Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 11/8 kr. 22-24
  • Katolek Sɔfo Bi Yɛ Nsakrae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Katolek Sɔfo Bi Yɛ Nsakrae
  • Nyan!—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mfirihyia Dubiako A Mede Hwehwɛɛ Nokware Ademude
    Nyan!—1984
  • Yesu Nguan Tie Ne Nne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Nyan!—1980
g80 11/8 kr. 22-24

Katolek Sɔfo Bi Yɛ Nsakrae

NSA kaa krataa a edi so, a wɔkyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo dwumadibea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, no July 1979 mu:

“De kɔma nea ɛbɛfa ne ho:

“Eyi yɛ aseda krataa a mede rebrɛ mo wɔ mo nhoma horow a nsɛm a ɛho hia na ebue adwenem wom no ho. Ɛdenam mo nhoma horow no ne mo asɛmpakafo no mu biako a ofi Newark, N. J., no mmoa so na mitumi behuu NOKWARE ankasa no.”Sɛ abasobɔde bi wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔde ma nokware no ho odwumayɛfo ketewaa yi, Awuraa Janet Jones. Bere bi a atwam no na meyɛ Katolek sɔfo a wagye din, na ɛnam ababaa yi so no mihuu no pefee sɛ na minnyaa nokware no ankasa, na mmom nea ɔkyerɛɛ me no ne nokware no. Mepɛ sɛ meda mo ase bio, na sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, me nso mɛba mabɛyɛ Yehowa, yɛn Bɔfo a ɔyɛ adɔe no sɛnkafo.”

Wɔ Yehowa Adansefo “Anidaso a Nkwa Wom” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛe wɔ Giants Stadium, New Jersey, ahohuru bere a etwaam yi mu no ase no, wɔkaa sɛnea ɛyɛe a Janet Jones hyiaa saa ɔsɔfo yi ho asɛm kyerɛe Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“‘Afe a etwaam mu no, meyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛwfo wɔ Seton Hall University. Ɛdenam boasetɔ a mede dii adanse no so no, mitumi ne sukuufo no biako, ɔbea bi a bere bi a atwam no na ɔpɛ sɛ okum ne ho, fii Bible adesua ase. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ n’adesua no mu. Ankyɛ na ɔka kyerɛɛ me sɛ obegyae n’asɔre. Saa bere yi nyinaa mu no, bere a minnim ho hwee no, na ɔde nneɛma a yesua no dapɛn biara no bi kɔma ne sɔfo.

“Ɛhaw ɔsɔfo no yiye bere a ohui sɛ wagyae asɔre no, na ɔbɔɔ mmɔden biara a obetumi sɛ ɔbɛma wasakra n’adwene. Eyi akyi bere tiaa bi no, ɔsan kɔɔ n’abusuafo nkyɛn wɔ Florida, na ɔkɔɔ so nyaa honhom mu nkɔanim wɔ hɔ. Akyiri yi, ɔsɔfo no hui sɛ me na me ne no yɛɛ adesua, na ɔpɛe sɛ ohu me. Ɔkae sɛ memmrɛ no nhoma horow a nneɛma a yesuae no fi mu​—Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ? no bi. Ɔka kyerɛɛ me sɛ mayɛ bɔne kɛse sɛ mama ababaa no afi Katolek asɔre no mu.

“Bere a me ne no hyiaa mmere bi akyi no, ɔkae sɛ onim sɛ mfomso ahorow pii wɔ nhoma horow yi mu, na ɔkenkan wie a ɔbɛtwe m’adwene akɔ so. Ne nsemmisa bebrebe no maa ɛho hiae sɛ meyɛ nhwehwɛmu ahorow pii na matumi abua. Bere a ɔnka nkyerɛɛ me no, ofii ase kɔɔ Ahenni Asa ahorow so, na ɔne Adansefo a wɔwɔ asɛnka adwuma mu kasae, bisabisaa wɔn nsɛm koro no ara a na wabisa me no. Ne nsa kaa mmuae koro no ara bere nyinaa. Manhu no bio na mante ne nka bɛyɛ asram abiɛsa anaa anan. Afei migyaee saa adwuma no na mitu kɔɔ baabi foforo. Dapɛn kakraa akyi no me nsa kaa krataa fii ɔsɔfo no nkyɛn, a ɔkyerɛw no June 22, 1979. Ɔkyerɛwee sɛ:

“‘Mepɛ sɛ meda wo ase wɔ ntease a woboaa me ma minyae denam nhoma “So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ?” ne “Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu” no so no ho. Ɛsɛ sɛ migye tom sɛ mihyiaa wo nea edi kan no akyi no, mibisabisaa me ho nsɛm pii a ɛfa nea me gyidi gyina so no ho, na mihui sɛ enni nhyɛase a ɛyɛ pintinn te sɛ wode no. Enti mifii ase hwehwɛɛ mu sɛnea wohyɛɛ nkuran no, na mibisabisaa me mpanyimfo nsɛm bebree, na nea ɛyɛ nwonwa no na wontumi mma me mmuae sɛnea woyɛe no. Saa bere yi na mihui sɛ m’ahwere biribi ankasa wɔ m’asetra mu, na mepɛe sɛ minya mmuae horow. Mo asɔredan no biako wɔ Irvington a mekɔɔ hɔ mpɛn pii, na mihuu nea na mehwehwɛ no, “Nokware No.” Mepɛe sɛ mihu nso sɛ nea wokae no nyinaa bɛyɛ saa anaa. Yiw, m’awuraa, nea mihui no sen nea woka kyerɛɛ me no!

“‘Bere a wo nsa bɛka krataa yi no, na m’aworɔ m’ataade yuu no agu hɔ, na na ebia menam kwan so resan akɔ ofie akɔhwehwɛ Ahenni Asa ahorow no biako sɛnea ɛbɛyɛ na manya nokware yi pii. Na wote sɛ hann bi a ɛhyerɛn wɔ tokuru a emu yɛ sum mu na ɛhyerɛn bere nyinaa, wɔ tokuru adedaw a emu yɛ sum kɛse te sɛ me mpo mu. Nea woyɛ biara no, kɔ so hyerɛn. Mma obiara anaasɛ biribiara nsiw wo kwan efisɛ metumi aka no nokwarem sɛ Onyankopɔn de wo redi dwuma ankasa.

“‘Me mpanyimfo no ho dwiriw wɔn kɛse bere a meka kyerɛɛ wɔn sɛ merebegyae, bere a masom mfe 33 akyi no, nanso bere a wohuu nea enti a meregyae no, wɔhwehwɛɛ sɛ mifi hɔ ntɛm, sɛ ɛnyɛ amonom hɔ ara a. Nanso wunim nea ɛyɛ serew, mfe kakraa bi a atwam no afoforo no mu biako gyaee esiane eyi ara nti, na mekaa ntam sɛ meremma biribiara ntetew me ne asɔre no ntam da. Afei hwɛ me! Mete nka te sɛ nea wɔayi adesoa a emu yɛ duru afi me mmati so, na ɛte sɛ nea merehome mframa pa nea edi kan wɔ mfe 33 mu. Yɛn Bɔfo a ɔyɛ ɔdɔ, Yehowa yɛn Nyankopɔn no, yɛ dɛ dɛn ara!

“‘Minnim sɛ ebia yebehu yɛn ho bio, nanso, mewɔ awerɛhyem sɛ me werɛ remfi wo na mɛkae wo mpaebɔ mu daa.’”

“Bere a ogyaee no, ne mfɛfo asɔfo baanu baa baabi a na meyɛ adwuma wɔ University hɔ no. Wɔn mu biako bisae sɛ ebia ɛbɛyɛ yiye sɛ ɔbɛsan abebisabisa me nsɛm kakra bi anaa. Mepenee so.

“Ankyɛ na asɔfo baanu no san bae a na baawɔtwe foforo ka wɔn ho, na wɔn nyinaa hyehyɛ wɔn asɔfo ntade. Na wɔn mfe a wɔadi no gu ahorow; na migye di sɛ na ebefi mfe aduannan rekɔ; na nea na wanyin sen biara no wɔ bɛyɛ mfe aduɔson mu. Madi mfe 25 pɛ.

“Asɔfo no tratraa ase wɔ adwuma mu hɔ na nkɔmmɔbɔ no fii ase. Wobisaa me gyidi wɔ Kristo mu, ne wu ne Onyankopɔn ba a ɔyɛ ho asɛm. Na Baasakoro ho asɛm no yɛ nea na wɔn ani gye ho titiriw. Asɔfo no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ esiane nea m’ayɛ ma afoforo atwe wɔn ho afi Katolek gyidi no ho nti, wɔbɛyɛ me aninyanne daa wɔ hell. Mifi Bible mu kyerɛe sɛ wɔ ‘hell’ no onipa nnim biribiara, na ne saa nti ontumi nhu amane​—Dw. 139:8; Ɔsɛnk. 9:5, 10.

“Nkɔmmɔbɔ no nyinaa mu no mehyɛɛ no nsow sɛ na ɔsɔfo a wanyin no nni asemmisa biara. Ná otweri n’akongua mu nkutoo, na ɔhwɛɛ me komm bere a mede Bible no dii dwuma de buaa afoforo nsemmisa no. “Awiei koraa no ɔsɔfo biako a ne bo afuw kae sɛ: ‘Wunnim nea woreka. Woredi atoro na sɛ nokware no da w’anim mpo a worenhu.’ Na ɔsɔfo a ne mfe akɔ anim no sɔree, na ɔkae sɛ: ‘Yiw onim nea ɔreka. Ɔka nokware, ade a yɛpow sɛ yebegye atom.’”​—Wɔkyerɛw Mae.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Ɔsɔfo biako kae sɛ: “Wunnim nea woreka.” No ɔsɔfo bi a ne mfe akɔ anim kae sɛ: “Yiw, onim nea ɔreka. Ɔka nokware.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena