Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 7/8 kr. 27-30
  • Wɔka Guu Akokoaa Asom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔka Guu Akokoaa Asom
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔsom Ho Akɔnnɔ
  • Meware Nya Abusua
  • Migyae Asɔre No
  • Misua Bible mu Nokware
  • Abusuafo Sɔretia
  • Nhyiam a Me Werɛ Remfi Da
  • Bɛn Mpaebɔ Tiefo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • “Yehowa, Woahwehwɛ Me Ahu Me!”
    Nyan!—2005
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban: Bible Tumi Sesa Nnipa
  • Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 7/8 kr. 27-30

Wɔka Guu Akokoaa Asom

DA KORO bi, bere a na meyɛ abeawa ketewa no, ɔbarima bi baa yɛn fie wɔ Coeburn, Virginia, U.S.A., na bere a na ɔne me papa rekasa no, nea ɔka ne ho no de nkɔmmɔ hyɛɛ me. Na ɔreka sɛnea Paradise asase bi a metumi ne nkekaboa adi agoru wom a wɔrempira me bɛyɛ ho asɛm. (Yesaia 11:6-9) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ebi mpo a merenwu, na mmom metumi atra ase daa wɔ asase so ha yi ara. Ná asɛm a ɛfa daakye ho no yɛ me anigye! Nea ɔbarima no ka faa asase so tra ho no kɔɔ me tirim yiye.—Yesaia 25:8; Adiyisɛm 21:3, 4.

Ɔsom Ho Akɔnnɔ

M’awofo a na wɔwɔ aware mu nsɛnnennen pii no gyaee aware mfe bi akyi, na me ne Maame kɔtrae. Ná n’ani nnye ɔsom ho koraa. Enti na me nkutoo mekɔ Mmofra asɔre wɔ asɔre biara a metumi anantew afi yɛn fie akɔ mu. Ankyɛ na Maame san waree, na yɛne ne kunu no tu kɔtraa Indiana. Nanso, na ahohuru bere biara, mesan kɔ Virginia kɔsra me papa.

Awaregyae no akyi pɛɛ na Paapa bɛyɛɛ Mormonni, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne som a na wahu no foforo no bɛhyɛ me mu. Wɔ 1960 ahohuru bere mu, bere a na madi mfe awotwe no, ɔbɔɔ me asu. Nanso, sɛ mekɔ Indiana a, na mekɔ asɔre biara a ɛbɛn fie. Wɔn nyinaa kyerɛkyerɛe sɛ, sɛ yɛyɛ papa a, yɛbɛkɔ soro, na sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛbɛkɔ hell ma wɔayɛ yɛn ayayade. Esiane sɛ na m’adwene yɛ me sɛ obiara rente ɔpɛ a mewɔ sɛ mɛtra asase so sen sɛ mɛkɔ soro no ase nti, manka ho asɛm ankyerɛ obiara.

Bere a midii mfe 11 no, Paapa tu kɔtraa Oregon. Ɛbotow me, na me bo fuwii yiye. Ná me maame kunu yɛ obi a onnye Nyankopɔn nni ne ɔsadweam, na na ɔhaw me wɔ me gyidi ho. Ná ɔfrɛ me Abeawa Hotefo, na sɛ mifi ase su a, ɔka kyerɛ me sɛ: “Adɛn nti na womfrɛ wo Nyankopɔn na ɔmmɛboa wo?” Ɛkame ayɛ sɛ na Onyankopɔn ho nhia obiara wɔ fie hɔ. Ná saa bere no yɛ ɔhaw ne ahokyere bere. Wɔboroo me, didii me atɛm, na wɔtoo me mmonnaa. Kasa a na me ne Onyankopɔn kasa no kyekyee me werɛ, efisɛ mpɛn pii no, na mete nka sɛ ne nkutoo na odwen me ho.

Maame gyaee ne kunu no, na ɔhaw no to twae. Nanso, na yedi hia kɛse, na na ɛyɛ den ma Maame sɛ ɔbɛma yɛn nsa akɔ yɛn ano. Bere a na madi mfe 13 no, yɛsan kɔɔ Virginia kɔsraa me maame nuabea bi. Ná ɔyɛ Baptistni a ne yam ye, na ɔyɛ ɔnokwafo. Ná medɔ no paa. Bere a ɔkae sɛ memma yɛnkɔ asɔre no, mepenee so. Maame mpo kɔɔ bi, na mekae sɛnea na ɛyɛ anigye sɛ m’abusuafo ka me ho wɔ hɔ. Yɛn nsrahwɛ no baa awiei no, na misuro sɛ mɛsan akɔ fie. Ná misuro sɛ sɛ mekɔ a, ebia mebu brabɔne. Enti mesrɛɛ me maame nua no sɛ onnye me ne me ntra, na Maame maa metraa ne nkyɛn.

Me maame nua no tɔɔ King James Bible no bi maa me. Ná minni ho agoru koraa, na anadwo biara na mekenkan kakra. Mekenkan fii Bible no ti a etwa to mu sɛ “sɛ obi de biribi ka nneɛma yi ho a, Onyankopɔn de ɔhaw horow a wɔakyerɛw wɔ nhoma yi mu no bɛka ne ho.” (Adiyisɛm 22:18, 19, King James Version) Enti mibisaa me ho sɛ, “Mɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Mormonfo Nhoma no ka Kyerɛw kronkron no ho?” Enti, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛyɛ Baptistni.

Ɛwom sɛ migye di sɛ bere a mekyerɛw Paapa kaa me gyinaesi no kyerɛɛ no no, ɛhaw no de, nanso asɛm a ɔkae ara ne sɛ ɛyɛ no anigye sɛ mekɔ asɔre. Ná metaa di yɛn Baptist sɔfo no akyi kɔ nkurɔfo afie kɔto nsa frɛ wɔn ba yɛn ntamadan mu asɔre ahorow ase. Misusuwii sɛ na menam nkurɔfo afie a mekɔ ne wɔn kɔkasa sɛnea Yesu yɛe no so reyɛ Onyankopɔn apɛde.

Nanso, na meda so ara wɔ ɔpɛ sɛ mɛtra asase so paradise mu sen sɛ mɛkɔ soro. Nanso afei mekenkanee Bible mu asɛm a edi so yi, na ɛmaa me anidaso: “Mummisa, na wɔbɛma mo, monhwehwɛ, na mubehu, mompem na wobehiɛ mo. Na obiara a obisa no, onya, na nea ɔhwehwɛ no, ohu, na nea ɔbɔ mu no, wohiɛ no.”—Mateo 7:7, 8.

Meware Nya Abusua

Afe a edi hɔ no, mesan tu kɔtraa Maame nkyɛn wɔ Indiana. Bere a midii mfe 15 pɛ no, mewaree, nyinsɛnee, na mefaa bɔs kɔɔ California anafo fam. Ná minnim me kunu abusuafo kɛse, nanso na mepɛ sɛ wogye me tom. Ná wɔyɛ Pentekostfo, na m’akumaa kaa kasa horow ɔdom akyɛde no ho asɛm kyerɛɛ me. Enti bere bi a me ne wɔn kɔɔ mpaebɔ no, mebɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka kasa horow.

Mpofirim ara na minyaa atenka soronko bi bere a na wɔreyɛ asɔre no. Me ho nyinaa fii ase wosoe, na me tɛkrɛma fii ase woroo nsɛm waa. Ɔsɛnkafo no teɛɛm sɛ honhom aka me, na ofii ase de ne nsa bobɔɔ m’akyi. Ɛno akyi no, obiara bɛyɛɛ me atuu, ka kyerɛɛ me sɛ ɛyɛ anigye sɛ Onyankopɔn de me adi dwuma saa kwan yi so. Nanso na mayɛ basaa, na na misuro. Ná mente nea mekae no ase.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, bere a merebɛwo me ba a odi kan no, awo no mu yɛɛ den. Asɔre no sɔfo ka kyerɛɛ me kunu sɛ ɔnyɛ Kristoni nti na Onyankopɔn ama m’awo mu ayɛ den saa no. Me kunu de n’ani ase nusu baa me nkyɛn bɛkae sɛ, sɛ ɔbɔ asu na ebetumi ayɛ tebea no ho biribi a, anka ɔbɛyɛ saa. Meka kyerɛɛ no sɛ migye di yiye sɛ Onyankopɔn mma obi ho nkyere no na ama wasom no.

Migyae Asɔre No

Kwasida bi, bere a ɔsɔfo no kasa wiei no, ɔka kyerɛɛ asafo no sɛ wonyi ntoboa. Ná asɔredan no hia asiesie esiane sɛ na asasewosow bi a ɛbae nkyɛe asɛesɛe nneɛma bi nti. Bere a wɔde ntoboa prɛte no bɛfaa m’anim no, mede sika a mikura nyinaa guu mu. Bere a ɔsɔfo no kan sika no wiei no, sɛ́ anka ɔbɛda asafo no ase no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnto wɔn bɔtɔ mu, mmue wɔn komam mfa mmoa adepa yi. Afei ɔmaa wɔde prɛte no faa yɛn anim bio. Ná me sika nyinaa asa, enti mede aniwu kɛse gyee prɛte no maa nea odi me so no ntɛm. Ɔsɔfo no san kan sika no ntɛm ara, na bio, sɛ́ anka ɔbɛda wɔn ase no, ɔkae sɛ ennu baabiara. Ɔkae sɛ: “Nokwarem no, obiara remfi ha kosi sɛ yebenya sika a yehia ma Onyankopɔn adwuma no.”

Ná me kunu retwɛn wɔ abɔnten, na na minim sɛ ne bo afuw. Ɛnyɛ ne nkutoo. Anisɔ a ɔsɔfo no ankyerɛ no hyɛɛ me abufuw. Enti bere a me ba no da me nsa so na nusu regu me no, mesɔre faa nnipa no nyinaa anim fii asɔredan no mu. Mekaa ntam saa bere no sɛ merenkɔ asɔre biara bio. Ɛwom sɛ migyaee asɔre kɔ de, nanso na meda so wɔ Onyankopɔn mu gyidi. Mekɔɔ so kenkan me Bible, na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ɔyere pa.

Misua Bible mu Nokware

Bere a yɛwoo yɛn ba a ɔto so abien no, yɛn nnamfo bi a na wɔretu akɔtra Texas no ne wɔn fiewura kae ma ɔde dan a wɔte mu no maa yɛn. Bere a m’adamfo Pat rekɔ no, ɔkae sɛ ɔbea bi de no ka, na ɔde bɛba. Pat ka kyerɛɛ me sɛ memfa mmena no wɔ Texas. Nna kakraa bi akyi no, mmea baanu bi bɛbɔɔ yɛn pon mu. Esiane sɛ na misusuw sɛ sika no na wɔde aba nti, mefrɛɛ wɔn baa dan mu ntɛm ara. Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn sɛ Pat atu hɔ nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔbɛba hɔ. Mmea no biako a wɔfrɛ no Charlene Perrin kae sɛ: “Pat ayɛ ade paa. Yɛn ani gyee adesua a yɛne no yɛe no ho paa.”

Mibisae sɛ: “Wuse dɛn? Adesua? Ebia ɛnyɛ ɔno.” Charlene kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔne Pat fii Bible adesua ase. Bere a Charlene tee sɛ Pat atu no, obisaa me sɛ m’ani begye Bible adesua ho anaa. Mede ahotoso buae sɛ: “M’ani gye ho dodo. Mɛkyerɛ mo biribiara a mopɛ sɛ muhu.” Ná migye me Bible akenkan a mayɛ no di, na na mete nka sɛ metumi ahyɛ wɔn nkuran.

Charlene de Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no kyerɛɛ me, na yɛkenkanee Dwom 37:9: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi.” Me ho dwiriw me. Ná ɛwɔ m’ankasa me Bible mu sɛ nnipa benya asase no adi. Ɛno akyi no, mibisabisaa nsɛm pii bere koro mu. Charlene nwenwenee, na ɔkae sɛ: “Tɔ wo bo ase! Yebebua wo nsɛmmisa no mmiako mmiako.” Ɔkyerɛkyerɛɛ hia a Bible adesua a wɔyɛ no daa, a ɛkɔ wɔano wɔano ho hia no mu. Ntɛm ara na ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ ɛyɛ a memmra Ahenni Asa so, sɛnea wɔfrɛ beae a Yehowa Adansefo hyiam no.

Mekaa ntoboa prɛte ho suahu a minyae no kyerɛɛ Charlene, kyerɛɛ no sɛ mempɛ sɛ mesan kɔ asɔre. Ɔne me kenkan Mateo 10:8, faako a ese: “Munyaa no kwa, na momfa mma kwa” no. Ɔkae sɛ wɔmfa ntoboa mprɛte biara mfa nkurɔfo anim wɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow ase, na wɔn ntoboa nyinaa yɛ nea wofi wɔn pɛ mu na eyi. Ɔkae nso sɛ ntoboa adaka bi si asa no so, na wɔn a wɔpɛ betumi de ntoboa agu mu. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛsɔ ɔsom ahwɛ bio.

Bere a misuaa ade no, mibehuu nea enti a bere a mekaa kasa horow wɔ Pentekoste asɔre no, na me ho ntɔ me koraa no. Onyankopɔn de ne dom akyɛde a ɛne kasa horow no maa tete Kristofo no na ayɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ ne honhom kronkron. Saa anwonwakwan so ɔdom akyɛde yi nso dii dwuma a mfaso wɔ so maa nkurɔfo a wofi aman horow mu a wobehyiaam wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no tee Bible mu nokwasɛm ahorow. (Asomafo no Nnwuma 2:5-11) Nanso, Bible kae sɛ Onyankopɔn dom akyɛde a ɛne kasa horow no begyae, na ɛda adi sɛ egyaee bere a asomafo no wuwui no. (1 Korintofo 13:8) Nanso nea ɛbɛyɛ na Satan ne n’adaemone afura nkurɔfo adwene ani no, wɔayɛ ama ebinom woro nsɛm, wɔ ɔkwan bi a ɛma nnipa pii gye di sɛ saafo yi wɔ Onyankopɔn honhom kronkron so.—2 Korintofo 4:4.

Abusuafo Sɔretia

Ankyɛ na mebɛtee Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no ase, ne sɛ, ɛnsɛ sɛ meyɛ wiase bɔne no fã. (Yohane 17:16; 18:36) Mibehui nso sɛ ɛsɛ sɛ me ne Babilon Kɛse, a Bible no de gyina hɔ ma wiase atoro som ahemman no, twa abusuabɔ nyinaa mu. (Adiyisɛm 18:2, 4) Bere a meka kyerɛɛ Paapa sɛ merebegye asubɔ sɛ Yehowa Adansefo no mu biako saa bere no, ɛhaw no. Ɔpaa me kyɛw sɛ mennyɛ Ɔdansefo. Ɛno ne bere a edi kan a mihui sɛ ɔresu. Me nso misuu bi, efisɛ nokwasɛm ni, na mempɛ sɛ mɛyɛ biribi ahaw no. Nanso na minim sɛ mahu nokware no, na merentumi mpo Yehowa.

M’abusuafo nyinaa sɔre tiae sɛ merebɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Migyaee asafo nhyiam kɔ kakra. Eyi maa abusuafo sɔretia no kɔɔ fam, nanso meyɛɛ basaa. Ná minim sɛ m’asom rennwo me da, kosi sɛ mɛyɛ Yehowa apɛde. Da bi awia a merekodidi no, mefaa Charlene fie kɔka kyerɛɛ no sɛ mepɛ sɛ wɔbɔ me asu. Obisaa me sɛ: “Wunsusuw sɛ ɛsɛ sɛ wosan fi ase ba asafo nhyiam horow ansa?” Meka kyerɛɛ no sɛ afei de masi me bo sɛ memma biribiara nsɛe me ne Yehowa ntam. Wɔbɔɔ me asu September 19, 1973.

Ɛno boro mfe 23 ni. Anigyesɛm ne sɛ, efi saa bere no, m’abusuafo abegye me gyinaesi no atom, na wɔn mu biara nhyɛ me sɛ minnyae nokware no, na m’ani sɔ paa. Nanso, me babea panyin, Kim, nkutoo na ɛde besi saa bere yi no wabɛyɛ Ɔdansefo. Nokwaredi a ɔde som Yehowa no ayɛ nkuranhyɛ kɛse ama me wɔ mfe a atwam no mu.

Nhyiam a Me Werɛ Remfi Da

Bere a mesan kɔɔ Coeburn, Virginia, kɔsraa hɔ wɔ 1990 mu no, meka kyerɛɛ Maame sɛ ɛyɛ a onnyina wɔ Ahenni Asa no anim ma menhwɛ bere a Kwasida nhyiam no befi ase. Bere a yɛfaa ɛhɔ kwan no so no, ɔkae sɛ kan no na yɛte fie bi mu wɔ asa no akyi pɛɛ, wɔ keteke kwan no akyi. Ná fie no ahyew dedaadaw, ma aka wusikwan bi a wɔde ntayaa na ɛyɛe no nkutoo. Ɔkae sɛ: “Ná woyɛ abeawa ketewaa koraa saa bere no, na woadi aboro so ara ne mfe abiɛsa anaa mfe anan.”

Eduu Kwasida no, wogyee me fɛfɛɛfɛ wɔ Ahenni Asa so. Bere a na me ne Stafford Jordan rekasa no, meka twaa mu sɛ bere a na meyɛ abofra no, na yɛte fie bi a esi Ahenni Asa no akyi no mu. Ɔhwɛɛ me dinn. Ɔteɛɛm sɛ: “Mekae wo! Ná woyɛ abeawa ketewa bi a wo ti nhwi kusuu a wo tenten te sɛɛ [ɔde ne nsa susui]. Ná yɛreyɛ saa asasesin yi mu adwuma na nea me ne no nam no ne wo papa fii nkɔmmɔbɔ ase. Mekaa Paradise ho asɛm kyerɛɛ wo de nkɔmmɔ hyɛɛ wo.”

Ná minhu asɛm a menka. Me nne popoe bere a mekaa sɛnea mehwehwɛɛ Bible mu nokware ho asɛm kyerɛɛ no no. Mekae sɛ: “Bere a na meyɛ akokoaa koraa no, wuduaa nokware aba wɔ me koma ketewa no mu!” Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ na mewɔ busuani bi a ofi me maame papa abusua mu a ɔne Stephen Dingus, na na ɔyɛ Ɔdansefo nokwafo. M’abusuafo anka ne ho asɛm ankyerɛ me da, efisɛ na wɔn ani nnye ho koraa. Onua Jordan kae sɛ: “Anka ɔrensi wo fam koraa!”

Sɛ mehwɛ mfe a mede atra Yehowa ahyehyɛde mu a, ɔdɔ ne ayamye a wɔayi adi akyerɛ me no sɔ m’ani paa. Yiw, meda so ara di awerɛhow kakra bere ne bere mu, bere a mihu mmusua a wɔbom som Yehowa wɔ Ahenni Asa so no, efisɛ mpɛn pii no, me nkutoo na mekɔ. Nanso ɛyɛ a, mekae ntɛm ara sɛ Yehowa ka me ho. Bere nyinaa na ɔrehwɛ me, na bere a me koma tumi koraa nokware a wɔka guu abofra ketewa bi asom mfe pii ni no, ɔmaa enyinii, na ɛsow aba.

Mekae sɛ: “Onua Jordan, meda wo ase sɛ wugyee bere kaa Paradise ho asɛm kyerɛɛ abeawa ketewa a n’ani so krakra yi!”—Sɛnea Louise Lawson ka kyerɛe.

[Kratafa 29 mfonini]

Me ne Stafford Jordan bere a mihyiaa no bio wɔ 1990 mu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena