Me “Basketball” Adwuma—Mede Nneɛma Abien A M’ani Gye Ho Sii Ananmu!
NA MADI mfe ason bere a m’ani fii ase gyee basketball ho no. Na metaa kɔbɔ bi bɛyɛ nnɔnhwerew dodow bi da biara wɔ mpɔtam hɔ. Bere a na mekɔ ntoaso sukuu no, na me tenten yɛ anammɔn 6 ne nsateakwaa 5 1/2, na na me mu duru yɛ nkaribo 185. Saa afe no, yɛn kuw no na enyaa nkonimbo no. Wɔkae sɛ menkɔ Carlifornia Sukuupɔn a ɛwɔ Los Angeles no na wɔbɛhwɛ me kwa a mintua sika biara, na mekɔbɔɔ bi wɔ hɔ a na ɛho ɔkyerɛkyerɛfo John Wooden na na ɔtete me, na wɔ mfe abiɛsa a mede traa hɔ no mu no, yenyaa ɔman no nkonimbo no wɔ emu mfe abien mu.
Na minni adagyew wɔ 1975 a na ɛyɛ afe a edi kan bere a miwiee sukuu no. Me ne Los Angeles Lakers yɛɛ nhyehyɛe sɛ mɛbɔ ama wɔn—de agye dɔla ɔpepem 1.6 anaa nea ɛbɛyɛ saa mfe anum. Adapɛn biako akyi no, wɔde me maa Milwaukee Bucks. Ɔsram biako akyi no, mewaree Linda, na wɔ ɔsram biako akyi no na ɔyem.
Wiɛ, mihuu soronko a na ɛyɛ sɛ mɛbɔ wɔ Ɔman Basketball Fekuw no ase no ntɛm ara! Bere a na mewɔ California Sukuupɔn mu no, yedii nkonim mpɛn 88 nanso wɔhyɛɛ yɛn mpɛn 44 wɔ afe a edi kan a mede me ho kɔbɔɔ Milwaukee Bucks ho no mu. Na me bɔ tia wɔn a wɔbɔ de gye sika a wɔn ho akokwaw da biara anadwo. Na ɛyɛ adwuma ankasa. Na ɛyɛ w’asetra nyinaa. Na ɛte saa titiriw, sɛ edu bere a wɔde bɔ mu a—egye wo bere nyinaa! Nanso na m’ani gye ho!
Nanso ankyɛ biara nneɛma abien bi baa m’akwan mu a m’ani begyee ho kɛse—nneɛma a ɛne m’adwuma sɛ obi a ɔbɔ basketball gye sika nhyia no.
Ebia wobɛka sɛ saa twe ma mentwe yi fii ase wɔ 1972 mu bere a midii kan hyiaa Linda no. M’ani gyee ne ho ntɛm ara. Na wɔabɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako wɔ saa afe no mfiase na na wabɛyɛ obi a wagyae adesua ne asɛnka kɔ. Nanso na ɔtaa ka nyamesom ho asɛm.
Na obisa sɛ, “Wote nka dɛn wɔ Bible no ho?”
Mibua sɛ, “Ɛyɛ anansesɛm nhoma a eye.”
Na wɔatete me sɛ Katolekni nanso mprempren de na mekɔ kɔlege, na na meyɛ obi a ɔwɔ boasetɔ na n’ani gye nyansapɛ ho kɛse. Yɛammɔ nyamesom ho nkɔmmɔ kɛse anaasɛ yɛammɔ ankyɛ.
Afei biribi sii wɔ 1974 mu na ɛno na ɛma mekɔɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Ná abarimaa bi wɔ hɔ—wɔfrɛ no Brian Good—a me ne no kɔɔ ntoaso sukuu. Na ɔtan me. Na ɛyɛ agumadi mu akansi mu tan. Na n’awofo yɛ Yehowa Adansefo nanso na ɔmpɛ wɔn asɔre no. Ɔnom nnubɔne, ɔmaa ne ti hwi fuw yɛɛ atenten na na onye koraa. Mfe kakraa bi akyi no, mekɔɔ Linda fie na na Brian wɔ hɔ. Na waware, wayi ne ti hwi ma akɔ fam, wabɔ ne kɔla, na ne ho ayɛ fɛ ankasa. Wabɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.
Akyiri yi ɔne ne yere de wɔn bere nyinaa kaa asɛmpa no wɔ Kansas na bere bi a wɔrekɔ nhyiam bi wɔ ɔman no mu no, wɔn nyinaa wuwui wɔ lɔre akwanhyia mu. Wɔyɛɛ ayi no wɔ Ahenni Asa so. Mekɔɔ bi, esiane obu a na mewɔ ma Brian nti.
Na ɛyɛ ade a ɛyɛ nwonwa sen biara. Ná ɔkasafo no gyina hɔ a ɔreka sɛ obiara behu Brian bio. Sɛnea metee no, na ɛkame ayɛ sɛ gyama onwui mpo. Na n’abusua no te anim a wɔresu brɛoo nanso mewerɛ anhow mpo! Na ɛyɛ nwonwa. Wɔ ha no na ɔkasafo yi reka nneɛma pa ho asɛm na na mete hɔ redwen: ‘Eyi yɛ kasa a ɛyɛ dɛ ankasa! Wobehu Brian bio na wɔne no bɛyɛ eyi ne eyi!’
Afe biako akyi, wɔ 1975 mu no, na me ne Milwaukee Bucks na na ɛbɔ basketball no. Ná me mfɛfo no mu biako ne Elmore Smith a ɔno nso Bucks kuw no de no sesaa obi wɔ saa afe no mu no. Na ɛyɛ saa afe koro no ara mu na wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako! Na ne yere, Jessica ayɛ Ɔdansefo bɛyɛ mfe abiɛsa anaa anan. Na ɛte sɛ nea merehyia Adansefo no mpofirim wɔ baabiara wɔ m’asetra mu! Me ne Elmore bɛyɛɛ nnamfo paa esiane sɛ na yɛn mu biara nnom nsa na yɛnnkɔ apontow ahorow ase nti. Na odi m’akyi bere nyinaa sɛ me ne no nsua Bible no anaasɛ me ne no nkɔ Ahenni Asa so. Na minsiesiee me ho sɛ mɛyɛ eyi. Da koro bi, bere a na yɛakonya basketball no ho ntetee apɔn akyi no na me ne Elmore na ɛnam na Elmore kae sɛ:
“Dave, merema me ɔkasa a edi kan wɔ Teokrase ɔsom Sukuu no mu. Mɛpɛ sɛ wobɛba abetie bi.” Mekasa hyɛɛ me menewam na mede nsɛm yii me ho ano na mekɔɔ fie—na meyɛɛ basaa! Ade kyee no, bere a na wɔretete yɛn wɔ basketball bɔ mu no, meka kyerɛɛ Elmore sɛ: “Afei Elmore, hwɛ. Mepa wo kyɛw ankasa. Meka kyerɛ wo sɛ me ne Linda bɛba nhyiam foforo a wɔbɛyɛ no.” N’ani gyee ɛno ho!
Enti akyiri yi, me ne Linda kɔtiee baguam ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban adesua no wɔ Ahenni Asa so. Adansefo no yii adamfofa su adi kyerɛɛ yɛn. Nanso m’ani annye ɔkasa no ho na na Ɔwɛn-Aban adesua no fa Hagai ne Habakuk nhoma no ho. Ná minnim nea na ɛrekɔ so no. Na mete hɔ redwen sɛ, ‘Dɛn ni? Dɛn na mereyɛ wɔ ha?’
Bere a bere a yɛde bɔ basketball no baa awiei no, ankyɛ biara na yɛsan baa California. Yɛn mu fii ase tetewee. Na mayɛ basaa wɔ adwuma a meyɛ no ho. Wɔ afe no mu no, na mede nkotodwe a ɛho akã na ɛbɔ basketball no, na afei aduruyɛ mu nhwehwɛmu kyerɛɛ sɛ nankroma kora no abɔ. Na ɛne nhyehyɛe a me ne Ɔman no Basketball Fekuw no ayɛ no mu afe a edi kan na na aka mfe anan, na afei na minnim mpo sɛ metumi akɔso abɔ basketball no anaa. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ me nankroma no oprehyɛn na bere a mekɔɔ ayaresabea hɔ no mede New World Translation kɔe.
Linda de ahodwiriw bisae sɛ, “So wode Bible no bɛkɔ?” “Yiw. Ɛyɛ anansesɛm nhoma a eye. Mepɛ sɛ mekenkan.”
Saa anadwo no, wɔ ayaresabea hɔ no, mekenkan atiri pii nanso ne kenkan fonoo me bere a miduu anato a wɔahyehyɛ no tenten no so no. Ná m’ani kum na mede nhoma no too ho. Ade kyee anɔpa no, wɔyɛɛ me oprehyɛn a hwee anyɛ me. Linda bɛhwɛɛ me nanso na ɛyɛ me yaw na na m’ani so nna hɔ—manhu sɛ waba hɔ mpo. Ná onni hɔ bere a m’ani so tetew me no na ɛno maa me bo fuwii.
Woyii me fii ayaresabea hɔ bere a madi nna kakraa bi wɔ hɔ no, na bɛyɛ sɛ adapɛn biako akyi no, na me ne Linda nkasa bio koraa.
Afei biribi sii a ɛkaa yɛn boom. Da koro anadwo me ne m’adamfo bi kɔɔ sini. Na wɔfrɛ sini no sɛ The Omen. Ná ɛyɛ nyansahu ne ayɛsɛm sini ahorow a ɛyɛ hu no mu biako. Na ɛfa adaemone ho. Bere a mehwɛɛ saa sini no wiei no, ehu kaa me kɛse. Na ɛfa Satan ba ho. Woyii kyerɛw nsɛm abien a efi Adiyisɛm nhoma no mu wɔ sini no mu. Bere a mekenkan saa kyerɛw nsɛm no, misusuw sɛ, ‘Ɛka saa wɔ Bible no mu? So ɛno besi?’ Biako fa aboa no akontaa ntoano a ɛne 666 no ho; foforo no fa hann kɛse bi a ɛhyerɛn wɔ asase no so nyinaa ho. Ɛma misuroe ankasa. Bere a merekɔ fie no, mekɔɔ so hwɛɛ me mmati so a mehwɛ kwan sɛ ahonhommɔne bi behuru asi me so.
Mekɔɔ fie na mekɔɔ ɔdan a yɛda mu no mu na mesɔɔ kanea no. Na ɛyɛ bɛyɛ 1:30 ahemadakye. Linda kae sɛ:
“Wasɔ kanea no reyɛ dɛn?” Mekae mpɛn pii sɛ, “Mensɛ hwee, mensɛ hwee.”
Linda huruw fii mpa no so. “Ɛyɛ dɛn asɛm, Dave, ɛyɛ dɛn asɛm?” “Misuro!” Mekaa sini no ho asɛm kyerɛ no.
Ɔfaa Bible no na yɛn nyinaa kɔdaa mpa no so. Ɔkenkan Mateo 7:13, 14 a ɛfa ɔkwan kɛse a ɛkɔ ɔsɛe mu ne ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no ho. Ɔkɔɔ so kyekyee me werɛ sɛ: “Dave, ɛnsɛ sɛ wusuro Satan. Suro Yehowa. Ɔno na okura yɛn nkwa wɔ ne nsam.” Ɔkɔɔ so kenkanee na mpofirim ara na ɛte sɛ nea mewɔ ɔdan bi a sum wɔ mu mu a obi asɔ kanea.
Saa anadwo no, mantumi anna. Ade kyee anɔpa no, metraa mpa no so na mekenkan Bible no. Mfiase no, mekenkan Adiyisɛm, afei mekenkan Timoteo nhoma a Edi kan ne nea ɛto so abien ne Tesalonikafo nhoma a edi kan ne nea ɛto so abien ne Romafo nhoma no. Saa nhoma nketewa no nyinaa. Efii ase kyerɛɛ me biribi. Bere a na merekenkan no, na meresusuw sɛ, ‘Dɛn nti na menkenkan eyi da? Dɛn nti na minhuu saa nneɛma yi da? Na ɛte sɛ nea Yehowa na obuee me komam.
Saa anwummere no, Linda nuabea biako kunu baa yɛn nkyɛn. Na ɔyɛ ɔdansefo a wɔabɔ no asu. Mede nnɔnhwerew anan bisabisaa no nsɛm na ɔde Bible no buaa asemmisa biara. Asɛm biara nni hɔ a mante ase. Mogya a wɔde ma nkurɔfo, Baasakoro ne ɔkra a enwu da—ɔde Bible no kyerɛɛ ne nyinaa mu. Ɛno ma metee biribiara ase. Na ɛte sɛ nea wɔasɔ kanea bi wɔ 1976 mu ɔsram a ɛyɛ September no mu. Mefrɛɛ Elmore Smith ne ne yere na mekae sɛ:
“Mosusuw sɛ ɛyɛ dɛn?”
“Ɛyɛ dɛn?”
“Me ne Adansefo no rebɛyɛ Bible adesua!”
Wɔannye anni. Elmore annye antom. Ná Yehowa Adansefo biako pɛ na ɔwɔ ɔman no Basketball Fekuw no mu, na afei wɔabɛyɛ baanu na wɔn baanu nyinaa wɔ agumadi kuw biako mu!
Wɔbɔɔ me asu wɔ afe a edi hɔ no mu wɔ August 1977 mu. Na m’ani gye afie afie asɛnka adwuma no ho. Wɔ 1978 mu no, meyɛɛ akwampaefo boafo adwuma—ɛno kyerɛ sɛ mede nnɔnhwerew 60 anaa nea ɛboro saa kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa ɔsram biara. Na ɛyɛ 1977-78 mu na mebɔɔ mmɔden sen biara wɔ basketball bɔ mu. Nanso mifii ase dii yaw wɔ bere a mede yɛ asɛnka adwuma a mede bi bɔ basketball no ho! Na m’ani da so ara gye basketball bɔ ho nanso na m’ani afi ase regye asɛnka adwuma no ho kɛse mpo!
Na mereka me ho akɔ m’abusua no ho kɛse nso. Afei na me ne Linda aka abom kɛse. Na yɛwɔ ɔbabea a wadi mfe abien a wɔfrɛ no Crystal. Afe biako akyi wɔ 1979 mu no, yɛwoo yɛn babarima Sean. M’akyi dompe a na ɛho aka no amma mantumi ammɔ basketball. Na ɛyɛ me yaw nanso na ɛyɛ nhyira wɔ ɔkwan bi so. Na me ne m’abusua no wɔ hɔ da biara, mekɔɔ nhyiam no nyinaa bi, meyɛɛ kokoam adesua na bio nso, meyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma. Na ɛyɛ saa ahohuru bere no mu na misii gyinae wɔ me komam—megyae basketball a mebɔ ma wotua me ka no. Mewie ɛho nhyehyɛe a mayɛ no, nanso megyae bɔ wɔ 1979-80 mu.
Na ɛno ne gyinaesi a na ɛho hia me. Mifii ase nyaa ahoɔden na ɔyare a na ayɛ me nan abien no nyinaa fii ase gyaee na mesan kɔbɔɔ basketball bio. Enti wɔ gyae a migyaee bɔ wɔ afe biako akyi no, mesan bɔe bio. Yeduu akansi a etwa to a wɔde hu nea odi nkonim no so. Yɛn na yedii nkonim.
Bere a yɛabɔ nea etwa to no akyi dadu no, mekɔɔ agumadi kuw no panyin nkyɛn.
Ɔkae sɛ, “Dave, woreba abɛyɛ ɛho ɔfotufo,” na ofii ase kaa sika ho asɛm kyerɛɛ me. Onim sɛ sɛ obi a ɔyɛ ɛho ɔfotufo no, metumi anya sika pii.
Mekaa biribi de twaa n’asɛm no mu sɛ, “Jim, meremmɔ bio.”
“Wokyerɛ dɛn, woremmɔ bio? Worentumi nyɛ saa!”
“Mɛyɛ saa. Me botae ne me su horow asakra na basketball ne eyinom bɔ abira.”
“Nanso w’ani gye basketball ho!”
“Ɛyɛ nokware, m’ani gye ho.”
Ɔkae sɛ, “Wiɛ, afei twɛn kakra. Woyɛ Yehowa Adansefo, ɛnte saa? Wo ahyehyɛde no betumi de sika adi dwuma, ɛnte saa? Yɛde sika a wubenya afi w’adwuma ho nhyehyɛe no mu bi bɛma wɔn sɛ ntoboa.”
Mekae sɛ, “Dabi, Ɔdansefo a obi yɛ no sen sika a wɔde ma sɛ ntoboa ara kwa. Ɛyɛ adesua, nhyiam horow kɔ ne afie afie asɛnka. Jim, basketball twe me fi eyi ho. Asram asia a mede tu kwan no twe me fi ɛno ho. Ɛtwe me fi m’abusua mu asɛyɛde ahorow nso ho na ɛno nso yɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa no fã titiriw.”—Deuteronomium 6:6, 7; Efesofo 5:25, 28, 33; 6:4.
Ade kyee no, yɛyɛɛ nsɛnkyerɛwfo nhyiam. Nsɛnkyerɛwfo a wɔkyerɛw nsɛm ma Milwaukee atesɛm nkrataa ahorow baa hɔ na na TV dwumadibea ananmusifo wɔ hɔ. Nsɛm a wɔkyerɛw wɔ Milwaukee no mu pii kaa me ho asɛmpa (Hwɛ adaka a ɛwɔ atifi hɔ no mu.) Nanso wɔ Los Angeles no, wɔkaa me ho asɛm sɛ mabɔ dam kakra ‘Saa asɔre yi, saa nyamesom yi, ama Dave resusuw nneɛma a ɛyɛ serew ho, nanso ɔbɛsan aba.’ Ne nsɛm a ɛtete saa.
Nea ɛyɛ nwonwa no, bere a wɔkaa gyae a magyae no ho asɛm kyerɛe no, wofii ase kaa sika a ɛbɛma masan akɔbɔ bio no ho asɛm kyerɛɛ me. Bucks kaa nhyehyɛe pa a wɔne me bɛyɛ wɔ afe a edi hɔ no mu ho asɛm kyerɛɛ me. Los Angeles Lakers too nsa frɛɛ me a wɔpɛ sɛ mebɔ ma wɔn. Wobetua tu a metu akɔ California no ho ka na wɔbɛhwehwɛ ofi ama me. Seattle basketball kuw no nso behuu me. Eyinom nyinaa sɔɔ me hwɛe. Na m’ani da so ara gye basketball ho nanso afei de m’ani gye m’abusua ne Yehowa a mɛsom no no ho kɛse. Metee nka sɛ Yehowa ne me na ɛwɔ hɔ na ɔreboa me ma mapow nhyehyɛe ahorow a ɛfa dɔla ɔpepem pii ho no.—Mmebusɛm 3:13-18; Sefania 1:18; 1 Yohane 2:15-17.
Na efi saa bere no reba no, wahyira me. Minya bere ma kokoam adesua ne nhyiamkɔ. Meyɛ ɔpanyin wɔ asafo no mu, mema baguam kasa ahorow na metaa de me bere nyinaa yɛ ɔsom adwuma no de ka Yehowa Ahenni a ɛhyɛ Kristo ase no ho asɛmpa kyerɛ afoforo. Saa honhom fam dwumadi ahorow yi ma minya anigye. (Mateo 5:3) Minya bere nso de hwɛ me babarima ne me babea no bere a wɔrenyin no na mitumi boa wɔn wɔ nokware som mu. Na mprempren mewɔ bere a ɛbɛma mede me ho ama me yere na mama yɛn aware no mu ayɛ den.
Daakye pa bi nni hɔ mma adesamma mu fã kɛse no ara wɔ nuklea bere yi mu. Nanso m’anidaso yɛ nea ɛyɛ nwonwa. Ɛdefa Paradise asase a ɛhyɛ Onyankopɔn Ahenni ase ho no, Adiyisɛm 21:4 ka sɛ: “Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni he bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”
Esiane nhyira a efi Yehowa hɔ a mehwɛ kwan yi nti, mimmu no sɛ ɛyɛ adehwere koraa sɛ mede me basketball adwuma no bɛto nkyɛn. Ɔdɔ a mewɔ ma m’abusua ne Yehowa—eyinom ne nea m’ani gye ho mprempren. Daa nkwa wɔ Paradise asase so ho anidaso a mewɔ no ka ho.
Anidaso koro no ara a nhyira wom no betumi ayɛ wo de sɛ wopɛ a. Adiyisɛm 22:17 ka sɛ: “Nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.”—Sɛnea David Meyers ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
Mpofirim, ara na merehyia Adansefo baabiara wɔ m’asetra mu!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]
Misusuw sɛ, ‘So ɛka saa wɔ Bible no mu? So ɛno besi?’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
Misii gyinae wɔ saa ahohuru bere no mu . . . Megyae basketball a mebɔ ma wotua me ka no
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Wofii ase kaa sika a ɛbɛtwetwe me ma masan akɔbɔ bio ho asɛm kyerɛɛ me
[Kratafa 19 adaka]
Milwaukee Journal agumadi ho nsɛm ho ɔkyerɛwfo panyin Bill Dwyre kyerɛwee sɛ: “Meyers adwene a ɛne sɛ obegyae basketball a ɔbɔ a ɛbɛma wanya $500,000 no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ afie afie mu sɛ Yehowa Adansefo mu biako no ma ɛyɛ den sɛ wɔbɛte no ase. . . . Nanso ansa na obi bɛtra bɔs mu akɔ Meyers fie no, hwɛ a ɔbɛhwɛ onipa a osii gyinae no yiye no bɛma wagye adi. . . .
“N’ani begye ho sɛ ɔbɛka n’abusua no ho asɛm—ne yere Linda ne ne babarima kumaa ne ne babea no. Bere nyinaa no, nkɔmmɔ a wɔne no bɔ fa basketball ho (ne mmɔdenbɔ wɔ agumadi no mu) ma ɔdan asɛm no ntɛm ara de kamfo ne mfɛfo agumadifo a ɔne wɔn wɔ kuw biako mu no. Nanso nkɔmmɔbɔ a ɛfa n’abusua ho te sɛ ne babea a ɔresua nantew anaa gyae a ne yere gyaee sigaret nom ho no bɛkanyan no ma wakasa.
“Bere a ɔne nsɛnkyerɛwfo ayɛ nhyiam awie bɛyɛ nnɔnhwerew bi no, ɔkae Wukuda anadwo sɛ, ‘Nnipa pii besusuw sɛ mabɔ dam. Nanso nea mepɛ nyinaa ankasa ne sɛ mɛyɛ nneɛma a ɛho hia kɛse wɔ m’asetra mu no te sɛ m’abusua ne m’asɔre.’
“Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma no sɛ ɔwɔ akokoduru a otumi de tra ase sɛnea ne gyidi hwehwɛ no.”—May 1, 1980.
[Kratafa 20 mfoni]
Ɔdɔ a mewɔ ma m’abusua ne Yehowa—eyi ne nea m’ani gye ho mprempren