Wɔn A Wɔaka Wɔ Namib Anhweatam So
Efi South Africa Nyan! kyerɛwfo hɔ
KAOKOLAND ne Damaraland yɛ nsase tɛtrɛɛ a ɛtrɛw kɔfa Afrika Namib Anhweatam no kusuu fam. Ɔkyerɛwfo Clive Walker ka ho asɛm wɔ ne nhoma Twilight of the Giants no mu sɛ: “Wiase no fã bi a ayera a ɛde besi nnansa yi no, nnipa kakraa bi na wɔanya hokwan akɔ hɔ.” Ɛha nkutoo na wiase no mu anhweatam so asono wɔ.
Ebia abran yi mufo a wɔaka wɔ sare no so nnu ɔha. Osu a ɛtɔ afe biara no nnu sɛntimita dunum, na ɛtɔ mmere bi a ɛntɔ koraa mfe pii. Ɔkwan bɛn so na asono yi kum wɔn sukɔm na wonya aduan bebree a wohia no di mee?
Sɛnea Wotumi Tra Anhweatam So
Wodii kan huu asono wɔ Namib atɔe fam wɔ 1895 mu, na adanse kyerɛ sɛ wɔatra anhweatam no so wɔ awo ntoatoaso pii mu. Wɔ ɔpɛ bi a esii nnansa yi a osu antɔ mfe anum no mu no, asono kɔɔ so traa anhweatam no so, na sɛnea wotumi hui no, ɔpɛ no ankasa antumi ankum asono a wɔanyinyin no mu biara, ɛwom sɛ mmoa a wɔte sɛ anwansan, ne ahafurum pii ne asono mma bi wuwui de. Wɔ ne nhoma The Besieged Desert mu no, Mitch Reardon de ba awiei sɛ: “Asono ka asase yi so abɔde a wotumi tra tebea horow pii mu sen biara no ho.”
Ɛwom sɛ Kaokoland asubɔnka mu taa wo de, nanso nsu a efi apuei fam mmepɔw no mu fa anhwea no mu puei, na asono no nom. Wotutu amoa wɔ asubɔnka no anhwea no mu de nya nsubura. Nsu sen ba amoa ahorow yi mu, na bere a asono no anom amee no, mmoa, nnomaa ne nkoekoemoa afoforo bebree nso nom mu nsu no bi na wɔtra nkwa mu.
Esiane sɛ asono yɛ mmoa a wɔwe wura pii a da biara wɔwe wura bɛboro kilogram 100 nti, ebia ebinom besusuw sɛ wɔresɛe ɛhɔ asase no. Nanso hyɛ nea ɛho nimdefo bi a wagye din yiye, Ɔbenfo Anthony Hall-Martin kyerɛwee wɔ ne nhoma Elephants of Africa no mu no nsow: “Wɔ mmeae a osu tɔ na owia bɔ a ɛhɔ nneɛma ayɛ frɔmm no asono bubu nnua gu a nea enti a wɔyɛ saa ara ne sɛ wobenya nhaban kakraa bi awe, nanso wɔn mfɛfo a wɔwɔ anhweatam so no ntaa mmubu nnua anaa wontutu ngu. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛrenkyɛ wɔrennya aduan nni. Enti, wɔwe ahaban momono biara a wɔte no, na wuntumi nhu sɛ wɔatiatia nhaban pii so asɛe no kwa.”
Nokwarem no, anhweatam so asono boa ma wɔtɛw nnua. Nnuan a wɔpɛ no yiye mu biako ne ɔkanto dua, na edu bere a ɔkanto no sow a, wodi aba no pii. Sɛ aba no fa adidi ne ɔnom nkwaadɔm no mu a, aba dennen no yɛ mmerɛw, wɔkɔ tiafi gu na efifi bere a awiei koraa no osu tɔ no. Enti, esiane asono no nti, wotumi tɛw ɔkanto si nea awuwu ananmu yiye ma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a edi kyinhyia no kɔ so daa.
Sɛ Wɔkae a, Ɛbɛkyerɛ se Wobɛkɔ so Atra Ase
Ebia woate bɛ yi: “Ɛsono werɛ mfi ade.” Ma yensusuw sɛnea eyi fa anhweatam so asono asetra ho no ho. Wɔwɔ abusua asetra a wɔbom yɛ ade ho nkate yiye, na ɛsono ba di bɛyɛ mfe du wɔ ne maame nkyɛn ansa na wɔatew ne ho; sɛ wɔde toto mmoa afoforo ho a, ɛyɛ mmofra bere a ɛkyɛ, nea ɛto so abien wɔ onipa akyi.
Wɔ bere a wɔrenyin yi mu no, ɛsono ba no ne asono a ɛsono mfe a wɔadi bɔ, na osua sɛnea otumi tra nkwa mu wɔ tebea a ano yɛ den mu. Wɔkyerɛ faako ne sɛnea obenya nsu, afifide a ɛsɛ sɛ odi ne bere ko a ɛba. Na wɔkyerɛ no sɛnea ɔkwati onipa. Saa nkyerɛkyerɛ ne nimdeɛ yi na ɛnsɛ sɛ ɛsono ba no werɛ fi bere a wanyin no. Reardon kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ ɔpɛ si a, ade a ɛsono tumi kae ne ne suahu na ebetumi ama wɔatra nkwa mu.”
Asono no asetra kwan gyina abere no so, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛsono bere a wanyin no titiriw na ɔma asono akuw no tumi kɔ so tra nkwa mu. Odi n’abusua ne kuw no nyinaa anim ma wɔkɔ so hwehwɛ aduan ne nsu. Wɔ bɛyɛ mfe 50 a ɔde tra ase no mu no, otumi boabooa nimdeɛ a wohia na wɔatumi atra ase no ano. Ɔnam n’akanni ne ne nhwɛso so de eyi ma kuw no mu nkumaa no. Enti, sɛ wɔn a wowia wɔn ho kunkum asono kum ɛsono bere a wanyin akyɛ saa no a, na ɛkyerɛ sɛ wahwere wɔn mu nea ɔma wonya aduan ho nokwasɛm ahorow.
Garth Owen-Smith, Namibia Wildlife Trust no muni ka Namib anhweatam so asono yi ho asɛm sɛ: “Kae sɛ . . . ɛnyɛ wuram mmoa biara kwa ho asɛm na yɛka. Eyinom yɛ anhweatam so asono. . . Wonhu akuw no . . . wɔ wiase no afã foforo biara . . . Hwɛ adesɛe a ɛbɛyɛ, hwɛ ade a nyansahu ne wiase yi bɛhwere, sɛ wɔma wɔn ase hye a.” Nanso, ɛnyɛ nea abran yi ase bɛhye ntɛm so wɔ ofie a wɔn ankasa apaw no mu. Ɛnyɛ sɛ wɔatumi atra hɔ nko, na mmom wɔasiesie wɔn ho yiye sɛ wɔbɛkɔ so atra nkwa mu nso.
Nneɛma Afoforo a Ɛma Wotumi Tra Nkwa Mu
Sɛ wobɛn wɔn kuw bi—wɔ faako a mframa no bɔ kɔ—a, w’ankasa wubetumi ahu nea ɛma wotumi kɔ so tra nkwa mu no bi. Wubehu sɛ wɔaboa wɔn ho ano wɔ amoa bi a emu nnɔ a anhwea muhumuhu wom ho, na wɔde wɔn anan abien a edi kan no dwiridwiriw anhwea no, wɔde wɔn mfare saw kɔ soro ma ɛbɔ pete wɔn ho kosi sɛ wɔn ho bɛyɛ furubann. So wususuw sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ wɔn ho fĩ nti? Ɛnte saa koraa. Mfutuma a wɔde sra wɔn ho te sɛ pawda a nnuru wom ma wɔn were mu dwo wɔn na ɛbɔ ho ban fi owia a ano yɛ den no ho.
Na sɛ wokɔ so yɛ dinn a, wubehu sɛ kuw no nyinaa regye wɔn ahome, bere a wɔabobɔ pawda no awie no. Sɛ wɔregye wɔn ahome a, wɔn aso atɛtrɛtɛ no nkutoo na ehinhim. Hwɛ sɛnea wɔde wɔn aso huw wɔn ho brɛoo bere nyinaa. Nea ɛka mframa kakra a ehuw fa wɔn ho a wɔpɛ no ho akyi no, mogya a ɛnam aso no ho ntini a ayiyi ne ho adi no mu ma mogya no mu dwo yiye. Afei mogya a emu adwo fɔmm no sen fa nipadua kɛse no mu san ba aso no mu bio. So ɛtɔ mmere bi a, ɛkaa wo nko a, anka wowɔ biribi a ɛma wo ho dwo wo wɔ wo mu?
So ebia mprempren esiane kotow a woakotow no nti, wo nan abrɛ? Hwɛ sɛnea asommɛn kɛse no ma ne nan ho dwo no. Na hwɛ sɛnea wapono ne kotodwe a ɛwɔ n’anim no mu fɛfɛ, na ɔde n’awerɔw atim hɔ ma ne nan sii hɔ dinn. Ɔrema ne nan no ahome. Ɛtɔ da bi a asono ka wɔn anan a edi akyiri no sabarem ma ɛyɛ serew, na wɔnantew te sɛ obi a otweri poma ho.
Wɔn su foforo a ɛtwe adwene nso wɔ kratafa a edi eyi anim no. Hwɛ ɔbo kurukuruwa a ɛsono no repirew ahyɛ ne nan ase no. Wosusuw sɛ eyi ma wɔn anan a abrɛ no ase dwo wɔn, te sɛ nea onipa nan ho oduruyɛfo miamia kuru a ɛda ne nan ase no. Ɛsɛ sɛ wokae sɛ ebia na mmoa yi anantew akwansin bebree, na eyi te sɛ akwan a wɔfa so ma wɔn nan ase gyaa wɔn yaw.
Wɔbɛtra Ase Akosi Bere Bɛn?
Ɛwom sɛ asono yi atumi atra wɔn atrae mu asiane ahorow a emfi onipa mu de, na so sare so abran yi atumi agyina ba a nea okum wɔn a ɔne onipa no ba hɔ no ano? Ɛte sɛ nea ɛyɛ yiw. Mprempren nnipa a wɔte hɔnom no rekora abɔde mu nneɛma a wɔn ankasa wɔ no so.
Sɛnea African Wildlife nsɛmma nhoma no kyerɛ no, nneɛma so kora ho nkyerɛkyerɛ ɔsatu a Namibia Wildlife Trust fii ase no ama “Damarafo ne Hererofo ahemfo no abara ahayɔ koraa wɔ hɔnom.” Kaokoland mmusua ti nso ayɛ The Wildlife no mmoa denam wɔn ankasa manfo no bi a wɔapaw wɔn sɛ awɛmfo no so.
Mmoa pa a ahemfo de ama no ama ɔmanfo no anya wɔn hɔnom wuram mmoa ho anigye. African Wildlife bɔ amanneɛ sɛ: “Nea edi kan wɔ mfe dunum mu no, asono ne mmoa bi a wɔte anwansan a wɔwɔ asase soronko yi so adɔɔso.’” Nea obi betumi ahwɛ kwan ne sɛ wobɛkɔ so akura wɔn wuram mmoa ho anigye yi mu.
Nokwarem no, saa mmoa a wokyinkyin anhwea pradada a nsu nni so yi so no bɛkɔ so akyinkyin wɔn abotan no mu akyɛ. Esiane wɔn nkate a wɔde bɔɔ wɔn ne wɔn mu nneɛma a ɛma wotumi tra nkwa mu no nti, eyinom ne wɔn a wɔafi mu aka wɔ Namib anhweatam no so.
[Kratafa 28 mfonini]
Asono tu amoa wɔ asubɔnka no anhwea mu de nya nsubura
[Kratafa 29 mfonini]
Asono pirew abo nkurukuruwa hyɛ wɔn nan ase, a ɛda adi sɛ ɛbɛma wɔn nan ase adwo wɔn
[Asɛm Fibea]
Courtesy of Clive Kihn