Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 9/8 kr. 7-9
  • Ɛhe Na Ɛde N’anim Akyerɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe Na Ɛde N’anim Akyerɛ?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛbae Ankasa
  • “Na Yɛn De No Nso Ɛ?
  • Kasa Horow Ne Honhom Ayaresa A Asan Aba—Ɛyɛ Dɛn?
    Nyan!—1982
  • Nhwehwɛmu A Ɛkɔ Akyiri
    Nyan!—1982
  • Miguanee Nyamesom Mu Nnaadaa
    Nyan!—1988
  • Honhom Kronkron Reyɛ Adwuma Nnɛ
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 9/8 kr. 7-9

Ɛhe Na Ɛde N’anim Akyerɛ?

“YEHU kasa horow ne honhom ayaresa a asan aba no sɛ ano rebrɛ ase na/anaasɛ emu repaapae,” saa na Katolek Kasa Horow ne Honhom Ayaresa Foforo a ɛwɔ United States no sɔfo kae wɔ amanneɛbɔ bi a ɔde kɔmaa kuw no mu. Amanneɛbɔ no de kaa ho sɛ: “Nea afi saa mpaapaemu no mu aba ne Onyankopɔn Asɛm no a wɔafra mu.”

Amanneɛbɔ a ɛwɔ atifi hɔ no yɛ nea wɔfa kae wɔ Australiafo nyamesom nsɛmma nhoma Vision (May-June 1980) no mu wɔ asɛm bi a na ekura asɛmti “Dɛn Na Ɛreba Kasa Horow Ne Honhom Ayaresa a Asan Aba No So Wɔ Wiase?” no mu. Asɛm no kyerɛwfo a ɔno ankasa yɛ honhom ɔyaresafo no kyerɛ sɛ ɔmaa ɔkasa wɔ kasa horow ne honhom ayaresafo aguabɔ bi ase a ɛhɔ na ɔkaa “kasa horow ne honhom ayaresa a asan aba no wu” ho asɛm.

Amanaman Ntam Lutheran Kasa Horow ne Ayaresa Kuw no guamtrani ahwehwɛ mpaapaemu no mu, na wabobɔ akuw ahorow ason a asɔre wɔ United States nkutoo din. Nea ɛka eyinom ho ne: akuw a wodi asɔfo a wɔagye din akyi; Protestantfo ne Katolekfo akuw a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobekura honhom ayaresa a asan aba no mu wɔ wɔn asɔre horow mu; ne wɔn a wɔfrɛ wɔn “akwahosan ne ahonya” akuw a wosi ayaresa ne sika fam yiyedi so dua sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ani sɔ wɔn no.

Enti, asɔfo ne wɔn a wɔwɔ akyi a wɔhwɛ no susuw ahoɔden a ano rebrɛ ase no ho, sɛ “ɛrentra hɔ daa.” sɛnea kasa horow ne honhom ɔyaresafo biako kae no. (U.S. Catholic, Feb. 1980) Ɛte sɛnea ebia ɛho anigye a wɔwɔ no bɛyera anaasɛ wɔbɛtetew kasa horow ne honhom ayaresa Sunsunsɔre akuw ahorow wɔ asɔfo afoforo ase.

Nsɛm a edidi so a ɛwɔ atifi hɔ no nyɛ nea enni nnyinaso. Encyclopaedia Britannica ka Sunsunsɔrefo a wɔdaa wɔn ho adi wɔ nyamesom mu mfeha kakraa ni no ho sɛ: “Mfitiase no na wonni adwene biara sɛ wobefi wɔn asɔre ahorow no mu akɔtew kuw foforo. Ná wɔpɛ sɛ wɔyɛ nnipa a wɔnam wɔn so de ɔsesaw ne nsakrae ba ara kwa, a wɔreboa ma wɔayi nneɛma ahorow a wɔyɛ de kyerɛ ara kwa, gyidi a wɔde nnɛyi adwene afra ne wiase no nneɛma ahorow a wɔyɛ afi wɔn asɔre horow no mu, na wɔama adan akuw ahorow a ɛyɛ nnam, na honhom ahyɛ no ma te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma nhoma a ɛwɔ Apam Foforo no mu mu no.” Nanso, wɔ bere tiaa ma no, wɔtew Sunsunsɔre kuw foforo. Akyiri yi ahorow pii bae. Nnɛ Sunsunsɔre ahorow bɛboro 30 na ɛwɔ hɔ.

‘Kasa horow ne honhom ayaresa foforo’ no nnansa yi abakɔsɛm te sɛ ɛno pɛpɛɛpɛ. Nanso ɛnyɛ nwonwa ankasa, sɛ wuhu nea efii nnɛyi kuw no ase a.

Nea Ɛbae Ankasa

Nsɛm ahorow a wɔtaa ka no bɛma woagye atom sɛ, mpofirim ara na kasa horow ne honhom ayaresa a asan aba no fii ase​—honhom kronkron no ankasa adwumayɛ. Nanso ɛdefa ne mfiase ho wɔ Protestantfo mu wɔ California no, ɛda adi sɛ wɔ 1959 mu no, Episkopalfo baanu “nyaa Honhom Kronkron asubɔ denam nnamfo a wɔkɔ Sunsunsɔre no adansedi so.” Efi wɔn so na ɛkaa emufo bɛyɛ dumien foforo. Wɔn sɔfo no kɔɔ afoforo nkyɛn bio, na adeyɛ yi trɛwee wɔ Protestant asɔre horow pii mu.

Saa ara na nea ɛkɔɔ so wɔ Katolekfo mu no nso nyɛ nea ɛbae mpofirim ara. Ansa na Duquesne de no mpo reba no na Katolekfo mmiako mmiako bi wɔ hɔ a wɔanya ‘Sunsunsɔrefo de no bi​—mpɛn pii denam nnamfo a wɔkɔ Sunsunsɔre no tumi so,” saa na The New Charismatics no ka.

Na nnipa a wɔka ho wɔ Duquesne no nso ɛ, efisɛ ɛte sɛnea eyi na ɛmaa adeyɛ yi trɛwee ntɛmntɛm wɔ Katolekfo mu no? Wɔ 1966 August mu no, na sukuupɔn no mufo nnamfo akyerɛ wɔn nhoma ahorow a ɛhyɛ Sunsunsɔre nsusuwii ho nkuran. Ɔkyerɛwfo biako se: “Awiei koraa no, kuw no sii gyinae sɛ wɔn ankasa behu Kristofo a wɔwɔ hɔ no a na wɔanya Sunsunsɔrefo osuahu no bi no. Saa nhyiam yi na ɛde “Duquesne dapɛn awiei” no bae. Nea ɛbae afei ne sɛ, Sunsunsɔre adwene ne osuahu ahorow a edi kan no baa asɔre atitiriw no bi mu. Wɔn a wonyae no pii yɛ wɔn a ebia ma wɔrehwehwɛ ɔkwan a ɛyɛ anigye na tumi wom a wɔfa so som, anaasɛ wɔn a wɔanya bi no na enyaa wɔn so tumi.

Nanso, efi saa mmɔdenbɔ ahorow yi so no, nneɛma ahorow a afi mu aba a yehu mprempren no nkyerɛ sɛ ɛyɛ ade a ɛno ankasa na asan aba ampa denam honhom kronkron no so. Mmom no nea yɛahu ne kuw biako gyidi ne nneyɛe ahorow a wɔde kyerɛ afoforo pii, a obiara nni hɔ a ɔbɛkyerɛ nneɛma a efi mu ba no kwan anaasɛ ɔbɛdan wɔn adwene asi botae horow a ɛfata so.

“Na Yɛn De No Nso Ɛ?

Adanse pii a ɛreda adi a ɛbɔ no abira akyi no, ebinom wɔ hɔ a wɔte nka sɛ wontumi mfi ahonim mu nsiw nea aba wɔn so no so. So wɔante tumi nka wɔ wɔn mu? So wɔanhu honhom ayaresa anaa wɔante nka? So wɔanka kasa horow a wonnim?

Bere a ebia ɛno te saa no, ɛho hia sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem sɛ Bible no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ adaemone ahonhom a wɔdaadaa nnipa ho. (1 Yohane 4:1) Wɔka wɔn ho asɛm sɛ “wɔyɛ nsɛnkyerɛnne,” na mpo wɔdaadaa sodifo akɛse. (Adiyisɛm 16:14) Ebia wɔde nnipa bedi dwuma de ayɛ ahoɔden nnwuma, nanso nea ɛde ba a wohu no nkyerɛ sɛ efi Onyankopɔn hɔ. Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ nea wɔyɛe wɔ Awurade Yesu dinn mu mpo a?’ Yesu ankasa kae sɛ: “Nnipa pii bɛka akyerɛ me sɛ: Awurade, Awurade, yɛmfaa wo din nhyɛɛ nkɔm, na yɛmfaa wo din ntuu ahonhommɔne, na yɛmfaa wo din nyɛɛ ahoɔdenne pii anaa? Ɛno na mɛpaem maka makyerɛ wɔn sɛ: Minhuu mo da.”​—Mateo 7:22, 23.

Wɔn a na wɔyɛ Sunsunsɔrefo no mpo susuw adaemone nkɛntɛnso no ho kɛse. W. J. Seymour a na ɔyɛ Sunsunsɔreni kɛse wɔ afeha a ɛto so 20 yi mfiase mu hɔ no ka kyerɛɛ ne kyerɛkyerɛfo da koro bi sɛ ɔmmra Los Angeles mmɛboa no efisɛ “tumi ahorow” asɔre wɔ ne nhyiam horow ase. Ɔtee nka sɛ ohia mmoa ma “wahu nea ɛyɛ nokware ne nea ɛyɛ atoro, na wayi nea emfi Onyankopɔn no afi hɔ.”

Wɔ asɛm a ɛfa Satan a ɔdan ne ho hann bɔfo wɔ ne nnaadaa no mu yi (2 Korintofo 11:14) ho no, Roma Katolek asɔre no kuw bi nnɛyi kasa horow sɔfo bi se: “Kasa horow a wɔka betumi ayɛ obi adwene a atu afra, anaa, sɛnea ebinom kyerɛ no, ɔbonsam de.” Na Episkopal sɔfo bi a ɔka kasa horow kae sɛ: “Ɔbonsam wɔ akwan pii a ɔnam so di dwuma wɔ yɛn so. Sɛ yɛba Honhom Kronkron no asubɔ mu a, ɔsɔre tia yɛn ankasa.”

Afei nso, susuw eyi ho: Sɛ akyɛde ahorow atitiriw te sɛ kasa horow, honhom ayaresa ne nkɔmhyɛ yi ho hia saa nnɛ a, dɛn nti na ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae.” (1 Korintofo 13:8) Adanse no kyerɛ sɛ, bere a asomafo no ne wɔn a ‘wɔde wɔn nsa guu wɔn so’ no wuwui no, honhom kronkron no anwonwa kwan so akyɛde ahorow no twaam.​—Asomafo no Nnwuma 8:17; 14:3.

Ɛnnɛ, biribi wɔ hɔ a ɛho hia kɛse ma Kristofo, a ɛsɛ sɛ wɔda no adi de kyerɛ sɛ Onyankopɔn nam wɔn so reyɛ adwuma. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkoa nyinaa nya. Bible no se: “Gyidi, anidaso, ɔdɔ, ade abiɛsa yi ‘na ɛtra hɔ; na ɔdɔ ne emu kɛse.” (1 Korintofo 13:13) Esiane sɛ saa na asɛm no te nti, ɛsɛ sɛ obi hwehwɛ nea ɛsen nneɛma te sɛ kasa horow na wanya honhom kronkron no adwumayɛ wɔ yɛn bere yi mu ho adanse ahorow a emu da hɔ.

Ɛnde afei, dɛn ne akwan ahorow a wɔnam so hu nokware Kristofo a wɔreda ɔdɔ a ɛho hia kɛse yi adi ankasa no? So obi betumi ahu Onyankopɔn honhom aba no sɛ ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn mu, a ɛkyerɛ sɛ wɔte sɛ afeha a edi kan Kristofo no? Ma yɛnhwehwɛ adanse no mu wɔ ɛno ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Nea afi mu aba mprempren a wohu no nkyerɛ sɛ ɛyɛ ɛno ankasa na ɛnam honhom kronkron so asan aba ampa

[Kratafa 9 adaka]

“Na Petro pam wɔn nyinaa fii adi no, ɔkotow ne nan anim sɔree, na ɔdan n’ani kyerɛɛ amu no, na ose: “Tabita, sɔre! Na ɔtew n’ani, na ohuu Petro no, ɔsɔre traa ase.”​—Asomafo no Nnwuma 9:40.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena