Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
September 2 besi December 23, 1991 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.
[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]
Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi sɛ Ampa anaa Atoro:
1. New World Translation no ne nkyerɛase a edi kan a ɛsan de Onyankopɔn din no hyɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. [3, si kr. 327 nky. 2 (1983 de, kr. 326 nky. 2)]
2. Cyrus Cylinder no ka Ɔhene Kores ahyɛde a ɛfa nnommum a ɔma wɔsan kɔɔ wɔn nsase so no ho asɛm. [9, si kr. 336 nky. 15 (kr. 336 nky. 20)]
3. Ɛnyɛ Yudafo nko na wogye toom sɛ Mose na ɔkyerɛw Pentateuch no na mmom tete akyerɛwfo binom nso a na wɔn mu bi yɛ Yudafo atamfo. [11, si kr. 338 nky. 5 (kr. 338 nky. 5)]
4. Ɛda adi sɛ Sekem too Dina mmonnae. (Gen. 34:1-3) [2, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w85 6/15 kr. 31.]
5. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis 38:8-10 a ɛfa Onan ahosen a ɔma eguu fam ho no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfa nnuru a esiw nyinsɛn kwan. [3, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w73 kr. 255.]
6. Ɛwom sɛ Yuda anyɛ no yiye sɛ ɔne ɔbea a osusuwii sɛ ɔyɛ aguaman kɔdae no de, nanso wanto Onyankopɔn mmara a wahyɛ pɔtee biara. (Gen. 38:11-18) [3, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w73 kr. 384.]
7. Yehowa Adansefo sɔre, kotow anaasɛ wobutuw mpo wɔ sodifo bi anim de kyerɛ obu ma ne dibea sɛ ɛno ne ɛhɔ amammerɛ a. (Gen. 44:14) [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w74 kr. 62.]
8. Bere a Mose maa Misraim nsu nyinaa dan mogya akyi no, Misraim akɔmfo nso yɛɛ bi, ebia wɔde abura mu nsu na ɛyɛɛ wɔn nkonyaa no. (Ex. 7:19-24) [9, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w83 10/15 kr. 30.]
9. Na Sekina kanea no wɔ ahyiae ntamadan no ne Salomo asɔrefi no abien nyinaa Kronkron mu Kronkronbea hɔ. (Fa toto Exodus 25:21, 22 ho.) [14, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w66 kr. 543.]
10. “Bɔne bi” no fa ɛna no nkutoo ho. (Ex. 21:23) [13, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w77 nkr. 479-80.]
Bua nsɛm a edidi so gi:
11. Mfomso ahorow bɛn na ɛwɔ Bible nkyerɛase pii mu? [1, si kr. 324 nky. 17 (kr. 323 nky. 16)]
12. Sɛ Bible asekyerɛfo de nsɛm a wɔbɛkyerɛ ase sɛnea ɛte ankasa no sesa nea wobu no sɛ nsɛm kabea a ɛyɛ dɛ a, dɛn na efi mu ba? [2, si kr. 326 nky. 34 (kr. 325 nky. 31)]
13. Ɔkwan bɛn so na sɛnea New World Translation no kyerɛ nsɛm ase no ma ɛne wɔn ho wɔn ho hyia? [4, si kr. 328 nky. 7 (kr. 327 nky. 7)]
14. Dɛn na ɛda nokware a Bible no yɛ no adi titiriw? [15, si kr. 342 nky. 25 (kr. 342 nky. 25)]
15. Dɛn nti na Rahel nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛma Lea anya hokwan a ebetumi ama wanyinsɛn de asesa adesaa, sɛnea wɔaka wɔ Genesis 30:14, 15? [1, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w67 kr. 320.]
16. Ɔkwan bɛn so na Genesis 39:9 kyerɛ sɛ Onyankopɔn Asɛm a wɔde bɛkyerɛkyerɛ mmofra no betumi ayɛ mfaso ama wɔn akyiri yi wɔ asetram? [4, Dapɛn biara Bibie akenkan; wTW 2/74 kr. 34 nky 17, 18.]
17. Dɛn nti na Onyankopɔn maa Mose srɛɛ Farao sɛ ɔmma wɔnkɔ nnansa kwan wɔ sare no so, bere a na N’atirimpɔw ne sɛ Israelfo no befi Misraim koraa no? (Ex 3:18) [8, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 10/82 kr. 23-24.]
18. So obi din a ɛwɔ Onyankopɔn ‘nkwa nhoma mu’ no kyerɛ sɛ obenya daa nkwa? (Ex. 32:32, 33) [15, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w87 9/1 kr. 29.]
19. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ na “Yehowa ne Mose di nhwɛanim kasa”? (Ex. 33:11) [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 2/71 nkr. 62-63.]
Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia na wode awie nsɛm a edidi so yi ma:
20. Ade biako nti a wɔantumi ankyerɛ Hebri adeyɛ nsɛm ase yiye no ne kasa mmara nkyerɛkyerɛ a ɛnnɛ wɔfrɛ no _______ no. [5, si kr. 330 nky. 14 (kr. 329 nky. 14)]
21. Eduu 1989 (1963) no na wɔayɛ New World Translation no wɔ kasa horow ______ (________) mu na na wɔatintim mfuamfua _______ (_______) [6, si kr. 331 nky. 21(kr. 330 nky. 21, 22)]
22. Obi a otutu fam hwehwɛ tete nneɛma kyerɛ sɛ beae a kasa ahorow fii ase trɛwee no ne _______. [12, si kr. 339 nky. 13 (kr. 339 nky. 13)]
23. Ade nkutoo a wobetumi agyina so agyae aware na wɔaware foforo ne _______. [10, peTW ti 29 nky. 28]
24. Edin Silo no kyerɛ _______ na wɔ nkɔmhyɛ mu no na ɛfa _______ ho. (Gen. 49:10) [7, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re nkr. 83-4.]
25. Apam _______ no boa ma wɔhyehyɛ “asɔfo ahemman ne ɔman kronkron.” (Ex. 19:6) [12, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW 89 2/1 nkr. 17-20.]
Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi mu:
26. Tete nneɛma a wotutuu wɔ fam wɔ Gihon no betumi akyerɛ sɛ Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa (Babel Aban tenten no; nsuka a ɛwɔ Dawid Kurom no; ntua a Sisak de baa Yuda so no) ho no yɛ nokware. [7, si kr. 332 nky. 4 (kr. 333 nky. 9)]
27. (Tito ho mfonini; Pontio Pilato nkyerɛwee; Areopago) no da so wɔ Atene, na esi tebea a Asomafo no Nnwuma 17:16-34 ka ho asɛm no so dua. [10 si kr. 336 nky. 19 (kr. 336 nky. 24)]
28. Nnɛyi nhwehwɛmu a wɔayɛ wɔ nnuruyɛ mu a ɛma ɛda adi sɛ abufuw tumi nya sɛnea mogya no yɛ adwuma no so nkɛntɛnso na ɛma komayare, atiben, ahwempɔn, anisobiri, ne obi nne a ɛfã no ne (Mmebusɛm 14:30; Hiob 19:20; Dwom 12:3) hyia. [13, si kr. 340 nky. 15 (kr. 340 nky. 15)]
29. Asɛmfua “anwummere” no fi (awiabere kosi bere a owia bɛtɔ; bere a owia akɔtɔ kosi bere a esum beduru; efi anwummere kosi da a edi hɔ no anwummere) . (Ex. 12:6) [10, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w73 kr. 175.]
30. Nea wɔaka ho asɛm wɔ Exodus 40:34 no (di adanse sɛ na Yehowa pene ahyiae ntamadan no so; yɛ nkae a ɛkyerɛ sɛ wontumi mfa aniwa nhu Yehowa; yɛ mmere bɔne bi a na ɛreba ho sɛnkyerɛnne) . [17, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ hs kr. 71 nky. 30.]
Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:
Ex. 14:21; Deut. 23:9-14; 2 Ahe. 3:4, 5; Dw. 19:7-10; Dw. 77:11, 12
31. Moab Ɔbo no ne Bible mu kyerɛwtohɔ yi hyia [8, si kr. 333 nky. 6 (kr. 333 nky. 11)]
32. Afotu a Bible no de ma wɔ ahotew ho no teɛ wɔ aduruyɛ mu. [14, si kr. 340 nky. 17 (kr. 340 nky. 17)]
33. Dawid fi ne komam kyerɛɛ Onyankopɔn nyansa ho anisɔ. [16, si kr. 350 nky. 7 (kr. 350 nky. 7)]
34. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya mfaso fi Kyerɛwnsɛm no mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so dwen Onyankopɔn Asɛm no ho. [17, si kr. 351 nky. 12 (kr. 351 nky. 12)]
35. Ɛwom sɛ wɔde eyi mu nkyerɛkyerɛmu a ntease wom ma de, nanso adeyɛ yi fi Onyankopɔn mmom na ɛnyɛ adebɔ mu ade bi a esii ara kwa. [11, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w81 8/15 kr. 18.]