Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ August 25, 2003 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntimu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ July 7 kosi August 25, 2003 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Mfaso horow bɛn na efi obi anim a yɛhwɛ wɔ bere a yɛyɛ asɛnka adwuma no mu ba? [be-TW kr. 125 nky. 1-2; kr. 125 adaka]
2. Sɛ ehu ka wo ansa na woafi asɛnka ase a, dɛn na ebetumi aboa wo? [be-TW kr. 128 nky. 4-5]
3. Dɛn na ɛbɛboa wo na wode wo nne ankasa akasa wɔ nkɔmmɔbɔ kwan so wɔ bere a worema ɔkasa wɔ asɛnka agua so no? [be-TW kr. 129 nky. 2; kr. 129 adaka]
4. Nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus 16:4, 24, 26, 28; Yohane 13:10; ne Adiyisɛm 19:8 no nya wɔ yɛn ahosiesie so, na dɛn nti na eyi ho hia? [be-TW kr. 131 nky. 3; kr. 131 adaka]
5. Kyerɛ obi a n’ani da hɔ na ɔwɔ “adwenemtew.” (1 Tim. 2:9, 10) [be-TW kr. 132 nky. 1]
DWUMADI 1
6. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo fi boasetɔ mu hu ma wɔn ho wɔn ho de, nanso dɛn na wɔmma ho kwan wɔ wɔn mu? (Kol. 3:13) [w01-TW 7/15 kr. 22 nky. 7-8]
7. Ɔkwan bɛn so na tetefo pii fii wɔn adekan ase? [si-E kr. 282 nky. 24]
8. Dɛn ne adwene a eye sen biara a yebetumi de akenkan Onyankopɔn Asɛm no, na dɛn nti na saa adwene a yebenya no ho hia? [be-TW kr. 24 nky. 1]
9. Ɔkwan bɛn so na onyansafo “kora nimdeɛ”? (Mmeb. 10:14) [w01-TW 7/15 kr. 27 nky. 4-5]
10. Dɛn nti na ɛfata sɛ yesusuw Hiob suban pa ho? (Hiob 1:1, 8; 2:3) [w01-TW 8/1 kr. 20 nky. 4]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Ɔkwan bɛn so na sodikuw no mufo tumi yɛɛ “nokoro” sɛ wɔnhwehwɛ sɛ Amanaman mufo a wɔyɛ gyidifo no twa twetia ansa na wɔagye wɔn nkwa? (Aso. 15:25)
12. Ɛyɛɛ dɛn na sodikuw no tumi ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnyɛ Mose Mmara no mu ahwehwɛde horow bi wɔ bere a na Yehowa atwa saa Mmara no mu no? (Aso. 21:20-26) [2, it-1-E kr. 481 nky. 3; it-2-E kr. 1163 nky. 6–kr. 1164 nky. 1]
13. Atoro sobo bɛn na wɔde bɔɔ ɔsomafo Paulo a ɛkae yɛn nsɛm a wɔaka atia Yehowa Adansefo nnansa yi? (Aso. 24:5, 6) [w01-TW 12/15 kr. 22 nky. 7–kr. 23 nky. 2]
14. Ɔkwan bɛn so na Paulo yɛɛ nhwɛso sɛ Ahenni dawurubɔfo wɔ bere a na ɔwɔ afiase mfe abien mpo no? (Aso. 28:30, 31)
15. Ɔkwan bɛn so na ‘atumfoɔ a wɔkorɔn’ no yɛ “nea Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ” no fã, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi ka Kristofo? (Rom. 13:1, 2) [w00-TW 8/1 kr. 4 nky. 5]