Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 1/1 kr. 23-28
  • Wɔayɛ Biako Wɔ Ɔdɔ Frankaa Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔayɛ Biako Wɔ Ɔdɔ Frankaa Ase
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware Dɔ a Wɔda no Adi
  • Nnɛ Bere Yi Mu Nsɛso Ahorow
  • ‘Nguankuw’ Biako
  • “Ɔdɔ a Emu Yɛ Den” a Woyi Adi Kyerɛ
  • “Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yonatan ‘Ɔne Nyankopɔn na Ɛyɛɛ Adwuma’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yonatan ‘Ɔbarima Biako Wɔ Apem Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Yonatan Wɔ Akokoduru Na Ɔyɛ Ɔnokwafo
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 1/1 kr. 23-28

Wɔayɛ Biako Wɔ Ɔdɔ Frankaa Ase

“Ne titiriw no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho.”​—1 PETRO 4:8.

1. Ɔdɔ bɛn na yehu wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ, na dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no reka fi 1922 reba no?

SO YEHU saa ɔdɔ no wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ? Ɛda adi sɛ yehu! Eyi yɛ ɔdɔ a egyina Yehowa tumidi a wohu na wogyina akyi no so, te sɛ nea Dawid mpo yɛe no. Ne titiriw efi 1922 reba no, Yesu Kristo a ɔne “Dawid Ba no” nuanom a wɔasra wɔn no reka wɔ asase so nyinaa sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn na Onyankopɔn Temmufo a wapaw no, Yesu Kristo, rebɛsɛe Satan nhyɛso nniso no akannifo.​—Mateo 21:15, 42-44; Adiyisɛm 19:11, 19-21.

2. Dɛn nti na wobetumi afrɛ Dawid sɛ ‘Yehowa koma so barima’?

2 Na Dawid yɛ ‘Yehowa koma so barima.’ Na eyi da adi wɔ ɔdɔ a na ɔwɔ ma Yehowa ne Ne trenee no mu​—su horow a ɔhene Saul ohufo no mpo gye toom sɛ Dawid wɔ​—yiw, na ɛda adi wɔ ne su horow a ɛne akokoduru, koma nyinaa mu a ofi dii Yehowa akanni akyi ne ahobrɛase mu a ofi brɛɛ ne ho ase hyɛɛ teokrase nhyehyɛe ase no mu.​—1 Samuel 13:14; 16:7, 11-13; 17:33-36; 24:9, 10, 17.

3. Su bɛn na Yonatan yii adi kyerɛɛ Dawid, na dɛn ntia?

3 Bere a Dawid dii Goliat so nkonim akyi no, ɔkɔbɔɔ Saul amanneɛ. Saa bere no mu na trenee dɔfo foforo bi nso daa ne ho adi. Na ɛyɛ Yonatan, Saul ba panyin. “Na [Dawid] ne Saul kasa wiei no, na Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” (1 Samuel 18:1) Na ɛyɛ nnamyɛ a ano yɛ den a na Dawid wɔ sɛ ɔbɛpopa ahohorabɔ a aba Onyankopɔn din so, n’ahofama ne ne ho a ɔde to Yehowa so koraa no na ɛmaa Yonatan fii koma mu nyaa ne ho anigye na enye n’akokoduru ne ne ho a na akokwaw wɔ ataabo tow mu.​—Fa toto Dwom 8:1, 9; 9:1, 2 ho.

4. Dɛn na Yonatan yɛe de kyereɛ sɛ wahu sɛ Dawid na wɔasra no sɛ ɔnyɛ ɔhene?

4 Ɛwom sɛ na Yonatan di Dawid panyin bɛyɛ mfe 30 de, nanso ɔne saa aberantewaa ɔkofoni yi yɛɛ biako wɔ adamfofa a ɛtra hɔ daa mu. “Na Yonatan ne Dawid pam apam bi, efisɛ ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne kra. Na Yonatan yii ne batakari a ɔhyɛ no maa Dawid, ne ne ntade koduu ne nkrante ne ne ta ne n’abɔso so.” (1 Samuel 18:3, 4) Hwɛ sɛnea Yonatan huu onii ko a Dawid yɛ wɔ ɔkwan titiriw so! Na Yonatan na ɛsɛ sɛ odi Saul ade. Nanso ɔdaa ɔdɔ a emu yɛ hyew na egyina nnyinasosɛm so adi kyerɛɛ Dawid na ɔbrɛɛ ne ho ase maa no sɛ nea wɔasra no sɛ ommedi hene, nea na wabɔ ne tirim titiriw sɛ obekura Yehowa din mu na wagyina tumidi akyi no.​—2 Samuel 7:18-24; 1 Beresosɛm 29:10-13.

5. Dɛn na Yonatan hui bere a eduu teokrase akodi so no?

5 Na Yonatan ankasa nso yɛ ɔkofoni ma trenee. Na waka sɛ “biribiara nsiw [Yehowa] kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa begye nkwa.” Dɛn ntia? Efisɛ Yonatan hui sɛ ɛho hia sɛ wɔhwehwɛ ɔsoro akwankyerɛ bere nyinaa na ama wɔadi nkonim wɔ teokrase akodi mu. Bere a Yonatan yɛɛ bɔne a wanhyɛ da na Saul buu no kumfɔ wɔ ho no, ɔde ahobrɛase gyee saa atemmu no toom. Nea ɛyɛ anigye no, nnipa no gyee no.​—1 Samuel 14:6, 9, 10, 24, 27, 43-45.

Nokware Dɔ a Wɔda no Adi

6. Ɔkwan bɛn so na Yonatan nokware dɔ no gyee Dawid nkwa?

6 Saul twee Dawid din a ogyei sɛ ɔkofoni no ho ninkunu na ɔhwehwɛe sɛ okum no, nanso ɔdɔ a na Yonatan wɔ ma no no gyee no nkwa! Kyerɛwtohɔ no kenkan sɛ: “Nanso na Saul ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saul hwehwɛ wo akum wo, na afei, kora wo ho so anɔpa, na tra kokoa bi mu hintaw.” Saa bere no Yonatan kɔdwudwoo Saul ma enti Dawid nyaa ne ti didii mu. Nanso nkonim foforo a Dawid dii bere a ‘ɔne Filistifo kɔkoe na okum wɔn okunkɛse’ no san kanyan ɔtan a na Saul tan no no bio. Bio nso, ɔbɔɔ ne tirim sɛ obekum Dawid ma enti Dawid guanee.​—1 Samuel 19:2-10.

7. Bere a Yonatan hyiaa oguanfo Dawid no, dɛn na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho de san hyɛɛ apam bi mu den?

7 Ankyɛ biara oguanfo Dawid san hyiaa Yonatan bio, na Yonatan kaa nea edi so yi: “Biribiara a wo kra se no, mɛyɛ mama wo.” Wɔn baanu no san hyɛɛ apam bi mu den wɔ Yehowa anim na Dawid hyɛɛ bɔ sɛ ɔremma n’adɔe to ntwa da wɔ Yonatan fi​—bɔhyɛ a ɔde nokwaredi dii so. “Na Yonatan kaa Dawid ntam bio; efisɛ na ɔdɔ no sɛ n’ankasa ne kra.”​—1 Samuel 20:4-17, NW; 2 Samuel 21:7.

8. Dɛn nti na Yonatan ne Dawid hyiae wɔ kokoam wɔ wuram, na dɛn na esii saa bere no?

8 Ɔhene Saul ansakra n’adwene wɔ ne tirim a ɔbɔe sɛ obekum Dawid no ho. Ɛdɛn, Saul tow peaw sɛ ɔde rebɔ n’ankasa ba Yonatan mpo bere a ɔkasa maa Dawid no! Enti Yonatan kohyiaa Dawid wɔ kokoam wɔ wuram. ‘Na Dawid de n’anim bebutuw fam na ɔkotowee mprɛnsa, na wofifew wɔn ho ano, na wɔn baanu sui ara maa Dawid de boroo so. Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ asomdwoe mu. Sɛ yɛn baanu akeka Yehowa ntam no, Yehowa ntra me ne wo ntam ne m’asefo ne w’asefo ntam nkosi daa.’ Enti wodii ntetewmu na Dawid bɛyɛɛ oguanfo wɔ Sif sare so.​—1 Samuel 20:41, 42.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na Yonatan san hyɛe Dawid nkuran wɔ nea ɛda adi sɛ na ɛyɛ wɔn baanu no ntam nhyiam a etwa to no mu? (b) Bere a Filistifo kum Yonatan ne Saul no, kwadwom bɛn na Dawid twae, na ɔde baa awiei wɔ ɔkwan bɛn so?

9 Yonatan fi ɔdɔ mu kɔɔ so hyɛɛ Dawid nkuran. Sɛnea kyerɛwtohɔ no ka no: “Ɛnna Saul ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Onyankopɔn mu. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’adiakyiri; na m’agya Saul nso nim sa. Na wɔn baanu pamee [Yehowa] anim.”​—1 Samuel 23:15-18.

10 Ɛda adi sɛ na ɛno ne Dawid ne n’adamfo nokwafo Yonatan nhyiam a etwa to. Akyiri yi bere a wokum Yonatan ne Saul nyinaa wɔ bere a na wɔne Filistifo reko no mu no, Dawid twaa kwadwom a ɛne “Bɛmma Dwom.” Ɔdaa obu adi wom maa Saul sɛ nea Yehowa asra no nanso ɔde nsɛm a edi so yi na ewiee dwom no: “Ahoɔdenfo atotɔ ɔko mu dɛn ara! Wɔahwirow Yonatan mu wɔ sorɔnsorɔmmea so. Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ. Ahoɔdenfo atotɔ dɛn ara, na akode asɛe yi.” (2 Samuel 1:18, 21, 25-27) Afei wɔsraa Dawid nea ɛto so abien sɛ Yuda hene.

Nnɛ Bere Yi Mu Nsɛso Ahorow

11, 12. (a) Ɔdɔ bɛn na Dawid ne Yonatan yɛɛ ho nhwɛso? (b) Dɛn na ɔdɔ a emu yɛ den a na ɛwɔ Dawid ne Yonatan ntam no yɛɛ ho mfonini?

11 Esiane sɛ “kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ” nti, dɛn na yesua fi Dawid ne Yonatan ho kyerɛwtohɔ no mu? (2 Timoteo 3:16) Yehu sɛ ɔdɔ a ɛyɛ “nwonwa sen mmea dɔ” wom. Ampa, “mmea dɔ” betumi ayɛ anigye ne nea ɛma wonya akomatɔyam bere a wodi Yehowa mmara ahorow a ɛfa aware ho so no. (Mateo 19:6, 9; Hebrifo 13:4) Nanso Dawid ne Yonatan yɛɛ ɔdɔ bi a ɛyɛ fɛ kɛse sen saa ho nhwɛso ma ɛne mmarasɛm yi hyia: “Israel, tie, [Yehowa] yɛn Nyankopɔn ne [Yehowa] koro. Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn.”​—Deuteronomium 6:4, 5.

12 Dawid ne Yonatan de biakoyɛ daa saa ɔdɔ no adi bere a wɔkoe sɛ wɔbɛpopa ahohorabɔ a Yehowa atamfo de aba ne din so nyinaa no. Wɔ eyi yɛ mu no, wonyaa ‘ɔdɔ a emu yɛ den maa wɔn ho wɔn ho’ nso. (1 Petro 4:8) Adamfofa a wonyaa mu anigye wɔ eyi yɛ mu no kɔɔ akyiri mpo sen ahyɛde a ɛwɔ Leviticus 19:18 no: “Na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Nokwarem no, na ɛyɛ ɔdɔ a wɔada no adi wɔ Yesu ahyɛde ‘foforo sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no’ mu no ho mfonini. Na Yesu dɔ no yɛ nea​—ɛma ɔde ne ho bɔɔ afɔre wɔ ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ‘ɔde ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo’ no nso mu na ɛnyɛ ne ho ase a ɔbrɛe koraa ma Yehowa apɛde no nko mu.​—Yohane 13:34; 15:13.

‘Nguankuw’ Biako

13. Ahenni adawurubɔfo kuw bɛn na wɔada adi fi 1935 reba titiriw, na Kristofo a wɔasra wɔn no ne wɔn wɔ biakoyɛ bɛn?

13 Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ “kuw ketewa” no mufo na wɔahu amane kɛse wɔ ko a wɔne nnɛ bere yi mu Goliat ko no mu. Nanso efi 1935 reba no, Ahenni adawurubɔfo a wofi “ban” foforo kɛse mu abɛka wɔn ho. Saa “nguan foforo” yi ne “nguan” a wɔasra wɔn no nkaefo ayɛ biako sɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo biako,” “Dawid Ba” no ase, wɔ ɔdɔ biakoyɛ hama a ɛsen biara​—te sɛ nea na ɛwɔ Yonatan ne Dawid ntam no mu.​—Luka 12:32; Yohane 10:16; Hesekiel 37:24.

14. Dɛn na na ɛyɛ mmɔden a Saulo bɔe sɛ obekum Dawid ne ɔdɔ mu a Yonatan fi de ne ho bɔɔ Dawid ho no nsɛso?

14 Bere a na Yonatan kuw yi refi ase adɔɔso ayɛ nnipakuw kɛse no, Wiase Ko II pae gui ma enti wɔsɔɔ wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn ahokafo no nyinaa hwɛe wɔ ɔkwan a emu yɛ den so. Na saa mfe no yɛ ɔtaa a emu yɛ den bere a asɔfo no na na mpɛn pii wɔma ɔtaa no ba. Eyi yɛɛ mmɔden a Saul bɔe sɛ obekum Dawid a na wɔasra no no ne akyiri yi, Yonatan, bere a ofii ɔdɔ mu de ne ho kɔbɔɔ Dawid no nsɛso. Ɔdɔ a emu yɛ den bɛn ara na Dawid kuw no ne Yonatan kuw no yii adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho wɔ saa bere no mu sɛɛ yi! Yesu bɛ a ɛwɔ Mateo 25:35-40 no nya mmamu wɔ honam fam mpɛn pii.a

15. (a) Ɔkwan a Adansefo no afa so bɛn na ɛne nea nnɛyi Saul kuw no nam so no bɔ abira? (b) Dɛn na ɛwɔ yɛn bere yi mu a ebetumi ayɛ ‘honhommɔne a efi Yehowa hɔ’ a ɛhaw Ɔhene Saul no nsɛso?

15 Hwɛ sɛnea Yehowa Adansefo mudi mu kura ne nnɛ bere yi mu Saul kuw no nneyɛe bɔ abira! Adansefo no ‘nyɛ wiase no fã’ na wɔatie Yesu ahyɛde a ese “monnodɔ mo ho” no wɔ wiase nyinaa. (Yohane 15:17-19) Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔ wiase nyinaa ko ahorow abien no mu no, Kristoman asɔfo a na wɔwɔ afanu a na wɔko no nyinaa bɔɔ wɔn “nyame” mpae sɛ ɔmma wonni nkonim, bere a wɔn mfɛfo nyamesomfo a wofi aman afoforo mu rekunkum asraafo ɔpepem pii no. ‘Honhommɔne a efi Yehowa hɔ’ a ɛhaw Saul no betumi ayɛ nea efii hwie a ɔbɔfo no hwiee ɔhaw ahorow a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 8 no gui no nsɛso yiye. Ɛda adi sɛ Kristoman asɔfo no nni Yehowa honhom kronkron.​—1 Samuel 16:14; 18:10-12; 19:10; 20:32-34.

16. (a) Asɔfo no de wiase nyinaa ko abien no dii dwuma de hyɛɛ Yehowa nkurɔfo so dɛn? (b) Wɔ nnansa yi mfe yi mu no, dɛn nti na wobetumi aka sɛ nnɛyi Saul kuw no akɔ so ataa Onyankopɔn nkurɔfo?

16 Wɔ 1918 mu no, asɔfo no de ɔko no mu ɔhaw ahorow dii dwuma de daadaa amammui tumi a na ɛwɔ United States no ma wɔyɛɛ ade tiaa Ɔwɛn Aban Asafo no mpanyimfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no na awiei koraa no wɔde wɔn koguu afiase. (Akyiri yi wobuu Bible Asuafo yi bem koraa.) Wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu no, wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ Germany, Italy ne Japan ne aman a wɔne Britania ayɛ nkabom no pii mu a ɔsom mu nhyɛso na ɛde eyi bae mpɛn pii. Sɛ nhwɛso no, hwɛ krataa bi a Sydney Sɔfo Panyin kyerɛw bere tiaa bi ansa na wɔrebara Yehowa Adansefo wɔ Australia no mfonini no. Bere a wodii asɛm no wɔ Australia Asennibea Kɛse no, Owura Ɔtemmufo Starke kaa ho asɛm sɛ “ntease nnim, enni nnyinaso na ɛyɛ nhyɛso.” Wotwaa bara a wɔbaraa wɔn no mu June 14, 1943, na wɔbɔɔ aban no ka. Wɔ nnansa yi mfe yi mu no, nyamesom mu nhyɛso a wɔde ba aban ahorow bi so wɔ Afrika ne Asia no ama wɔhyɛ Yehowa Adansefo so wɔ atirimɔden kwan so. Enti nnɛyi Saul​—Kristoman asɔfo​—akɔ so ataa Onyankopɔn nkurɔfo.

17. (a) Yehowa Adansefo atumi agyina amammui ne nyamesom mu nhyɛso a ɛrekɔ so no ano dɛn? (b) Adansefo no wiase nyinaa biakoyɛ no da dɛn adi?

17 Wɔ 1980 mfe yi mu no, Yehowa Adansefo atumi agyina amammui ne nyamesom mu nhyɛso a ɛrekɔ so no ano dɛn? Ɛdɛn, wɔatumi ayɛ te sɛ nea Dawid tumi gyinaa Goliat anim na Dawid ne Yonatan tumi gyinaa Ɔhene Saul anim no ara pɛ! Wɔwɔ akokoduru na wɔasi wɔn bo sɛ wobekura wɔn mudi mu wɔ tumidi ɔsɛmpɔw no ho, efisɛ wonim sɛ Onyankopɔn Ahenni bedi nkonim. (Daniel 2:44) Wɔ ɔtaa mu no, wɔde biakoyɛ gyinaa ano na wɔhyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ amanaman ntam ɔdɔ a wiase no nhuu bi da mu. Sɛ nnipa a wokura ɔfã biara a wonni mu wɔ ɔko mu no, wonhwie wɔn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ aman afoforo so no mogya ngu. (Mika 4:3, 5) Enti wɔda no adi sɛ wɔne kuw a Yesu kaa ho asɛm no bere a ɔkaa eyi no: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo. (Yohane 13:35) Sɛ wiase nyinaa anuanom no, Yehowa Adansefo ‘ahyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no,’ ade a ɛkɔ akyiri tra abusua, mmusuakuw ne aman ahye.​—Kolosefo 3:14.

“Ɔdɔ a Emu Yɛ Den” a Woyi Adi Kyerɛ

18. (a) Yonatan dɔ ma Dawid no nsɛso bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ, na wodi eyi ho adanse dɛn? (b) Dɛn na afi nsɛm a Dawid kuw no nnyae mu nsiesie no mu aba wɔ wiase nyinaa?

18 Kae sɛ na “Yonatan kra akyekyere Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.” Ɛho nsɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara na ɛwɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu sɛɛ yi! (2 Timoteo 3:1, 14) Wɔ saa basabasayɛ bere yi mu basabasayɛ a nyansa nnim no mu no, kuw biako wɔ hɔ a wɔakura wiase nyinaa biakoyɛ a ɔdɔ wom mu​—Yehowa Adansefo. Sɛ Kristofo a wonni afã biara no, wɔadi wɔn Bɔfo no ni sɛ adesamma nyinaa Amansan Hene. (Dwom 100:3) Oo, nnɛyi Refaim​—“Goliat” amammui abusuafo no​—betumi akɔ so atwa honhom mu Israel mpoa. (2 Samuel 21:21, 22) Na nnɛyi Saul​—Kristoman asɔfo​—betumi akɔ so ahaw Dawid kuw no ne Yonatan kuw no. (1 Samuel 20:32, 33) Nanso “ɔko no yɛ [Yehowa] dea.” Sɛ Amansan Hene no, obedi nkonim a etwa to ama ne nkoa anokwafo. Bere a wohu sɛ Dawid kuw no nnyae nsɛm mu nsiesie no, ɔpepem pii​—a wɔwɔ nsase nyinaa so​—a wɔyɛ Yonatan kuw no mufo a kan ataafo mpo ka ho abɛka wɔn ho wɔ Kristo ‘ɔdɔ frankaa’ ase.b​—1 Samuel 17:47; Nnwom mu Dwom 2:4.

19, 20. (a) Sɛnea nkontaabu a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 4-7 no kyerɛ no, Adansefo no dwumadi no mu nneɛma atitiriw no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Na Adansefo no nkɔso wɔ mfe du a efi 1979-88 no mu te dɛn? (d) Dɛn nti na wobetumi aka sɛ Adansefo no yɛ nnipa biako ankasa wɔ wiase nyinaa, na enti asemmisa bɛn na ɛsɔre?

19 Wubetumi ahwɛ nkontaabu a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi nkratafa 4-7 no de ahwehwɛ saa Adansefo ɔpepem pii no dwumadi a ɛretrɛw no mu. Wɔ mfe du a efi 1979-88 no mu no, Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpakafo no dodow akɔ anim fi 2,186,075 akodu 3,592,654, nkɔanim a ɛyɛ ɔha biara mu 64.3. Wiase nyinaa no, eyinom yɛ nnipa biako ankasa a wɔwɔ gyidi biako, wɔde ɔsom biako ma Onyankopɔn na wɔde biakoyɛ a abirabɔ nnim di Bible mu abrabɔ ho nnyinasosɛm so. Saa amanaman ntam kuw a wɔyɛ biako yi na Yesu asɛm a edi so yi fa wɔn ho nnɛ: “Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu, sɛnea madi m’agya ahyɛde so na mete ne dɔ mu no.”​—Yohane 15:10; fa toto 1 Korintofo 1:10 ho.

20 Ɛwom sɛ wɔka asɛm wɔ kasa horow bɛboro 200 mu de, nanso saa Yehowa adansefo yi ka nokware “kasa kronn” bere a wɔde ‘mmati koro’ som Onyankopɔn no. Wɔ saa kwan yi so no, wosuasua Dawid ne Yonatan ɔdɔ nhwɛso no. (Sefania 3:9; 1 Samuel 20:17; Mmebusɛm 18:24) Sɛ wo ne Onyankopɔn nkurɔfo nyɛɛ biako dedaw a, so worempɛ sɛ wobɛyɛ nnɛyi Yonatan kuw no muni? Wubetumi de ɛno ayɛ wo botae na Yehowa Adansefo de ɔdɔ a emu yɛ den bɛboa wo ma woadu ho.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔaka eyi ho nhwɛso pa ho asɛm wɔ 1972 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no mu, efi kratafa 216, nkyekyem 3 kosi kratafa 217, nkyekyem 3.

b Hwɛ 1988 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no nkratafa 150-4.

Ntimu Nsemmisa

◻ Ɔkwan bɛn so na Yonatan yii nokware dɔ adi kyerɛɛ Dawid?

◻ Ɔdɔ bɛn na Dawid ne Yonatan ntam ɔdɔ no yɛɛ ho mfonini?

◻ Ɔkwan bɛn so na Kristoman asɔfo ayɛ wɔn ade te sɛ Ɔhene Saul bere a na ɔtaa Dawid no?

◻ Dɛn na ɛyɛ Yonatan dɔ ma Dawid no nsɛso nnɛ

◻ Dɛn na Adansefo no biakoyɛ wɔ wiase nyinaa no da no adi?

[Adaka wɔ kratafa 27]

St. Mary’s Cathedral

Sydney

August 20, 1940.

The Rt. Hon. W. M. Hughes, M.H.R.,K.C.,

Attorney General,

CANBERRA.

Dear Mr. Hughes:

Meda wo ase wɔ wo krataa a wokyerɛw no da a ɛto so 9 a ɛfa nsɛm a Owura Jennings, M.P. kyerɛw brɛ wo ho no ho.

Nokwarem no, mihu sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye kɛse a ɛsen biara wɔ asɛm a ne ka yɛ ka na a wɔkyerɛw wo wɔ ho no ho.

Nanso sɛ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa nnipa yi kyerɛ sɛ wɔretrɛw nokware Kristosom nkyerɛkyerɛ mu no nkutoo na ɛma w’adwenem yɛ wo naa de a, ɛnde mifi obu kɛse a ɛsen biara mu de nyansahyɛ ma sɛ ɛnsɛ sɛ woma eyi a wɔyɛ no ho atɛn a wobebu no yɛ nea egyina wɔn adwuma no so na mmom ɛnyɛ nea egyina nokwasɛm so. Ɛdefa nokwasɛm ahorow ho no, mede wɔn ankasa nhoma ahorow ne wɔn ankasa nsɛm ne nneyɛe a New South Wales Polisifo di ho adanse aka ho ama wo. Ɛbɛyɛ den sɛ wobesusuw sɛ nea wɔyɛ no ne Kristosom mmɔ abira.

Polisifo Panyin a ɔwɔ N.S.W. no ada anidaso a ɔwɔ sɛ aman a wɔne Britani ayɛ nkabom no aban mpanyimfo bɛka ahyehyɛde a yɛka ho asɛm no sɛ ɛnyɛ mmara kwan so de na ama Polisifo no atumi ayɛ ade atia no kɛse wɔ ɔkwan a etu mpɔn so no adi.

With every good wish, I remain,

Yours faithfully,

ARCHBISHOP OF SYDNEY

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena