Ɔpɛ a Emu Yɛ Den a Mewɔ sɛ Mɛsom Onyankopɔn
Na madi mfe anum na na wonim me sɛ obi a obiara suro no wɔ agodibea Sukuu a mekɔe ne Perkins Anifuraefo Sukuu no.
Medi m’asetra mu mfe 13 a edi hɔ no wɔ sukuu yi a ɛwɔ Watertown, Massachusetts, U.S.A. no mu. Na minim sɛ sukuu yi mu mmofra afoforo nyinaa yɛ anifuraefo, nanso misusuwii sɛ mitumi hu ade. Na m’awofo ne me di nsɛm te sɛnea wɔne me nuanom mmea baanum no di ara pɛ. Na meyɛ nea wɔyɛ biara bi—ofie nnwuma, mmirika a wɔde mpaboa tu fa sukyerɛmma so, asuboro, nnuaforo, na mitumi yɛ biribiara. Wɔammu me da te sɛ nea m’ani afura, enti mammu me ho da sɛ meyɛ onifuraefo.
Na mewɔ asetra ho anigye kɛse, na mepɛ abaninsɛm, na na mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ megye m’ani. Na mitu mmofra nkumaa no aso de wɔn kodi agoru wɔ baabi a ɛhɔ yɛ toro, yɛtow odonko, na yɛkɔtra hyɛn a ɛwosowosow mu. Na mewosow no denneennen araa ma mmofra no teɛteɛm, nanso meto dwom denneennen sɛnea metumi na meteɛm gu wɔn so sɛ wonnye wɔn ani. Misusuw sɛ na meyɛ tra so, efisɛ na wɔbɔ dɔn no ma yɛn fiehwɛfo no frɛ me de tui akyi twitwa me to, na ɔsan de me tra mmofra bɔne agua no mu. Na esi atrapoe a akyerɛkyerɛfo no nyinaa fa so no nkyɛn. Wohu me serew ka sɛ, “Wasan abɛtra mu bio?”
Ma mensan m’akyi kakra na menkyerɛkyerɛ nea ɛyɛɛ a mekɔɔ saa anifuraefo sukuu yi no mu. Wɔwoo me 1941, na bere a midii mfe abien no, wɔka kyerɛɛ m’awofo sɛ biribi asi m’aniwa biako ntini mu. Na ɛsɛ sɛ wotu m’aniwa no. Bere a wɔreyɛ oprehyɛn no, wohui sɛ na ade no atrɛw aka m’aniwa biako a aka no ntini no nso, na na edidi kɔ m’amemene mu. Na eyi hwehwɛ sɛ wotutu m’aniwa abien no nyinaa anaasɛ wɔbɛma mawu. Saa bere no, wɔ 1943 mu no, na wobu anifurae sɛ biribi a owu ye sen no. Aniwa ho nimdefo bi kae sɛ: “Sɛ ɛyɛ me ba a, anka mɛma wawu.” Onimdefo foforo no ne no anyɛ adwene. “Dabi, ma ɔntra ase.” Nea ɛyɛ m’anigye no, m’awofo maa me traa ase. Na mfe abiɛsa akyi no, na obiara suro me wɔ agodibea.
Ɔsom ko a abofra biara pɛ no ho nkyerɛkyerɛ na na wɔde ma no. Na esiane sɛ na me maame yɛ Katolekni nti, na asɔfo mmea a wofi asɔfo mmea atrae a ɛbɛn hɔ no bɛkyerɛ me ade dapɛn biara. Na wɔka “ahotefo” a wɔde wɔn ho maa Onyankopɔn ho asɛm, na eyi maa minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛyɛ te sɛ wɔn bere a na misua koraa no. Mepɛe sɛ mede m’asetra nyinaa som Onyankopɔn, nanso asɔfo mmea no ka kyerɛɛ me sɛ anidaso biara nni hɔ mma me. Wɔkae sɛ, “Woasɛe koraa, Onyankopɔn mpɛ wo!” Nea enti a wɔkaa eyi ne sɛ na me ne Protestantfo ne Yudafo mmofra di agoru, bere a na wɔaka akyerɛ yɛn sɛ yɛne Katolekfo mmofra nkutoo na enni agoru no.
Mekɔɔ so hyɛɛ asɔfo mmea no abufuw denam Yehowa din ho asɛm a mibisaa wɔn no so. Saa bere yi na me maame ne Yehowa Adansefo sua ade bere ne bere mu, na sɛ mekɔ fie pɛnkoro ɔsram biara wɔ dapɛn no awiei a, mete sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa. Sɛ mibisa asɔfo mmea no nea enti a wɔnkyerɛkyerɛ yɛn Yehowa ho asɛm a, ɛhyɛ wɔn abufuw, na wɔpam me fi adi kogyina abɔnten. Misusuw sɛ mede me mmofra bere mu fã kogyinaa abɔnten anaasɛ mede traa mmofra bɔne agua no mu.
Esiane sɛ na me maame yɛ Katolekni amapa nti, ɛyɛɛ dɛn na ɔne Yehowa Adansefo suaa ade? Wɔyɛɛ me oprehyɛn akyi no, ɔsɔfo no bɛsraa no na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛbɛyɛ sɛ wayɛ bɔne kɛse bi de ahyɛ Onyankopɔn abufuw nti na wama m’ani afura no. Sɛ anka ɔbɛkyekye ne werɛ wɔ awerɛhodi bere a emu yɛ den yi mu no, ɔma ɔtee afɔdi nka. Bio nso, ɔde m’anifurae no ho asodi too Onyankopɔn so. Saa ɔsɔfo no buee ɔpon no too hɔ kɛse maa Yehowa Adansefo bere a wɔbɛbɔɔ ne pon mu no—na ankyɛ biara wɔbae.
Wɔkaa Ahenni no ho asɛmpa a ɛyɛ anigye no ho asɛm kyerɛɛ no, ne sɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔma nnipa di yaw na mmom ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn. Enti me maame ne Adansefo no fii ase suaa ade. Nanso egyee no bere tenten ansa na ɔrehyira ne ho so asom Yehowa. Na Katolekfo atoro nkyerɛkyerɛ no atim ne mu yiye. Nanso na Bible mu nokware ahorow a ɔresua no ‘yɛ den Onyankopɔn anim sɛ ɔde beburuw aban akɛse,’ na me maame bɔɔ asu sɛ Yehowa Ɔdansefo wɔ 1954 mu.—2 Korintofo 10:4.
Afei sɛ mekɔsra fie ɔsram biara wɔ dapɛn no awiei a, na me papa pɛ sɛ yɛkɔ Baptist asɔre, me nuabeanom binom kɔɔ Methodist asɔre, me maame de me kɔɔ Ahenni Asa so, na wɔ sukuu no, na wɔkɔ so de Katolekfo nkyerɛkyerɛ no ma me kɛse. Nyamesom ahorow anan a ɛrekɔ so bere koro mu wɔ abusua biako mu! Enti ebeduu saa bere yi na m’adwene atu afra koraa wɔ ɔkwan pa a wɔnam so som Onyankopɔn ho.
Bere a midii 16 no, ɔpɛ a emu yɛ den a na mewɔ sɛ mɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no yɛɛ kɛse wɔ me mu sen bere biara a atwam. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ sɛ meware a, ɔmma menware ɔbarima a ɔwɔ ɔsom pa mu, a ɔsom ko no mfa ho. Wiɛ, ɛda no dui bere a na ɔbarima yi a ɛte sɛ nea ne ho yɛ anigye yi bae bɛkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔware me. Na esiane sɛ ɔyɛ Katolekni na ebia Onyankopɔn na wayi no ama me de abua me mpaebɔ nti, misii gyinae sɛ ɛbɛyɛ sɛ Katolek asɔre no ne ɔsom pa no. Misii gyinae sɛ fi saa bere no rekɔ mɛyɛ Katolekni ne ɔyere ne ɛna pa ankasa.
Awerɛhosɛm ne sɛ m’aware no bɛyɛɛ amanehunu. Yɛwoo ɔbabea wɔ asram 10 akyi, na asram 22 akyi no, yɛwoo ɔbabanin, nanso saa bere no nyinaa na aware no resɛe. Na mewɔ ahotoso sɛ nneɛma ntumi nsɛe nsen saa.
Midii mfomso; nneɛma sɛee kɛse. Na yɛkɔsaw Memeneda anadwo biara, na ɛno akyi no kuw no ba yɛn fie bɛnom kafe ne anonne. Nanso saa Memeneda yi nkutoo de yɛkɔɔ yɛn adamfo foforo bi fie. Bere a yɛwɔ hɔ no, metee sɛ na me kunu reyɛ ɔyerenom a wɔsesa wɔn ho nhyehyɛe. Na ɔhɔho bi wɔ hɔ, na obisaa nea ɔbɛyɛ ne de ho asɛm, na metee sɛ me kunu reka sɛ “Wubetumi afa me yere.” Mede ehu guan fii fie hɔ. Anɔpahema no, minyaa guan a miguanee no ho asotwe. Bere a me kunu baa fie no, ɔboroo me yiye. Ɔkae sɛ nea nti a ɔyɛ saa ne sɛ ‘mema ɔyɛɛ te sɛ ɔkwasea bi.’
Kwasida mũ no nyinaa, mebɔɔ Yehowa mpae a emu yɛ den sɛ sɛ nokware som bi wɔ hɔ a, sɛ ɔkwan pa bi a wɔfa so som no wɔ hɔ a, ɔnkyerɛ me. Sɛ ɛnte saa a, mepɛ sɛ miwu. Ade biako pɛ a amma mankum me ho ne me mma nkumaa baanu no. Sɛ miwu a, hena na ɔbɛhwɛ wɔn?
Ade kyee no, na meredɔw m’afikyiri a menhyɛ mpaboa—sɛ me nan si fam saa a, ɛboa me ma mitumi hu beae a wura no afuw a ɛsɛ sɛ medɔw. Yehowa Adansefo baanu baa hɔ, ɔbarima ne ɔbea. Me werɛ remfi sɛnea na ɔbarima no dwo na ɔkasa brɛoo no da, na ɔwɔ asɛntitiriw bi wɔ anifuraefo nkyerɛwee a Ɔwɛn Aban Asafo no ayɛ mu. Ɔde maa me na obisae sɛ ebia wobetumi asan aba wɔ dapɛn a edi hɔ no mu anaa. Na minsiesie me ho mmaa eyi, nanso na wɔn baanu no wɔ ɔdɔ ne adamfofa su nti, mantumi ampow. Mekae sɛ mesan kɔɔ fie hɔ a meresusuw sɛ: “Oo, dabi, Onyankopɔn, ɛnyɛ eyinom, ɛnyɛ Yehowa Adansefo! So ɛrentumi nyɛ ɔsom foforo bi?”
Wɔsan bae, na yɛyɛɛ dapɛn dapɛn Bible adesua. Awiei koraa no, mmea baanu, Judy ne Penny, fii ase bae. Na wɔyɛ bere nyinaa asomfo (wɔfrɛ wɔn akwampaefo atitiriw) , na na wɔyɛ nhyira kɛse a efi Yehowa hɔ. Na Judy pɛ kasa, na ɔwɔ adamfofa su nanso na ɔpɛ adesua na na ɔbɔ mmɔden wɔ Bible no mu kyerɛw nsɛm hwehwɛ ho. Na Penny yɛ dinn nanso na ɔde nteɛso pintinn a mihia no ma. Na wɔde wɔn asetra nyinaa resom Yehowa, na bere bi akyi no, mepɛe sɛ meyɛ sɛ wɔnna ɛnyɛ “ahotefo” a asɔfo mmea aka wɔn ho nsɛm akyerɛ me no.
Bere a akyiri yi wɔkaa ɔpon ne ɔpon ano asɛnka a mɛkɔ sɛnea wɔyɛ no ho asɛm kyerɛɛ me no, misusuwii sɛ, ‘Oo, dabi, wontumi nhwɛ kwan sɛ mɛyɛ ɛno! M’ani afura!’ Na memfaa m’anifurae no nyii me ho ano wɔ biribiara ho da, nanso saa bere yi de misusuwii sɛ, ‘Ɛnyɛ me. Memfa me ho nhyɛ ɔpon ne ɔpon ano som adwuma no mu.’ Enti mekae sɛ: “Mɛyɛ dɛn atumi akenkan kyerɛw nsɛm wɔ apon ano?” Penny kaa no brɛoo sɛ: “Wubetumi akyere kyerɛw nsɛm agu wo tirim, wontumi?” Na onim sɛ metumi, efisɛ na wɔma mekyere kyerɛw nsɛm afoforo abien gu me tirim dapɛn biara. Na mintumi nyi me ho ano wɔ biribiara ho wɔ saa nnipa baanu yi anim!
Bere a na masua ade mfe abien akyi no, misii me bo sɛ mɛkɔ afe 1968 Kristo wu Nkaedi no ase. Mebɔɔ mpae ansa na merebɔ me kunu amanneɛ. Na minim sɛ ɔbɛyɛ basabasa, na ɔyɛe. Ɔteɛteɛm sɛ ɔbɛpɛ sɛ miwu mmom sen sɛ mɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Ɔtwee sekan de kyerɛɛ me menewam. “Ka kyerɛ me sɛ wonkɔ, na merenkum wo!” Mebɔɔ Yehowa mpae komm sɛ: ‘Sɛ ɛsɛ sɛ miwu mpo a, boa me ma minkura me mudi mu.’ Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ metee kommyɛ bi nka wɔ me mu, na mifii ase susuw sɛ: ‘Sɛ mansom Yehowa a, ade pa bɛn na menya wɔ asetra mu?’ Na ɛte sɛ nea ɛremma awiei da, nanso awiei koraa no ɔtoo sekan no kyenee fam. Osui sɛ, “Mintumi nkum wo. Mepɛ sɛ mikum wo, nanso mintumi Minnim nea enti a ɛte saa.”
Wɔ Nkaedi no ase no, asomdwoe ne Yehowa a na mabɛn no ho nkate baa me mu bio. Bere a mekɔɔ fie no, na wato me pon mu, na na me nneɛma gu abobow ano. Mekɔdaa m’awofo nkyɛn. Ɛno akyi no sekan a wɔde kyerɛ me menewam de hunahunaa me ne ɔhwe no kɔɔ so. Na ɔtaa to me pon mu bere a mefi nhyiam ase abedu fie no. Me kunu kae sɛ: “Sɛ wobɛsom Yehowa a, ɛnde ma ɔnhwɛ wo.” Ogyaee ɔdan, nsu, anyinam ahoɔden ne ade ho ka tua. Yɛn nnuan sae, wotwaa yɛn gas ne yɛn kanea mu, na yɛn fie no fii yɛn nsa. Nanso na Yehowa hwɛ me ne me mma no daa.
Wɔ July 1969 mu no, Yehowa Adansefo yɛɛ nhyiam kɛse bi wɔ New York City mu. Aka dɔnhwerew biako ma maforo keteke akɔ no, me kunu kaa me hyɛɛ baabi, hunahunaa me sɛnea ɔtaa yɛ ho, de sekan kyerɛɛ me menewam bio. Nanso esiane sɛ na akokwaw me nti, migyinaa pintinn. Wɔ nhyiam no ase no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne wɔ July 11, 1969. Wɔbɔɔ me ne nhyiamfo afoforo 3,000 asu wɔ ɛpo no mu.
Anyɛ yiye koraa mprenu afe biara no, na mede nnɔnhwerew 75 yɛ asɛnka adwuma ɔsram biako, ɛwom mpo sɛ me kunu hyɛɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mekɔ asɛnka de. Na minim sɛ asɛnkakɔ no yɛ Yesu Kristo ahyɛde, na na ɛsɛ sɛ mitie no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Nanso, na meyɛ adwumaden wɔ ne bere nyinaa. Na mema fie hɔ tew. Na meyɛ n’aduan ma no bere ano. Na menoa nnuan a ɔpɛ yiye ma no nhyiam horow da. Sɛ meba fie a, meyɛ nnɔkɔnnɔkɔwade ma no. Ɛno mpo, onwiinwii kakra. Nanso ɛyɛ den ma obi sɛ ɔbɛteɛteɛ wo bere a wode nnɔkɔnnɔkɔwade a ɔpɛ yiye ma no no! Me kunu maa abusua no tu kɔtraa California wɔ 1975 mu. Bere a yɛaware mfe 17 akyi no, yɛn aware no gui wɔ November 1976 mu. Na ɛnyɛ mepɛ da sɛ wobegyae me aware. Ná mempɛ awaregu. Yehowa aka wɔ Malaki 2:16 sɛ ‘ɔtan awaregu.’ Ná ɛyɛ osuahu a enye koraa a mefaa mu. Nea ɛhyɛɛ m’awerɛhow mu den no, me mma no ne wɔn papa traa Califonia. Mesan baa Apuei Fam a anka mete hɔ no.
Na m’awofo a wɔde ɔdɔ hwɛɛ me wɔ me mmofraberem no wɔ hɔ. (Me papa awu, nanso me maame da so te ase, a wadi mfe 80 ne akyi na wayɛ Ɔdansefo nokwafo bɛyɛ mfe 40.) Nanso, me nko ara na mete, na Yehowa ama me nea mihia nyinaa: adan, aduan, ntade, sika, nnwuma bere a mihia, ne nnamfo a wɔdɔ me pii a wɔboaa me na wɔda so ara boa me. Judy Cole a wayɛ m’adamfo bere tenten, a ɛwom sɛ mprempren ɔnte mmɛn me no ne me kasa telefon so, kenkan Ɔwɛn-Aban mu nsɛm kyerɛ me, na ɔhyɛ me nkuran. Ɔno ne m’adamfo paa—wɔ Yehowa, a mibu n’adamfofa sɛ ɛsom bo sen abusuabɔ foforo biara a matumi anya no akyi!
Wɔ October 1, 1986 mu, anadwo nnɔndubiako no, me babea Linda ne me kasa fii San Diego, California. Ɔka kyerɛɛ me sɛ me babarima Stephen a na wadi mfe 23 saa bere no da ayaresabea a ne tebea no mu yɛ den a wɔnhwɛ kwan sɛ ɔbɛtra ase. Na ɔte ne motor so nam bepɔw so kwan bi a akontɔnkontɔn so, ɔkɔpem dua bi na ofi bepɔw a ne sorokɔ bɛyɛ mita 45 so kɔhwee ɔbon no mu wɔ fam. Na ofie biako pɛ na ɛbɛn hɔ. Na ɛyɛ anadwo nnɔnabien, nanso ɔbarima a na ɔte bɛn hɔ no asɔre anadwo resua ade. Ɔtee dede no, ofii adi, ohuu nea asi, na ɔyɛɛ ntɛm frɛɛ ayaresabea adwumayɛfo baa hɔ.
Na ade atɔ Stephen so, n’anan abien no mu abubu, na dompe a ebua ne kotodwe so no abubu, na n’amemene ahon kɛse. Bere a miduu hɔ no, nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ me sɛ wonnye nni sɛ ɔbɛtra ase. Ná ade ato no so dapɛn biako. Na mewɔ hɔ na n’ani so tetew no. Ɔkae sɛ, “Ei, maame.” Anigye nsɛm a ɛsen biara a mate pɛn! Na ɔbɛtra nkwa mu! Nea ɛmaa m’anigye yɛɛ kɛse no, afe biako akyi no, wɔbɔɔ Stephen asu sɛ Yehowa Adansefo mu biako wɔ July 1988 mu.
Anigyesɛm biako wɔ m’asetra mu mprempren ne sɛ: seesei Ɔwɛn Aban Asafo no atintim nhoma pii wɔ anifuraefo nkyerɛwee mu! Ɛyɛ akyɛde a ɛyɛ anigye ma me! Bere a mebaa nokware no mu no, na ɛkame ayɛ sɛ biribiara nni hɔ a wɔakyerɛw wɔ anifuraefo nkyerɛwee mu. Nanso mprempren de wɔakyerɛw Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No, Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, Young People Ask, ne Onipa a Ɔsen Biara a Wɔatra Ase Pɛn nhoma no a wotintim no nnansa yi ara no wom.
Mepɛ sɛ mede asɛm no ba awiei sɛ me sɔhwɛ ahorow no nyinaa twee me bɛn Yehowa. Ne nyinaa ahyɛ me gyidi den. Mentee nka da sɛ minhu ade, na minnim sɛnea ɛte ankasa. Ɛwom sɛ na mitumi hu ade ara kosi sɛ midii mfe abien de, nanso menkae sɛnea ɛte koraa. Nanso, kyerɛw nsɛm a m’ani gye ho no mu biako ne Dwom 145:16, nea ɛka sɛ: ‘Yehowa bue ne nsam na ɔma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.’ Yɛn nsa bɛka nea yɛpɛ biara a yɛn nsa nka nnɛ no wɔ ne Paradise asase a wahyɛ ho bɔ no so, faako a ɔbɛyɛ ade nyinaa foforo no. (Adiyisɛm 21:3-5) Sɛnea Ɔdansefo biako kaee me no, mehu ade mpo.
Anigye a ahyɛ me koma ma mprempren ne sɛ medi ɔpɛ a emu yɛ den a mewɔ sɛ mɛsom Yehowa daa no ho dwuma!—Sɛnea Collette Nunes ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
“Sɛ ɔyɛ me ba a, anka mɛma wawu”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Wɔkae sɛ: “Woasɛe koraa, Onyankopɔn mpɛ wo!”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
Ɔsɔfo no de m’anifurae no ho asodi too Onyankopɔn so
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
Metee sɛ me kunu reyɛ ɔyerenom a wɔsesa wɔn ho nhyehyɛe
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
Ɔtwee sekan kyerɛɛ me menewam. “Ka kyerɛ me sɛ worenkɔ, na merenkum wo!”
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Bere a na Collette adi mfe 17 ne mfe 2 (bere a na ɔda so ara hu ade)
[Mfonini wɔ kratafa 19]
Collette ne ne kraman a ɔkyerɛ no kwan