Ɔkwan a Yetu Kɔhwehwɛɛ Ghana Mmeae Bi
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GHANA HƆ
BERE a anim yɛɛ sɛnea ɛretetew no, yefii yɛn akwantu a ne tenten bɛboro kilomita 80 no ase wɔ mfutukwan so kɔɔ Mole Ɔman Mmoa Yɛmmea a ɛwɔ Ghana Atifi Mantam mu hɔ no. Nea ɛwɔ ɛhɔ asase no so ne sare, wura, ne nnua ntiantia. Na yɛtaa hu nkuraa a wɔde dɔte asisi na wɔde sare akuru so.
Hwɛ sɛnea na tebea no yɛ soronko bere a yeduu Damongo no, ɛyɛ kurow a sotɔɔ adan wɔ hɔ, wɔagu hɔ akwan no so, na kar akyere so kɛse! Yehuu mmofra sɛ wɔhyehyɛ wɔn sukuu ntade a wɔrekɔ sukuu. Mmea a wofura ntama ahorow soso nnesoa ahorow nyinaa bi—nnyina, nnuan, ne nsuhina a nsu ayeyɛ no ma. Yɛtee kar ne trata su, na na sakre kafo resen twam. Na yɛwɔ kwan kilomita 20 twa.
Yedu Mole Ɔman Mmoa Yɛmmea Hɔ
Awiei koraa no, yeduu mmoa atrae hɔ. Sɛnea ɔbarima a ɔde yɛn kyinkyinii hɔ, Zechariah, kyerɛ no, wɔyɛɛ Mole Mmoa Yɛmmea no 1971 mu, na ne kɛse yɛ kilomita 4,840. Nufummoa ahorow 93, ne mmoa a wotumi tra nsu mu ne asase so ahorow 9, ne mmoa a wɔwea ahorow 33 na wɔwɔ atrae hɔ. Eyinom mu bi ne agyata, ɔsebɔ, ofui a ne ho asisi, kankane, asono, atwe, ɛkoɔ, kɔkɔte, adabɔ, adowa, ɔmampam, ɔwansan, ahweaa, kontromfi, ɔsoroboa, odompo, kɔtɔkɔ, dɛnkyɛm, awɔ, ne enini. Ɛno akyi no, ntakrammoa bɛboro 300 na wɔwɔ hɔ.
Bere a yɛnantew nsɔnhwea a ɛdeda yɛn kotodwe mu na yɛpam ntummoa a ɔkɔm de wɔn no, ankyɛ koraa na yɛbɛtoo nnowa kuw bi. Mfiase no, na yenhu wɔn yiye esiane sɛ na wɔn honam ne wura no adi afra nti. Bere a yɛrehwɛ wɔn no, na wɔn nso rehwɛ yɛn, enti ɛbɛdaa adi sɛ nnowa nnim nsrahwɛfo. Bere a yɛretwitwa mfonini no, yɛtee dede kɛse bi wɔ yɛn nifa so ma yɛbɔɔ birim. Ɔdabɔnini bi a na n’ani nnye ho sɛ yɛaba hɔ no de mmirika kowuraa wura bi a ɛwɔ yɛn anim mu.
Afei, yehuu asono akɛse anan bi sɛ wogyina dua kɛse bi ase. Wɔde wɔn mfare bubuu nnua mmaa wee so nhaban a ɛyɛ mmerɛw no. Yɛkɔɔ anim kakra, na bere a ɛkaa bɛyɛ mita 10 na yɛadu wɔn nkyɛn no, Zechariah hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yentwa mfonini. Ɔde ne nsa bɔɔ ne tuo no mu na ɛyɛɛ dede kɛse ma asono no guan fii dua no ase ma yenyaa kwan twaa mfonini pii. Asono no ankɔ akyiri koraa na wohuu dontori bi, na wofii ase guaree wom. Zechariah kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asono no kɔla ankasa—a ɛyɛ tuntum no—sesa yɛ kɔkɔɔ anaa nnodowee, a egyina dontori ko a woguare wom no so.
Yɛkɔɔ yɛn anim kakra na yehuu sɛnea mmoa yɛmmea hɔ nyinaa te ankasa. Nnua a ɛwɔ hɔ no bi ne ɔkanto ne nkuto nnua. Bere a yɛresan aba no, yɛfaa ɔkwan a asono no nam so no so. Ná yɛne wɔn ntam kwan ware kakra, nanso wɔn mu kɛse paa no pagyaa n’aso na ɔdan baa yɛn so te sɛ nea ɔne yɛn rebɛko. Ɔrebɛtow ahyɛ yɛn so anaa?
Zechariah ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmmɔ hu, nanso bere koro no ara no, ɔtwee ne tuo na odii yɛn anim faa ɔkwan a asono no nam so no so. Yɛkɔɔ yɛn anim ara, a ɔkwankyerɛfo no kura ne tuo—na yɛn nso yekurakura yɛn mfoninitwa mfiri—a yɛde rebetwa mfonini. Ankyɛ koraa na yefii baabi a asono no wɔ no.
Zechariah kyerɛkyerɛɛ mu sɛ asono a wɔwɔ hɔ no nim nnipa, na ɛtɔ mmere bi a, ebinom bɛn nnipa mpo. Bere a akwankyerɛfo no taa hu asono no wɔma wɔn din. Wɔfrɛ biako Knobby esiane sɛ pɔw bi si ne honam ani nti. Wɔfrɛ ɔfoforo nso Action esiane sɛ ɔtaa hunahuna nsrahwɛfo nti.
Akyiri yi, yehuu nkontromfi pii. Yɛhwɛɛ wɔn bere a wohuruhuru wɔ nnua so anaasɛ wotu mmirika wɔ fam no. Yɛn kwankyerɛfo no kyerɛɛ yɛn kontromfi baatan bi a oturu ne mma baanu, biako wɔ n’akyi na biako bɔ ne bo. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔyɛ ntafo.
Nokwarem no, yehuu wuram mmoadoma pii saa da no. Zechariah ka kyerɛɛ yɛn sɛ sɛ edu ɔpɛ bere—efi April de rekɔ June mu—a, obi betumi ahu mmoa pii bere a wakogyina asubonka bi ano no efisɛ mmoa no bom bɛnom nsu saa bere no. Ɔkae nso sɛ obi tra kar mu fa beae hɔ a, obetumi ahu mmoa foforo pii, a ɛkoɔ ne agyata ka ho.
Eduu bere a ɛsɛ sɛ yedidi awia. Bere a yɛredidi no, kontromfi kɛse bi huruw sii kar bi a ɛbɛn yɛn de no so de akokoduru dii m’aduan no bi. Kontromfi foforo ne adowa ne kɔkɔte nso betwam, na afei asono anan begyinagyina koko bi a ɛbɛn yɛn so. Afei de na yebetumi atwa mmoa no mfonini a yɛmmrɛ ho!
Yɛkɔɔ Gua So
Ankyɛ koraa na yefii Mole Ɔman Mmoa Yɛmmea hɔ, na yɛde nnɔnhwerew abien twaa mfutukwan kɔɔ Sawla, kurow ketewa bi a Lobi abusua, a wɔyɛ akuafo, na wɔte hɔ no ase. Saa abusua yi mu mmea wɔ amanne nwonwaso bi a ɛne sɛ wɔbɛtwetwe wɔn ano ama ayɛ kɛse. Ɛwom sɛ nnansa yi esiane sɛ nnɛyi anibuei anya mmeawa so nkɛntɛnso nti, saa amammerɛ no regu de, nanso mmea pii da so ara de wɔn ano kɛse hoahoa wɔn ho. Nokwarem no, wobu no sɛ atɛnnidi sɛ obi bɛka akyerɛ Lobini bea sɛ n’ano ketewa sɛ ɔbarima.
Yeduu kurow mu hɔ na yɛkɔɔ gua so. Wɔde nnua ne sare na abobɔ apata no. Ná oburoni bi gyina abibifo no mu wɔ gua no so. Yɛkɔɔ ne nkyɛn na yehui sɛ ɔbaa hɔ nkyɛe, na na waba sɛ ɔrebɛkyerɛ Bible no ase akɔ Lobi kasa mu. Ná ɔte akuraa a ɛtoa so no ase wɔ Lobifo no mu pɛɛ sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asua wɔn kasa no yiye. Eyi ma mekae Robert Moffat a ɔtee asoɛe bi wɔ Tswanafo mu wɔ Afrika anaafo fam wɔ afeha a ɛto so 19 mu de kyerɛɛ Bible no ase kɔɔ wɔn kasa mu no.
Mihuu Lobini aberewa bi a n’ano sõ ankasa sɛ ɔte benkyi bi so wɔ apata biako ase wɔ gua no so. Wɔde nnua mfitamfitaa abien a ebiara kɛse bɛyɛ sɛ kokurobeti bɔwerɛ ahyɛ tokuru a wɔabɔ wɔ n’ano no biara mu. Mepɛe sɛ anka metwa no mfonini, nanso bere a mipegyaw me mfoninitwa afiri no pɛ na ɔdanee ne ho. Wɔn a me ne wɔn nam no biako kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Lobifo mmerewa no wɔ gyidi bi sɛ sɛ obi twa wɔn mfonini a, ebetumi ahaw wɔn kra.
Bere a yɛresan aba Sawla abɛda hɔ anwummere no, misusuw nyansa ne nneɛma ahorow a ɛda adi wɔ Onyankopɔn adebɔ mu no ho. Ɔno na ɔde ne nyansa yɛɛ mmoa ne nnipa nyinaa. Ɛte sɛ nea odwontofo no kae no ara pɛ: “[Yehowa, NW], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.”—Dwom 104:24.
[Asase mfonini wɔ kratafa 24, 25]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
GHANA
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Kɔkɔte
[Mfonini wɔ kratafa 24]
Ofui a ne ho asisi
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Ɔsono
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Susono
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Nnowa kuw
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Kontromfi baatan a oturu mma baanu
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Ɔwansan
[Mfonini wɔ kratafa 27]
Gua so