Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 11/8 kr. 28-30
  • Kenya Ɔbodan Mu Trafo A Wɔda Nsow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kenya Ɔbodan Mu Trafo A Wɔda Nsow
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bepɔw Mu Ɔbodan Afie No
  • Nkyene Tufo
  • Awiei Koraa No Yehu Asono!
  • Asonse Ɛsom Bo Dɛn?
    Nyan!—1998
  • Wɔn A Wɔaka Wɔ Namib Anhweatam So
    Nyan!—1992
  • Ɔsono Ɔfrɛ A Edu Akyirikyiri
    Nyan!—1988
  • Ɔkwan a Yetu Kɔhwehwɛɛ Ghana Mmeae Bi
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 11/8 kr. 28-30

Kenya Ɔbodan Mu Trafo A Wɔda Nsow

Efi Kenya Nyan! kyerɛwfo hɔ

YƐFAA ɔkwan bi a ɛso firefire so. Nsu a ɛworo no a egyigyei wɔ juniper nnua no mu no ma yehui sɛ na aka kakra na yɛn akwantwa no aba awiei. Ɔbodan no ano da hɔ, emu na mmoa a yɛrebɛhwɛ wɔn no taa hyehyɛe​—Elgon asono no.

Ɔbodan no ano kwan no sorokɔ bɛyɛ mita 8 na ne trɛw nso bɛyɛ mita 8. Bere a yɛrehyɛn mu no, akwanhwɛ no maa yɛn ho peree yɛn. Nanso, mpan a na wɔretutu nnyigyei maa yɛn aba mu bui ntɛm ara. Na yɛaka akyi koraa anaasɛ yɛaba ntɛm dodo. Mmoa no ntɔte a etintim fam hɔ no dii adanse sɛ asono no aba kɔ.

Nanso, dɛn na ɛma yenyaa anidaso sɛ sɛ yɛforo mita 2,000 kɔ bepɔw yi so a, yebehu asono wɔ abodan mpo mu no? Eyi yɛ asɛm a ɛyɛ anigye.

Bepɔw Mu Ɔbodan Afie No

Ogya Bepɔw Elgon bea Kenya ne Uganda ntam ɔhye no so. Ne sorokɔ a ɛyɛ mita 4,320 no ma ɛyɛ Afrika Apuei fam mmepɔw atenten a ɛsen biara a ɛno nkutoo si hɔ no mu biako. Ebinom ka sɛ bere a na ɛnhweree no, na ɛware sen Kilimanjaro a sukyerɛmma tɔ wɔ so no. Bepɔw no si kwae afɛfɛ, nsu a emu yɛ hyew ne atare a emu dwo ntam. Nanso, ebia ade a ɛyɛ nwonwa kɛse wɔ Elgon ho no ne n’abodan pii no. Eyinom mu na asono a yɛpɛ sɛ yehu wɔn no hyehyɛe.

Bere bi na abodan yi yɛ Koni anaa Elgon Masaifo atrae. Ebinom susuw sɛ wɔde bepɔw no too wɔn. Bɛboro mfe 300 a atwam ni a Konifo no dii kan baa ha. Bere a Joseph Thomson, oburoni a odii kan bɛhwehwɛɛ ha, no bae wɔ 1883 mu no, akyinnye biara nni ho sɛ ne ho dwiriw no sɛ na wɔakyekye nkuraa wɔ abodan no bi mu.

Mmeae pii wɔ hɔ a Masaifo no ntete abodan mu bio, nanso Masaifo no bi da so ara tete abodan a ɛba fam mu wɔ Bepɔw Elgon ase. Ɛtɔ mmere bi a mmoa a wɔwɔ kwae yi mu no kɔhyɛn abodan a obiara nte mu yi mu. Ɛko ntumi ntwe ne ho mfi emu dontori no ho. Nsonfana na nkasanoma de ahopere bɛsosɔɔ nkoekoemmoa a wɔwɔ nsu a ɛtaataa mu no ho no.

Nanso abodan no twetwe wɔn nyinaa mu nea ebia ɔmpɛ abodan mu atra soronko koraa​—asono. Ɛde bedu nnɛ nyinaa mmoa akɛse a wɔn mu duru bɛyɛ sɛ tɔn anan kosi asia yi siansian nkoko ba abodan yi mu. Dɛn nti na wɔba?

Nkyene Tufo

Aduan mu ade bi wɔ abodan no mu a wɔn kɔn dɔ. Na anka ɛsɛ sɛ wonya nkyene a ɛdɔɔso wɔ wura a wɔwe no mu, nanso esiane sɛ ɛha wɔ soro sɛɛ nti, osu ahohoro nkyene no afi fam hɔ. Enti asono no ba bedi nkyene a ɛwɔ abodan no mu dɔte a ɛyɛ fusirefusire no mu no.

Asono no fa ɔkwan titiriw bi so na wonya nkyene no. Wɔde wɔn mfare hyɛ beae a ɛhɔ apae wɔ ɔbodan no fasu ho. Afei, wɔde wɔn ahoɔden twe mmosea kɔ wɔn mu. Sɛ wɔde wɔn mfare no yi abo bi hyɛ wɔn anom a, wɔde wɔn dodom se a ɛyɛ den no we, na wɔmene mmosea ne nkyene no fra. Asono no yɛ saa kosi sɛ wɔbɛmee. Ɛno akyi no, ɛte sɛ nea da a wɔda kakra wɔ sum no mu wɔ beae a ɛhɔ dwo yi boa ma nkyene no kɔ wɔn ho.

Nea ɛyɛ anigye no, ɛwom sɛ asono no mmɛn no kɔ so nyin yɛ tenten bere nyinaa de, nanso ɛso bubu​—nkyene a wodi no so akatua.

Sɛ asono no tra abodan no mu ne ɛho adapɛn bi a, wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wokokyinkyin bio. Wotumi to santen kɔ mmeae a mpampuro wɔ kɔwe foforo a afei na ɛreba a ɛyɛ mmerɛw no anaasɛ wɔkɔwe nnua abon. Asono de nnɔnhwerew 18 na edidi da biara, na wɔwe wura a emu duru bɛyɛ kilo 180. Bere bi akyi no, Elgon abodan twetwe wɔn esiane nkyene a wopɛ no nti.

Esiane sɛ mmoa yi ntra faako na wosua wɔ wɔn akuw mu (wɔdɔɔso a na wɔbɛyɛ sɛ ɔha wɔ kuw biako mu) nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛanhu wɔn.

Awiei Koraa No Yehu Asono!

Adeyee no, yefii asoɛe hɔ faa kwae a obosu afɔw no a akwaaku ne nnomaa a wɔresu wom pii no mu. Mpofirim ara, yɛtee nnyigyei, na yehui sɛ wura no wosow wɔ beae bi a ɛbɛn yɛn! Yewiawiaa yɛn ho bɛnee nnyigyei no.

Bere a yɛayɛ dinn retwɛn no, yɛtee sɛ biribi retwe ne ho wɔ ɔdɔtɔ bi a ɛbɛn kwan a yɛnam so no akyi. Awiei koraa no, mmoa yi mu biako, animmaa bi a ahintahintaw no afono no no yii ne ho adi a ɔkwan a ɛda ɔne beae a na yɛn kar no si no yɛ mita 3. Na ne ho yɛ fɛ a ne ho tua ne ho, na na ne ho hwɛbea nnodowee no hyerɛn wɔ anɔpawia no mu. Ɛwom sɛ ne mu nware de, nanso na ne ho yɛ hu.

Mitumi yɛɛ me kamera no krado sɛ meretwa nea anka ɛbɛyɛ mfonini a ɛyɛ fɛ. Nanso antwa; na film asa wom! Afei ɛsono nã yii ne ho adi bɛfaa ne ba no faa yɛn kar no anim kɔe. Bere a mede film hyɛɛ me kamera no mu wiei no, na asono no adu akyiri dodo sɛ metwa wɔn mfonini akɛse, nanso mitwaa mfonini bi a na ɛbɛkyerɛ sɛ mahu mmoa akɛse a wɔn hu yɛ nã no.

Mmoa nwonwaso bɛn ara ni! Wɔn mu yɛ duru sen kar, nanso wotumi yɛ dinn te sɛ nkura. Wɔsoso sen lɔre binom, nanso wɔntaa nhu wɔn. Nanso mma ɛno nsiw wo kwan sɛ wobɛkɔ Kenya ɔbodan mu trafo a wɔda nsow no atrae hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena