Ahenni Asa Adansi Adwuma—Ade a Ɛho Hia wɔ Ɔsom Kronn Mu
1. Dɛn na wɔatumi ayɛ wɔ Ahenni Asa adansi adwuma no mu, nanso dɛn na ɛho da so ara hia?
1 Mfe ason a atwam ni wɔ Ghana no, wɔasisi Ahenni Asa ahorow pii anaa wɔasisi dedaw a ɛwɔ hɔ no foforo. Yɛn ani sɔ adwumaden a Ahenni Asa Adansi akuw no ayɛ no nyinaa yiye. Na yɛda wɔn a wɔboaa wɔn no nso ase paa. Ɛwom sɛ wɔayɛ adwuma kɛse de, nanso pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ Ahenni Asa adansi adwuma no mu. Ɔkwan bɛn so na yɛn nyinaa betumi aboa adwuma a ɛho hia yi wɔ ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa no mu?—Adi. 7:15.
2. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa Ahenni Asa adansi adwuma no tẽẽ?
2 Fi Wo Pɛ Mu Tu Wo Ho Ma: Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a woabɔ asu na sɛ wɔka sɛ wɔrebesi Ahenni Asa wɔ mo mpɔtam a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ tu wo ho ma na wo ne Ahenni Asa Adansi akuw no nyɛ adwuma. (Dw. 110:3) Ɛsɛ sɛ wɔn a wobetu wɔn ho ama no nyinaa yɛ nnipa a wɔpɛ adwuma na wotie akwankyerɛ. (Dw. 133:1) Sɛ wunni adansi ho nimdeɛ mpo a, wubetumi ayɛ mmoa wɔ adansi adwuma no mu.
3. Ɔkwan bɛn so na afoforo a wobetu wɔn ho ama aboa ma wɔasi Ahenni Asa no ho hia?
3 Anuanom bɛyɛ baanum a wɔfata na wɔwɔ adansi kuw biara mu, na wɔatete wɔn sɛ wɔmmoa mo ma munsi mo ankasa Ahenni Asa wɔ bere pɔtẽẽ bi mu. Eyi kyerɛ sɛ wohia anuanom a wobetu wɔn ho ama na ama wɔatumi awie ɔdan no si wɔ bere ano. Sɛ nnipa kakraa bi tu wɔn ho ma na sɛ wɔantumi anwie da a ɛsɛ wowie a, ɛbɛka asafo afoforo a wohia Ahenni Asa denneennen no.
4. Akwan foforo bɛn so na yebetumi aboa nhyehyɛe yi?
4 Monkyerɛ Anisɔ: Sɛ ɛnyɛ ntoboa a muyi a, anka Ahenni Asa adansi adwuma no rentumi nkɔ so da. Sɛ wɔresi Ahenni Asa ama asafo bi a, asafo no hwehwɛ dabere a ɛfata ma adansi kuw no, na wɔma wɔn aduan pa nso. Anuanom pii fi wɔn pɛ mu de aduan boa. Woyi ntoboa foforo ma wɔde totɔ nneɛma afoforo a ɛho hia ma wɔde yɛ adwuma no. Ɛwom sɛ ebia eyi bɛyɛ den ama asafo ahorow a ɛwɔ mmeae bi de, nanso wommu no sɛ ɛyɛ adesoa, na mmom wobu no sɛ hokwan a wɔanya de reda ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa, ne nkurɔfo, ne Ahenni no adi.—Mmeb. 3:9.
5. Dɛn nti na Ahenni Asa a yesisi no nyɛ kyenkyerenn na ɛfata?
5 Wɔhyɛ da sisi Ahenni Asa a ɛnyɛ kyenkyerenn na ɛfata, na wɔde adansi ho nneɛma a wonya wɔ ɔman no mu na esisi. Wɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de sika kakraa bi a ɛwɔ hɔ no asisi Ahenni Asa pii. Eyi mma ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhwɛ Ahenni Asa no so nso. Yɛkamfo mo sɛ mugye Ahenni Asa a ɛnyɛ kyenkyerenn yi tom. Esiane sɛ yenim sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn Ahenni Asa ahorow no yɛ adan akɛse kyenkyerenn a afoforo bɛkamfo nti, ɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene si “nneɛma a ehia koraa” no so.—Filip. 1:10.
6. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahwɛ yɛn Ahenni Asa so yiye?
6 Monhwɛ Mo Ahenni Asa so Yiye: Sɛ wonya si Ahenni Asa bi wie a, asafo no kɔ so fi wɔn pɛ mu yi ntoboa de tua bosea a wɔbɔ de sii Asa no ho ka. (2 Kor. 9:2) Ɛsɛ sɛ mo nyinaa bu no sɛ ɛyɛ hokwan a moanya sɛ mubeyi ntoboa de aboa, na mutu mo ho ma de siesie asa no ma ɛho tew, na ɛyɛ fɛ. Ɛsɛ sɛ Ahenni Asa no mu ne ɛho nyinaa ma wɔka Yehowa ahyehyɛde no ho asɛmpa.—od kr. 120-121.
7. Sɛ asafo mũ no nyinaa bom de biakoyɛ yɛ adwuma ma nokware som nya nkɔso a, dɛn na efi mu ba?
7 Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asafo no mu bom yɛ adwuma a, “ɛma nipadua no nyin yɛ den wɔ ɔdɔ mu.” (Efe. 4:16) Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne nokware som no ka yɛn ma yɛkɔ so boa Ahenni Asa adansi adwuma no.