Ɔsono Ɔfrɛ A Edu Akyirikyiri
SƐNEA asono tumi frɛ wɔn ho wɔn ho ntɛmntɛm bere a wɔn mu atew akwansin pii no ama nyansahufo ho adwiriw wɔn mfe pii. Mprempren, ɛte sɛnea wɔatumi ayi saa asase so mmoa a wɔso sen biara no ho ahintasɛm yi adi—wɔde nnyigyei bi a ɛba fam koraa na edi dwuma! Ɛno yɛ nnyigyei bi a ɛnam mframa mu a ano yɛ mmerɛw dodo sɛ nnipa aso bɛte.
Focus a ɛyɛ World Wildlife Fund no krataa bi a ɛkyerɛw no se asono ne asase so mmoa a wɔwɔ anan nnan a wodi kan a wɔde saa nnyigyei no di nkitaho. Bɛyɛ mfe abiɛsa ni na nhwehwɛmufo Katharine Payne a ɔwɔ Cornell Sukuupɔn mu (U.S.) no hwehwɛɛ mu huu ɔsono kasa a “ahintaw” no bere a ɔhwɛɛ nea Asia asono bi yɛ wɔ mmoa turo bi mu no. Ɔtee mframa bi a ɛte sɛ “abɛn a ano yɛ mmerɛw a ɛwɔ organ sanku so no de” nka. Akyiri yi, mfiri titiriw bi a wɔde kyere nsɛm kyerɛe sɛ Asia ne Afrika asono akɛse no nyinaa de nnyigyei a ɛba fam no frɛfrɛ wɔn ho wɔn ho. Esiane sɛ mframa mu nnyigyei a ano nyɛ den tumi kɔ akyiri sen nea ano yɛ den nti, ebia nhwehwɛmu no betumi akyerɛkyerɛ nea enti a asono ne wɔn ho wɔn ho tumi di nkitaho na wotumi yɛ ade sɛ abusua a wɔaka abom wɔ akuw mu no mu.
Wɔ kuw a ɛte sɛɛ mu no, ɔsono bere a wanyin bi na ɔde ahyɛde ahorow no ma. Saa ɔbaapanyin yi nuabeanom ne ne mmabea de obu tie no. Nanso ɛtɔ mmere bi a, asono mma ntie ɔfrɛ yi mu biara, sɛ́ ɛyɛ nnyigyei a ɛba fam anaasɛ foforo no. Focus se: “Sɛ kuw no rekɔ mpo na ɔsono ba bi pɛ sɛ ɔda a, abusua no nyinaa gyina na wɔtwɛn kosi sɛ abofra no bɛda asɔre ansa na wɔatoa so.” Asono anini a wɔanyinyin no mfa mmofra a wɔn mu duru yɛ nkaribo 200 no ho a wodwen sɛ kuw no ho. Wɔyɛ nea wɔpɛ. Nanso krataa no de ka ho sɛ: “Sɛ edu bere a wɔbɛforo a,” ɛte sɛnea mframa mu nnyigyei a ɛba fam no ma anini no “nya tumi a enni mfomso sɛ wobehu faako a abere no wɔ ntɛm ara wɔ akyirikyiri a ɛyɛ akwansin pii.”
Yiw, mframa mu nnyigyei nkitahodi no yɛ Ɔbɔadeɛ no nyansa sɛnea edi dwuma wɔ mmoa ahemman mu no ho nhwɛso foforo.—Dwom 104:24