Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
Ná misuro bere nyinaa sɛ mɛkɔ hell, na minim sɛ memfata sɛ mekɔ soro. Metee nka sɛ sɛ me ti yɛ yiye a, mɛkɔ ahodwiragya mu, enti mebɔɔ mpae anibere so na mesɔɔ kyɛnere sɛnea ɛbɛyɛ a menkɔ hell.
BERE a me kar watiriwii wɔ bepɔw so kwan bi a sukyerɛmma wɔ so wɔ Oregon, U.S.A. so no, misusuwii tebea a na makɔ mu no ho. Ná eyi ne me suahu a edi kan wɔ kar a wɔka no sukyerɛmma so mu, na wɔ ha yi, na menam sukyerɛmma mu wɔ ɔkwan a minnim so so, a abon nketewa a yebetumi atom ntɛm ara wɔ n’afã biara, na na ɛyɛ den sɛ yebehu kar no anim. Ná minim sɛ yɛn awiei ara nen, enti mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔnkora me ne onipa a ɔka me ho no nkwa so na metua no ka denam asɔre a mɛsan akɔ so.
Wiɛ, yeduu baabi a yɛrekɔ, na midii me bɔhyɛ a ɛne sɛ mɛsan akɔ asɔre no so. Bere a mehwɛɛ nhoma bi a nnwuma din wom mu no, mihuu asɔre bi a ɛwɔ Seattle na mekɔɔ asɔre Kwasida a edi hɔ no. Antumi amma me akomatɔyam biara te sɛ nea na ɛte kan no. Asɔre no sii ade koro no ara so dua sɛnea na m’asɔre dedaw no yɛ no, sika. Wɔde ntoboa kɛntɛn no faa yɛn anim mprɛnsa! Mekae sɛ meka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ mɛhwehwɛ ɔkwan foforo a mɛfa so asom no.
Sɛ́ abofra no, wɔtetee me sɛ Katolekni a ɔyɛ nsi wɔ asraafo fie. Mekɔɔ Katolekfo sukuu. Mitumi kae sɛ wɔ gyidikasɛm adesua ase no, mibisaa ɔbea kokorani no sɛ: “Dɛn nti na yɛmfa Bible no nni dwuma koraa?” Ɔka kyerɛɛ me sɛ me gyidi yɛ mmerɛw, na ɔkaa me mmerɛwyɛ no ho asɛm kyerɛɛ m’awofo mpɛn pii.
Wɔtetee me sɛnea mesuro Onyankopɔn. Ná adwene a mikura wɔ ne ho no nni mu. Ná ɔyɛ Onyankopɔn a ɛsɛ sɛ yɛsom no, nanso sɛ wansom no yiye a, ɔbɛhaw wo. Bere a midii mfe 17 no, meka kyerɛɛ m’awofo sɛ menkɔ asɔre bio. Metee nka sɛ mebɛn Onyankopɔn kɛse wɔ baabiara sen bere a mekɔ asɔre. Ná metaa nantenantew mpoano, na sɛ biribi haw me a, na meka kyerɛ Onyankopɔn. Ná mepa no kyɛw sɛ memfa ɔsɔfo so ne no nkasa, na na meka kyerɛ no sɛ ɛsɛ sɛ meka nea ɛwɔ m’adwenem kyerɛ no. Esiane nneɛma a mihui sɛ ɛrekɔ so wɔ wiase no mu nti, m’abaw mu nso bui. Ná ɛyɛ bere a mmofra bu ahohwibra, na na me nnamfonom yɛ nea wɔpɛ biara wɔ nna ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so mu. Mihuu awerɛhosɛm a efi nyinsɛn a wɔmpɛ, nyinsɛn a wotu gu, ne nnubɔne a wɔnom tra so mu ba no—ná mempɛ sɛ minya ɛno mu kyɛfa!
Adehwehwɛ no Fi Ase
Me ne Becky, a ɔyɛ m’adamfo paa no sii gyinae sɛ yebegyae kɔlege kɔ akɔhwehwɛ biribi pa bi. Ɛsɛ sɛ biribi pa bi wɔ hɔ! Yesii gyinae sɛ yɛbɛkɔ akɔsra ne maame wɔ Washington State. Meka kyerɛɛ m’awofo sɛ ehia sɛ mifi hɔ de bɔ mmɔden sɛ meyi m’adwene afi nneɛma a ɛhaw me no so. Saa bere no na yɛde kar kowuraa sukyerɛmma mu wɔ Oregon no. Bere a mede ahometew gyaee asɔre saa Kwasida no wɔ Seattle no, mekɔɔ fie kɔkaa me nkate ho asɛm kyerɛɛ Becky maame, Edna. Ɔka kyerɛɛ me sɛ onim obi a obetumi abua me nsemmisa no. Ɔfrɛɛ Yehowa Adansefo wɔ telefon so wɔ wɔn Ahenni Asa so.
Mekae sɛ metwɛnee sɛ wɔbɛba. Edii nnansa. Nanso bere a wɔbae no misusuwii sɛ wɔne nkurɔfo a wɔsɛ Kristofo sen biara a mahu pɛn wɔ m’asetra mu. Ná ɛyɛ Clarence ne Edith Meunier. Ná Clarence awie Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no na na ɛda adi sɛ onim Kyerɛwnsɛm no yiye. Bere a wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn wɔ din—Yehowa—no, ɛkanyan me amonom hɔ ara. Metee nka te sɛ nea wɔasɔ kanea bi wɔ me tirim. Adesua a edi kan no dii nnɔnhwerew abiɛsa, na wɔsan bae nnanu akyi ma yesuaa ade bio.
M’ani gyee yiye. Ntɛm ara na meka kyerɛɛ m’awofo wɔ telefon so sɛ mahu nokware no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ Onyankopɔn wɔ din, Yehowa, na Yehowa Adansefo rekyerɛkyerɛ Bible mu nokware no. Ná minim sɛ wɔntee Yehowa Adansefo ho asɛm da, enti wɔn ani begye sɛ wobesua nea masua no. Nanso, na wɔate Yehowa Adansefo ho asɛm na ɛhaw wɔn yiye. Wɔbɛfaa me san de me kɔɔ California.
Bere a miduu fie no, na minim sɛ ɛsɛ sɛ mehwehwɛ asafo a ɛwɔ hɔ no ntɛm ara. Mihuu Ahenni Asa no na mekɔɔ nhyiam a edi hɔ no na metraa ase. Onuawa bi hwɛɛ me serewee, enti mibisaa no sɛ ebia ɔne me besua ade anaa. Ɛyɛɛ no nwonwa yiye na ogye toom ntɛm ara. Ɛyɛɛ me anigye yiye sɛ mesan huu asafo no efisɛ na mafi ase rete ankonamyɛ nka. Ná mihia fekubɔ.—Hebrifo 10:24, 25.
Ɔtaa a Efi Abusuafo Hɔ Fi Ase
Nanso m’awofo kɔɔ so sɔre tiaa me som foforo no denneennen na wɔde me kɔmaa adwenemhaw ho oduruyɛfo bi. Bere a m’awofo bisaa no nea enti a mereyɛ saa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ meretew atua. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ mentew atua. Ná ɛno ne bere a edi kan wɔ m’asetra mu a mahu biribi a ɛde me nsemmisa ho mmuae maa me, na ɛma mihuu atirimpɔw nti a mete ase.
Bere a mekɔɔ Ahenni Asa so wɔ ɛno akyi no, m’awofo bo fuwii yiye. Wɔka kyerɛɛ me sɛ metumi akɔ kɔlege biara a mepɛ, asua biribiara a mepɛ, na wobetua ho ka, nanso ɛnsɛ sɛ me ne Yehowa Adansefo yɛ biribiara. Nea ɛmaa eyi yɛɛ den maa me kɛse sɛ megyina ano ne ɔdɔ a na mewɔ ma m’abusua no. Titiriw, da bi a akasakasa sii no, me maame ka kyerɛɛ me sɛ ɔbɛpɛ sɛ meyɛ tuutuuni mmom sen sɛ mɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Metumi ayɛ biribiara, nanso merentumi nyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. M’awofo ka kyerɛɛ me sɛ mimfi fie hɔ nkɔ. Dwom 27:10 baa m’adwenem: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa] de, ogye me.” Ná onuawa bi a ɔwɔ asafo no mu wɔ ofie bi a obiara nte mu, na ɔde maa me sɛ mentra mu.
Mihyiaa onuawa bi wɔ Ahenni Asa so a na ɔyɛ foforo koraa te sɛ me. Ná ne din de Chris Kemp, na yɛbɛyɛɛ nnamfo paa na yefii ase tra boom. Wɔbɔɔ yɛn asu July 18, 1969, wɔ Dodger Stadium wɔ Los Angeles.
Ná yɛhwɛ Dana Wolff, bere nyinaa onuawa kwampaefo bi wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Ná ɔyɛ honhom muni ankasa. Yehui sɛ ohia baabi a ɔbɛtra, enti yenyaa obi a ne ho yɛ anigye yiye ne no trae.
Mekae dwumadi a edi kan a minyaa wɔ nhyiam mu no. Minyaa ɔyɛkyerɛ, na misuaa no mpɛn pii. Ná ɛyɛ nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ, na na makyere nsɛm no agu me tirim. Nanso, aka bere tiaa bi ma adu so no, mekyerɛw de hyɛɛ me kotoku mu. Mekɔɔ asɛnka agua no so na mankae hwee. Mekae sɛ: “Mema wo akye . . . Mema wo akye. . . Mema wo akye.” Mekaa mema wo akye bɛyɛ mpɛn anum. Mantumi ankae biribiara. Enti afei, mehwɛɛ atiefo no na mekaa sɛ: “Mentaa nyɛ eyi wɔ pon ano.” Afei, miyii me krataa a aponpono no na mekenkan nea ɛsɛ sɛ meka no nyinaa. Bere a miwiei no, mekɔtraa ase sui.
Onua barima a ɔmaa me yɛɛ saa dwumadi no bisaa atiefo no sɛ: “Dɛn na yesua fii nhoma a ɔde mae yi mu?” Ná asa so hɔ ayɛ dinn. Afei mesɔre gyina hwɛɛ atiefo no, na mekae sɛ: “Wɔbɛyɛ dɛn asua biribi? Manyɛ ɔyɛkyerɛ no yiye! Ɛda adi sɛ wɔansua hwee!” na mesan kɔtraa ase fii ase sui bio. Minim sɛ seesei me dwumadi yɛ sen kan no—eye sɛnea ɛsɛ.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, Dana fii ase kae sɛ ɔpɛ sɛ onya obi a ɔne no bɛkɔ baabi a mmoa ho hia kɛse akɔyɛ akwampae adwuma. Saa anadwo no, me ne Chris kɔɔ yɛn dan mu kosusuw ho. Ade kyee no yɛsan bae bebisaa Dana sɛ: “Na yɛn nso ɛ?” Ɛyɛɛ Dana nwonwa yiye. Ná yɛyɛ abɛɛfo; na wɔbɔɔ yɛn asu nkyɛe sɛ yɛbɛyɛ daa akwampaefo adwuma seesei ara! Ná yɛnyɛ wɔn a wasusuw sɛ ɔpɛ wɔn ahokafo. Nanso, ɔkyerɛwee Ɔwɛn Aban Asafo no na wɔde yɛn baasa nyinaa kɔɔ Middlesborough, Kentucky.
M’abusuafo Ɔsɔretia Yɛ Ɔkwa
Bere a yɛreboaboa yɛn nneɛma ano akɔ no, m’awofo frɛɛ me wɔ telefon so ka kyerɛɛ me sɛ merentumi mfa me kar no mfi California mantam no mu. Wɔn na wodii me kar no ho akagyinam, na wɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ mebɔ mmɔden sɛ mede kar no befi ɔmantam no mu a, wɔbɛfrɛ polisifo. Enti yesii gyinae sɛ yɛbɛfa bɔs. Wɔ apontow bi a na anuanom reyɛ agyaw yɛn kwan ase no, onua bi a na mahyia no pɛn bae bɛkae sɛ: “Minim sɛ wode wo kar no ho ka $3,000.” Mekae sɛ ampa. Ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ otua. Mekae sɛ mintumi mma ɔnyɛ saa. Ɔyɛɛ nhyehyɛe maa me ne anuanom mmarima a wɔwɔ yɛn asafo mu no hyiae. Wɔkae sɛ: “Sɛ ɔpɛ sɛ otua a, ma ontua. Wo ne Yehowa honhom nnni asi.” Enti otuaa kar no ho ka no. Ɛhaw m’awofo yiye nanso ɛyɛɛ wɔn nwonwa sɛ obi bɛyɛ saa. Ade kyee no, yɛkɔɔ Kentucky.
Bere a yeduu Middlesborough no, wɔde ofie bi a ɛwɔ Ahenni Asa dedaw bi akyi maa yɛn sɛ yɛntra mu. Ná ade a esiw awɔw ano nnim. Ná ɛhɔ tumi yɛ nwini yiye wɔ awɔw bere mu. Ná ɛhɔ tumi yɛ nwini ahohuru bere mu mpo, nanso na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛanya ɔdan efisɛ na yɛrentumi ntua ɔdan ho ka. Afiri a ɛma ɔhyew ketewa bi pɛ na na yɛwɔ. Ná yɛhyɛ ntade pii de da mpo wɔ awɔw bere mu. Ɛtɔ mmere bi a, ade bɛkye na fam hɔ nyinaa adan nsukyene, na na ɛkyere sɔks a yɛhyɛ no. Ná yɛwɔ asae wɔ aguaree hɔ bere nyinaa a yɛde bubu tiafi mu nsu a adan nsukyene no efisɛ na nsu no kyenkyen anadwo.
Ná me ne Chris ayɛ bere nyinaa asomfo asram anum pɛ, nanso na yɛreyɛ Bible adesua a etu mpɔn bebree dedaw, na yɛn ani gyei sɛ yɛkɔɔ hɔ. Yɛn ani gyee kɛse ara sɛ na wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yɛn nyinaa nyaa bɛboro nnɔnhwerew 150 ɔsram biara wɔ akwampae adwuma no asram a edi kan no mu. Ná Dana pɛ sɛ ɔyɛ bere tiaa mu ɔkwampaefo titiriw wɔ ahohuru bere mu, enti osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ Adansefo no asafo ti a ɛwɔ New York no. Ná yɛnkɔɔ hɔ da, enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛne no bɛkɔ. Bere a yeduu hɔ no, Dana kɔɔ Ɔsom Adwuma Dwumadibea hɔ, na yɛne no kɔe. Nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa no, wɔyɛɛ yɛn baasa nyinaa akwampaefo atitiriw.
Me Papa Antumi Anni N’asɛm So, Okyinkyim Kyerɛwsɛm
Ɔsram a mifii akwampae titiriw adwuma ase no ara mu no, Satan miaa mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛma mayɛ mmerɛw no mu. Me nsa kaa nneɛma bi ho ka fii sikakorabea na ɛkae sɛ ɛsɛ sɛ mifi ase tua $32.80 ɔsram biara wɔ me kɔlege nhomasua ho. Eyi bae mpofirim, efisɛ na m’awofo ka kyerɛ me bere nyinaa sɛ sɛ mebɔ mmɔden paa wɔ nhomasua mu a, wobetua me kɔlege nhomasua ho ka, na meyɛɛ saa nso. Mekyerɛw me papa ka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ obu me sɛ Yehowa Adansefo no mu biako wɔ eyi mu, na mmom ommu me sɛ ne babea. Mekaee no nhyehyɛe a yɛyɛ faa me nhomasua ho sɛ, sɛ mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛnea ɔhwehwɛ no a, obetua me nhomasua ho ka bere nyinaa no wɔ ɔdɔ kwan so. Esiane sɛ na $50 na minya ɔsram biara hwɛ me ho nti, mesrɛɛ no sɛ ɔmmfa saa adesoa yi nnto me so efisɛ ɛbɛyɛ den ama me sɛ metua saa ka yi. Ná sɛ mitua $32.80 ɔsram a, ɛbɛka $17.20 pɛ a mede bɛhwɛ me ho.
Me papa de kyerɛwsɛm bi maa me mmuae wɔ krataa bi mu. Ɔkyerɛw sɛ: “Esiane sɛ wode Bible no di dwuma bere nyinaa nti, ɛsɛ sɛ wode saa kyerɛwsɛm yi di dwuma: ‘Nea ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, mma onnnidi nso.’ Womfa wo nhomasua no nyɛ biribi a mfaso bɛba so, enti ɛsɛ sɛ wutua saa ka yi ma sikakorabea no.”—2 Tesalonikafo 3:10.
Bere a me nsa kaa asɛm tiawa a ebu animtiaa no, ɛhaw me yiye. Metraa me kar mu kɔɔ baabi kosui efisɛ na minnim nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Afei migyaee su na me bo fuwii. Mihui sɛ ɛnyɛ m’awofo na wɔresɔre atia me, na mmom, Satan. Meteɛɛm guu Satan so sɛ omfi me so nkɔ, na ɔrenni nkonim, ɔrentumi mma minnyae akwampae adwuma no.
Ahokyere Pii, Nhyira Pii
Minyaa adwuma a wɔde bere fã yɛ, na na meyɛ adwuma nnɔnhwerew 20 dapɛn biara—nnɔnhwerew 11 da koro ne nnɔnhwerew 9 da a edi hɔ no—na metoaa m’akwampae titiriw no so. Misuaa sɛnea mede hokwan no bɛtotɔ nneɛma dedaw a wɔtɔn no bi ntɛm ara. Metɔɔ m’awɔw bere mu ntade anan no dɔla biako. Metɔɔ m’awɔw bere mu coat $1.50. Ná meyɛ adwuma a ɛne sɛ metwitwi dan mu sɛnea ɛbɛyɛ a metumi atɔ mpaboa a ne bo yɛ $20. Ná ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yere yɛn ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na matumi asie sika no, mibuee foto wɔ sikakorabea. Ɛtɔ mmere bi a, na mede cent 25 kɔto hɔ na afei mikoyi de tɔ pɛtro. Misusuw sɛ na sikakorabea hɔ adwumayɛfo no mpɛ sɛ wohu me wɔ hɔ. Awiei koraa no, wotwaa me foto no mu—na sika kakraa bi na ɛwom bere nyinaa. Ná mekɔ baabi a wɔtɔn pɛtro kobu bɛyɛ cent 25 gu me kar no mu. Bere bi akyi no, misusuw sɛ na midu hɔ a, wɔn a wɔtɔn pɛtro no gu ahome kɛse. Bere bi wɔ hɔ a na yenni sika a yɛde bɛtɔ pɛtro. Mpɛn pii na yɛtraa kar no mu a na yenim sɛ pɛtro a egu mu no sua, nanso na yenim nso sɛ yɛwɔ Bible adesua a ɛsɛ sɛ yɛkɔyɛ. Ɛtɔ mmere bi a, yɛbɛkɔ post office no na obi de dɔla biako ahyɛ krataa mu amena yɛn—na ɛso nea yɛde bɛhwɛ yɛn ho kɛkɛ. Wɔ saa haw ahorow yi nyinaa mu no, na yetumi hu sɛ Yehowa ka yɛn ho wɔ yɛn asetram. Ná ɛkanyan yɛn yiye.
Mitumi kae sɛ na mesesaw ntumpan a wɔatow agu tɔn sɛnea ɛbɛyɛ a menya stampo atetare nkrataa so. Misiee asram abiɛsa sika de tɔɔ mpaboa a ne bo yɛ $8. Afei, asɛm bi a ɛyɛ nwonwa yiye too me. Ɛkaa me pieto abien pɛ. Mebɔɔ Yehowa mpae ka kyerɛɛ no sɛ mete nka sɛ eyi nyɛ biribi a ɛfata sɛ mebɔ ho mpae ankasa, nanso minnim nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Adapɛn abien akyi no, me nsa kaa adaka bi a pieto 17, soro atade, ne nneɛma foforo wom! Ná ne nyinaa fi obi a metee ne nka bɛyɛ afe hɔ.
Ná ɔhaw titiriw biako a ɛwɔ mpɔtam hɔ ne adetɔn a mmara mma ho kwan. Esiane wɔn nneyɛe a mmara mma ho kwan no nti, na nnipa a wɔwɔ nsasesin bi mu yɛ mmusua mu nyiyim na na wɔhwɛ wɔn ho yiye paa wɔ ahɔho ho. Nanso, minyaa adesua ahorow pii, na awiei koraa no, na me nkutoo de bɛyɛ nnɔnhwerew 25 yɛ asɛnka adwuma ɔsram biara. Ná mete nka sɛ memmɛnee Yehowa te sɛ saa bere no efisɛ na ɛsɛ sɛ mede me ho to ne so koraa. Wunim sɛ ɛnyɛ nneɛma a wowɔ no na ehia, na mmom, abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ no. Wunim sɛ honam fam nneɛma mma w’ani nnye; Yehowa na ɔma w’ani gye.—Luka 12:15.
Minya Abusua Foforo a Wɔwɔ Ɔdɔ
Ɔsram a mituaa me kɔlege nhomasua ho ka wiei no ara na mihyiaa me kunu a mɛware no daakye ne m’adamfo pa, Jeff Malone. Ná ɔwɔ Betel, na afe biako akyi no, yɛwaree. Bere a mewaree Jeff no, manware ɔno nko, na mmom, minyaa ne maame, ne nuabea ne ne wɔfa a medɔ wɔn yiye no nso. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no ka yɛn bom sen abusuabɔ foforo biara. Wɔmaa me ne Jeff dwumadi wɔ Union City, Tennessee, sɛ akwampaefo atitiriw. Yedii asram anan pɛ wɔ hɔ na yebisaa hokwan a yɛde bɛkɔ Betel na wɔpenee yɛn so.
Yefii Betel 1980, na yɛwoo yɛn babea Megan saa afe no awiei. Yɛwoo yɛn babarima J. T. 1983 mu. Me ne Jeff resom mprempren sɛ daa akwampaefo wɔ Forest Hill Asafo mu wɔ Fort Worth, Texas.
Yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ biribiara a yebetumi de atete yɛn mma no ma wɔadɔ Yehowa. Ɛwom mpo sɛ Jeff som sɛ ɔpanyin de, nanso ɔde yɛn abusua honhom fam yiyedi di kan bere nyinaa. Yedi Asafo no nyansahyɛ ahorow a ɛfa nhyiamkɔ, mmofra a yɛbɛkenkan ade akyerɛ wɔn, asɛnka adwuma mu kyɛfa a yebenya, daa asɛm a yebesusuw ho, ne Ahenni Asa si adwuma a yɛbɛkɔ akɔyɛ bi ho no so. Yɛn baanu nyinaa taa di bɛboro dɔnhwerew biako de deda mmofra no—yɛto dwom ma wɔn, yɛkenkan Bible mu nsɛm kyerɛ wɔn, na yɛne wɔn bɔ mpae mmiako mmiako. Yɛn abusua no botae ne sɛ yɛn nyinaa bɛbom ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Ade biako na bere nyinaa yesusuw ho yiye wɔ mfe no mu—biako a yɛbɛyɛ sɛ abusua, ayɛ nneɛma sɛ abusua, wɔ adwumayɛ ne agodie nyinaa mu.
Sɛ mehwɛ m’akyi a, metumi aka sɛ Dawid kaa nokware bere a ɔkae sɛ: “Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa] anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho?” (Dwom 116:12) Biribiara nni hɔ a Satan ayɛ a Yehowa ntumi nsakra no. Me ne Jeff ne Megan ne J. T. wɔ abusua pa a ɔdɔ wom mu, yɛn nyinaa ayɛ biako resom Yehowa; na nea ɛka ɛno ho ne sɛ manya wiase nyinaa abusua bi a ɛyɛ nwonwa esiane sɛ mewɔ Yehowa ahyehyɛde mu nti. Ɛyɛ biribi a mɛkyerɛ ho anisɔ daa.—Sɛnea Karen Malone ka kyerɛe.
[Kratafa 27 mfonini]
Karen ne ne kunu ne wɔn mma baanu