Yɛn Nyankopɔn Fi No a Yɛrennyaw
1 Sɛ worekɔ Onyankopɔn fi a, wɛn w’anan, na wobɛn kotie a, eye.” (Ɔsɛnk. 6:1) Yiw, beae a yɛsom Yehowa no ho hia yɛn titiriw, na enti ɛsɛ sɛ yɛn ani a yɛma ekũ Ahenni Asa no ho ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade bere a yɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛ yɛgye tom sɛ ɛyɛ beae a ‘[Yehowa] kyerɛ yɛn ade.’ (Yes. 54:13) So wowɔ anisɔ a ɛte saa ma mo Ahenni Asa no? Dɛn na yɛreyɛ de aboa ama beae a yɛsom wɔ hɔ yi akɔ so ayɛ nea eye?
ABRABƆ HO HIA
2 Sɛ yɛto nsa frɛ afoforo ba nhyiam horow no ase a, ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso yɛ saa a yenim sɛ nea wobehu wɔ hɔ no bɛyɛ nea egyina hɔ ma Yehowa din ne Ahenni no ampa. Sɛ́ nokware Nyankopɔn no, “n’anuonyam tra asase ne ɔsoro so,” na ɛsɛ sɛ yɛn abrabɔ wɔ Ahenni Asa no so ma anuonyam yi yɛ kɛse. (Dw. 148:13) Yɛrempɛ sɛ yɛn ntadehyɛ, ahosiesie, anaa abrabɔ bɛhaw yɛn nuanom anaa ɛbɛto obi a ebia wabɛsra yɛn no hintidua.
3 Ɛsɛ sɛ obiara yi onuadɔ adi na ɔhwɛ yiye sɛ ɔrenyɛ dede biara. Asutú, adidi, chewing gum a wɔwe ne ma a wɔde ma obi, abɔnten akɔneaba a wodi bere a ɛho nhia, no ka nea wɔtaa ka akyi yɛ nea ne nyinaa haw afoforo na ɛkã anuonyam a ɛbata beae a wɔsom Yehowa ho no. “Ɔdɔ . . . ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata,” na su horow a enye yi nni afã biara wɔ Ahenni Asa no so. (1 Kor. 13:4, 5: Gal. 6:10) Wiasefo nhyiambea ahorow taa yɛ tan na ɛsɛe mpo bere a nkurɔfo totow chewing gum, tɔfe, ne nnuan gu baabiara a wonnwen ho no. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hwɛ yiye, ne titiriw no, awofo a wɔwɔ mmofra nkumaa, sɛ yɛrensɛe Yehowa ɔdan no wɔ saa kwan yi so.—Fa toto Deuteronomium 23:14 ho.
ƐHƆ ASIESIE HO NHYEHYƐE
4 Mpanyimfo kuw no (ne, faako a asafo a ɛboro biako na ehyiam wɔ asa no so no, Ahenni Asa Boayikuw no) yɛ ɔdan no mu aprapra ne ɛho asiesie ho nhyehyɛe. Nhoma adesua akuw horow no taa siesie so dapɛn biara bere a wɔahwɛ ahu nea ɛho hia sɛ wɔyɛ no. Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yedi ɛho nhyehyɛe a wɔayɛ no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a asa no so asiesie no bɛkɔ so “fɛfɛɛfɛ wɔ ano wɔ ano.” (1 Kor. 14: 40) Efi bere kɔ bere mu no wobetumi ayɛ da titiriw bi ho nhyehyɛe ma wɔde asiesie so nyinaa.
5 Sɛ asafo a ɛboro biako na ehyiam wɔ Ahenni Asa no so a, ɛho hia titiriw sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ wɔ asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yebesiesie asa no so no ho. Wɔ eyi mu no, ɔdan no ho nneɛma taa sɛe, nanso ɛho asiesie no ntaa mma ntoatoaso. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ bere a edu yɛn so sɛ yebesiesie hɔ no nsow wɔ yɛn kalenda so na akae yɛn. Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo ne wɔn aboafo di kan kae wɔn kuw no bere a ebedu wɔn so no ntɛm.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 61, nkyekyem 2.
YƐN FAM DE A YƐBƐYƐ
6 Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛboa yɛn kuw no bere a adu yɛn so sɛ yesiesie Ahenni Asa so no. Eyi remma adwuma no nna nnipa kakraa bi so, na ɛma yenya adwuma ne fekubɔ pa mu mfaso. Nanso ɛho nhia sɛ yɛbɛtwɛn akosi sɛ ebedu yɛn so ansa. Sɛ́ ankorankoro ne mmusua no, yebetumi aboa ma wɔasiesie asa no so bere a yɛapɔn no. Sɛ yehu sɛ krataa bi da fam a, yebetumi ama so; sɛ nkongua no bi akyea a yebetumi ateɛ no. Hwɛ akomatɔyam ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ yɛn mmɔdenbɔ no ma beae a yɛsom Yehowa no tew!
7 Nehemia huu hia a ɛho hia sɛ ‘yɛrennyaw yɛn Nyankopɔn fi’ no. (Neh. 10:39; 13:11) Yenim sɛ yɛn Ahenni Asa no ne beae a wɔsom ɔsom a ɛyɛ nokware wɔ yɛn mpɔtam hɔ na enti ɛsɛ sɛ yefi ɔdɔ mu ma yɛn ani kũ ho na yɛhwɛ no yiye. Momma yɛn nyinaa mfa yɛn abrabɔ ne Ahenni Asa so asiesie nhyehyɛe no a yɛde yɛn ho behyem no so mma anuonyam a ɛbata beae a yɛsom Yehowa ho no nkɔ so.