So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 30. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures,” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Krete apuei fam mpoano no asase a ne fã bi kɔ po mu bɛn na Paulo de po so hyɛn faa hɔ kɔɔ Roma bere a ɔrekɔ ma wɔakodi n’asɛm no? (Asomafo no Nnwuma 27:7)
2. Bere a Farao babea no kohuu Mose no, dɛn na na ɔreyɛ a ɛmaa ɔyɛɛ no mmɔbɔ? (Exodus 2:6)
3. Nnipa baahe na Yesu kae sɛ wobehu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no? (Mateo 7:14)
4. Onyankopɔn bɔɔ asase wiei no, dɛn na na n’adeyɛ tumi no reyɛ? (Genesis 1:2, NW)
5. Bere a Maria hwiee ngo huamhuam a ne bo yɛ den guu Yesu nan ase no, dɛn na ɔde ne ti nhwi yɛe? (Yohane 12:3)
6. Dɛn na Hebri Kyerɛwnsɛm no frɛ okununom wɔ wɔne wɔn yerenom abusuabɔ mu? (Ester 1:20, NW)
7. Dɛn ne Hebrifo nkarii ne wɔn sika a ɛsõ sen biara? (2 Ahene 23:33, NW)
8. Dɛn na ɛmfa ho sɛ Mose yɛe na amma nnipa anwuwu no, Ɔhene Hesekia sɛee no esiane sɛ na wɔresom no wɔ ne bere so nti? (2 Ahene 18:4)
9. Wɔfrɛ ɔbea a na ɔwɔ Filipi a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔne ne nuabea Kristoni Sintike besiesie wɔn ntam asɛm no dɛn? (Filipifo 4:2, 3)
10. Dɛn na Onyankopɔn maa Mose yɛe sɛ wɔmfa Mmara a ɛwɔ abo pon so no nto mu? (Deuteronomium 10:1-5)
11. Anyame bɛn na Awifo a Asiria hene no maa wɔn atrae wɔ Samaria bere a ɔfaa Israelfo nnommum akyi no somee? (2 Ahene 17:31)
12. Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, nea “okyia” ɔwaefo no bɛyɛ onipa bɛn? (2 Yohane 11)
13. Ɛwom sɛ Paulo kaa Korintofo anokwafo no ho asɛm sɛ “Kristo nhoma” a wɔakyerɛw wɔ koma so de, nanso dɛn na ose wɔamfa ankyerɛw? (2 Korintofo 3:3)
14. Kurow bɛn mpɔtam na Onyankopɔn honhom kaa Simson nea edi kan, na akyiri yi wosiee no wɔ hɔ? (Atemmufo 13:25; 16:31)
15. Dɛn na Yesu de Farisifo ne Sadukifo no nkyerɛkyerɛ totoo ho esiane sɛ ɛsɛe ade nti? (Mateo 16:11, 12)
16. Dɛn nti na Yohane sui bere a ohuu nhoma mmobɔwee a ɛwɔ nsɔano ason no? (Adiyisɛm 5:1-4)
17. Dɛn ne edin foforo a wɔde frɛɛ Esau, Yakob ata no? (Genesis 36:1)
18. Dɛn nti na Dawid sensan nneɛma ho te sɛ abofra wɔ Ɔhene Akis a ofi Gat no anim, na ɔmaa ne ntasu sen faa ne bogyesɛ mu? (1 Samuel 21:13)
19. Edin bɛn na wɔde frɛ obi a ofi Gat? (2 Samuel 15:22)
20. Dɛn nti na Dawid kamfoo Yehowa wɔ Dwom 139:14?
21. Wɔfrɛ ɔkorow fã a ɛwɔ akyiri no dɛn? (Marko 4:38)
22. Asram ahe na Mose awofo tumi de no siei wɔ n’awo akyi? (Hebrifo 11:23)
23. Yesu frɛɛ Satan dɛn agya? (Yohane 8:44)
24. Dɛn na Haman yɛe na ama wahu da a na ɛfata sɛ ɔsɛe Yudafo a na wɔwɔ Persia Ahemman mu no? (Ester 3:7)
25. Ngo dua ne bobe akyi no, nnua a Bible ka ho asɛm kɛse no mu biako ne nea ɛwɔ he? (Yohane 1:48)
26. Beae bɛn na Saul ba Yonatan gye toom sɛ Dawid na ɔbɛyɛ Israel hene a odi hɔ? (1 Samuel 23:16-18)
27. Persia hene bɛn na ohuu Kores ahyɛde no, na ɔmaa kwan ma wɔsan sii asɔrefie no? (Esra 6:1-12)
28. Aboa bɛn na ɔne adanko sɛ paa nanso ɔsõ sen adanko? (Leviticus 11:6, NW)
Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae
1. Salmone
2. Ná ɔresu
3. Kakraa bi
4. Na ɛredi “akɔneaba wɔ nsu no ani”
5. Ɔde popaa ne nan ho
6. Wɔn wuranom
7. Talente
8. Kɔbere ɔwɔ
9. Euodia
10. Apam adaka no
11. Nibhas ne Tartak
12. “Ne nnwuma bɔne no fafafo”
13. Adubiri
14. Estaol
15. Mmɔkaw
16. “Efisɛ [na] wonhu obi a ɔfata sɛ obebue nhoma no mu anaasɛ ɔbɛhwɛ mu”
17. Edom
18. Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhene no behu sɛ wabɔ dam na ɔnam so anya ne ho atetew
19. Gatni
20. Efisɛ ‘ɔyɛɛ no maa ɛyɛ hu ne nwonwa’
21. Ɔkorow to
22. Abiɛsa
23. Atoro
24. Ɔmaa wɔbɔɔ pur (ntonto)
25. Borɔdɔma dua
26. Hores
27. Dario
28. Asoaso