Atɛntrenee a Yɛhwehwɛ
SƐNEA ANTONIO VILLA KA KYERƐE
Wɔ 1836 mu no, Mexico asraafo a na wɔbɛyɛ 4,000 no kunkum Texasfo a na wogyina Alamofo akyi—a na wonnu 200—no nyinaa. Ɛno akyi no, wɔde ɔko ho fene a ɛne “Monkae Alamofo” no dii dwuma de maa ɔko a na wɔde repɛ ahofadi, a wɔn nsa kae akyiri yi wɔ saa afe no mu no, yɛɛ kɛse. Wɔ 1845 mu no, ɔmantam a na kan no ɛyɛ Mexico fã no bɛyɛɛ United State fã, na basabasayɛ baa Mexicofo asasesin mu. Abusua mu ntawntawdi yɛ nea wɔda so ara kae.
WƆWOO me wɔ 1937 mu, wɔ kurow bi a ɛbɛn San Antonio, Texas, baabi a Alamofo no wɔ no mu. Saa bere no, na wɔakyerɛw aguaree, nsu, ne nneɛma a ɔmanfo de di dwuma no ho sɛ “Aborɔfo Nkutoo” anaa “Afoforo.” Mihui ntɛm ara sɛ wɔn a na wɔka “Afoforo” no ho ne yɛn a na yefi Mexico no.
Sɛ na yɛrehwɛ sini wɔ sinidan mu a, na wɔma Mexicofo ne abibifo tra abrannaa so nkutoo, na ɛnyɛ sinidan no ankasa mu. Ná adidibea ne aguadibea pii ntɔn ade mma Mexicofo. Bere bi a me yere, Velia, ne ne nuabea kɔɔ ɔdan bi a wɔyɛ ti wom mu no, adwumawura no annya obu mpo anka sɛ: “Yɛmma Mexicofo mma ha.” Nea wɔyɛe ne sɛ wɔseree wɔn araa kosii sɛ Velia ne ne nuabea no de aniwu kɔe.
Ɛtɔ da bi a, na aborɔfo mmarima no—bere a wɔabow nsa no—hwehwɛ Mexicofo mmea a na wɔn mu pii susuw sɛ wɔn bra asɛe koraa no. Misusuwii sɛ, ‘Wɔne yɛn nguare aguaree koro mu, nnom nsu koro, nanso wɔne Mexicofo mmea da mpa koro so.’ Mfiase no, saa nsisi yi maa meyɛɛ basaa, na akyiri yi mebɛyɛɛ ɔsɔretiafo.
Minya Asɔre Ahorow Ho Mfomso
Nyamesom mu nyaatwomyɛ no hyɛɛ me abufuw kɛse. Ná aborɔfo, abibifo, ne Mexicofo no mu biara wɔ asɔre a wɔkɔ. Bere a na mereyɛ ahoboa akɔ Adidi Kronkron sɛ Katolekni nea edi kan no, ɔsɔfo no maa me nhoma kotoku bi a wɔakyerɛw mmere bi agu akyi sɛ memfa nkɔma me papa. Ná ɛsɛ sɛ yɛde ntoboa hyɛ nhoma kotoku no mu kɔma no dapɛn biara. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔsɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Bɔ mmɔden ka kyerɛ wo papa sɛ me nsa nkaa nhoma kotoku no.” Nsɛm a me papa kaa no abufuw so yi nyaa me so nkɛntɛnso: “Nea wɔn ani gye ho ara ne no—sika!”
Ade a na abu so ne aniwude a ɛne sɛ asɔfo de mmea a wɔwɔ wɔn asafo ahorow mu guan. Osuahu a ɛtete saa no maa mekae sɛ: “Botae abien pɛ na ɛwɔ nyamesom mu—sɛ́ wobegye wo sika anaasɛ wobegye wo yere.” Enti, sɛ na Yehowa Adansefo bɛsra yɛn a, na mepam wɔn, ka sɛ: “Sɛ mepɛ nyamesom a, m’ankasa mɛhwehwɛ.”
Sraadi ne Aware
Wɔ 1955 mu no, mebɛyɛɛ U.S. Wim Sraani, baabi a na mewɔ anidaso sɛ sɛ mebɔ mmɔden kɛse wɔ m’adwumayɛ mu a, metumi anya obu a wɔmfa mma me esiane sɛ meyɛ Mexiconi nti no. Ɛdenam adwumaden so no, minyaa obu, na bere bi akyi no, wɔde me yɛɛ dwumadibea a ɛhwɛ ma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ hɔ panyin. Nea na ɛka eyi ho ne sraadi dwumadibea afoforo hɔ nneɛma ho akontaa a mibu.
Wɔ 1959 mu no, mewaree Velia. Ná Velia ani gye nyamesom ho bere nyinaa. Nanso, na asɔre ahorow a wadi kan akɔ no ama n’abam abu. Da koro bi wɔ 1960 mu no, bere a na wahaw yiye no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Onyankopɔn, mesrɛ wo, sɛ wowɔ hɔ a, ma minhu. Mepɛ sɛ mihu wo.” Saa da no ara, Yehowa Adansefo no mu biako baa yɛn fie wɔ Petaluma, California.
Nanso, ɛno akyi bere tiaa bi no, Velia anhyia Adansefo no bio esiane nsakrae bi a ɛbaa me sraadi adwuma mu nti. Wanhu wɔn bio kosi 1966, bere a na mewɔ Vietnam no ansa na ɔne wɔn resan afi Bible adesua ase wɔ Seminole, Texas. Bere a mifii Vietnam baa fie afe a edi hɔ no mfiase no, m’ani anye sɛ mihui sɛ ɔne Adansefo no resua Bible no.
Mpi a Mede Sɔre Tiae
Metee nka sɛ nyamesom bɛdaadaa Velia adi no huammɔ. Enti mekɔtraa adesua no mu tiei de pɛɛ hokwan a mede bɛpa nyaatwomyɛ ketewa biara ho ntama. Bere a ɔbea no kae sɛ Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ amammuisɛm mu no, mitwaa n’ano kae sɛ: “Adwuma bɛn na wo kunu yɛ?”
Obuae sɛ: “Ɔyɛ asaawafuw.”
Mede ahantan buae sɛ: “Ha! Asaawa na wɔde yɛ asraafo ntade. Enti moreboa ɔko!” Meyɛɛ dede a ntease nnim.
Ɛwom sɛ wɔ June 1967 mu no, asraadi adwuma foforo de yɛn kɔɔ akyirikyiri beae bi a ɛne Minot, North Dakota de, nanso Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no huu Velia san ne no fii Bible adesua ase. Menam mmofrasɛm a midii so sɔre tiae. Ná meboapa du fie wɔ bere a wɔreyɛ adesua no keka apon hwehwe mu, nantew atrapoe no so den, tow me mpaboa gu hɔ de yɛ dede, bu nsu a yɛde hohoro tiafi mpɛn pii.
Ná Velia yɛ ɔyere a ɔkasa bɔkɔɔ na ɔbrɛ ne ho ase a ɔnyɛ biribiara bere a memmaa no kwan. Ɛwom sɛ mede amemenemfe maa no kwan sɛ ɔnyɛ Bible adesua de, nanso na onim sɛ sɛ ɔkɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow a, ɛbɛyɛ ɔhaw kɛse. Sɛ wɔhyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ saa a, na ɔka bere nyinaa sɛ: “Ɛbɛyɛ papa sɛ merenkɔ. Mempɛ sɛ mɛhyɛ Tony abufuw.”
Nanso, da koro Velia kenkan wɔ Bible mu sɛ: “Monnhow Onyankopɔn Honhom Kronkron . . . no werɛ.” (Efesofo 4:30) Obisae sɛ: “Dɛn na ɛno kyerɛ?” Ɔdansefo a ɔreyɛ adesua no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wiɛ, Onyankopɔn honhom kronkron na wɔde kyerɛw Bible no. Enti sɛ yenni nea Bible no ka so a, ɛnde na yɛhow Onyankopɔn honhom kronkron no werɛ. Sɛ nhwɛso no, ebinom nkɔ nhyiam ahorow, ɛwom mpo sɛ wonim sɛ Onyankopɔn Asɛm ka sɛ yɛnkɔ de.” (Hebrifo 10:24, 25) Ná ɛno ara ne ade a Velia koma a edwo no hia. Efi saa bere no, ɔkɔɔ nhyiam biara, ɛmfa ho sɛ na mesɔre tia no.
Ná mede abufuw bisa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na woatumi afi fie bere a womfaa m’anwummeduan nsii pon so?” Velia suae ntɛm ara sɛ bere nyinaa obesiesie m’anwummeduan. Enti mefaa akwan foforo so: “Wonnɔ me anaa yɛn mma no. Wugyaw yɛn hɔ kɔ nhyiam ahorow.” Anaa sɛ na meka Adansefo no gyidi ahorow ho nsɛmmɔne na sɛ Velia fi odwo mu bɔ mmɔden ka sɛ ɛnte saa a, na mede edin a mede frɛ no, bocona—“anoyabeyabe”—na ɛfrɛ no, ka kyerɛ no sɛ ommu ade, bocona a ɔmmrɛ ne ho ase.
Nanso, na Velia da so ara kɔ nhyiam ahorow no, na mpɛn pii no na ɔde nusu na efi fie efisɛ na meyeyaw no. Nanso na mede nnyinasosɛm bi di dwuma. Mammɔ me yere da na mansusuw ho mpo sɛ megyae no esiane ne gyidi foforo a wahu no nti. Nanso midii yaw sɛ ebia na ɔbarima bi a ne ho yɛ fɛ a ɔkɔ saa nhyiam ahorow no bi ani gye ne ho. Ná meda so ara susuw sɛ sɛ yɛka nyamesom a, ‘na ɛyɛ sika anaa ɔbea.’ Ná metaa nwiinwii bere a Velia siesie ne ho kɔ nhyiam no: “Woyɛ wo ho fɛfɛɛfɛ ma obi foforo, na ɛnyɛ me.” Enti bere a edi kan a misii gyinae sɛ mɛkɔ asafo nhyiam no, mekae sɛ: “Merekɔ—na mmom merekɔhwɛ nea woyɛ kɛkɛ!”
Nanso, na me botae ankasa ne sɛ menya biribi atia Adansefo no. Wɔ nhyiam ahorow a midii kan kɔe no biako ase no, wɔmaa ɔkasa bi faa “Awurade mu nko” a ɛsɛ sɛ yɛware no ho. (1 Korintofo 7:39) Bere a yeduu fie no, minwiinwii kɛse sɛ: “Woahu! Wɔte sɛ wɔn a aka no—wɔtan obiara a wɔne no nni gyidi koro.” Velia de ahobrɛase kae sɛ: “Na sɛ ɛnyɛ wɔn na wɔka, ɛyɛ Bible no na ɛka saa.” Mibuaa no ntɛm ara de kuturuku hwee ɔfasu mu, kae sɛ: “Woreyɛ w’ade sɛ bocona bio!” Nokwarem no, meyɛɛ basaa efisɛ na minim sɛ nea ɔreka no yɛ nokware.
Mekɔɔ so kɔɔ asafo nhyiam ahorow kenkan Adansefo no nhoma ahorow, nanso na me botae ne sɛ mɛbɔ mmɔden anya ho mfomso bi. Mifii ase maa mmuae wɔ nhyiam ase mpo—nanso na mede rekyerɛ nkurɔfo kɛkɛ sɛ menyɛ “Mexiconi a onnim nyansa.”
Me Nsa Ka Atɛntrenee a Mehwehwɛ No
Eduu 1971 no, na me sraadi adwuma no de yɛn akodu Arkansas. Mekɔɔ so ne Velia a na ɔde asubɔ ayɛ n’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne wɔ December 1969 mu no kɔɔ nhyiam ahorow. Ná mensɔre ntia no bio, nanso na memma obiara ne me nsua Bible no. Ná nimdeɛ a manya afi Bible ho nhoma ahorow a mekenkan mu no anya nkɔanim kɛse. Nanso na ne nyinaa yɛ nhoma mu nimdeɛ—ade a na efi ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsen obiara wɔ biribiara a meyɛ mu no. Nanso, me ne Yehowa Adansefo fekubɔ no fii ase kaa me koma nkakrankakra.
Sɛ nhwɛso no, mihui sɛ abibifo nya nkyerɛkyerɛ mu kyɛfa wɔ nhyiam ahorow ase. Nanso mfiase no misee me ho sɛ, ‘Yiw, ɔdan mu nkutoo na wɔyɛ saa.’ Nanso, bere a yɛkɔɔ ɔmantam nhyiam bi wɔ baseball agumadibea kɛse bi so no, me ho dwiriw me sɛ mihui sɛ abibifo nso nyaa dwumadi no mu kyɛfa. Ná ɛsɛ sɛ migye tom sɛ Adansefo no nyɛ nyiyim biara. Wobu nnipa nyinaa pɛ ampa.
Mibehui nso sɛ Yehowa Adansefo wɔ nokware dɔ ma wɔn ho wɔn ho. (Yohane 13:34, 35) Na bere a me ne wɔn yɛɛ adwuma wɔ wɔn Ahenni Asa bi si ho no, mitumi hui sɛ wɔnyɛ nnipa soronko bi. Mihui sɛ wɔbrɛ, wodi mfomso, na mpo wɔne wɔn ho ham kakra bere a nneɛma nkɔ yiye no. Sɛ́ anka saa sintɔ ahorow yi bɛma matwe me ho no, mibenyaa abotɔyam kɛse wɔ wɔn mu. Gyama mihui sɛ anidaso bi wɔ hɔ ma me ɛmfa ho sɛ mewɔ sintɔ pii no.
Woduu Me Komam Awiei Koraa
Mihui sɛ me ne Yehowa renya abusuabɔ nea edi kan bere a 1973 mu no, Ɔwɛn-Aban no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ tawanom yɛ ade a ‘egu nipadua ho fi,’ na sɛ obi nom a, wobetumi atu no no. (2 Korintofo 7:1) Saa bere no, na menom sigaret adaka biako anaa abien da koro. Ná madi kan abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ megyae, nso na mintumi. Nanso afei de, bere biara a na mete nka sɛ mɛnom no, na mebɔ mpae wɔ me tirim srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me ma minnyae su tantan yi. Mannom sigaret bio ma ɛyɛɛ obiara nwonwa.
Ná me sraadi adwuma no bɛba awiei July 1, 1975 mu. Mihui sɛ, sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea Bible kyerɛ a, ɛsɛ sɛ mihyira me nkwa so ma Yehowa. Ná obiara ne me nyɛɛ Bible adesua da, enti asafo mu mpanyimfo no ho dwiriw wɔn bere a wɔ June 1975 mu no, meka kyerɛɛ wɔn sɛ sɛ me sraadi adwuma no ba awiei pɛ a, mepɛ sɛ wɔbɔ me asu no. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, nea edi kan no ɛsɛ sɛ midi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no so. (Mateo 28:19, 20) Eyi na meyɛe wɔ Memeneda a edi kan wɔ July mu. Saa da no ara, mihyiaa ɔpanyin bi, na mibuaa Bible ho nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ asubɔfo no susuw ho no. Dapɛn abiɛsa akyi no, wɔbɔɔ me asu.
Bere a yɛn mma baasa—Vito, Venelda, ne Veronica—hui sɛ magye asubɔ no, wofii ase nyaa honhom fam nkɔso ntɛmntɛm. Mfe abien a edi hɔ no, wɔbɔɔ mpanyimfo baanu no asu, na mfe anan akyi no, wɔbɔɔ ketewa no asu. Sɛ me ne mmarima a wonim Bible mu nokware nanso wɔnyɛ ho hwee no rekasa a, metaa ka nea ɛbɛto wɔn bere a wɔmfa nea wɔte nyɛ adwuma no ho asɛm kyerɛ wɔn. Meka kyerɛ wɔn sɛ, ɛwom sɛ ebia wɔn mma renka de, nanso wosusuw sɛ, ‘Sɛ nokware no ho nhia Paapa ahe biara a, ɛnde ɛho nhia me ahe biara.’
Bere Nyinaa Som Adwuma a Yɛyɛ
Yɛn abusua mũ no nyinaa fii bere nyinaa som adwuma no ase sɛ akwampaefo wɔ Marshall, Arkansas. Me ne Velia fii ase wɔ 1979 mu, na mmofra no bɛkaa yɛn ho wɔ adwuma no mu wɔ mfe a edi hɔ no mu bere a wɔn mu biara wiee ntoaso sukuu no.
Wɔ 1980 mfe no mfiase no, yɛtee amanneɛbɔ faa Bible mu nimdeɛ ho kɔm a ɛde nnipa a wɔwɔ Ecuador, Amerika Kesee fam, no ho, na yɛde yɛɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ hɔ. Eduu 1989 no, na yɛn mma no anyinyin a wobetumi ahwɛ wɔn ho. Enti saa afe no, yɛkɔsraa Ecuador bere tiaa bi de ‘hwɛɛ asase no.’—Fa toto Numeri 13:1, 2 ho.
Wɔ April 1990 mu no, yeduu Ecuador, yɛn fie foforo no. Esiane sɛ na yenni sika pii—na sika a minya fii sraadi adwuma a migyaee mu no na yɛde tra ase—nti, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn sikasɛm yiye. Nanso anigye a yɛanya afi bere nyinaa som adwuma mu wɔ saa asase a ɛsow aba wɔ honhom fam no so no boro sika a yɛde bɔɔ afɔre no so koraa. Mfiase no, yɛyɛɛ adwuma wɔ Manta kurow a hyɛn gyina hɔ no mu, baabi a na yɛn mu biara yɛ Bible adesua bɛyɛ 10 kosi 12 no. Afei, wɔ 1992 mu no, mifii ase som sɛ ɔsomfo kwantufo, a na me yere ka me ho. Yɛsra asafo foforo dapɛn biara.
Bere a Yebehu Atɛntrenee Koraa
Sɛ yɛhwɛ yɛn akyi a, me ne Velia tumi hu sɛ nsisi a yehyiae bere a na yɛrenyin no boa yɛn seesei wɔ yɛn som adwuma no mu. Ne titiriw no, yɛde ayɛ yɛn su sɛ yɛremmu wɔn a ebia wodi hia sen yɛn anaa wɔn nhomasua nnu yɛn de anaa wofi abusua foforo mu no animtiaa. Yehu nso sɛ, yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea pii hyia asetra mu nsisi a ɛkyɛn nea yehui no. Nanso, wonnwiinwii. Wɔde wɔn ani to Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no so pintinn, na saa na yɛasua sɛ yɛbɛyɛ. Yefi bere tenten agyae sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ atɛntrenee wɔ saa nhyehyɛe yi mu; mmom no, yɛde yɛn asetra kyerɛ nkurɔfo kwan kɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛne nsisi ano aduru koro pɛ ankasa no so.—Mateo 24:14.
Yɛasua nso sɛ ɛsɛ sɛ yɛn a nsisi a ɛrekɔ so no haw yɛn no hwɛ yiye sɛ yɛnhwɛ atɛntrenee a edi mũ kwan wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Nea enti a eyi te saa ne sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ, na yɛtɔ kɔ bɔne so. (Romafo 7:18-20) Nanso, yebetumi aka nokwarem sɛ yɛanya amanaman ntam anuanom fekuw a wɔwɔ dɔ na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi nyinaa ayɛ nea ɛteɛ. Yɛwɔ anidaso sɛ yɛne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ baabiara bɛbom akɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no mu.—2 Petro 3:13.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
Mibuaa no ntɛm ara de kuturuku hwee ɔfasu mu
[Kratafa 19 mfonini]
Me ne Velia bere a mebɛyɛɛ wim sraani no
[Kratafa 21 mfonini]
Me ne Velia wɔ 1996 mu