse! Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu yɛn nhyiam ahorow so anaa yɛtoto no ase. Obiara betumi aboa ma yɛanya nsiesiei yi so mfaso na ahyɛ yɛn nkuran denam yɛn ho a yɛde bɛhyɛ yɛn Ahenni Asa sohwɛ mu no so. Eyi ma nokware som tu mpɔn na ɛhyɛ Yehowa din anuonyam. Momma yensi yɛn bo sɛ yebesiesie beae a yɛsom no ma ayɛ nea afata.
[Kratafa 4 adaka]
Ahobammɔ Ho Nhyehyɛe
◻ Ɛsɛ sɛ wosiesie mfɛnsere a abubu ntɛmpa ara.
◻ Ɛsɛ sɛ nkurɔfo hu faako a apon da ne atrapoe kwan pefee, na nkanea wɔ so, ɛhɔ fa nyɛ den.
◻ Ɛsɛ sɛ adan a wɔde nneɛma sie mu, agyananbea, ne nea wɔde ntade sensɛn mu no mu tew, wɔhyehyɛ emu nneɛma yiye, na nneɛma a ebetumi ahyew ne ankorankoro nneɛma ne nwura biara nni hɔ.
◻ Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ suhyɛ ne nsuka siesie no, na wɔma emu tew daa.
◻ Ɛsɛ sɛ wɔsɔ akanea wɔ akwan a nnipa fa so ne baabi a wɔde kar sisi, na woyi biribiara a ebetumi ama obi awatiriw anaa wahwe ase fi hɔ.
◻ Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ sɛ anyinam nkanea, mfiri a ɛma dan mu dwo yɛ adwuma, na wosiesie no yiye.
◻ Sɛ baabi nwunu a, ɛsɛ sɛ wosiesie no ntɛmpa ara na amfa ɔhaw titiriw biara amma.
◻ Sɛ obiara nni dan no mu a, ɛsɛ sɛ wɔtoto apon no mu.
[Kratafa 5 adaka]
Ɔdan no ne Ɛho Asase Sohwɛ
◻ Adiwo: So suhyɛ, ntaboo a ɛfomfam dan no ho, aduru a wɔde aka dan no ho, mfɛnsere, ne Ahenni Asa no din a wɔakyerɛw no tebea fata na wɔpopa ho dapɛn biara?
◻ Asase a Ɛda Ho: So wɔasiesie asase a ɛda dan no ho no yiye? So baabi a nnipa fa, ban a wɔagye afa dan no ho, ne baabi a wɔde kar sisi no fata? So wɔatwa nsensan no so, na wɔahwɛ nhwiren no yiye?
◻ Ɔdan no mu: So wɔpopa nkongua ne afasu no ho daa? So nnaka a wɔde nhoma hyehyɛ mu no mu tew na wɔahyehyɛ nneɛma wom pɛpɛɛpɛ? Mfutuma, ne nhoma a atetew ne nnakato ni hɔ?
◻ Ɔdan no mu nneɛma: So nkanea, akasam mfiri, mfiri a ɛtwe mframa a ɛyɛ hyew fi dan no mu, ne nea ɛma dan mu dwo no yɛ adwuma yiye?
◻ Agyananbea: So ɛso tew na wotumi de di dwuma ma ɛyɛ yiye? So samina ne nsu a wɔde bɛhohoro nsa ho wɔ hɔ?
◻ Nneɛma a wɔde siesie hɔ: So bokiti, prae, ntamagow a wɔde popa fam, ne samina wɔ hɔ bere biara? So nsu a wɔde bɛhohoro efĩ wɔ hɔ?
◻ Asafo nkrataa: So wɔahyehyɛ mmara kwan so nkrataa no foforo ma ayɛ nea ɛfata pɛpɛɛpɛ?