Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: New World Translation of the Holy Scriptures ne Is the Bible Really the Word of God? nhoma no. Monhyɛ no nsow sɛ yɛde Word of God nhoma no bɛma de agye ne bo fa a ɛyɛ ¢175.00. January: Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaasɛ Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. February ne March: Nhoma a ekura nkratafa 192 a wotintimii wɔ 1983 mu anaasɛ ansa na saa afe no ba. Sɛ mo asafo no nni saa nhoma no bi a, mubetumi de Worldwide Security Under the Prince of Peace” nhoma no ama. Asafo ahorow a wonni nhoma yi nso bi no betumi akra bi afi Asafo ti no hɔ.
◼ Nhoma a Ɛwɔ Hɔ:
Twi: Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa (Dwom Nhoma, kɛse no bi)
Watchtower ne Awake! binders
◼ Nhoma a yebesua bere a yɛawie Biako a Wɔayɛ De Resom sua ne Yehowa Adansefo—Wɔde Biakoyɛ Reyɛ Onyankopɔn wɔ Wiase Nyinaa. Eyi na yɛreyɛ nhyehyɛe asua na ɛnyɛ Trinity brochure no, efisɛ yɛn nsa nkaa nea ɛwɔ yɛn kasa mu no ɛ.
◼ Yɛde amanneɛbɔ yi ma akwampaefo a ebia wobɛkɔ ɔmantam nhyiam no wɔ ɔman foforo so no nyinaa: Yɛsrɛ sɛ momfa mo Akwampae Adwuma Agyirahyɛde kratasin no, nanso momfa nsie yiye bere a motra ɔhye ahorow no. Ɛyi ho hia yiye.
◼ Ɛsɛ sɛ yɛsan hyehyɛ “Medical Directive” kratasin ne “Identity Card” no foforo. January 1. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa san hyehyɛ “Medical Directive” kratasin foforo ma wɔn ho ne “Identity Card” ma mmofra nkumaa biara a ebia wɔwɔ no.
◼ Monhwɛ nhu sɛ mobɛkyerɛw afe asɛm no abɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara January 1. Afe asɛm no ne: “Momma mo ani nnye anidaso mu.”—Romafo 12:12.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaasɛ obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sika akontaabu mu December 1 mu, anaasɛ ntɛm ara wɔ ɛno akyi bere tiaa bi.