Kasa Horow Ne Honhom Ayaresa A Asan Aba—Ɛyɛ Dɛn?
NNIPA a wɔahyiam reyɛ asɔre no asisi wɔn ti ase te sɛ nea wɔrebɔ mpae. Ɛhɔ nyinaa yɛ dinn. Afei wɔte nne ahorow nketenkete bi—wɔrebɔ mpae. Mpofirim ara, wofi ase teɛteɛm denneennen. Wɔmoma wɔn nsa ne wɔn ti so kyerɛ soro. Ɛhɔ nyinaa yɛ gyegyeegye.
Edu saa bere yi a, nkurɔfo teɛteɛm ka nsɛm ahorow te sɛ “Munyi Awurade Ayɛ!” ne “Haleluia.” Afei, obi fi ase ka “kasa” bi a obiara nte. Nisu gu wɔn. Ɛte sɛnea wɔn a wɔahyiam no ntumi nni wɔn nkate so.
So ná eyi yɛ Sunsunsɔrefo nhyiam? Sɛ ɛnyɛ mfe kakraa a abetwam yi a, anka saa na obi besusuw. Nanso anyɛ den sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no betumi ayɛ nhyiam a wɔreyɛ wɔ Episkopalfo asɔredan mu, Roma Katolekfo sukuupɔn agudibea, anaa nea Katolekfo ne Protestantfo a wɔaka abom yɛ wɔ baabiara no bi.
Awo ntoatoaso afoforo ahu wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ ‘honhom dom akyɛde ahorow’ (Hela, charismata) . Enti, wɔkyerɛ sɛ Sunsunsɔre kuw a akyɛ, ne ne “kasa horow” ne “ayaresa akyɛde horow” no yɛ kuw a ɛwɔ ɔdom akyɛde. Wosusuw sɛ saa akyɛde ahorow yi fi Onyankopɔn honhom kronkron no.
‘Kasa Horow ne Honhom Ayaresa Foforo’ No
Wɔ 1960 mfe no mu no, asɔreasɔre nyinaa yɛɛ sɛnea ɛrekɔ fam wɔ honhom mu. Emufo dodow kɔɔ fam. Nnipa dodow a wokɔ asɔfo nhyiam horow so huanee kɛse. Nanso, afei mpofirim ara na ‘kasa horow ne honhom ayaresa foforo’ no bae. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae?
Wɔ 1959 mu no, California Episkopal asɔre bi mufo pii fii ase kaa kasa horow. Akyiri yi Episkopal sɔfo bi a ɔwɔ asɔre foforo mu nso yɛɛ saa ara. Bere a woyii ɔsɔfo no kɔɔ Washington mpɔtam hɔ no, kasa horow a wɔka fii ase wɔ hɔ. Adwene no trɛw kɔɔ Protestantfo asɔfo nhyiam horow ase, ntoaso sukuu ahorow ne asɔreasɔre a ɛwɔ United States nyinaa mu. Afei, wɔ 1960 mfe no awiei mu hɔ no, Roma Katolekfo kuw bi a wɔwɔ Duquesne Sukuupɔn mu wɔ Pittsburgh fii ase kaa kasa foforo. Eyi ho asɛm trɛwee, na wotĩi adeyɛ yi mu wɔ Roma Katolek ntoaso sukuu ne asɔre a ɛwɔ mmeae ahorow mu. Ankyɛ na akuw yi a wofi asɔre ahorow mu no bi fii ase boom hyiae, kaa kasa horow saa yare.
Kuw no trɛw kɔɔ nsase afoforo so. Atesɛm nkrataa bɔɔ nnipa mpem dudu pii a wɔkɔ kasa horow ne honhom ayaresafo nhyiam horow ase wɔ wiase nyinaa wɔ nkurow akɛse mu ho amanneɛ. Wɔ 1980 mu no akontaabu bi kyerɛe sɛ Amerikafo a wɔanyinyin bɛyɛ ɔpepem 29 susuw sɛ wɔyɛ kasa horow ne honhom ayaresa Kristofo.
Dɛn Na Ɛkyerɛ?
Nnipa koma pafo pii bu nneɛma yi sɛ ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom kronkron no reyɛ adwuma wɔ kasa horow ne honhom ayaresa a asan aba no mu, a ɛreboa ma nyamesom mu asan ayɛ den bio. Yentumi nnye akyinnye sɛ biribi nkãa saa nnipa a wofi asɔre ahorow pii mu yi. Na ɛda adi sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani.
Esiane sɛ ɛte saa nti, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛpɛɛpɛɛ kuw no mu yiye na yɛahu nea atumi ayɛ ankasa. So ɛde adanse ahorow rema a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pene so? So eyi ne ɔkwan a Onyankopɔn refa so ayɛ adwuma wɔ yɛn bere yi mu?