Wuram Mmoa Kasa—Mmoa Nkitahodi Mu Ahintasɛm
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ
AKYINNYE biara nni ho sɛ, akyɛde a ɛsom bo sen biara a wɔde ama adesamma no mu biako ne nkitaho a wotumi di. Yɛnam so kasa kyerɛ yɛn ho yɛn ho, sɛ́ ebia yɛde ano ka anaasɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ, te sɛ yɛn nipadua a yɛde si asɛm so dua. Nokwarem no, kasa mu ahofadi yɛ biribi a wɔagye ho akyinnye wɔ wiase nyinaa. Enti ebinom anya adwene no sɛ nnipa nkutoo na wotumi kasa.
Nanso, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, mmoa di nkitaho wɔ akwan a ɛyɛ nwonwa so a mpɛn pii no nnipa ntumi nte ase. Yiw, “wɔkasa,” nanso ɛnyɛ nsɛm na wɔde kasa, na mmom wɔde nsɛnkyerɛnne a wohu te sɛ wɔn dua a wonyam no, wɔn aso a wogyina na wɔwosow no, anaa wɔn ntaban a wobɔ mu. Ebia akwan foforo a wɔfa so di nkitaho ne ɛnne a wɔde di dwuma, te sɛ mmobom, po a wɔpo so, anaa anomaa su. “Kasa” no bi wɔ hɔ a nnipa nim, nanso afoforo fam no, egye nyansahu mu nhwehwɛmu ansa na wɔatumi ahu.
Nkekaboa!
Na ɛyɛ July mfinimfini. Na atorɔm mpempem pii fi Serengeti National Park a ɛwɔ Tanzania no so de wɔn ani akyerɛ Masai Mara Game Reserve a ɛwɔ atifi fam wɔ Kenya rekɔhwehwɛ sare a ɛyɛ frɔmfrɔm awe. Sɛ edu saa bere yi wɔ afe no mu a, wɔte wɔn tɔte nnyigyei wɔ asasetaw yi so. Nanso ɔkwan no so yɛ hu. Nkekaboa te sɛ agyata, mpataku, ne asebɔ nyɛ na wɔ kwan no so. Afei nso, atorɔm yi de wɔn ho to asiane mu denam Mara Asubɔnten a adɛnkyɛm ayɛ mu ma a wotwa no so. Ɔkwan bɛn so na atorɔm pam nkekaboa?
Nea ɛbɛyɛ na wama ne tamfo no ani so abiriw no no, ɔtorɔm yi tu mmirika denneennen na ɔdan ne ho prɛko pɛ hyia ne tamfo no dan ne ti kɔ ha ba ha. Otutu ne nnan pempem fam huru kɔ soro ba fam te sɛ nea ɔreyi aseresɛm. Akekaboa a ne tirim yɛ den mpo begyina de ahodwiriw ahwɛ asaw huhuuhu yi. Sɛ eyi ampusuw akekaboa no a, ɔtorɔm no san de asaw no gyina mu bio. Eyi tumi ma akekaboa no adwene tu fra, ma enti otumi gyae n’akyi di bere a wahwɛ no kakra no. Asaw a ɛyɛ hu saa no ama wobu ɔtorɔm sɛ asasetaw so aboa a ne ho yɛ anika sen biara.
Ɔtorɔm nuanom nketewa, atwe, yɛ mmoa a wotumi huruw kɔ soro paa. Sɛnea wotumi huruw kɔ soro kɛse yi yɛ nnipa pii fɛ, na ɛma wohu sɛ wonim mmirikatu yiye. Nanso sɛ asɛm to ɔtwe a, ɔde huruw a otumi huruw yiye yi di dwuma ma ɛyɛ den ma akekaboa bi sɛ obeso ne nan. Huru a otumi huru kɔ soro bɛyɛ mita 9 no ka biribi kyerɛ nea ɔrepɛ no akyere no no sɛ: “Sɛ wubetumi a, di m’akyi.” Nkekaboa kakraa bi na ɛyɛ a wonya ɔpɛ sɛ wobedi ɔtwe akyi kosi sɛ wɔbɛkyere no!
Bere a Wɔde Didi
Nkekaboa pii sua sɛnea wɔn ho bɛkokwaw wɔ ahayɔ mu na wɔatumi akyere mmoa. Sɛ mmoa nkumaa no awofo kyerɛkyerɛ wɔn ahayɔ a, wɔmfa nni agoru koraa. Wɔ Afrika beae bi a wɔyɛn mmoa no, wohui sɛ ɔsebɔ bi a ne din de Saba rekyerɛ ne mma ahayɔ. Bere na waboro adowa bi a na ɔredidi bɛyɛ dɔnhwerew biako akyi no, ohuru kɛse biako kyeree adowa no mia ne kɔn—nanso wankum no. Ɛyɛɛ kakra no, Saba de aboa a n’ani so biriw no yi bɛtoo ne mma no anim, nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ wɔanto anhyɛ so. Ɔsebɔ mma nketewa yi tee nea enti a Maame de aboa a onwui abrɛ wɔn no ase. Ɔpɛ sɛ wohu sɛnea wokum adowa. Sɛ adowa no bɔ mmɔden sɛ ɔresɔre aguan a, na ɔsebɔ mma a wɔn ani agye aboro so yi abɔ no ahwe fam. Adowa no yɛɛ mmerɛw na wantumi ampere ne nkwa bio. Saba gyina akyiri baabi rehwɛ, na ɔkyerɛ nea wɔyɛe no ho anisɔ.
Mmoa binom sua sɛnea wɔbɛyɛ dede paa bere a wɔrehwehwɛ aduan no. Mpataku kuw bi a wɔn ho wɔ nsisii pene, porow wɔn hwenem, na wɔserew bere a wɔde mmirika di mmoa a wɔrepɛ wɔn akyere wɔn akyi no. Sɛ pataku kum aboa bi a, “ɔserew” wɔ ɔkwan soronko bi so de frɛ mpataku afoforo ba adidi no ase. Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na pataku yɛ ha hwehwɛ aduan. Wɔyɛ mmoa a wonnye koraa wɔ ɔkwan a wɔfa so hwehwɛ aduan wɔ wuram no ho—wɔyɛ nea wobetumi biara de haw nkekaboa afoforo de gye wɔn nsam aduan. Hwɛ, wotumi hunahuna agyata ma wogyaw wɔn nnam hɔ! Ɔkwan bɛn so na wotumi yɛ eyi? Sɛ mmoa a wɔhaw adwene no, wɔka wɔn ho bom yɛ gyegyeegye de haw agyata a wɔredidi no. Sɛ agyata no bu wɔn ani gu dede no so a, mpataku no de akokoduru mia dede a wɔyɛ no mu. Mpɛn pii no, eyi tuatua agyata no aso ma wogyaw nnam no ma wɔn fi beae hɔ kɔ.
Ɔkwan a nnowa fa so hwehwɛ aduan kyere adwene paa. Nyansahu mu nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri ada no adi sɛ nnowa tumi fa asaw so kyerɛ afoforo a wɔwɔ ɛwokyɛm mu no baabi a aduan bi wɔ, aduan ko, ne mpo sɛnea aduan a wahu no te. Ɔdowa tumi fa aduan no nsusuwso te sɛ nhwiren mu nsu anaa nhwiren aba no bi to n’akyi de bɛkyerɛ nnowa afoforo no wɔ ɛwokyɛm no mu. Bere a ɔresaw dannan ne ho no, ɛnyɛ sɛ otumi kyerɛ afoforo beae a aduan no wɔ nko, na mmom kwan tenten a wobetwa nso. Hwɛ wo ho yiye! Ebetumi aba sɛ ɔdowa a ɔretu fa wo ho no repɛ wo ho biribi de akɔ fie. Wobetumi adi mfomso asusuw sɛ aduhuam a ɛwɔ wo ho no yɛ n’aduan a edi hɔ!
Nkitaho a Wodi
Sɛ ewim tɛm dinn anadwo a, nnyigyei kakraa bi a ɛyɛ nwonwa te sɛ gyata mmobom na wote. Nneɛma pii na wɔaka afa nkitahodi a ɛte saa ho. Gyatanini mmobom a ano yɛ den yɛ kɔkɔ a ɔbɔ obiara sɛ ɔwɔ saa beae hɔ; sɛ wopɛ wo ho asɛm pue hɔ a, ɛnde wo ara w’asɛm. Nanso, ɔpɛ afoforo fekubɔ nti, gyata nam mmobom so ne agyata afoforo di nkitaho. Eyi taa yɛ mmobom a ano nyɛ den pii. Anadwo bi wɔtee sɛ gyata boboom simma 15 biara kosii sɛ ne yɔnko gyee so wɔ akyirikyiri. Wɔkɔɔ so “boboom” simma 15 biara kosii sɛ awiei koraa no wohyiae. Afei mmobom no to twae.
Ɛnyɛ sɛ nkitahodi a ɛte saa hyɛ wɔn ntam abusuabɔ mu den nko na mmom ɛbɔ wɔn ho ban fi wim tebea a enye ho nso. Akokɔbere wɔ nnyigyei horow pii a ɛsono nea ebiara kyerɛ a ɔde kasa kyerɛ ne mma. Nanso nea ɛda nsow kɛse koraa ne ka a ɔka ne menewam kyɛ anwummere, de kyerɛ sɛ waba fie rebɛda ne buw mu no. Bere a nkokɔmma a wɔahwete no tie wɔn Maame nne no, wɔboaboa wɔn ho ano wɔ ne ntaban ase da anadwo no.—Mateo 23:37.
Ɔhokafo a Wɔhwehwɛ
So woagyae nea woreyɛ atie nnomaa su dɛdɛɛdɛ bi pɛn? So w’ani annye mmɔden a wɔbɔ de su no ho? Nanso so wunim sɛ ɛnyɛ wɔn botae ankasa ne sɛ wɔbɛma w’ani agye ara kwa? Wɔn su no yɛ akwan a wɔfa so da wɔn nsɛm a ehia wɔn adi. Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a wɔde su nya asasesin de, nanso wɔde di dwuma de hwehwɛ ɔhokafo. Sɛnea The New Book of Knowledge, kyerɛ no, sɛ ɔbere no ne onini no nya hu wɔn ho a “su no dodow so tew ɔha mu 90.”
Nanso ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ su a ɛyɛ dɛ ara kwa na ɛma wonya ɔhokafo. Nnomaa abere binom hwehwɛ sɛ onini no tua “tiade” ansa na wanya no. Enti ansa na akyem bɛyɛ biribi foforo biara no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ ampa sɛ onim berebuw nwene ansa na watu anammɔn a edi hɔ. Anini afoforo nam aduan a wɔde ama abere so kyerɛ sɛ wonim aduan pɛ.
Akwan a ɛyɛ nwonwa a mmoa fa so di nkitaho no di wɔn honam fam ahiade ho dwuma, na ɛsan boa ma wogyae ntɔkwaw na ɛma asomdwoe ba wuram. Nhwehwɛmu pii a wɔyɛ wɔ mmoa nkitahodi ho akyi no, yentumi nnyaa “wuram mmoa nkitahodi” ho nimdeɛ a edi mu ahe biara. Ebia yɛrente ase nwie, nanso ɛma yeyi nea ɔyɛɛ wɔn, Yehowa Nyankopɔn ayɛ.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 26 ,27]
Ɔsono “Nnyigyei a Ano Nyɛ Den”
Wɔ Amboseli National Park a ɛwɔ Kenya no, sɛ edu awiabere a wim yɛ hyew no a, ɛte sɛ nea biribiara nhaw asono kuw bebree no wɔ wɔn atrae hɔ. Nanso wɔte “ɔsono kasa” wɔ mframa no mu, nnyigyei a ano nyɛ den pii so kosi nea ano yɛ den paa, mmobom, a ano yɛ den boro so, po a wopo so, ne porow a wɔporow wɔn hwenem so. Nnyigyei no bi ano nyɛ den dodow a nnipa mpo betumi ate nanso ɔsono betumi ate no denneennen wɔ akyirikyiri.
Ɔkwan a asono fa so ka nsɛm a ehia wɔn kyerɛ wɔn ho wɔn ho no da so ara yɛ animdefo a wɔn ho akokwaw wɔ mmoa nneyɛe ho no nwonwa. Joyce Poole de bɛboro mfe 20 asua sɛnea Afrika asono di nkitaho. Waka sɛ mmoa akɛse yi a wɔn asommɛn ama wɔagye din yi da nkate bi a mmoa kakraa bi na wɔwɔ bi adi. Poole ka sɛ: “Ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu sɛ asono su da nsow bere a wɔde abusua no anaa kuw no mufo a wɔne wɔn bɔ paa rekyia [anaasɛ] bere a wɔawo abusua no muni foforo no . . . nea obi betumi ahu ara ne sɛ wɔwɔ nkate a emu yɛ den, anigye, ɔdɔ, ayɔnkofa, ahotɔ, tema, ne obu ma wɔn ho.”
Sɛ wɔn ntam tete bere tenten na sɛ wɔresan abehyia a, wɔn nkyia no yɛ gyegyeegye, bere a emufo nyinaa ma wɔn ti so kɔ soro keka wɔn aso to so nyam no no. Ɛtɔ mmere bi mpo a ɔsono biako tumi de ne mfare wura ɔsono foforo anom. Ɛte sɛ nea nkyia yi ma asono ani gye kɛse, ma ɛyɛ te sɛ nea wɔreka sɛ: “Yɛn na yenni! Eye paa sɛ yɛahyiam bio!” Ɔdɔ a ɛte saa hyɛ mmoa a wɔde ma wɔn ho wɔn ho na wɔatumi atra ase no mu den.
Ɛte sɛ nea asono ho yɛ anika nso. Poole kyerɛkyerɛ sɛnea ohui sɛ asono bi abae wɔn anum te sɛ nea wɔreserew, wɔbɔ wɔn ti nko de kyerɛ sɛ wɔn ani agye no mu. Bere bi mpo Poole yɛɛ agoru bi ho nhyehyɛe maa mmoa no de wɔn ho gyee mu, na wɔ simma 15 mu no wɔyɛɛ nneɛma bi a ntease nnim koraa. Mfe abien akyi no, na ɛte sɛ nea wɔn a wodii agoru no bi no “reserew” akyerɛ no bio, a ebia wɔde rekae Poole ho a ɔde hyɛɛ agoru no mu no. Ɛnyɛ bere a asono redi agoru no nko na wɔyɛ nneɛma a ɛyɛ anika kyerɛ wɔn ho wɔn ho, na mmom wotumi de wɔn nne nnyigyei nso yɛ saa. Poole kae wɔ nhwehwɛmu bi a ɔyɛe mu sɛ, ɔtee nnyigyei bi a na ɛnte sɛ asono de koraa. Bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu no, wosusuwii sɛ na asono no resuasua dede a kar akɛse a ɛretwam yɛ no. Na na wɔreyɛ saa de agye wɔn ani ara kɛkɛ! Ɛte sɛ nea asono nya hokwan biara a, wɔde gye wɔn ani no.
Wɔaka nsɛm pii afa ɔkwan a asono fa so di awerɛhow bere a amanehunu ato abusua no muni bi no ho. Bere bi Poole hui sɛ ɔsono baatan bi gyina ne ba a ɔpɔn no ho nnansa, na ɔkyerɛkyerɛ mu saa kwan yi so sɛ: Na “n’anim yɛbea” te sɛ onipa a awerɛhow aka no ma wabotow: na wasi ne ti ase, a n’ano ne n’aso kyerɛ fam.”
Wɔn a wokum asono hwehwɛ asonse no nsusuw sɛnea nyisaa a ebia wohuu wɔn maamenom wu yɛ ‘basaa’ no ho. Mmofra nketewa yi di nna kakra tra beae a wɔhwɛ mmoa a wɔyɛ nyisaa so no, na wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn “awerɛhow” no so. Obi a ɔhwɛ wuram mmoa so bɔɔ amanneɛ sɛ ɔtee sɛ nyisaa no “teɛteɛm” anɔpa bi. Wobetumi akaakae nea esii no wɔ owu no akyi mfe pii. Poole ka sɛ asono tumi hu sɛ nnipa ka ho bi na wɔbrɛ no. Yɛhwɛ bere a nnipa ne mmoa bɛtra ase asomdwoe mu no kwan.—Yesaia 11:6-9.
[Mfonini wɔ kratafa 24 ,25]
Cape gannets regye nkyia
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Ɔtorɔm a ɔresaw de abiriw ne tamfo no ani so
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Pataku “serew” soronko
[Asɛm Fibea]
© Joe McDonald
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Nnowa asaw