So Wubegye Adwuma Mu Akwamma?
“Meyɛɛ adwumaden sen sɛnea misusuwii sɛ metumi ayɛ no mpɛn 10 nanso anigye a minyae na boro mpɛn 20.”—D. V., Wisconsin
“Wɔma meyɛɛ adwuma bi a mempɛ. Nanso hu a mihui sɛ mereyɛ eyi wɔ Betel na maa m’ani gyei.”—G. R., Wisconsin
“Mepɛ sɛ mede me yere ba ha na yɛde ɛha yɛ yɛn fi!”—I. J., Kentucky
“Ɛyɛ anigye kɛse. Yɛn ani begye kɛse sɛ yɛbɛba Betel sɛ abusua.”—A. G., New York
DƐN na nkurɔfo yi reka ho asɛm no? Dɛn ne “Betel”? Adwuma bɛn na na wɔreyɛ?
Nsɛm a woakeka yi yɛ nea nnipa bɛboro 2,000 a wɔatu wɔn ho ama wɔ mfe abien a atwam yi mu a wɔn ankasa bɔ ka ba Yehowa Adansefo asafo no ti bɛboa adwumayɛ wɔ hɔ a mpɛn pii wɔde wɔn adwuma mu akwammabere na ɛyɛ saa no taa ka. Saa adan ahorow pii a wɔfrɛ no Betel (“Onyankopɔn fi,” efi Hebri mu) yi wɔ Brooklyn, New York ne Watchtower Farms a ɛwɔ Wallkill, New York no. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama yi mu pii ne adwumayɛfo bɛyɛ 3,500 a wɔwɔ hɔ daa no bom yɛ adwuma fi dapɛn biako kosi ɔsram biako. Nanso dɛn nti na wɛn mmoa ho hia?
Ntrɛwmu a Ɛrekɔ So Ntɛmtɛm wɔ Wiase Nyinaa
Ntrɛwmu kɛse reba wɔ Yehowa Adansefo adwuma no mu wɔ wiase nyinaa. Sɛ nhwɛso no: Wɔ 1943 mu no na Adansefo 126,000 pɛ na wɔreka asɛm wɔ nsase 54 so. Mfe aduanan abien akyi no yɛwɔ Adansefo 700,000 wɔ United States nkutoo! Aman ason foforo—Brazil, Britain, Federal Republic of Germany, Italy, Japan, Mexico, ne Nigeria atwam wɔ 100, 000 botae no ho. Mprempren yɛwɔ Adansefo bɛboro 3,000,000 wɔ asafo ahorow bɛyɛ 50,000 mu wɔ nsase a ɛboro 200 so.
Eyi ama Bible ne Bible nhoma ahorow a wohia wɔ kasa horow bɛboro 190 a wotintim Ɔwɛn Aban Asafo nhoma ahorow wom no ayɛ kɛse. Eyi nso ama tintim-mfiri ne adan a adwumayɛfo a wɔatu wɔn ho ama a wɔwɔ Asafo no ti wɔ New York ne baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa no bɛtra mu pii ho abehia kɛse.
Sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi ahiade ahorow yi ho dwuma nti, Ɔwɛn Aban Asafo no reyɛ ntrɛwmu adwuma ahorow, ne titiriw no wɔ Asafo no ti wɔ Brooklyn ne Watchtower Farms. Sɛ nhwɛso no, wɔtɔɔ adan akɛse abien bi wɔ Brooklyn a na biako wɔ 360 Furman Street wɔ East River kɔn so. Esiane sɛ wɔn a wɔtete mu no atu kɔ nti, na ɛho hia sɛ wosiesie mu. Ná Furman Street abansoro a ɛtoa so 13 no so ara yiye! Ɛwom sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no wɔ adwumayɛfo a wɔwɔ hɔ daa a wɔyɛ adansifo de, nanso wohia adwumayɛfo pii na ama adwuma no akɔ so ntɛm. Ɛno nti na nnipa a wotu wɔn ho ma ho abehia kɛse no.
Dɛn Nti na Wotu Wɔn Ho Ma?
Wɔ 1984 mu no Ɔwɛn Aban Asafo no de krataa kɔɔ asafo ahorow bɛyɛ 8,000 a ɛwɔ United States no mu a wɔde reto nsa afrɛ nnipa a wobetu wɔn ho ama abɛyɛ adwuma wɔ Betel anyɛ yiye koraa no dapɛn biako. Nnipa mpempem pii agye ɔfrɛ no so wɔ ɔman no mu nyinaa na wɔn ankasa abɔ ka aba. Dɛn na atwetwe wɔn aba hɔ no? So ɛyɛ akatua a wogye nti?
Wɔma nnipa yi aduan ne dabere kwa nanso wontua wɔn ka! Ɛnde dɛn na ɛma wɔde wɔn ho ma no? Ɔdansefo bi a ofi Louisiana kyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ hokwan ankasa a minyae sɛ mɛyɛ Betelni bere tiaa bi na mahu sɛnea Betel asetra te nea edi kan. Ama m’ani asɔ wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa som wɔ hɔ a wɔde wɔn asetra abɔ afɔre ama eyi no kɛse. Mahu sɛ, sɛ menya anigye a, ɛsɛ sɛ midi adwene a ɛnteɛ a mewɔ a ɛne ‘nea Betel betumi ayɛ ama me’ no so na mema ɛbɛyɛ ‘dɛn na metumi ayɛ ama Yehowa wɔ Betel.’”
Ɔdansefo foforo a ɔyɛ mfiridwumayɛfo kae sɛ: “Mepɛ sɛ meda mo ase kɛse wɔ hokwan a mode ama anuanom te sɛ me ma yɛanya Betel som adwuma mu kyɛfa bere tiaa bi no ho.” Nea akanyan wɔn titiriw ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobɛsom Yehowa wɔ honhom mu tebea a ɛte sɛɛ mu wo Betel no.
Ɔpɛ a Wɔde Yɛ Adwuma
Adwuma bɛn na nnipa a wɔatu wɔn ho ama yi yɛ? Ne fã kɛse no ara yɛ Furman Street dan no ne Bossert Ahɔhodan a Betel adwumayɛfo ɔhaha pii bɛtra mu no ho adwumayɛ. Adwuma kɛse foforo nso a wɔreyɛ ne tintimbea ne adan a wɔbɛtra mu a wɔretrɛw mu wɔ Watchtower Farms no.
Nwura ne efi a wɔapra afi Brooklyn adan no mu nyɛ ade ketewa. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama yi aboa ma wɔatutu konkrite dedaw ahorow ayi afi ho de foforo asi ananmu. Woaboa nso wo nsu ne anyinam ahoɔden ho adwumayɛ mu.
Ɔdansefo biako a ɔyɛ mmaranimfo a waware a ɔwɔ mma baasa fi San Diego, California tɔnn bae. Wɔ nna kakra a edi kan no mu no ɔyɛɛ adwuma wɔ faako a wɔrebubu adan adedaw no. Afei mmoa titiriw bi ho behiae wɔ faako a wodi Asafo mmara kwan so nsɛm ho dwuma no. Wubetumi ahu faako a ɔde nna a aka wɔ adapɛn abien no mu yɛɛ adwuma.
Esiane sɛ na ɔdan a ɛwɔ Furman Street no mfɛnsere pii awe nkannare nti, na ɛho hia sɛ woyiyi emu bɛboro 1,300 na wode foforo si ananmu. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama a woreyɛ adwuma wo Furman Street ɔdan no ho no ara na wɔyɛɛ mfɛnsere ahorow yi. Obi a ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ hɔ bere tiaa bi a ɔno ankasa wɔ afiri a wɔde yɛ ahwehwɛ kae sɛ ebegye $5,000 na wɔde ayɛ ahwehwɛ a ne tenten yɛ anammɔn 10 a ne trɛw yɛ anammɔn 17. Nanso wɔyɛ ahwehwɛ no bi wɔ hɔ ara de hyɛ a egye $1,500 pɛ.
Adwumayɛfo a Wɔwɔ Botae a Ɛkorɔn
Nnipa bɛn na wɔde wɔn ho ma wɔ adwuma yi yɛ mu no? Nnipa a wɔn ani sɔ honhom mu botae ahorow na wobetumi ayɛ eyi. Ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi ara mu sɛ nnipa 1,419 a wotuu wɔn ho mae no mu 626 yɛ asafo mu mpanyimfo, 595 yɛ asafo mu asomfo, na 418 yɛ akwampaefo. Eyinom yɛ mmarima a wɔda ho a wɔde bɔ afɔre honhom adi, na wohu eyi wɔ ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ adwumaden wɔ Betel no mu. Wɔn mu pii awareware a wɔwɔ mmusua. Ebinom mma de wɔn bere nyinaa som wɔ Betel.
Fa ɔpanyin a ofi California kusuu fam asɛm no sɛ nhwɛso. Ne mmabarima baanu de bɛyɛ mfe abiɛsa asom wɔ Betel. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mewɔ mmabarima baanu wɔ ha sɛ abusua yi fã, enti bere tiaa a mede abɛyɛ adwuma wɔ ha no yɛ biribi titiriw ma me. Ɛhaw me sɛ me ne wɔn ntam kwan boro akwansin 3,000. Manya ahotɔ kɛse wɔ adapɛn abien a me ne mo abɔ wɔ didipon ho, anɔpa adekyee mu asɛm ne nkyerɛkyerɛmu, Ɔwɛn-Aban adesua ne nneɛma afoforo pii mu no mu. Ɛyɛ m’anigye kɛse sɛ me mma baanu no wɔ hɔ sɛ abusua yi fã.”
Ɛwom sɛ nnipa yi de nneɛma ahorow pii bɔɔ afɔre de, nanso wofii Betel a na wɔte nka sɛ wɔanya nea ɛsen nea wɔde mae no. Ɛnyɛ adwuma a ɛyɛ den mu kyɛfa nko na wonyae na mmom Betel honhom fam nhyehyɛe ahorow nso. Ná wonya anɔpa adekyee mu nsɛm a simma 20 Bible mu nkɔmmɔbɔ ne mpaebɔ ka ho mu kyɛfa. Ná wɔkɔ Betel abusua kɛse no Ɔwɛn-Aban Adesua ase nso Dwoda anwummere. Sɛnea onua bi a ofi New Mexico kae no: “Ebia ade titiriw a mekae ne nnwom a yɛne abusua no bom to Dwoda anwummere no.
Ɛyɛ nneɛma a m’ani agye ho kɛse wɔ m’asetra mu no mu biako. Na afei mahu nea enti a yebetumi abu adekyee mu asɛm no sɛ yɛn som ma Yehowa no fã no.” Onipa foforo a ofi Pennsylvania kae sɛ: “Mete nka sɛ manya pii sen nea mede mae no. Nnawɔtwe yi ama me gyidi ayɛ den kɛse.”
Esiane ɔdansi adwuma kɛse a ɛrekɔ sɔ wɔ New York ne baa dwumadibea ahorow wɔ wiase nyinaa no nti, Ɔwɛn Aban Asafo no ankasa wɔ ne dwumadibea a ɛhwɛ ɔdansi ho nsɛm so. Ɛha na wɔtete mmarima ne mmea ma wonya ɔdansi ho nimdeɛ. Obi a ɔyɛ mfiridwumayɛfo a ɔbɛyɛɛ adwuma no bi kyerɛwee sɛ: “Wɔ mfe 25 a me ne akuw ahorow ayɛ adwuma no mu no, minhuu adwumayɛkuw a ne nhyehyɛe ne ne biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ te sɛ eyi da. Nea m’ani agye ho titiriw ne sukuu a wɔde retete nkurɔfo ma wɔanya adansi ho nimdeɛ no. Sɛ wohwɛ adesuafo no su a, ɛda adi sɛ wɔ afe biako anaa mfe abien ntam no Asafo no benya nnipa a wɔwɔ ɔdansi ho nimdeɛ sen biara wɔ ɔman yi mu.”
So Wubetumi de Wo Ho Ama?
Esiane sɛ adansi adwuma yi bi rekɔ so wɔ aman pii so nti nhyehyɛe koro yi ara na wɔde di dwuma wɔ baabiara. Ntrɛwmu adwuma a ɛrekɔ so wɔ United States no bɛma nnipa a wɔatu wɔn ho ama ho ahia wɔ mfe kakra a ɛda yɛn anim no mu. Sɛ woyɛ onua a wagye asubɔ a wadi fi mfe 19 kosi 55 na wowɔ ahoɔden ne din pa wɔ asafo no mu a wowɔ ɔpɛ sɛ wobɛyɛ adwuma den a, ɛnde bisa ho kwan denam w’asafo mu mpanyimfo no so.
Obi a ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ Watchtower Farms kyerɛwee sɛ: “Adapɛn abien a midii wo ha no yɛ nea ɛsen biara wɔ m’asetra mu!” Sɛ wo nso wokɔyɛ adwuma wɔ Betel bere tiaa bi mu a, ebia wobɛte nka sɛ eyi yɛ bere a ɛyɛ anigye sen biara wɔ w’asetra mu wɔ Yehowa ɔsom kronn mu.—Dwom 133:1; 84:1, 2, 10.
[Kratafa 10 mfoni]
Ɛho ahia sɛ wɔsɔ nnade ahorow wɔ Asafo adan no ho
Wɔagu kɔnkrite ahorow pii
[Kratafa 11 mfoni]
Woyiyi mfɛnsere dedaw de foforo sisi ananmu
[Kratafa 12 mfoni]
Woguu kɔnkrite foforo pii
Wɔde mfɛnsere ahwehwɛ foforo asisi dodow bɛboro 1,300 ananmu
[Kratafa 13 mfoni]
Bere tiaa mu adwumayɛfo de mmoa ama wɔ Watchtower Farms
[Kratafa 14 mfoni]
Wɔresiesie Furman Street dan no ayɛ no foforo koraa