Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 6/8 kr. 20-22
  • Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wiase a Ɔtan Ahyɛ Mu Ma Mu a Minyin
  • Me Nsusuwii a Mesesae
  • Gyinae a Emu Yɛ Den a na Ɛsɛ sɛ Abarimaa a Wadi Mfe 17 Si
  • Gyina a Migyina Pintinn
  • Awerɛtɔ Ahorow
  • Miguan Kɔ Greece
  • Yɛka Bom Mfe Asia Akyi
  • Abusua a Ɛdɔɔ Me Nokwarem
    Nyan!—1995
  • Me Mmofraberem Botae Ho A Midui
    Nyan!—1985
  • Mfirihyia Dubiako A Mede Hwehwɛɛ Nokware Ademude
    Nyan!—1984
  • Efi Awerɛhowdi mu kɔ Anidaso Mu
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 6/8 kr. 20-22

Agyanom Baanu a na Ɛsɛ sɛ Mepaw Biako

“Wonyɛ me ba bio! Fi fie ha ntɛm, na nsan mma gye sɛ wugyae saa som no!”

MEDE atade a na ɛhyɛ me nkutoo na efii hɔ. Ná wɔretotow tuo wɔ mpɔtam hɔ saa anadwo no, na na minhu faako a menkɔ. Mfe asia twaam ansa na meresan aba fie.

Ná dɛn na ebetumi ama agya bi bo afuw araa ma wapam n’ankasa ba afi fie? Wiɛ, ma menkyerɛkyerɛ sɛnea ne nyinaa fii ase no mu.

Wiase a Ɔtan Ahyɛ Mu Ma Mu a Minyin

M’awofo te Beirut, Lebanon, ɔman a bere bi na nsrahwɛfo ani gye hɔ kɛse no. Nanso, efi 1975 besi 1990 no, na kurow no ayɛ baabi a wodi ako a ɛsɛe ade wɔ hɔ. Wɔwoo me 1969 mu, na meyɛ abakan wɔ Armenia abusua a na mmofra baasa wom no mu. Enti, na m’asetra mfiase yɛ asomdwoe mmere.

Ná m’awofo kɔ Armenia Apɔstɔlek Asɔre, nanso na Maame taa de yɛn kɔ asɔre mprennu pɛ afe biara—wɔ Easter ne Buronya mu. Enti na yɛn abusua no ani nnye nyamesom ho ankasa. Nanso, wɔde me kɔɔ Asɛmpatrɛw ntoaso sukuu, baabi a me nsa kaa ɔsom ho nkyerɛkyerɛ no. Saa bere no, na m’ani nye nyamesom ho.

Ade biako a Armeniafo pii suae wɔ mmofrabere mu ne Turkeyfo a wɔbɛtan wɔn. Wɔ Wiase Ko I mu no, Turkeyfo kunkum Armeniafo ɔpehaha pii, na wɔfaa Armenia man no fã kɛse no ara. Wɔ 1920 no, apuei fam a na aka no bɛyɛɛ Soviet Union adehyeman no de. Sɛ́ abofra no, misii me bo sɛ mɛko de ama wɔanya atɛntrenee.

Me Nsusuwii a Mesesae

Nanso, wɔ 1980 mfe no mu, bere a na mewɔ me mpanyin afe mfinimfini mu no, nneɛma a me wɔfa ka kyerɛɛ me no fii ase sesaa me nsusuwii. Ɔkae sɛ ɛrenkyɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn besiesie atɛnkyea nyinaa. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛdenam Ahenni a Yesu Kristo kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ ho mpae so no, wobenyan wɔn a wokunkum wɔn wɔ ɔko mu no mpo aba nkwa mu wɔ asase so.—Mateo 6:9, 10; Asomafo no Nnwuma 24:15; Adiyisɛm 21:3, 4.

M’ani gyee ho. Esiane sɛ na mepɛ sɛ mete pii nti, mekɔɔ so bisabisaa no nsɛm. Eyi kowiee Bible adesua mu, na na yɛyɛ wɔ Ɔdansefo foforo fie.

Bere a misuaa me soro Agya, Yehowa, ho ade, na mebɛdɔɔ no kɛse no, mifii ase suroe sɛ mehyia gyinaesi a emu yɛ den bi daakye—a ɛne m’abusua ne Yehowa Nyankopɔn mu biako a mɛpaw.—Dwom 83:18.

Gyinae a Emu Yɛ Den a na Ɛsɛ sɛ Abarimaa a Wadi Mfe 17 Si

Awiei koraa no, Maame tee sɛ me ne Yehowa Adansefo rebɔ. Ne bo fuwii yiye, na ɔhyɛɛ me sɛ minyae me Bible adesua no. Bere a ohui sɛ m’ani abere wɔ me gyidi ahorow ho no, ohunahunaa me sɛ ɔbɛka akyerɛ Paapa. Saa bere no, anhaw me efisɛ misusuwii sɛ metumi adi tebea no ho dwuma, na magyina pintinn atia Paapa. Nanso na meredi mfomso.

Bere a Paapa hui sɛ me ne Yehowa Adansefo rebɔ no, ne bo fuwii. Ohunahunaa me sɛ sɛ mannyae me Bible adesua no a, ɔbɛpam me afi fie. Meka kyerɛɛ no sɛ minyae efisɛ nea meresua no ne nokware no. Bere a ɔteɛteɛɛm kaa ntam wiei no, ofii ase sui sɛ abofra. Ɔpaa me kyɛw ankasa sɛ me ne Adansefo no nyae fekubɔ.

M’adwene tu frae wɔ agyanom baanu ho—ɔno ne Yehowa. Ná minim sɛ wɔn baanu nyinaa dɔ me yiye, na na mepɛ sɛ mesɔ wɔn baanu nyinaa ani; nanso na ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye. Ná nhyɛso no boro nea metumi asoa. Meka kyerɛɛ Paapa sɛ mɛyɛ nea ɔpɛ no, a na misusuw sɛ sɛ minyin a metumi asan afi m’adesua no ase abɛyɛ Ɔdansefo. Ná madi mfe 17 pɛ saa bere.

Wɔ nna a edi hɔ mu no, m’ani wui wɔ nea meyɛe no ho. Metee nka sɛ Yehowa ani annye ho, ɛne sɛ mannya odwontofo Dawid nsɛm yi mu ahotoso: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Nanso na meda so ara kɔ ntoaso sukuu, na na m’awofo na wɔretua me nhomasua ho ka.

Gyina a Migyina Pintinn

Bɛboro mfe abien no, m’ankɔsra me wɔfa no, na me ne Adansefo no anni nkitaho biara, efisɛ na minim sɛ m’awofo rehwɛ me nantew yiye. Da bi wɔ 1989 mu, bere a na madi mfe 20 no, mihyiaa Ɔdansefo bi a na minim no. Ofi ayamye mu bisae sɛ m’ani begye ho sɛ mɛba abɛsra no anaa. Esiane sɛ wanka Bible adesua ho asɛm biara nti, mekɔsraa no.

Bere kɔɔ so no, mifii ase suaa Bible no, na mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Ná misua ade wɔ m’adwumam, baabi a obiara rentumi nhaw me. Enti mibehuu Yehowa nipasu a ɔdɔ wom no kɛse, na mibenyaa bo a ɛsom sɛ mɛkɔ so ne no anya abusuabɔ wɔ tebea biara mu no ho ntease kɛse. Saa afe no ara wɔ August mu no, mifii ase kaa nea masua no ho asɛm kyerɛɛ afoforo mpo.

Ebesi saa bere no, na m’abusuafo nnim hwee. Nanso, nna kakraa bi akyi no, me ne me papa de sii ani bio, nanso saa bere yi de na mayɛ ahoboa yiye ama ntawntawdi no. Ɔbɔɔ mmɔden bisaa no odwo mu sɛ: “Me ba, so ɛyɛ nokware sɛ woda so ara ne Yehowa Adansefo bɔ?” Ná nusu agu no bere a ɔretwɛn me mmuae no. Ná me maame ne me nuabea resu nketenkete.

Mekyerɛkyerɛɛ mu sɛ nnansa yi ara na me ne Adansefo no rebɔ, na masi me bo sɛ mɛyɛ wɔn mu biako. Mekaa saa no, nneɛma kɔɔ so ntɛmntɛm. Paapa teɛɛm kaa nsɛm a ɛwɔ asɛm yi mfiase no. Afei osoo me mu teɛɛm sɛ ɔremma mimfi fie hɔ animono. Mitumi gyee me ho, na bere a meresian atrapoe no, metee sɛ me nuabarima kumaa rebɔ mmɔden adwudwo Paapa. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Efi nnɛ rekɔ yi wo ne me Papa. Mapaw wo, enti mesrɛ wo hwɛ me so.”

Awerɛtɔ Ahorow

Nna kakraa bi akyi no, Paapa kɔɔ me wɔfa no fie, a na osusuw sɛ obehu me wɔ hɔ. Ɔtow hyɛɛ ne so, na na ɔpɛ sɛ okum no, nanso Adansefo bi a na wɔrebɛsra no patae. Paapa fii hɔ, na ɔkae sɛ ɔbɛsan aba. Ɔsan bae bere tiaa bi akyi a na asraafo a wokurakura atuo ka ne ho. Wɔde Adansefo no ne me wɔfa no a na ɔyare yiye no kɔɔ wɔn asraafo adwumayɛbea ti hɔ.

Ɛno akyi no wɔhwehwɛɛ Adansefo foforo a wɔwɔ beae hɔ. Wɔtow hyɛɛ wɔn mu biako fi so. Wɔboaboa nhoma ahorow, a na Bible ahorow ka ho, ano hyewee wɔ abɔnten so. Nanso anso hɔ ara. Wɔkyeree Adansefo baasia ne nkurɔfo bi a na wɔne wɔn resua ade kɛkɛ. Wɔde wɔn nyinaa koguu ɔdan ketewa bi mu, bisabisaa wɔn nsɛm, na afei wɔhwee wɔn. Wɔde sigaret hyehyee ebinom. Saa nsɛm yi ho amanneɛbɔ trɛwee sɛ ogya wɔ mpɔtam hɔ. Asraafo no hwehwɛɛ me wɔ baabiara. Me papa kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwehwɛ me, na wɔmfa ɔkwan biara so mma me nsesa m’adwene.

Nna kakraa bi akyi no, asraafo no buu Ahenni Asa no kɔɔ mu, bere a na asafo ahorow no mu biako reyɛ nhyiam no. Wɔmaa asafo mũ no nyinaa—mmarima, mmea, ne mmofra—fii asa no so. Wogyee wɔn Bible, na wɔma wɔnantew kɔɔ asraafo adwumayɛbea ti hɔ kobisabisaa wɔn nsɛm.

Miguan Kɔ Greece

Saa bere yi nyinaa na Adansefo abusua bi rehwɛ me so wɔ baabi a ɛmmɛn beae a basabasayɛ no asi no koraa. Ɔsram biako akyi no, mifii ɔman no mu kɔɔ Greece. Bere a miduu hɔ no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn, na wɔbɔɔ me asu de yɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne.

Wɔ Greece no, mihuu ɔdɔ mu a honhom fam anuanom a na nnipa a wofi aman nyinaa mu—a na Turkeyfo ka ho—fi hwɛɛ me no. Mihuu nokware a Yesu nsɛm no yɛ no: “Obi nni hɔ a wagyaw ofi, anaa nuabeanom, anaa ɛna, anaa agya, anaa mma, anaa asase, me ne asɛmpa no nti, na ɔrennya afi ne nuabarimanom ne nuabeanom ne ɛnanom ne mma ne nsase mmɔho ɔha, a ɔtaa ka ho, seesei wɔ bere yi mu, ɛne daa nkwa wɔ wiase a ɛreba no mu.”—Marko 10:29, 30.

Metraa Greece mfe abiɛsa a edi hɔ no. Ɛwom sɛ mekyerɛw Paapa mpɛn pii de, nanso wamma me mmuae. Wɔka kyerɛɛ me akyiri yi sɛ bere biara a na me nnamfo bɛkɔ hɔ akobisa no m’ase no, na ɔka sɛ: “Minni ɔbabarima biara a ɔde saa.”

Yɛka Bom Mfe Asia Akyi

Mesan bɛtraa Beirut 1992 mu bere a ɔko no baa awiei no. Mefaa m’adamfo bi so kaa ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛsan aba fie ho asɛm kyerɛɛ me papa. Obuae sɛ metumi aba—nanso gye sɛ migyae me som no ansa. Enti metraa ɔdan bi a na m’agye tua ho ka mu mfe abiɛsa. Afei, wɔ November 1995 mu no, Paapa nantew baa m’adwumam mpofirim bɛhwehwɛɛ me. Ná minni hɔ saa bere no, enti ɔde nkra gyae sɛ ɔpɛ sɛ meba fie. Mfiase no na ɛyɛ den sɛ megye adi. Enti, mede amemenemfe kohuu no. Ná ɛyɛ nkate fam nkabom. Ɔkae sɛ Ɔdansefo a meyɛ no nhaw no bio, na ɔpɛ sɛ meba fie!

Ɛnnɛ mesom sɛ Kristoni panyin ne bere nyinaa somfo wɔ Armenia kasa asafo bi mu. Metaa hyia nkurɔfo a wɔte sɛ me papa a wɔsɔre tia wɔn abusuafo esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa nti. Mihu sɛ na Paapa gyidi ankasa sɛ ɔreyɛ nea ɛteɛ denam me som a ɔsɔre tiae no so. Bible no mpo siesie Kristofo denam ka a ɛka sɛ wobetumi ahwɛ abusuafo sɔretia kwan no so.—Mateo 10:34-37; 2 Timoteo 3:12.

Mewɔ anidaso sɛ da bi me papa ne m’abusua nkae no nyinaa benya Bible mu anidaso a mewɔ wɔ wiase a eye a ɛreba no ho no. Saa bere no, akodi ne nnipakum befi hɔ, na wɔrempam nkurɔfo mfi wɔn nsase so bio anaa wɔntaa wɔn esiane trenee nti. (2 Petro 3:13) Na afei ɛremma sɛ nkurɔfo bɛpaw nneɛma abien a ɛda wɔn koma so mu biako.—Wɔkyerɛw mae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena