Miguanee Nyamesom Mu Nnaadaa
MEKAE “anwonwade” a edi kan a muhui no. Na madi mfe asia ne fã. Na me ne me maame wɔ Pentekostefo nhyiam a wɔyɛ wɔ ofi bi mu no ase. Na ɔsɛnkafo no reto dwom, na honhom kaa no, sɛnea Pentekostefo yɛ bere a wɔto dwom no. Na ɛyɛ awɔw bere, na na muka kɛse kurukuruwa bi si ɔdan no mfinimfini. Mihui sɛ ɔde ne nsa ahyɛ muka no mu na ɔto nnwom no ara na ɔteɛteɛm nketenkete, na oyii nsramma kɛse bi a ayɛ kɔɔ no. Ɔde ne nsa abien no nyinaa soo mu na ɔde nantew ɔdan no mu nyinaa a na ɔreteɛteɛm nkonimdi mu na ɔto nnwom nso. Saa bere yi nyinaa na afoforo no reto nnwom na wɔteɛteɛm na wɔsaw twa ne ho hyia. Wɔ nhyiam no akyi no, obiara hwɛɛ ne nsam hwɛe sɛ ahyehyew anaa. Na agyirae biara nnim!
Na eyi yɛ Pentekoste asɔre a ɛwɔ Kentucky a na me maame kɔ bi no nsɛnkyerɛnne ahorow no mu biako pɛ. Na wogye Marko ti 16, efi nkyekyem 17, faako a ɛka kasa foforo a wɔbɛka, ayarefo a wɔsa wɔn yare, awɔ a wɔbɛma wɔn so, ne awuduru a wɔbɛnom ho asɛm no di. (Saa nkyekyem ahorow yi nni Bible no nkyerɛwee a akyɛ sen biara no mu.) Ɛnyɛ Pentekostefo asɔre ahorow no nyinaa na wogye saa nneɛma yi di. Nanso sɛ wuhu sɛ ɛyɛ a, ɛma wote nka sɛ, wiɛ, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea Onyankopɔn wɔ asɔre a etumi yɛ nsɛnkyerɛnne ahorow yi na empira nkurɔfo no mu.
Afei yetu kɔɔ Indiana. Wɔbɔɔ me asu bere a na madi mfe 12 wɔ 1953 mu. Misuaa sankubɔ na mebɔe wɔ kuw nnwonto mu wɔ nhyiam horow no ase. Metee nka sɛ ɛyɛ ɔsom a mede ma Onyankopɔn no fã—ɛdenam saa nnwonto yi so na Pentekostefo nya honhom no. Sɛ honhom ka me na meka kasa foforo a, na minnim nea mereka no, nanso na ɛyɛ nkate pa.
M’ankasa mansɔ ɔwɔ mu da, nanso mekae dapɛn awiei bi a mekɔsraa asɔre a ɛwɔ Kentucky a na mekɔ bi no. Honhom kaa ɔsɛnkafo ɔkwantufo bi na oyii ɔwɔ kɛse bi fii ɔwɔ adaka bi a ɔde aba no mu. Ɔbobɔɔ no faa ne nsa ho na na ɔreteɛteɛm. Na mene nnwontofo no gyina n’akyi wɔ asɛnka agua no so, na mekae sɛ mihui sɛ mogya fi ne nsateaa ntam ba. Afei honhom kaa ɔsɛnkafo a mihui sɛ wafa ogya bere bi a atwam ni no na ɔbae begyee ɔwɔ no fii ɔsɛnkafo foforo no nsam na ɔde no too adaka no mu bio. Nanso ɔbarima a ɔkaa no no anyare. Nanso, mekae sɛ nnipa baasa a minim wɔn a awɔ kekaa wɔn no wuwui. Na m’ase barima ka ho.
Bere a midii mfe 19 no, mewaree aberante bi a ɔkyerɛ sɛ wɔagye no nkwa. Nanso na ɔnyɛ Pentekosteni papa. Mihui sɛ wama ɔwɔ so pɛn, nanso na onni honhom a ɛne mede no sɛ. Ɔbɛyɛ adepa sɛ Pentekosteni bere bi, afei ogyae, na ofi ase nom sigaret, yɛ nneɛma afoforo a yennye nni. Nanso, na saa honhom asɛm yi yɛ ade biako a ɛhaw me. Sɛ honhom ka Pentekostefo no a, mpɛn pii no na ahonhom no nyɛ adekoro. Na ebinom yɛ den, na ebinom ne wɔn ho wɔn ho nhyia, na ebinom ne afoforo koe mpo.
Mantumi ante eyi ase da. Ɛma misusuw nea enti a ahonhom ahorow pii wɔ hɔ no ho. Mekae sɛ mebɔɔ mpae bere a na meyɛ Pentekosteni no nyinaa sɛ: “Onyankopɔn, eyi nkutoo ne ɔsom a minim sɛ ebetumi ayɛ papa. Nanso sɛ mensom wo wɔ ɔkwan a ɛsɔ w’ani so a, Onyankopɔn, mepɛ sɛ mihu. Sɛ ɛnyɛ eyi ne ɔsom a eye a, mesrɛ wo, kyerɛ me nea eye no.” Mebɔɔ saa mpae no mpɛn pii.
Ɛyɛ aware a edi kan yi mu na mihuu Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ahorow no. Na yɛatu akɔtra Cincinnati wɔ 1962 mu, na Yehowa Adansefo baa yɛn pon ano. Na me kunu ani gye ho sɛ ɔne wɔn bɛkasa, nanso na mempɛ. Sɛ wɔba a mekɔtra mukaase. Me kunu kraa nsɛmma nhoma no, nanso na ɔnnkenkan. Nanso mekenkanee. Na minim sɛ ɛnsɛ sɛ mekenkan, na sɛ mekenkan a mete afobu nka, nanso na mintumi ntra ase a merekenkan biribi a ɛwɔ hɔ no. Mitumi to nsɛmma nhoma no gu nwura adaka mu mpo na akyiri yi mikoyi na mekenkan!
Misuaa asase a ɛbɛtra hɔ daa ho asɛm fii Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no mu—asase so paradise a treneefo ahyɛ so ma. Na ɛne asɛnkɛse a ɛsen biara a mate pɛn. Ɛkaa me kɛse efisɛ na yɛn Pentekostefo nnye ɛno nni wɔ asase no ho. Mekae sɛnea mekenkanee Paradise asase a ɛbɛtra hɔ daa ho asɛm na misusuwii sɛ ‘Ɛyi nyɛ nokware!’ Nanso na mepɛ sɛ mekenkan. Na akodi bi rekɔ so wɔ me mu. Mebɔɔ ho mpae. Awiei no, meka kyerɛɛ me kunu sɛ onyae nsɛmma nhoma no gye, na ɔyɛɛ saa.
Me kunu no de ne ho hyehyɛɛ mmea afoforo, na wɔ mfe ason aware akyi no, yegyaee aware. Mene me mmabarima baanu ne Olene a ɔyɛ m’adamfo dedaada na ɔwaree me wɔfa no kɔtrae. Na onim nnwonto yiye, na yɛboom kɔɔ Pentekostefo nhyiam horow na yɛtoo nnwom wɔ asɔre ahorow mu. Na Olene yɛ ɔsɛnkafo a ɔsoo ogya mu no babea nso.
‘Wɔsaa me yare’ mprenu. Nea edi kan no yɛ bere a mepɔnee a na mogya retu me no. Wɔ eyi nyinaa akyi no, mekɔɔ Pentekostefo nhyiam no. Na mayɛ mmerɛw araa ma misuroe sɛ ɛsɛ sɛ migyaw hɔ kɔ. Afei metee sɛ Olene ne ne papa fii ase too dwom. Honhom kaa wɔn. Wosusoo wɔn ho wɔn ho mmati. Wɔbae de wɔn nsa beguu me so. Ntɛm ara metɔɔ piti. Bere a m’ani so tetewee no, metee nka sɛ me ho ye! Mogya antu me bio!
Nea ɛtɔ so abien no yɛ bere a minyaa ɛse yare bi no. Na wɔasi me se fi bere a midii mfe 15 no. Mprempren wɔ akyi mfe no mu no, m’anom fii ase honoe wɔ me se a ɛwɔ soro no mu. Metraa ase asram abiɛsa a na minni se na na midi nnuan a ɛyɛ nsunsu nkutoo. Me ho yeraw me na mekɔɔ oduruyɛfo bi nkyɛn. Ɔhwɛɛ m’anom. “Wunhia me; wuhia anom ho ɔbenfo.” Ɔbɔɔ ɔyare no din sɛ papillomatosis, na ɔkamfoo ɛse sesɛwfo bi kyerɛɛ me.
Mankɔ ne hɔ da. Mene Olene kɔɔ asɔre a ɛwɔ Kentucky no mu. Akyiri yi saa anadwo no na mereto dwom bere a na madu akyiri yiye wɔ honhom mu. Olene de ne nsa too me so, na m’ani so birii me, ɛna mitwa hwee fam. M’ani so tetew me no, meporow biribi a ɛte sɛ nam a awo na wɔawe fii m’anom. Miduu fie no, mitumi de ɛse a wɔasi no hyɛe. Ɛnhaw me bio fi saa bere no.
Na Olene taa kenkan Bible no pii. Mitu kɔtraa ne nkyɛn akyi bere tiaa bi no, ɔfrɛɛ me kɔɔ ne dan mu faako a na ɔrekenkan ade no. Na ɔwɔ asemmisa bi. Ɔkenkan Ɔsɛnkafo 1:4: “Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.” Afei ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ wokyerɛkyerɛ me saa kyerɛwsɛm no mu. Yennye eyi nni. Dɛn na ɛreka ho asɛm no?” Me ho dwiriw me ankasa.
Ɔkae sɛ: “Mepɛ sɛ mihu nea enti a wo ho adwiriw wo saa wɔ saa kyerɛwsɛm yi ho no. Ɛwɔ Bible mu, na ehia sɛ yehu nea ɛkyerɛ no!” Enti mekyerɛkyerɛe mu sɛ: “Mekenkan ɛno ho asɛm wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu, na na mempɛ sɛ wuhu sɛ makenkan saa nsɛmma nhoma a Yehowa Adansefo de mema no.” Ɔpɛe ntɛm ara sɛ ɔbɛhwehwɛ Adansefo no akyi kwan.
Mekae sɛ: “Nhaw wo ho. Sɛ yɛtra ha kyɛ a, wɔbɛba yɛn pon ano. Wɔn na wɔhwehwɛ wo bere nyinaa.” Adapɛn abien akyi bere a mifi adwuma bae no, na ogyina ɔpon ano retwɛn me na ɔsereserew. “Wunim wɔn a wɔbaa ha nnɛ?” Na minni ho adwene biara. “Yehowa Adansefo! Mayɛ Bible adesua ho nhyehyɛe ama yɛn baanu!” Mantumi ankasa. Na mempɛ sɛ mene wɔn sua ade. Na misuro wɔn.
Nanso yesuaa ade. Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ nhyiam horow ase. Na Olene mpɛ sɛ ɔkɔ, nanso mekɔe. Saa bere yi na me babarima kumaa no adi bɛyɛ mfe abiɛsa, na yɛkɔɔ Ahenni Asa no so. Bere a yesuaa Nokware nhoma no wiei wɔ ofie Bible adesua no ase no, mene Olene nyinaa hui sɛ Pentekostefo asɔre no yɛ atoro. Ne nyinaa akyi no, Olene gyaee adesua no, enti me nso migyaee.
Na ɛno yɛ 1972 mu. Wɔ 1974 mu no Olene frɛɛ me telefon so—na yɛnte faako bio saa bere no. Obisaa me sɛ mɛware ne papa anaa—ɔbarima a mihui sɛ ɔsoo ogya mu bere a na madi mfe asia ne fã no. Wiɛ, na mene me kunu a odi kan no aware no aba awiei bɛboro mfe ason nen, enti mewaree Olene papa wɔ January 1975 mu.
Na ɔte Kentucky faako a ɛbɛn Pentekostefo asɔre a na yɛkɔ bere a na meyɛ abofra no. Bere a mewaree no no, meka kyerɛɛ no sɛ merensan nkɔ Pentekostefo asɔre no bio da, sɛ sɛ mɛkɔ ɔsom bi mu bio a, ɛbɛyɛ Yehowa Adansefo de no. Ɔpenee eyi so. Nanso yɛwaree akyi asram kakraa bi no, ɔpɛe sɛ mene no kɔ Pentekostefo nhyiam no. Mekɔe pɛnkoro. Mantumi antra mu. Na adaemone no wɔ a wɔwɔ hɔ no yɛ nhyɛso!
Ebeduu saa bere yi no na masua sɛ Satan, n’adaemone no, ne n’asomfo a wɔwɔ asase so no tumi yɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade ne sɛ Kristofo akodi yɛ nea etia saa adaemone tumi a ɛwɔ soro hɔnom no. (Exodus 7:11, 22; 8:7, 18, 19; 2 Korintofo 11:13-15; Efesofo 6:11, 12) Afei nso na masua sɛ na anwonwa kwan so akyɛde a na ɛwɔ hɔ wɔ tete Kristofo asɔre no mu no yɛ nea wɔnam so de sii hɔ wɔ ne mfiase ne sɛ akyiri yi bere a asomafo no fi hɔ no, saa akyɛde yi nso betwam. Sɛ nhwɛso no, ɛdefa kasa foforo akyɛde no ho no, wɔakyerɛw sɛ: “Kasa horow de, ebegyae.” Ɔdɔ, gyidi, ne anidaso ne Kristofo asɔre a anyin no mu ade titiriw afei.—1 Korintofo 13:8-13.
Nea na me kunu no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ne sɛ obenya me ma me ne no akɔ Pentekoste no bio na me ne no ato dwom na mabɔ sanku no. Mmom no, mifii ase bio kɔɔ Ahenni Asa so. Sɛ ofi dapɛn awiei Pentekoste asɔre no mu asɛnka ba a, oyi sika pii a Pentekostefo no agyigye ama no no kyerɛ. Ɔserew sɛ nkurɔfo de sika yi nyinaa ma no bere a ɔnyɛɛ hwee a enti ɛsɛ sɛ onya no ho. Awiei no, mene me babarima kumaa no kɔɔ nhyiam horow no na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo a ɔyɛ hyew. Sɛ mamfi nhyiam no annu fie ntɛm a, me kunu no bo fuw kɛse. Anadwo bi miduu fie bɛyɛ nnɔndu, na me kunu no too me pon mu. Na ɛsɛ sɛ mene me babarima no da kar mu anadwo no. Eyi bae mpɛn pii. Ná ɔwɔ tuo da ne kar mu, na sɛ ohu sɛ merekenkan anaasɛ meresua ade a, oyi ne tuo no na ɔtow fa m’akongua no ase bɛyɛ mpɛn anan anaa anum. Sɛ ɛba sɛ mikura nsa dɔkɔdɔkɔ ntoa wɔ adiwo hɔ a, ɔtow tuo bɔ ntoa no mu fi adaka no mu. Na ɛnyɛ nea ɔrebɔ mmɔden sɛ obekum me; na ɔpɛ sɛ ɔhyɛ me abufuw. Nanso mebɔɔ Yehowa mpae na meyɛɛ dinn, na ɛno maa ɔno bo fuwii.
Da bi na meresiesie me ho akɔ nhyiam na obisaa me sɛ: “So worebɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako ampa? So worebɛkɔ akokyinkyin afie afie akɔka asɛm ampa?” Na mekae sɛ: “Yiw, merebɛyɛ saa.” Ɔkae sɛ: “Wiɛ, mɛma wo adapɛn abien na wode atu afi ofie no mu.” Enti mene me babarima no tui. Yetu kɔtraa ofi ketewaa bi a obiara ntraa mu mfe pii mu. Na nsu nni hɔ, nkongua kakraa bi, na na yenni sika.
Nanso na eye koraa sɛ wubenya ahofadi akɔ nhyiam na wonhaw wo ho sɛ wɔbɛto wo ɔpon mu anaasɛ wɔbɛto wo tuo na woatumi asom Yehowa denam afie afie asɛnka so. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Sɛ mihyia Pentekostefo wɔ apon ano a, metaa te adaemone no nka wɔ hɔ. Afei meka sɛ: “Yehowa, minim sɛ woyɛ den sen adaemone. Minim sɛ wowɔ tumi a wode bɛboa me, na mihia wo mmoa. Mihia wo honhom kronkron no na matumi agyina eyi ano.” Na ɔboaa me bere nyinaa.
Wɔbɔɔ me asu wɔ September 1976 mu. Wɔbɔɔ me babarima no asu wɔ July 1977 mu. Me nuabea yɛ Ɔdansefo a wahyira ne ho so. Me maame suaa ade na ofii afie afie asɛnka ase. Enti manya nkuranhyɛ pii afi m’abusuafo hɔ ne mmoa pii afi Yehowa ne ne nkurɔfo nkyɛn. Yehowa anya me ho abotare yiye. Ɛmmra sɛ n’abodwokyɛre no bɛka nnipa ɔpepem pii foforo a ‘Onyankopɔn ayamye de wɔn rekɔ adwensakra mu’ no ho. (Romafo 2:4)—Sɛnea Ireta Clemons ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]
Awɔ kekaa nkurɔfo baasa a minim wɔn ma wowuwui
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
Ebeduu saa bere yi no na masua sɛ Satan, n’adaemone ne n’asomfo a wɔwɔ asase so ha no tumi yɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade ahorow
[Kratafa 10 mfoni]
Ireta Clemons, mprempren ɔyɛ Ɔdansefo