”Memaa No Adapɛn Asia, Ɔmaa Me Nokware No”
MINYINII wɔ akura ketewaa bi ase wo Pleasant View, Tennessee. Ná m’agya yɛ adwuma wɔ nkurɔfo nsase so ma wɔkyɛ nnɔbae no. Ná yɛn fie a yɛte mu no sua, na sɛ wode toto afoforo de ho a na yɛyɛ ahiafo buroburo. Nanso na me nnamfo a wowɔ sukuu nyinaa susuw sɛ meyɛ ɔdefo esiane nnyɛmmoa pii a na mewɔ a mene wɔn di agoru nti. sɛ́ abofra no na m’ani sɔ. Wɔtetee me wɔ Methodist mu. Ná wɔafa wɔn ho adi wɔ biribiara mu na saa na me nso meyɛe. Ná obiara rekɔ soro.
Bere a edi kan a mekae Yehowa Adansefo ne Kwasida anɔpa bi, bere a sukyerɛma nti yɛantumi ankɔ asɔre no; Adansefo no mu biako baa yɛn pon ano. Ná me na nni adagyew enti ɔdan no maa me. Ná eyi nyɛ nea n’ani betumi agye ho—na madi mfe ason pɛ. Mfe abiɛsa akyi no me na nuabea bɛyɛɛ Ɔdansefo, na ɛno akyi no me na nso bɛyɛɛ bi.
Saa bere yi na meyɛ sukuu ‘mu panyin wɔ ntoaso sukuu, na mede me ho hyɛɛ Methodistfo mmabun kuw dwumadi ahorow pii mu. Ná meredi yiye. Afei ná me na pɛ sɛ meka Adansefo nhyiam horow no mprɛnsa dapɛn biara! Nea mepenee so ne sɛ mɛkɔ Methodist asɔre no Kwasida na makɔ Adansefo nhyiam horow no Benada ne Yawda anwummere na minni Adansefo no ho asɛm biara, nanso mifii ase tan wɔn. Mewɔ adwuma kɛse a ɛte sɛɛ da m’ani, afei na ɛsɛ sɛ mesɛe me bere kɔ Adansefo nhyiam horow! Awiei koraa no meka kyerɛɛ me na sɛ: “Eyi renyɛ yiye. Merekɔ. Merekɔ kɔlege.”
‘Mekaa kɔlege, nanso me ne me sewaa, Eurlene a na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako wɔ California no na ɛkɔtrae. Saa bere yi na ne kunu nso afi ase rebɛyɛ Ɔdansefo. Wɔ m’adwene mu no na ɛno nyɛ nsiesiei pa. Nanso wɔma meyɛɛ nea mepɛ. Mekɔɔ kɔlege na na biribiara ye. Ná meda so ara yɛ Methodistni pa. Mannom nsa. Mannom sigaret. Ná mennkasa ntia obi. Mekɔɔ me nhyiam horow na na biribiara yɛ anigye. Mifii ase suaa adwene ho ade wo kɔlege. Saa adwene ho nimdeɛ a nnipa a wonnye Nyankopɔn nni kyerɛ no! Wɔ ahuhuru bere bi mu no, wɔsɛee gyidi biara a mewɔ wɔ nyamesom mu—mmom ná minni pii a egyina nimdeɛ so.
Efi saa bere no rekɔ no m’awofo buu me sɛ obi a n’ani so ayɛ hyew dodo. Na m’ani so nya nyɛɛ hyew dodo ɛ, nanso na migu so reyɛ. Me na baa California. Wɔbɛyɛɛ nhyiam kɛse wɔ akwan a menam so no ho. Ná nea ebefi mu aba no yɛ nea misuro, nanso bere a mitwa m’ani hwɛ nea wɔyɛe no, mitumi hu sɛnea wodii me ho dwuma nyansam no. Wɔboaa me ma minyaa ɔdan bi traa mu nanso wɔkɔɔ so ne me dii nkitaho. Metwee me ho fii wɔn ho koraa, nanso wɔantwe wɔn ho amfi me ho. Wɔampene nea meyɛe no so, nanso wɔantow me ankyene. Ɛma ɛyɛɛ mmerɛw maa me akyiri yi sɛ mɛsan aba.
Afei de, me nkutoo na mete, merebɔ mmɔden ankasa, saa na misusuwii. Mede me ho hyɛɛ kɔlege ɔyɛkyerɛ ahorow mu na ɛmaa me na suroe wɔ me nkwa ho. Mede me ho hyɛɛ adesuafo amammui akuw horow no bi mu. Ná wɔyɛ katee, wɔpɛ akodi ne ɔman anidan yiye. Ná merebɛma wiase no asesa, na madi ne haw horow no ho dwuma. Akyiri yi mede me ho hyɛɛ basabasayɛ ahorow mu—ɛnyɛ akɛse a epue atesɛm nkrataa mu no, na mmom nteɛteɛm ne abototow. Ebia polisifo baanu anaa baasa bepirapira na wɔbɛhwe wɔn a wɔreyɛ ɔyɛkyerɛ no mu pii, nanso ɛnyɛ wɔn ne basabasayɛfo dɔm a wɔyɛɛ ɔyɛkyerɛ ahorow wɔ 1960 mfe no mfiase mu hɔ no.
M’ani begyee ne nyinaa ho kɛse, nanso ankyɛ na nneɛma ahorow fii ase sisii a na ɛne nsusuwii pa ahorow no nhyia. Kuw biako a mede me ho hyeem no fii ase kaa akode ahorow a wɔde asie baabi—atuo ahorow pii ho asɛm kyerɛɛ me. Kuw yi na me ne wɔn too santen sɛ yɛrehwehwɛ asomdwoe no, afei de wɔreka sɛ wɔbɛyɛ nea na yɛrekasa atia no, sɛ: “Momma yɛnkɔtow ɔtopae wɔ sukuu hɔ! Momma yentu nhyehyɛe no ngu!” Wɔansusuw ade pa ho, adesɛe nkutoo. Ná eyi yɛ adammɔ. Ná eyi yɛ ɔman anidan a ntease nnim.
Na m’awofo kyerɛ me obu ma nkwa bere nyinaa. Na yɛwɔ atuo. Ná yɛtow awɔ a ebia wɔbɛka mmofra no. Ná yɛtow kɔkɔbo wɔ nkokɔbuw no mu. Ná yɛtow mprako no tuo efisɛ na ɛno ne ɔkwan a ɛnyɛ yaw a yɛbɛfa so akum wɔn. Wɔ nnomaa anaa mmoa afoforo a yɛtow wɔn tuo no ho de, na ɛyɛ ebia aduan anaa ahobammɔ nti. Enti wɔ akurase hɔ no, ɛyɛ obu ma nkwa bere nyinaa na mede nyinii.
Ná mepɛ asomdwoe. Misusuwii sɛ merehwehwɛ asomdwoe. Na merehwehwɛ ampa. Saa ɔkasa ahorow a wɔma wɔ sukuu anwummere no, adwempa ahorow a na ɛwɔ saa ɔkasa dɛdɛ no mu. Afei metee atuo ne akode horow ho asɛm no! Mifii mu ntɛm ara. Na bere a mifii mu no, mifii mu koraa. Mifii akuw horow no nyinaa mu. Ɔbarima a na me ne no wɔ hɔ no pɛe sɛ ɔware me. Ná ɛnyɛ nea mepɛ ankasa nen, nanso mewaree no. Afei wɔ asram abiɛsa ntam no ɔkɔɔ sraadi! Ɔbarima yi a na me ne no wɔ asomdwoe kuw no mu no akɔ sraadi!
Mesan baa Tennessee na mekɔɔ ɔman Sukuupɔn wɔ Austin Peay, na mifii ase ne mmarima bɔe bio. Eyi yɛ 1971 mu. Saa bere yi mu na me kunu a wabɛyɛ ɔsraani no pɛe sɛ meba na me ne no bɛtra asraafo atrae hɔ. Mibisaa no sɛ: “Dɛn na ɛbɛba, sɛ yɛkɔhwɛ sini na wɔbɔ ɔman nnwom na wɔrekyia frankaa na mansɔre a? Dɛn na wo asraafo mpayimfo no bɛyɛ me? Dɛn na ɛbɛba, sɛ wobisa me na meka kyerɛ wɔn sɛ obu a mewɔ ma nniso horow no asa dedaw a?” Ná m’ani nnye nneɛma a ɛrekɔ so wɔ Vietnam no ho. Ná mewɔ nnamfo a wofii Vietnam bae a wɔhyehyɛ nnade kyɛw—mantumi annyina ano.
Nokwarem, ɛyɛɛ me ahi araa ma bere a me nuabarima pɛe sɛ metɔ tuo aboba ma no no, mantɔ. Nea na ɔde kum ara ne nnomaa a wɔsɛe yɛn nnɔbae no. Anaasɛ nnanko, a abusua no de yɛ aduan. Nanso saa bere no na mempɛ tuo biara araa ma mantɔ aboba no mpo amma no.
Wiɛ, nea me ne me kunu asɛm no kosii ara ne sɛ ogyaee me. Ná wama me ayeforo kawa fɛfɛ bi. Ná mempɛ. Ná mahyɛ asram abiɛsa pɛ, akyiri yi ebia ɔbɛpɛ sɛ ɔde ma ne mma, anaa ɔsan de ma ne na.
Mitu kɔɔ Nashville na mifii ase ne adwumayɛkuw bi titrani abadiakyiri bɔe. Ebia nnwuma akɛse no na ɛwɔ ano aduru. Ná masɔ asomdwoe akuw no ahwɛ, na akodi ho nsɛm wom dodo, enti misusuwii sɛ: “Mede me ho bɛhyɛ adwumayɛ mu. Ɛno beyi ahaw horow no nyinaa afi hɔ.” Bɛyɛ saa bere no ara mu na polisini bi baa hɔ, na mihui sɛ otitrani abadiakyiri a na me ne no bɔ no di nneɛma ne nnubɔne ahorow a wɔawia ho sum ase gua. Adwumayɛkuw no titrani abadiakyiri biako hyɛɛ me pɛe sɛ meka ɔbarima yi kokoam nsɛm nyinaa kyerɛ no. Ná ɛyɛ tumidi ho apereperedi wɔ adwuma no mu, na mempɛ sɛ mede me ho bɛhyem. Adwuma ho anigye a minyae no fii hɔ ntɛm ara.
Ɛbɛyɛ saa bere yi mu na me na a medɔ no no ne Ray ne Suzi Lloyd kasae wɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi ase. Ná maka akyerɛ no wɔ fɛwdi kwan so sɛ, sɛ onya Ɔdansefo a ɔyɛ nhomanimfo a me ne no besua Bible no. Enti bere a Ray maa ɔkasa bi no, me na ani gyee ho na ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ wo ne me babea no sua ade. Ɔte Nashville.” Ray nso te Nashville, nanso na ɛyɛ kurow no fã nohoa. Ná me na nim sɛ Ray ne Suzi befi Nashville fã nohoa aba ne me abesua ade wɔ faako a mete no. Wɔbae. Wofii nohoa hɔ bae. Na ɛnyɛ nea mepɛ ankasa . . . na, m’ani nnye ho koraa, ɛyɛ awerɛhow! Mekae sɛ: “Oo, dabi, mede me ho ato ɔhaw mu mprempren!” Migyee nhoma horow bi fii Suzi hɔ—ná ne kɔla ne sɛnea masiesie m’asa so no hyia—na na ɛno ara nen saa bere no.
Mitu kɔɔ Pleasant View na mifii ase ne polisini a ɔhwehwɛɛ otitrani abadiakyiri a wanni nokware asɛm no mu no bɔe. Na me bra asɛe de, nanso polisini yi bɛyɛɛ nsɛmmɔnedifo a ɔsen wɔn nyinaa. Nneɛma ahorow a me ne no yɛe no nye koraa—ɛsen biribiara a mayɛ pɛn. Na na ɔbarima yi yɛ polisini wɔ Nashville a ɔde mfirihyia 20 ayɛ adwuma. Ná menom nnubɔne ahorow—na na saa bere no nnuruyɛfo aka sɛ marijuana anaa wii ne afoforo a ɛka ho no mpira nipadua no—nanso mitwa m’ani hwɛ m’akyi na mihu nneɛma a meyɛe bere a manom nnubɔne no bi, na me ho wosow.
Ná mewɔ nnamfo binom a wonnye koraa, nanso na polisini a me ne no wɔ hɔ yi sen wɔn nyinaa. Wɔn nyinaa, ne m’ankasa ho bɛyɛɛ me ahi araa ma migyaee biribiara yɛ. Afei nso na meyare paa saa bere no, na oduruyɛfo ka kyerɛɛ me sɛ mentra fie adapɛn asia. Ná mapem abo ankasa.
Afei mekaee Suzi Lloyd. Wɔ m’ankasa fam de na minnim nea enti, nanso na mete nka sɛ ɛsɛ sɛ mefrɛ no na ɔne me bɛyɛ Bible adesua. Mefrɛɛ no wɔ telefon so nanso na wɔasesa ne nɔma no. Migyaee na mibisaa me ho sɛ: “Dɛn nti na merefrɛ no?” Ná mayɛ basaa. Minhu nea enti a ɛsɛ sɛ mefrɛ no. Nanso meyɛɛ saa. Memaa telefon no so bio na mefrɛe wɔ ne nɔma foforo no so kae sɛ: “Suzi, mewɔ adapɛn asia. So wobɛkyerɛkyerɛ me Bible no?”
Ɔbae. Yɛde nkyerɛkyerɛ na edii kan, nanso ankyɛ na ofii ase kyerɛɛ me nokware a Bible no yɛ, ne sɛ efi honhom mu. Ɔkyerɛɛ me sɛ Bible no yɛ nokware, na sɛ ɛyɛ nokware de a ɛnde na Onyankopɔn a ɛka ne ho asɛm no wɔ hɔ. Eyi ne ade kɛse a minyae denam me ne Suzi adesua no so—gye a masan agye Onyankopɔn adi bio. Yesuaa ade mprɛnsa dapɛn biara, na na adesua biara gye nnɔnhwerew anan, ɛno akyi no yɛnom kɔfe na yɛsan bɔ kyerɛwnsɛm mu nkɔmmɔ nnɔnhwerew abien. Dapɛn a etia abien akyi no Suzi kae sɛ ɛsɛ sɛ mekɔ nhyiam horow no bi wɔ Ahenni Asa so, na meyɛɛ saa.
Yesuaa nhoma a na yɛde rehwehwɛ Bible mu no wiei. Adapɛn asia a yegye toom no sae. Nanso afei de na mepɛ sɛ yɛtoa adesua no so. Saa bere yi de na yɛyɛ adesua no wɔ Suzi fie, ɛnyɛ me hɔ.
Enti meka kyerɛɛ Suzi sɛ: “Afei de yɛawie, ɛnte saa, Suzi?”
“Ɛte saa.
“Enti dɛn na yɛbɛyɛ afei?” Ná minim sɛ Adansefo no taa sua nhoma foforo. Me na ka kyerɛɛ me. Ná meretwɛn sɛ ɔbɛka eyi ho asɛm, na anka magye atom anigye so. Mmom no ɔkae sɛ:
“Adapɛn asia no aba awiei. Ɛyɛ w’ankasa asɛm.”
M’aba mu bui kɛse! Nea mitumi kaa no bɔkɔɔ ara ne sɛ, “misusuw sɛ yebegyae.”
Ná me werɛ nhowee saa da wɔ m’asetra mu, bere a merekɔ fie no. Ná minim sɛ Adansefo no na wɔpa nkurɔfo kyɛw, wɔn na wɔpɛ sɛ misua! Ɛyɛ dom na meredom wɔn! Saa na na misusuw bere nyinaa, na mprempren de, amma saa. Me werɛ howee na meyɛɛ mmɔbɔ araa ma bere a na mete me kar mu rekɔ no na meresu. Mpofirim ara adwene bi baa me tirim sɛ: ‘Eyi yɛ nkwaseasɛm. Mepɛ adesua no. Mɛka akyerɛ Suzi.’ Migyinae, na mehwehwɛɛ faako a telefon wɔ—ɛnyɛ mmerɛw anadwo—na mefrɛɛ Suzi. Ray na ogyee so, na ɔfrɛɛ Suzi wɔ aguaree maa me na mede su ka kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ adesua no.
Migyee asubɔ asram abien akyi. Metɔnee me dan no, na mituatuaa me ho ka ahorow na mekɔɔ Yehowa Adansefo aman-ne-aman ntam nhyiam bi wɔ California. Ɛhɔ na wɔbɔɔ me asu. Ɛda a wɔbɔ me asu akyi no mifii bere nyinaa asɛnka adwuma no ase wɔ afie afie. Ɛwom sɛ na meyɛ honam fam adwuma de, nanso ɔsram a edi kan no mu no mede nnɔnhwerew 150 kaa asɛm. Ɔsram a edi hɔ no, nnɔnhwerew 140. Wotuu me fo sɛ mentɔ me bo ase kakra, enti ɔsram a ɛto so abiɛsa no minyaa nnɔnhwerew 100. Ankyɛ na migyaee adwuma a meyɛ no na mede m’adwene sii Yehowa Ahenni no ho asɛm a mɛka akyerɛ afoforo no so.
Bere a mesan kɔɔ Tennessee no, mihyiaa Gary Hobson a ɔno nso yɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Asram kakraa bi akyi no, yɛwaree wɔ 1976 mu. Yɛboom de yɛn ho hyɛɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no mu, na mfirihyia ason a adi hɔ no ayɛ nea anigye wom sen biara wɔ m’asetra mu. Yɛda so ara de yɛn bere nyinaa rebɔ Yehowa Ahenni no ho dawuru.—Cathy Hobson na ɔkyerɛw mae.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
“Saa adwene ho nimdeɛ adesua horow no . . . Wɔ ahuhuru bere bi mu no, ɛsɛee gyidi biara a na mewɔ wɔ nyamesom mu”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
“Na misusuw sɛ merehwehwɛ asomdwoe . . . Afei metee atuo no akode horow ho asɛm no!”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
“Ɔbarima yi a na me ne no wɔ asomdwoe kuw no mu no kɔɔ sraadi!”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
“Wotuu me fo sɛ mentɔ me bo ase kakra, enti ɔsram a ɛto so abiɛsa no minyaa nnɔnhwerew 100”