Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 8/8 kr. 12-17
  • Mfirihyia Dubiako A Mede Hwehwɛɛ Nokware Ademude

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfirihyia Dubiako A Mede Hwehwɛɛ Nokware Ademude
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Ademude?
  • Me ne Adansefo no Hyiae
  • Din a Migyei wɔ Agumadi Mu
  • Mihyiaa Adansefo no Bio
  • Nneɛma Nyinaa a Metɔn Kɔtɔɔ Ademude No
  • Ademude a Afɔre Biara a Wɔbɛbɔ Wɔ Ho Fata
  • Me “Basketball” Adwuma—Mede Nneɛma Abien A M’ani Gye Ho Sii Ananmu!
    Nyan!—1985
  • Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako
    Nyan!—1998
  • Katolek Sɔfo Bi Yɛ Nsakrae
    Nyan!—1980
  • Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 8/8 kr. 12-17

Mfirihyia Dubiako A Mede Hwehwɛɛ Nokware Ademude

BEIRUT, Lebanon. Nnipa pii ate kurow yi nka wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ ahorow mu sɛ beae a akodi ama emu apaapae. Nanso me de, ɛyɛ ofie ma me. Na bɛyɛ bere a me man mufo fii ase tentan wɔn ho na akodi sɔree wɔ mu no mu no, mede asomdwoe a ɛsom bo kɛse sen ademude biara a ɛwɔ asase so sii me nitan no ananmu. Ma menka nea ɛyɛe a ɛbaa saa no nkyerɛ wo.

Ná me ne mmofra baason a yɛn awofo yɛ Arabfo no mu nea, otwa to, na wɔwoo me wɔ Beirut wɔ 1949 mu. Sɛ́ abofra no, ná m’ani gye ho kɛse sɛ mɛbɛn Onyankopɔn. Nanso na obiara nni m’abusua no mu a n’ani gye nyamesom ho kɛse, ɛwom mpo sɛ na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo de. Sɛ ná wɔn mu bi kɔ asɔre mpo a, na ɛnyɛ ade a wɔtaa yɛ. Enti na me nko na mekɔ.

Bere a mabu nkotodwe rebɔ mpae wɔ Yesu anaa ɔbabun Maria mfonini ahorow anim no, ná nusu taa gu me. Mebɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a mehu nokware no. Bere biara a metwam wɔ asɔredan bi ho no, meyɛ mmeamudua ho sɛnkyerɛnne no. Ná mepɛ sɛ mesɔ Onyankopɔn ani, na bere a mekɔɔ so nyinii no, metee nka sɛ ɔkwan a eye sen biara a mɛfa so ayɛ eyi ne sɛ mɛyɛ ɔsɔfo.

Wɔ 1962 mu, bere a na madi mfirihyia 13 no, me nã kaa me ho ma mekɔhwehwɛɛ asɔfodi mu kwan. Bere a na yɛadu Greek Orthodox Church a ɛwɔ Beirut no dwumadibea hɔ no, yɛforoo abansoro no kɔɔ agyapanyin no dan no mu. Bere a meka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ meyɛ ɔsɔfo no, nea obisae ara ne sɛ: “So wowɔ nne a ɛyɛ dɛ?” Mibuae sɛ, “Yiw.” Na bere a ohui sɛ me nne yɛ dɛ no, ɔkae sɛ: “Yɛagye wo.” Hwɛ m’ani ara a egyei! Ɛyɛɛ me te sɛ nea manya ademude bi​—sɛ́ mɛsom Onyankopɔn sɛ ɔsɔfo!

Nokware Ademude?

Bere a yɛrefi hɔ no, ɔbea bi a ɔyɛ adwuma wɔ asɔre no ti hɔ kaa biribi a m’ani annye ho. Ɔkae sɛ: “Ɛmmɛyɛ ɔsɔfo. Wo bɔne bɛdɔɔso.” Na ɔkyerɛ dɛn? Mante ase. Nanso wɔ mfirihyia abiɛsa a edi hɔ a mede nyaa asɔfodi ho ntetee no mu no, na metaa kae n’asɛm no, a na mate nea na ɔrekyerɛ no ase. Dɛn ntia? Esiane nea mihui no nti.

Ná asɔfo a wɔwɔ Lebanon no de wɔn ho hyɛ amammuisɛm mu, na wogyina amanyɛkuw biako akyi de tia ɔfoforo. Ná minim ɔsɔfo bi a ɔde tuo hyɛ n’asɔfo atade no ase. Ná mihu sɛ enye sɛ ɔsɔfo besiesie ne ho sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ ntɔkwaw ne akodi mu. Mibisaa me ho sɛ, ‘So anka Kristo anaa n’asomafo no bɛyɛ saa?’

Afei nso na asɔfo no yɛ sikaniberefo. Mihuu wɔn sɛ wɔreko wɔ asɔre sika a wɔagyigye no ho a na wɔrekasa tia wɔn ho wɔn ho. Nea na wɔka ne sɛ, “Eyi na mepɛ.” Na mihuu wɔn a na wɔn mpenafo ka wɔn ho. Bere biara a ɔsɔfo bi bɛbɔ mass no, ne mpena ba bi. Ná nnipa pii nim sɛ nea wɔreyɛ no yɛ bɔne. Na bere a mihui sɛ ɔsɔfo bi mpena asum aberewa bi sɛnea ɛbɛyɛ a obenya beae a eye atra wɔ ɔsɔfo no nkyɛn no, m’ani annye ɔsɔfo no ho fi saa bere no. Nanso mekɔɔ so ara susuwii sɛ asɔre no ye, ɛyɛ asɔfo no na wonnye.

Mfe abiɛsa akyi no, migyae asɔfodi a meresua no, nanso mekɔɔ so ara de me ho hyɛɛ asɔre no mu denneennen, na mekɔe bere nyinaa na mede me ho hyɛɛ nnwontofo kuw a ɛwɔ hɔ no mu. Ná me botae horow no asesa. Afei agumadi, titiriw no agoru bi a wɔfrɛ no basketball na ɛbɛyɛɛ nea m’ani gye ho kɛse. Nea ɛka ho bio no, wɔ me sukuu akwamma bere mu no na meyɛ adwuma wɔ me nuabarima panyin adwumayɛbea de sua n’adwuma no. Esiane sɛ na ɔkyɛn me mfirihyia 20 nti, na wayɛ te sɛ m’agya​—na yɛn agya awu.

Me ne Adansefo no Hyiae

Ná asɔre a miwom no sɔre tia Yudafo denneennen. Na wɔkyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ yɛntan Yehowa Adansefo nso. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔyɛ Sionfo ne sɛ wɔsɔre tia Kristo. Oo, wɔde Kristo din di dwuma, nanso na ɛno de minim sɛ ɛyɛ nea wɔde rekata anim ara kwa. Sɛ wobɔ edin “Yehowa” no ara kɛkɛ a, na me bo afuw a masiesie me ho sɛ merebɛko. Yɛboaboaa mmofra ano sɛ wonni Adansefo no akyi nkɔ afie afie mu nkɔhaw wɔn na wɔntotow nnua ne abo mmobɔ wɔn.

Wiɛ, da koro bi a makɔbɔ basketball awie akyi na makɔsra me nuabea bi no, mihyiaa Adansefo no nea edi kan bere a wɔbaa me nuabea no fie hɔ no. Ná ɛyɛ Arabfo amanne sɛ ahɔho ba wɔn fie a wobegye wɔn ani, na saa na na me nso mete. Bere a wobisaa nsɛm ahorow a mantumi amma ho mmuae no, mekae sɛ, “Mommra dapɛn a edi hɔ no na mede ɔsɔfo no bɛba.”

Yehyiae dapɛn a edi hɔ no. Ná mitumi hu sɛ ɔsɔfo no nnim Bible no​—wantumi anyi ne ho ano. Bere a Adansefo no kyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ yɛfrɛ asɔre kannifo biara “agya” no, nea ɔkae ara ne sɛ, ‘Eye, mommfrɛ me agya.’ (Mateo 23:9) Ɛwom sɛ na onnim Bible no de, nanso ɔda so ara yɛ me sɔfo. Enti meka kyerɛɛ Adansefo no sɛ: “Momma ha bio. Sɛ moba ha bio a mebubu mo anan mu.” Ná ɛyɛ m’aniberesɛm.

Din a Migyei wɔ Agumadi Mu

Afei de, na manyin ma me tenten boro anammɔn asia, na me tenten te sɛ Arabni ampa. M’asetra nyinaa bɛyɛɛ nea ɛfa basketball ho; na ɛyɛ nea wɔ mfe pii mu no mede nnɔnhwerew anum sua bɔ da biara. Na masi me bo sɛ mɛyɛ obi a onim bɔ sen biara, na ansa na 1971 reba no mebɛyɛɛ obi a wonim no wɔ ɔman no mu nyinaa esiane me mmɔdenbɔ nti. Saa afe no mu no wɔpaw me wɔ ɔman agumadi kuw a ekogyinaa Lebanon anamu wɔ aman-ne-aman ntam akansi a ɛkɔɔ so wɔ Saudi Arabia no mu.

Afe a edi hɔ no mu no, wogyee me toom kɛse na wɔpaw me sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden sen biara wɔ Lebanon nyinaa no agumadi kuw no panyin. Ná meyɛ obi a ɔbɔ mmɔden yiye wɔ saa agumadi no mu. Yɛkɔɔ Arabfo aman nyinaa akansi bi wɔ Iraq na ɛkaa kakraa ma yedii nkonim. Iraq na edii kan na yɛtɔɔ so abien. Wɔ 1973 mu no wɔsan paw me bio sɛ Lebanon agumadi kuw a ɛbɔ mmɔden sen biara no muni.

Ná madu me botae a ɛne sɛ mɛyɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ basketball mu sen biara no mu biako no ho, anyɛ yiye koraa no wɔ Lebanon. Nkurɔfo gyee me toom. Migyee din. Mmabaa twaa me ho hyiae. Nanso saa nneɛma yi amma mannya anigye ankasa a na misusuw sɛ ɛbɛma manya no. Ná ademude no nyɛ nea edi mũ ankasa.

Mihyiaa Adansefo no Bio

Wɔ 1973 mfiase mu hɔ no, m’adamfo paa a na ɔno nso bɔ basketball a ɔbɔ mmɔden kɛse fii ase ne Adansefo no suaa Bible. Bere a metee no, mekɔɔ ne nkyɛn ntɛm ara na mekae sɛ: “Sami, saa nkurɔfo yi nye. Wo ne wɔn mmɔ.” Na wɔ abufuw mu no mekasa tiaa Yehowa din.

Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Dabi! dabi! Joseph, nka saa. Wo ne Adansefo no nkasa.”

Mekae sɛ, “Eye, nanso sɛ mitumi kyerɛ wo sɛ wonni Bible mu nokware no a, so wo ne wɔn begyae adesua?”

Obuae sɛ, “Eye. Nanso sɛ ɛbɛda adi sɛ wɔwɔ nokware no a, so wobɛba abɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako?”

Mepenee so.

Ná nnipa baanum na yɛyɛ nnamfo paa. Mebɔɔ baasa a aka no amanneɛ na yɛboom kɔɔ yɛn sɔfo no nkyɛn. Yɛkae sɛ; “Yɛsrɛ wo, ka yɛn ho na yɛne Adansefo no nkɔkasa.” Nanso na ɛyɛ nea ɔrenkɔ. Enti me nnamfo no kae sɛ: “Sɛ ɔsɔfo no ankɔ a, yɛn nso yɛrenkɔ.” Nanso na mahyɛ Sami bɔ, merentumi mu me bɔhyɛ so.

Wɔ bere a yɛahyɛ no mu no, Adansefo bɛyɛ dumien hyiae wɔ Sami fie hɔ. Na wɔwɔ adamfofa su kɛse, nanso na mempɛ sɛ meyi adamfofa su biara adi. Mekae sɛ, “Momma yemfi nkɔmmɔbɔ no ase.” Enti ɔdansefo a odi wɔn anim no ka kyerɛɛ me sɛ mimfi ase. Mekae sɛ, “El a ɔyɛ Siriafo nyame no ne nokware Nyankopɔn no. Yehowa yɛ Israelfo Nyankopɔn, na ɔyɛ owudifo.”

Ɔdansefo no annye akyinnye na mmom ɔkae tiawa sɛ: “So wugye Bible mũ no nyinaa di?”

Mibuae sɛ, “Yiw.”

Enti ɔkae sɛ mimmue Dwom 83:18. Bere a mibuei no, metraa hɔ komm. Ná ɛte sɛ nea obi de twɛre abɔ me. Ná minhuu edin “Yehowa” no wɔ Bible mu da. Ɛkenkan sɛ: ‘Nea ne din de Yehowa no, ɔno nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.’ Ná makasa atia saa din no mpɛn pii!

Ɔdansefo no kae sɛ mensan mmue kyerɛwsɛm foforo (Onyankopɔn din Yehowa no pue bɛyɛ mpɛn 20 wɔ Arabik Bible no mu) . Nanso mekae sɛ, “Dabi, sɛ mannye kyerɛwsɛm yi anni a na minnye Bible no nyinaa nso nni. Kyerɛwsɛm biako yi ara ye.”

Mekae sɛ, “Eye, mepɛ sɛ me ne mo bɔ nneɛma pii ho nkɔmmɔ. Nanso mewɔ biribi a mɛka akyerɛ mo. Sɛ moyɛ Yesu Kristo asuafo ampa​—asuafo no ankasa​—a, mɛba abɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Nanso sɛ ɛnte saa na moyɛ Sionfo a, mekunkum mo nyinaa.”

Nea wobuae ne sɛ, “Eye, sɛ wuhu sɛ yɛyɛ Sionfo a, kunkum yɛn.”

Efi saa da no mifii ase kenkan Bible no, biribi a na menyɛɛ bi da. Wɔ asram abiɛsa ntam no, mekenkan wiei, na na me ne Adansefo no asua Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no nso. Onyankopɔn ne n’Ahenni no ho nimdeɛ bɛyɛɛ biribi a ɛsom bo ma me. Sɛnea Yesu kae no: “Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.” (Mateo 13:44) Ná mepɛ sɛ misua ho ade​—a ɛfa sɛnea metumi abɛyɛ ne nkoa a wɔwɔ asase so no mu biako ho. Nanso anyɛ mmerɛw amma me sɛ mede eyi bedi biribi foforo biara anim.

Nneɛma Nyinaa a Metɔn Kɔtɔɔ Ademude No

Ná minhu nea menyɛ. Ná m’ani da so ara gye basketball ho. Na na me mpenafo no pii ba a wɔpɛ sɛ me ne wɔn nantew. Sɛ́ mepue akogye m’ani yɛ ade a na ɛretwetwe me kɛse. M’abusua no hyɛɛ ɔbra bɔne a ɛte sɛɛ ho nkuran mpo, esiane sɛ na wɔn nyinaa sɔre tia bɔ a mede me ho abɔ Adansefo no denneennen nti. Sɛ́ megyae biribiara mu wɔ ademude no ho yɛ ade a na ɛte sɛ nea ɛyɛ den dodo; migyaee Bible adesua no.

Wɔ bɛyɛ saa bere yi ara mu na me nuabarima no bɔɔ ka kɛse bi wɔ kyakyatow mu, na enti mifii sukuupɔn mu de me bere nyinaa bɛyɛɛ adwuma de boaa no sɛnea ɛbɛyɛ a n’adwuma no rengu. Adansefo no kɔɔ so ara baa me nkyɛn sɛ wɔbɛbɔ mmɔden ama anisɔ a mewɔ no mu ayɛ den​—nanso anyɛ yiye. Wɔ bɛyɛ asram asia akyi no, mibisaa me bo sɛ: ‘Joseph, ɛhe na worekɔ? Wunim sɛ Adansefo no na wɔwɔ nokware no.’

Nanso na ehia sɛ meyɛ nsakrae ahorow. So metumi ayɛ? Sɛ́ nea mede rekyerɛ sɛ masi me bo no, nea edi kan koraa no, migyaee sigaretnom. Afei mekɔɔ telefon no so na mefrɛɛ Fadi a ɔne ɔdansefo a ɔne me suaa ade no. Meka kyerɛɛ no sɛ, “Me mogya wɔ w’atifi. Ɛsɛ sɛ wo ne me sua ade.”

Obuae sɛ, “W’aniberesɛm na woreka no? Bra na yɛbɛsan afi ase bio anwummere yi.” Na ɛno yɛ December 1973 mu.

Ntɛm ara mifii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow no a na bere biara a mɛkɔ no me ne me mpena foforo na ɛkɔ. Nanso sɛ ɔbea bi pɛ sɛ me ne no da a, meka sɛ: “Dabi, mennyɛ saa bio.” Esiane sɛ wɔn mu biara annye nokware no nti, awiei koraa no migyaee fekubɔ a ɛte saa nyinaa.”

Nea na ɔkyerɛ me basketball bɔ no bo fuwii. Ná wasɛe mfe pii de aboa me ama mabɛyɛ bɔɔlbɔfo, na na yɛn kuw no ne nea ɛbɔ mmɔden sen biara wɔ Lebanon. Afei migyaee mpofirim ara. Ná masi gyinae sɛ meso ademude ankasa no mu. Wɔ August 24, 1974 mu no, wɔbɔɔ me asu de yɛɛ me ho so a mahyira sɛ mɛsom Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne.

Afe a edi hɔ no mu no, mewaree Kathy a na ɔyɛ daa ɔkwampaefo (ɛno yɛ Yehowa Ɔdansefo a ɔde ne bere nyinaa som) . Afei wɔ 1976 mu no, wɔpaw me sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu. Bɛyɛ saa bere no ara mu na metɔɔ adwumayɛbea bi a wɔyɛ nnade ho adwuma wɔ hɔ, te sɛ me nuabarima de no. Ná nnipa a wɔyɛ adwuma ma me no yɛ Adansefo baanum. Metow adwuma no mu 4 p.m. na me ne me yere de yɛn ho hyɛ ɔsom adwuma no mu kosi 11 p.m. Ná yɛyɛ Bible adesua 20 ɔsram biara. Nanso na minhu nea menyɛ wɔ nnwuma abien yi ho.

Enti wɔ February 1978 mu no metɔn m’adwuma no na mifii akwampaefo titiriw adwuma no ase. Hwɛ nhyira ara a eyi yɛ! Efisɛ wɔ ɔsram a edi hɔ no mu no, ɔtopae bi a wɔtowee sɛee adwumayɛbea hɔ nyinaa. Anka ɛbɛyɛ nea ɛho nni mfaso biara, sɛ mantɔn wɔ saa bere no mu a!

Ademude a Afɔre Biara a Wɔbɛbɔ Wɔ Ho Fata

Yɛn Agya a ɔwɔ dɔ, Yehowa, a mɛsom no a n’Ahenni no nneɛma ka ho ama manya abotɔyam ne anigye ankasa a asiane ahorow a ɛwɔ Yehowa a wɔbɛsom no wɔ ɔman a akodi ama emu apaapae yi mu no mfa ho. Wɔ afe a edi kan wɔ ɔko a efii ase wɔ 1975 mu no mu no, wokunkum nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 15,000 kosi 20,000, na efi saa bere no nnipa mpem dudu pii awuwu! Esiane sɛ nnipa a wɔwɔ Lebanon no dodow bɛyɛ ɔpepem abiɛsa pɛ nti, sɛ wode toto United States ho a, na ɛte sɛnea nnipa ɔpepem pii awuwu wɔ ɔko a ɛte sɛɛ mu! Mpɛn pii yɛyɛ yɛn som adwuma no a ebetumi aba sɛ tuo aboba anaasɛ ɔtopae bɛbɔ yɛn.

Wɔ 1980 mu no, wɔpaw me sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Beirut a na mekɔsrasra asafo horow a ɛwɔ kurow no mu no hyɛ wɔn den wɔ honhom mu. Mfirihyia abien ne fã wɔ saa adwuma yi mu no, asafo biara nni hɔ a yɛankɔsra wɔn, ɛwom sɛ ɛtɔ bere bi mpo a wɔ simma biako mu no tuo ne atopae a ne dodow boro apem a wɔtow no te sɛ nsu a ɛretɔ de. Esiane ɔko a emu yɛ den a na ɛrekɔ so titiriw wɔ beae a asafo biako wɔ nti, na wosusuw sɛ ɛyɛ nea nyansa nnim sɛ yɛbɛkɔ akɔsra wɔn. Ebinom bisae sɛ: ‘So obi bɛba adesua wɔ tebea a ɛte sɛɛ mu?’ Wɔkae sɛ yɛnkɔ. Ná ahenni adawurubɔfo 45 na wɔwɔ asafo no mu, na nnipa 45 baa adesua a na ɔko a emu yɛ den no mfa ho!

Mpɛn pii yɛte sɛ atopae repaapae wɔ abɔnten bere a yɛreyɛ nhyiam ahorow no. Sɛ yɛbɛkɔ asɛnka a, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye na yɛde yɛn ho sie te sɛ nea asraafo no yɛ no. Nanso yɛkɔɔ so ara kaa asɛm no a na yɛgye di sɛ sɛ́ wubewu bere a woreyɛ Onyankopɔn adwuma no ne ɔkwan a eye sen biara a wobɛfa so awu. Bere bi meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mefi adi akɔ asɛnka, nanso na atuo a wɔretotow no ano yɛ den araa ma yɛn mu nnipa du kaa abranaa ketewa bi so nnɔnhwerew abiɛsa a na yɛretwɛn sɛ wobegyae atuo no totow. Yɛtow Ahenni nnwom ahorow na yesusuw Bible mu nsemmisa ahorow ho.

Wɔ bere foforo mu no na me ne abarimaa a wadi mfirihyia akron reyɛ adwuma wɔ afie afie a na ɛno ne ne bere a edi kan wɔ ɔsom adwuma no mu. Yɛkɔɔ ɔbarima bi a ɔka ho na wɔreko nkyɛn. Ɔde otuo kyerɛɛ me tirim na ɔkae sɛ obekum me. Mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa hɔ mmoa. Afei meka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wukum me a, ebia m’abusuafo a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no nso bɛhwehwɛ w’akyi kwan akum wo.” Ogyaee yɛn ma yɛkɔe, na yɛtoaa afie afie adwuma no so. Abarimaa no yii Kristofo akokoduru ankasa adi.

Ná yenya Yehowa ahobammɔ mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, kuw a na wɔreko no biako faa ɔdan bi a na yɛyɛ asafo nhyiam ahorow wom. Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Dɛn nti na Yehowa maa eyi ho kwan?’ Wiɛ, Dwoda a edi hɔ a na anka ɛbɛyɛ nea asafo nhyiam rekɔ so wɔ hɔ no, ɔko a emu yɛ den sɔree wɔ saa borɔn no so. Wɔde baa ofie a na anka ɛbɛyɛ nea yɛreyɛ nhyiam wom no mu. Atuo aboba hwirehwirew ɔdan no mu a anka nea ɛbɛyɛ biara ebekunkum Adansefo pii. Kuw foforo a wɔreko gyee ɔdan no na akyiri yi mitumi ne wɔn kɔkasae na wɔsan de ɔdan no maa yɛn na ɛma yetumi hyiaam wɔ hɔ bio yɛɛ nhyiam ahorow!

Bere a masom sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ nea ɛboro mfirihyia abien mu wɔ Beirut kurow a ɔko apaapae mu no mu no, wɔfrɛɛ me kɔɔ Yehowa Adansefo asafo no ti wɔ New York ma mikonyaa ntetee titiriw bi wɔ March 1983 mu. Asram dodow a me ne Kathy dii wɔ hɔ no yɛ nea ɛsom bo ankasa wɔ yɛn asetra mu. Mprempren a yɛresan akɔ yɛn kurom wɔ Lebanon no, yɛasi yɛn bo kɛse sen bere biara sɛ yɛnam yɛn som adwuma no so bɛkyerɛ sɛ wɔ yɛn fam no, Onyankopɔn Ahenni no yɛ nea ɛsom bo kɛse sen biribiara, ademude ankasa.​—Wɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena