Mebɔɔ Mmɔden sɛ Mekum Me Ho Ɛkaa Kakraa Ma Mikum Me Ba
ƐYƐ me dɛ sɛ mantumi anyɛ abien no mu biara. Nokware no a mihui no baa bere a ɛsɛ mu ma egyee yɛn baanu nyinaa nkwa. Saa nokware yi asakra m’abrabɔ, m’adwene, me nipasu, ama me adwuma foforo, ɛde me kɔ ɔman foforo so na ama meresua kasa foforo. Nokwarem no, meresua kasa afoforo abien mpo. Nanso emu biako pɛ na ɛyɛ den, nea ɛka ho no yɛ anigye.
Ansa na merefi ase ahwehwɛ biribi a eye no, mede me ho kɔhyɛɛ biribi a enye koraa mu. Migye di sɛ na ɛsɛ sɛ me ti kɔpem ansa na mahu hia a ehia sɛ medan me ho.
Meyɛ Yudani, a awofo a na wɔn ani nnye nyamesom ho titiriw biara tetee me wɔ Yudafo abusua mu. Nanso, wɔhwehwɛe sɛ mekɔ hyiadan mu sukuu, kɔ Memeneda sukuu na mekɔ nnapɔnna asɔre atitiriw. Bere a midii mfe 10 no, mihuu nyaatwomyɛ pii wɔ Yudasom mu. Ade biako a ɛmaa me ho dwiriw me ne tekit a na ɛsɛ sɛ yɛtɔ na yɛde akɔ nnapɔnna asɔre horow no. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wutua sika ansa na woakɔsom Onyankopɔn? Mihui nso sɛ wɔkyerɛkyerɛw nnipa a wɔmaa sika akɛse no din akɛse guu hyiadan ban no ho. Yudani mmaranimfo bi na na ɔkyerɛ Memeneda sukuu a mekɔe no, na wɔkyerɛ sɛ na ɔno ne kyerɛkyerɛfo a ɔbɔ mmɔden sen biara wɔ hyiadan mu hɔ. Ná wiase nyansapɛ na wɔkyerɛkyerɛ, na wɔdaa Bible no adi sɛ nhoma pa a nnipa a wonim nyansa kyerɛwee, na ɛnyɛ sɛ nhoma a Onyankopɔn ma wɔkyerɛwee.
Enti bere a midii mfe 14 na m’awofo de me kɔɔ sukuu foforo no, mansi hyiadan mu hɔ bio, na metwee me ho fii nyamesom nyinaa ho. Mekae sɛ bere a akyiri yi mesan kɔɔ fie na me papa pɛe sɛ mekɔ hyiadan mu hɔ no, meka kyerɛɛ no sɛ minnye Nyankopɔn nni. Ná mahu nyaatwomyɛ pii, na na minni biribiara mu gyidi. Ná me fie asetra nyɛɛ papa. Metee nka sɛ obiara mpɛ m’asɛm. Ná hwee mfa me ho. Mpɛn pii no miguan fii sukuu ma polisifo huu me na wɔsan de me bae. Awiei koraa no m’awofo de me kɔɔ mmofra sesɛw sukuu afe biako.
Ɛhɔ na mikohyiaa mmabaa afoforo a na wɔahyia ɔhaw ahorow pii—na ebinom awowo, afoforo awiawia kar ahorow, pii nom nnubɔne, na na ebinom abɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn awofo mpo. Mifii hɔ no na madi mfe 16. Mifii California kɔɔ New York na mekɔɔ Long Island Sukuupɔn wɔ Brooklyn. Misuaa amanyɛ ne sikasɛm nhyehyɛe ho ade. Saa bere yi na m’ani gye sɛ mɛboa ma nneɛma ayɛ yiye wɔ wiase na misusuwii sɛ amansɛmdi so na menam betumi ayɛ saa. Ansa na mereyɛ eyi mpo no na makɔ afie afie a na merebɔ mmɔden sɛ menya nkurɔfo ma wɔatow aba ama Eugene McCarthy sɛ́ otitrani. Nanso dodow a misuae na mihuu amansɛmdi no, dodow ara na mihuu atorodi a ɛwɔ mu no. Mesakraa m’adesua no na awiei koraa no mifii sukuupɔn no mu.
Bere a mayɛ basaa, a minni biribiara mu anidaso no, mifii ase kɔɔ asanom mmea ahorow kɔnom nsa, nom nnubɔne na meyɛɛ adwuma mpo sɛ obi a ɔsaw wɔ asanom mmeae a ɛtete saa. M’ani gyee ɔbarima bi a wɔfrɛ no Jon ho, yɛboom trae na akyiri yi yɛwaree. Ɔbɛdanee ɔsadweam, a otumi fi fie a ɔnsan mma nna dodow bi, na eyi haw me pii. Na m’aware resɛe, na amammui nhyehyɛe no nye, na afide resɛe asase no na na ɛte sɛ nea onipa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe n’ankasa ho wɔ nuklea akodi mu. Mebɔɔ mmɔden sɛ mekum me ho.
Na mehwehwɛ biribi a eye sen saa. Migyaee nnubɔne fa. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma m’aware anya nkɔso. Mifii ase susuwii sɛ, So Onyankopɔn wɔ hɔ? So ɔte ase? Mehwehwɛɛ ahonhonsɛmdi mu, metotɔɔ nhoma ahorow a ɛfa adaemonesɛmdi ho. Me ti yɛɛ yiye sɛ adaemone anhaw me da. Jon kae sɛ nkɔmhyɛ ahorow wɔ Bible no mu a ɛfa daakye ho. Me nyamesom ntetee no ankyerɛ me biribiara a ɛte saa. Mebisaa no sɛ, “So ɛwɔ Apam Foforo no mu?” Ná osusuw saa. Ná ɔyɛ Katolekni nanso na ɔnyɛ Katoleksom no ho hwee anaasɛ na onnye nni. Efi saa bere no mepɛe sɛ mehu nea Bible no ka.
Afei nneɛma kɔɔ so ntɛmntɛm. Mebɔɔ mmɔden sɛ mekum me ho mpɛn pii—mebɔɔ mmɔden sɛ mede sekan bɛwɔ me ho, metwa me mene—nanso na eyinom nyinaa yɛ mmɔdenbɔ fã-ne-fã, meteɛɛm hwehwɛɛ mmoa na meyɛɛ no me kunu anim sɛnea ɛbɛyɛ na obegyae asanom ne asanom ase akyinkyin akyinkyin no. Anyɛ yiye.
Ankyɛ na nsakrae kɛse baa m’asetra mu. Da koro Kwasida Jon ne me kɔsraa ne nnamfo mpanyimfo awarefo bi. Na wɔne Yehowa Adansefo asua ade, na wɔwɔ Adansefo wɔ wɔn abusua mu na na wɔte Bible no ase sɛnea Adansefo no yɛ no. Nea ɛyɛ nwonwa no mebɔɔ mmɔden sɛ mɛma wɔahu sɛ Yudasom no na eye, ɛwom sɛ na mapow de. Afei ɔbarima no kaa nea Adansefo no gye di no ho asɛm kyerɛɛ me. Simma 15 pɛ mu no ɔkasa fii Adam so kosii Harmagedon so. Me ho dwiriw me. Ɛno nen! Ɛno ne nokware no!
Me ne ɔbea no kɔɔ Bible adesua n’adekyee anwummere. Mifii ase kɔɔ nhyiam horow daa. Jon hyɛɛ me nkuran bere tenten bi, nanso bere a misuaa Bible mu nokware ahorow pii no mifii ase sakrae. Romafo 12:2 fii ase dii dwuma wɔ me mu: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” Migyaee wii nom, nsa ase akyinkyin akyinkyin, asanom bebrebe ne adewia.
Yiw, adewia. Bere a na me ne Jon te wɔ New York no, na yefi adi kowia kar na yetutu ɛho nneɛma tɔn. Ebia na nkurɔfo wɔ kar a wohia ɛho nneɛma bi, na sɛ yehu bi a ɛte sɛ ɛno a, yekowia na yɛtontɔn ɛho nneɛma ma wɔn. Bere a migyaee eyi nyinaa no, Jon fii ase sɔre tiaa Bible a na me ne Yehowa Adansefo resua no. Nanso ogyaee bere a Adansefo baanu baa yɛn pon ano na n’ani gyee wɔn ho no. Afei de nea ɔkae ne sɛ, “Wo ne wɔn nsua ade, nanso mfa me nka ho. Nni adanse nkyerɛ me. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛsakra me.”
Eyi akyi bere tiaa bi no asɛm foforo sɔree. Minyinsɛnee. Ná ɔmpɛ ba, na sɛnea ɛbɛyɛ na m’aware ansɛe no, mepenee so sɛ meyi agu. Na mayɛ mprenu dedaw enti na nea ɛto so abiɛsa nyɛ ade foforo. Afei mekotiee ɔkasa bi a na mfonini ahorow a woyi kyerɛ ka ho wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Na ɛfa anwonwade a awo yɛ no ho. Me ho dwiriw me wɔ sɛnea nipadua ketewaa fi ase nyin wɔ awotwaa mu no ho. Ná ɛyɛ ade a nkwa wom, ɛrenyin, na ɛkeka ne ho! Ná nsa ne anan repuepue, na nsateaa ne nansoa repuepue, na ɛnkyɛ na ɛrenom ne nsa! Na eyi na na merekokum no no? Ɛde besi saa bere no na mabu yafunu mu ɔba sɛ ade bi ara kwa, sɛ́ me nipadua no fã ara kwa. Nanso Yehowa ani so no na ɛyɛ abɔde a ɛte ase, na afei de ɛbɛyɛɛ saa ara wɔ m’ani so nso.
Nhyiam no akyi no mifii adi kosui. Ná merentumi nkoyi yafunu no ngu. Mekɔɔ fie kɔka kyerɛɛ me kunu sɛ, “Merensɛe yafunu no.” Ɔde abufuw puei na ɔkaa pon no hwee mu. Ɔne me ankasa bɛyɛ nnansa. Nanso bere a mewoo abofra no n’ani gyee ne ho. Ɔbɛyɛɛ ne wiase nyinaa. Osusuwii sɛ ɛno ne ade a n’ani gye ho sen biara. Na wadi mfe 37 na na wanya ɔbabarima! Ne suban sesae wɔ akwan horow bi so nso. Bere a meka kyerɛɛ no sɛ merekogye asubɔ no, nea ɔkae ara ne sɛ: “Eye, sɛ ɛno na wopɛ sɛ woyɛ a.” Eyi bae wɔ mfirihyia abiɛsa ɔsɔretia ne ahunahuna akyi.
Nnansa akyi no wamma fie saa anadwo no. Na nneɛma rekɔ so yiye, na afei misusuwii sɛ ne basabasayɛ no refi ase bio. Ná merentumi ntra eyi ho bio bere a mabehu Bible mu nokware ahorow no na manya me ba Jonathan a ɛsɛ sɛ metete no no. Megyaa me kunu. Mehyehyɛɛ me nneɛma twɛn no sɛ ɔbɛsan aba na matumi aka akyerɛ no. Obi bɔɔ pon no mu. Ná ɛnyɛ me kunu. Na ɛyɛ polisini bi. “Lɔre asiane bi asi. Wo kunu awu.” Na ofi asanombea bi reba fie na ofi bepɔw no so kɔtɔɔ bon no mu. Da a ade kye a eyi bɛba no ne bo fuwii wɔ biribi ho na ɔkae sɛ: “Obiara mma me ho ntɔ me! Ɛsɛ sɛ miwu!” Saa asɛm no kɔɔ so gyigyei wɔ me tirim bere a polisini no bɔɔ me amanneɛ sɛ Jon awu no.
Mihyiraa me nkwa so maa Yehowa na asram abiɛsa akyi no me ne Yehowa Adansefo fii asɛnka adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ no ase, Na yɛte Colorado bere a me kunu wui no, na afei yetu kɔɔ mmeae horow kodii adanse wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse. Ahohuru bere bi mu no Jonathan ne me tumi ne daa asɛnkafo bi a wɔwɔ Kentucky yɛɛ adwuma. Yɛde nnɔnhwerew 8, 10 anaa 12 yɛɛ adwuma da koro. Saa bere yi na Jonathan adi bɛyɛ mfe anum pɛ, na Adansefo no mu biako susuwii sɛ ɛdɔɔso dodo ma no. Obisae sɛ: “Dɛn nti na womma ɔmfa da koro nhome?” Ná ɔwɔ mmofra baasa, enti mema ɔne wɔn traa fie. Ɛyɛɛ ne dɛ, nanso dapɛn a edi hɔ no obisae sɛ, “So ɔkyena yɛ ɛda a mede bɛhome?” Afei ɔkae sɛ, “Dabi, mepɛ sɛ me ne wo kɔ asɛnka. Mempɛ ahomegye da bio.”
M’agya wɔ obu ma me som esiane nsakrae a ɛde aba wɔ me mu no nti, nanso ɔmpɛ sɛ ɔyɛ ho hwee. Obisabisa Jonathan ɛho nsɛm. Bere a me nã wui no m’agya de ne mfonini kyerɛɛ no. Obisae sɛ, “Hena ni?” “Ɛyɛ wo nena.” “Ɔwɔ hẽ?” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Owui na ne kra kɔɔ ɔsoro.” Jonathan kae sɛ, “Dabi, ɔyɛ ɔkra, na ɔwɔ ɔdamoa mu.” Ɛyɛɛ no nwonwa no, ofii ase bisabisaa Jonathan nsɛm afoforo. “Hena ne Nyankopɔn?” “Yehowa.” “Dɛn na ɔyɛ?” Jonathan kae sɛ: “Ɔwɔ ɔsoro, na ɔma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ.” Ná m’agya rentie me, nanso otiee Jonathan. Na Jonathan tumi maa ne nsemmisa ahorow no ho mmuae efisɛ na yɛabom asua Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a Ɔwɛn Aban Asafo tintimii no.
M’agya gye Onyankopɔn di. Mekae sɛ bere a na madi bɛyɛ mfe akron a na meregye Onyankopɔn wɔ a ɔwɔ hɔ ho akyinnye no, m’agya de me fii adi na ɔde nhwiren bi kyerɛɛ me. Obisae sɛ, “Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae?” Obuaa n’ankasa n’asɛm sɛ: “Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ saa.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ afifide mpo tumi fa kɔnkrit mu pue. M’agya bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma manya Onyankopɔn mu gyidi, nanso afei de na me babarima kumaa no na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa no ma wahu Yehowa ne n’atirimpɔw sɛnea ɛbɛyɛ na ɔne yɛn abom atra ase wɔ paradise asase so. Wɔ mmere a ɛtete sɛɛ mu titiriw no, mehwɛ Jonathan na meka wɔ me tirim sɛ ‘Sɛ mankɔ ankotie saa ɔkasa a na mfonini ahorow a woyi kyerɛ ka ho no wɔ Ahenni Asa no so mfe anum a atwam ni no a, anka Jonathan nni ha mprempren.’ Ɛtɔ da bi a ehu ka me bere a misusuw sɛnea ɛkaa kakraa bi ma mikum me ba no ho no.
Wɔ 1979 mu no mekɔɔ Israel. Ná mepɛ sɛ mikohu Bible asase no. Mamfa Jonathan ankɔ—na osua dodo sɛ obenya akwantu a ɛte saa ho anisɔ. Mesan bae a na mepɛ sɛ mekɔ Israel kɔka asɛm a na ɛho aba me mfaso no kyerɛ m’ankasa me kuromfo. Mihui sɛ nnipa a wɔwɔ Israel no de wɔn ho nyinaa ama na wɔreyɛ adwuma denneennen de asiesie wɔn man, ná wɔrebɔ mmɔden nanso na wɔn mmɔdenbɔ no yɛ ɔkwa esiane sɛ na wɔatwe wɔn ho afi Yehowa ho nti. Mifi saa akwantu no san bae a na mpae a mebɔ ne sɛ Yehowa bebue kwan ama me ma makɔsom no wɔ Israel.
Mfe abien mu no mekɔɔ so bɔɔ mpae. ‘Sɛ minya ɔdansefo foforo a ɔde ne bere nyinaa ka asɛm, titiriw obi a onim Hebri na obetumi aboa me ma masua kasa no, ka me ho nkutoo a!’ Afei, 1981 mu no, mesan kɔɔ Israel, saa bere yi de na Jonathan ka me ho. Ná yɛne Yehowa Adansefo kuw bi nam. Ná yɛrekɔsra Adansefo no Ahenni Asa a ɛwɔ Betlehem no. Wɔde bɔs a na yɛde nam a wɔakyerɛw anim “Yehowa Adansefo” no sii kwan no ho baabi.
Mmea baanu huu nkyerɛwee no na wɔbaa asa so hɔ. Ná wɔyɛ Yehowa Adansefo a wɔahu nkyerɛwee no, enti wɔbae sɛ wobekyia yɛn. Ná wɔn mu biako yɛ Yudani abeawa a ofi Holland abɛtra Israel. Ná ɔde ne bere nyinaa reyɛ Yehowa som adwuma no wɔ kurow foforo so, na ɔbaa Betlehem saa da yi. Ná ɔpɛ obi ne no atra na ɔne no abom ayɛ adansedi adwuma no. Bere a mede m’abisade too n’anim no, ɔde anigye kae sɛ: “Yiw. Wo ne Jonathan betumi aba ne me abɛtra!” Me mpaebɔ no ho mmuae ni! Na ɛhɔ na me ne Jonathan te mprempren.
Ɛyɛ me anigye kɛse sɛ pɛ a mepɛe sɛ mikum me ho mpɛn pii no anyɛ yiye, ne sɛ mankum me babarima no wɔ yafunu mu! Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ mihuu nokware no na ɛsakraa m’asetra ma ‘miyii nipasu dedaw no gui na mehyɛɛ nipasu foforo’! (Kolosefo 3:9, 10) Na bere a migu so resua kasa foforo a ɛyɛ den, a ɛne Hebri kasa no, migu so nso resua kasa foforo a ɛyɛ anigye, nea wɔaka ho asɛm asie wɔ Sefania 3:9 (New World Translation) no: “Ɛno na mɛma amanaman no asakra aka kasa kronn, na wɔn nyinaa abɔ Yehowa din, na wɔabom asom no.”
Afei de wɔabua me mpaebɔ no. Manya hokwan sɛ mede me bere nyinaa bɛsom Yehowa, na me ne me nuanom Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa abom ayɛ adwuma.—Wɔkyerɛw mae.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wutua sika na woakɔsom Onyankopɔn?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
Na m’aware resɛe, na amammui nhyehyɛe no nye, na afĩde resɛe asase no na na ɛte sɛ nea onipa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe n’ankasa ho wɔ nuklea akodi mu
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
Mebɔɔ mmɔden sɛ mekum me ho mpɛn pii—mebɔɔ mmɔden sɛ mede sekan bɛwɔ me ho, metwa me mene—nanso na eyinom yɛ mmɔdenbɔ fã-ne-fã, meteɛɛm hwehwɛɛ mmoa
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]
Migyaee wii nom, nsa ase akyinkyin akyinkyin, asanom bebrebe ne adewia
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Ná ɛyɛ ade a nkwa wom, ɛrenyin, na ɛkeka ne ho! Ná nsa ne anan repuepue, na nsateaa ne nansoa repuepue, na ɛnkyɛ na ɛrenom ne nsa! Na eyi na na merekokum no no?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Obi bɔɔ pon no mu. Ná ɛnyɛ me kunu. Na ɛyɛ polisini bi. “Lɔre asiane bi asi. Wo kunu awu.”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Ɔde nhwiren bi kyerɛɛ me. “Onyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ saa”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]
Ɛtɔ da bi a ehu ka me bere a misusuw sɛnea ɛkaa kakraa bi ma mikum me ba no ho no