Nairobi Ɔman Mmoa Yɛmmea—Beae a Mmoa Nantenantew Sɛnea Wɔpɛ
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
ABƆ anɔpa nnɔnsia ne fã. Owia a ɛrepue wɔ apuei fam asase ano hɔ no te sɛ abohene kɔkɔɔ fɛfɛɛfɛ bi a ɛda nsow. Bere a owia no pue de fi da foforo ase no, ne hann no tɔ adwumayɛdan atenten mfɛnsere a wɔde ahwehwɛ ayɛ no so ma ɛhyerɛn fɛfɛɛfɛ. Na wɔ beae bi a ɛbɛn adwumayɛdan no mu no, asetra ankasa ho adeyɛ a ne hwɛ yɛ anika ankasa rekɔ so wɔ hɔ.
Gyata bi de ne ho ahintaw sare atenten bi mu bere tenten ni repɛ adowa bi a ɔredidi akyere no. Bere a adowa a onnyinii no hu asiane a ɔwɔ mu no, oso mmirika mu na ntɛm ara gyata no tu di n’akyi denneennen. Wafi ammirikatu a anibere wom ase. Sɛ gyata yi nya no a, ɔne aboa a onni boafo yi bedi no sɛnea kwae mu mmara te.
Ammirikatu a ano yɛ den a ɛte saa kɔ so da biara da wɔ Nairobi Ɔman Mmoa Yɛmmea a ɛbɛn Kenya kuropɔn Nairobi no mu. Afipamfo a wɔbɛn mmoa yi sen biara ne nnipa. Hwɛ, wɔ 1962 mu no, wohuu gyata bi sɛ ɔnenam ahɔhodan fɛfɛ bi akyi, a ebia n’atirimpɔw ne sɛ ɔrepɛ agye ne kan asasesin kɛse a afi ne nsa no. Ɛyɛɛ dɛn na wuram mmoa ne nnipa a wɔte kuropɔn mu no te saa beae yi?
Mfitiase a na Ɛyɛ Den
Ná ɛyɛ den paa sɛ wɔbɛkyekye mmoa yɛmmea no. Ná ɛsɛ sɛ wodi akwanside pii so ansa na mmoa no atumi anya beae a ahobammɔ a edi mu wɔ atra. Ansa na afeha a ɛtɔ so 20 refi ase no, na mmoa no tumi kɔ baabiara a wɔpɛ wɔ asase kɛse a ɛda Afrika Apuei fam no so. Nnipa ne wuram mmoa no nyaa abusuabɔ bere tenten wɔ ha, na na wɔde wɔn mmoa kɔ adidi wɔ mmeae a ɛbɛn wuram mmoa yi pɛɛ. Ebinom mpo buu mmoa no bi sɛ ayɛmmoa!
Nanso, abɔmmɔfo a wokum mmoa akɛse de si akan a wokura atuo baa ɔman no mu, a na wɔn mu pii pɛ sɛ wonya mmoa ho nneɛma dodow biara a wobetumi. Na wɔn mu bi ne kan U.S. Ɔmampanyin Theodore Roosevelt, a ɔbaa Kenya wɔ afe 1909 mu sɛ ɔrebɛpɛ afifide ne mmoa ho nneɛma de akogu tete nneɛma akorae no. Ɔde asomfo 600 a wɔbɛsoa nnosoa ama no ne abɔmmɔfo a wonim atuo to yiye bae, na okum mmoa bɛboro 500 de wɔn were kɔɔ ne kurom. Bɛyɛ saa bere koro no ara mu no, na ɔbɔmmɔfo foforo a wagye din yiye, Wales Dehye, Edward, nso wɔ hɔ bi. Nea wɔyɛe no maa ahayɔ a wɔde kunkum mmoa akɛse begyee din kɛse. Nokwarem no, tuo tow ntɛm, na ebetumi akɔ pɛpɛɛpɛ a ɛmfom kwan asen agyan ne bɛmma a na wɔtow no.
Bere a wowiee Lunatic Line, sɛnea na wɔfrɛ Kenya ne Uganda keteke kwan saa bere no, ɛmaa nkurɔfo bɛtraa Nairobi, na eyi kaa mmoa no hyɛe. Ná ɛte sɛ nea mmoa no ase rebetu koraa ne sa.
Afei wɔ 1930 mfe no mu no, nnipa binom kasa maa mmoa no. Wɔn a na wodi mu akoten ne Archie Ritchie a na ɔhwɛ mmoa so saa bere no ne Mervyn Cowie a na ɔyɛ sika ho akontaabufo no. Na ɛdenam nhyiam ahorow ne nsɛm ho amanneɛbɔ so no, wɔde adesrɛde too atubraman atumfo no anim sɛ wɔnyɛ ɔman mmoa yɛmmea a ɛbɛboa ama atew—sɛ ansiw ano mpo a—kum a wokum mmoa pii no so. Na aban no mpɛ sɛ obegye wɔn nsusuwii no atom. Na ɔnyɛɛ krado sɛ ɔbɛma wɔde asase no adi dwuma a na atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛbɔ afifide ne mmoa ho ban wɔ beae a na ɛrebɛyɛ kurow kɛse a ɛsen biara wɔ Afrika Apue fam no.
Asase a na wɔpɛ sɛ wɔbɔ ho ban ma mmoa ne afifide ho asɛm no hyiaa akwanside foforo wɔ wiase ko a ɛtɔ so abien no mu bere a asraafodɔm a na wɔresiesie wɔn ho ama akodi no sɛee asase a mprempren mmoa yɛmmea wɔ so no. Mmoa nso ho kae wɔ ɔko no mu. Esiane sɛ bere nyinaa na asraafo wɔ beae hɔ nti, na mmoa no nsuro nnipa bio ma ɛbɛdaa adi yiye sɛ, sɛ wonya nnipa a wɔbɛkyere wɔn. Nea ɛbɛyɛ na biribi a ɛte saa ansi no, wokum mmoa no bi a na gyata bere bi a wagye din a wɔfrɛ no Lulu ne agyata akuw bi a wɔne no bɔ paa ka ho.
Nanso esiane sɛ atumfo no adwene sesae nti, wotumi dii akwanside no pii so ma wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔbɔ nneɛma ho ban no tumi duruu wɔn botae ho. Awiei koraa, bere a ɛho anobaabae no to twae no, wobuee Nairobi Ɔman Mmoa Yɛmmea—nea edi kan koraa wɔ Afrika Apuei fam—ano wɔ December 16, 1946, bere a Sir Philip Mitchell a na ɔyɛ atubraman amrado a odi Kenya so de ne nsa hyɛɛ ɛho nkrataa ase no.
Beae a Ahɔho Gye Wɔn Ani
Sɛ wɔde Nairobi Ɔman Mmoa Yɛmmea no toto mmoa atrae afoforo a ɛwɔ Afrika Apuei fam no ho a, na esua koraa. Wobuu akontaa sɛ asase no kɛse yɛ kilomita ahinanan 117, na sɛ obi fi Nairobi kuropɔn no mfinimfini de rekɔ mmoa yɛmmea kwan no ano pɛɛ a, ɛyɛ kilomita 20. Nanso din a agye no gyina ne ketewa a ɛyɛ no so. Asase so mmeae kakraa bi pɛ na ahɔho betumi agyina baabi ahu mmoa guankɔbea a ɛte sɛɛ—Nairobi kurow a ɛreyɛ kɛse ntɛmtɛm no ne Afrika wuram mmoa yɛmmea no bɔ abira ankasa.
Esiane sɛ ɛhɔ sua nti, ɔsono akyi no, ahɔho no tumi hu mmoa akɛse no sɛ wɔaboa wɔn ho ano akuw pii sen sɛnea ɛte wɔ mmoa yɛmmea akɛse a ɛwɔ asase no so no. Nufuboa horow 100 ne ntakraboa horow bɛboro 400 na ɛwɔ mmoa yɛmmea hɔ. Mmoa yɛmmea no bɛn beae a wimhyɛn fa si fam wɔ amanaman ntam wimhyɛn gyinabea a ɛwɔ Nairobi no.
Sɛ ɔhɔho bi ba Nairobi a, obetumi afi nnɛyi ahɔhodan a ahotɔ wom a ɛwɔ kuropɔn no mu no de simma kakra bi aka kar atwa adwumayɛdan a ɛyɛ fɛ no ho abedu tete asasetaw, asase a nnua ntiantia sisi, ne kwae no mu. Wubetumi ahu agyata ne mmoa afoforo a wogu wɔn dwumadi ahorow so wɔ ha. Nkekaboa a wuhu sɛ wotu mmirika sa mmoa, ne abansoro adan atenten fɛfɛɛfɛ a ɛwɔ akyi no ma ɛyɛ den sɛ wo werɛ befi.
Nwuram mmoa te sɛ ɛkoɔ, asebɔ, kɔntenten, asoroboa, adabɔ ɔhaha pii ne bɛnkoro atuntum a wɔn ase reyɛ atɔre no bi wɔ mmoa yɛmmea hɔ. Ɛhɔ yɛ wɔn mu dodow no ara fie. Sɛ edu ɔpɛ bere wɔ February ne March ne afei August ne September mu a, wubetumi ahu mmoa a wodi atutra te sɛ atorɔm akuwakuw wɔ atare pii a ɛwɔ mmoa yɛmmea no mu no ho.
Wɔ atare no bi a wonim no yiye sɛ susono atare mu no, mmoa a wɔte sɛ ankora akɛse akuwakuw yi de wɔn ho hyɛ nsu mu da mu nyinaa, a anadwo nkutoo na wopue bedidi. Wɔahyɛ da ayiyi akwan atwa nsu yi ho ahyia wɔ baabi a obi betumi agyaw ne kar asi na watu mpase. Nanso, kɔkɔbɔ bi ni: Mpasetu a ɛte saa no betumi ayɛ hu yiye, esiane sɛ adɛnkyɛm a wɔyɛ keka deda atare no bi mu, na ebetumi aba sɛ bere a ɔhɔho bi ani nna ne ho so no, ebia ɔrenhu adɛnkyɛm a wɔdeda asukɔn so no! Nea ɛbɛyɛ na adɛnkyɛm no nkyere wo nwe no, ɛbɛyɛ papa sɛ woma obi a ɔhwɛ hɔ a wɔatete no no ka wo ho.
Sɛnea wɔakyerɛw ntakraboa horow no din nnidiso wɔ nhoma bi mu no ma ɛyɛ te sɛ nea wɔrekyerɛ Nea Odi Mũ paa wɔ ntakraboa dodow no mu. Sohori, ntakraboa a ɔso sen biara wɔ wiase nyinaa a ne tenten bɛboro mita 2 no de ha ayɛ ne fie. Wɔ kurow kɛse yi mu no, wuhu opete a wɔnka ne ho asɛm papa biara no sɛ ɔnenam wim rehwehwɛ nneɛma funu asesaw. Ntakraboa a ɛte sɛ nea ne ho nyɛ fɛ yi so wɔ mfaso ma mmoa atrae no, efisɛ, ɔsesaw nneɛma funu biara a ebetumi apae yare mmoawa a ebetumi ahaw mmoa foforo no.
Ɛtɔ mmere bi a wubetumi ahu ntakraboa a n’atikɔ ntakra te sɛ tete kyerɛwdua a enti wɔfrɛ no ɔkyerɛwfo no. Ntakra bi wɔ n’aso akyi a ɛte sɛ tete kyerɛwdua a na akyerɛwfo de kyerɛw ade. Ɛte sɛ nea ntakraboa yi bɔ kirididi di akɔneaba bere nyinaa no. Ntakraboa foforo a wɔwɔ hɔ bi ne sukɔnkɔn ahorow ne nantwi anomaa horow.
Ɛwom sɛ mmoa yɛmmea hɔ sua de, nanso ɛyɛ beae a mmoa ne afifide ahorow ahyɛ hɔ ma. Wɔ mmoa yɛmmea no atɔe fam no, asase no kɛse bɛyɛ ɔha mu 6 yɛ kwae, na afe biara nsu a ɛtɔ hɔ no bɛyɛ milimita 700 kosi 1,100. Ɛha no, obi betumi ahu nnua pii a ebi ne Cape chestnut ne croton a ɛyɛ fɛ yiye no. Asasetaw kɛse, mmɔnka ne mmepɔw a ɛtoatoam wɔ asase no anafo ne apuei fam, na nsu a ɛtɔ hɔ no bɛyɛ milimita 500 kosi 700. Afifide te sɛ nsɔnhwea, nkeresia ne ɔkanto ahorow atwa hɔ ahyia, na sɛnea abua kusuu no ma wuhu sɛ ɛyɛ sare asase a ɛyɛ fɛ yiye.
Yentumi mmu yɛn ani ngu abotan a ahyehyɛ afasu fɛfɛɛfɛ a anim yɛ kuronkuron fi soro besi fam wɔ bon no mu bɛyɛ mita 100 no. Eyi foro betumi ayɛ den yiye ama wɔn a wɔn ani gye abotan foro ho no—anyɛ yiye koraa no, wɔn a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛforo no!
Mmoa Yɛmmea no Ho Aba Asɛm
Ɔhaw pii a wɔn a wɔhwɛ sɛ wɔbɛkora wuram mmoa ne afifide so hyia no nyinaa gyina ade biako so—onipa. Esiane mmɔden a nnipa ‘rebɔ sɛ wobenya nkɔanim nti,’ anhwɛ a Nairobi Ɔman Mmoa Yɛmmea no bɛyera koraa. Kɛse ara na Nairobi, kuropɔn a ɛyɛ nnipa atrae a ɛmaa mmoa yɛmmea no gyee din wɔ wiase nyinaa no reyɛ kɛse, ma enti aka mmoa no ahyɛ beae ketewaa bi. Bere a nnipa pii tu kɔ nkurow akɛse mu no, wɔhwehwɛ nsase pii, na mmoa no ntumi nyɛ ho hwee. Nsu fĩ a efi adwinnan a ɛbɛn hɔ mu ba no yɛ asiane ma biribiara a nkwa wom a ɛwɔ mmoa yɛmmea hɔ no.
Ade foforo a ɛho hia na ama mmoa yɛmmea no anya nkɔso ne kwan a mmoa a wodi atutra no bɛfa so no. Wɔagye ban afa mmoa yɛmmea no fã kɛse no ara ho sɛnea ɛbɛyɛ a mmoa no ntumi nkɔ kuropɔn no mu. Kuayɛ ne mmoayɛn a ɛrekɔ so denneennen wɔ asase kakra a ɛda mmoa yɛmmea no anafo fam no resiw kwan a mmoa no fa so di akɔneaba no. Sɛ wosiw kwan no koraa a, nea ebefi mu aba no renyɛ papa. Ebia mmoa a wopue kɔpɛ aduan no nhu kwan nsan mma wɔn akyi bio! Nea ɛbɛyɛ na wɔabɔ kwan no ho ban no, Kenya Wuram Mmoa Asoɛe, ɔman no kuw titiriw a wɔbɔ wuram mmoa ho ban no afɛm asase a ɛbɛn mmoa yɛmmea no ho no. Wɔ ɔhaw ahorow yi nyinaa akyi no, Nairobi Ɔman Mmoa Yɛmmea no da so ara twetwe ahɔho mpempem pii afe biara ma wɔbɛhwɛ ne nneɛma a ɛyɛ fɛ no.
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Kɔntenten
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Ɔsebɔ
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Asukɔnkɔn akuwakuw
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Dɛnkyɛm
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Gyata
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Asukɔnkɔn a púaa si n’atikɔ
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Bɛnkoro tuntum
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Sohori