Nhwehwɛmu A Ɛkɔ Akyiri
SO HONHOM kronkron no ayɛ adwuma wɔ kasa horow ne honhom ayaresa kuw no mu? Ɛsɛ sɛ kasa horow ne honhom ayaresafo no hu sɛ ankorankoro biara bɛpɛ sɛ ohu ɛno, titiriw, esiane sɛ wɔde afotu no ama Kristofo wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu nti, sɛ “Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni, na mmom monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn anaa.”—1 Yohane 4:1.
Ampa, kasa horow ne honhom ayaresafo a wɔyɛ anokwafo te nka sɛ nneɛma a wohu no di honhom kronkron adwuma a ɛyɛ wɔ wɔn a wogye di no mu ho adanse, a ɛresan ayɛ nea ɛyɛe wɔ Kristofo no mu wɔ afeha a edi kan no mu no. Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔn a wɔnka ho no bɛhwɛ kwan sɛ wobehu honhom kronkron no dwumadi wɔ afeha a edi kan no mu no ho adanse afoforo no a ɛda adi wɔ kasa horow ne honhom ayaresa kuw no mu nso.
Biakoyɛ Ankasa?
Sɛ nhwɛso no, ‘biakoyɛ a ɛde aba nso ɛ? Edi mũ ankasa dɛn? Nokwasɛm no ne sɛ, kasa horow ne honhom ayaresafo no akɔ so atra asɔre horow a na wɔwom ansa na eyi reba wɔn so no mu. Nanso, wɔ wɔn a wɔwɔ akyi no fam no, ɛno ma nsemmisa a emu yɛ den sɔre.
Sɛ nhwɛso: So Sunsunsɔreni a ɔbɔ mmɔden gye di ampa sɛ wɔagye Presbiteriani a ɔka kasa horow na ɔnom tawa no ankasa? So Baptistni a ɔka kasa horow na ɔwɔ honhom ayaresa gye di ampa sɛ kan Katolekfo anaa Episkopalfo nsu a wɔde pete obi atifi no bɛyɛ Kristofo asubɔ a edi mũ mpofirim ara afei, esiane sɛ onipa no abɛyɛ honhom ɔyaresafo a ɔka kasa horow ara kwa nti anaa? So obi a ɔyɛ Luther asɔre muni a ɔwɔ honhom ayaresa ne Katolekni a ɔwɔ honhom ayaresa bɛyɛ adwene afei sɛ Roma Katolekfo asɔfo ma abodoo ne bobesa dan Kristo nipadua ne ne mogya bere a wɔrebɔ Mass no? Yebetumi abobɔ nsonsonoe ahorow a ɛte sɛɛ pii din.
So ɛsɛ sɛ nsonsonoe ahorow yi de mpaapaemu ba? Ampa ɛyɛɛ saa wɔ afeha a edi kan Kristofo no mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee wɔ honhom kronkron no akwankyerɛ ase sɛ: “Mo nyinaa nyɛ nokoro, na mpaapaemu amma mo mu, na mmom moabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.” (1 Korintofo 1:10) Ɛda adi sɛ ná mpaapaemu nyɛ nea ɛfata saa nokware Kristofo no. Honhom kronkron anyɛ adwuma wɔ saa kwan no so saa bere no. Mmom no, ɛkaa Kristofo no boom denam di a wodii mpaapaemu ahorow a na kan ɛwɔ wɔn mu no so no so. Ná wɔn de no yɛ nkyerɛkyerɛ, nneyɛe ne ahyehyɛde biako a ɛyɛ den, ɛnyɛ biakoyɛ a emu nyɛ den a egyina nkate ara kwa a wonya so.
Ebinom a wɔwɔ kasa horow ne honhom ayaresa kuw no mu hu mpaapaemu no. Christianity Today bɔɔ amanneɛ sɛ: “Asɔfo bi kae sɛ kasa horow ne honhom ayaresafo biakoyɛ a ɛwɔ hɔ mprempren no ayɛ nkate mu de. Nkyerɛkyerɛ ho mpaapaemu a emu yɛ den wɔ hɔ, na wɔabu wɔn ani agu so koraa dodo, ma enti ama daakye biakoyɛ ho mmɔdenbɔ ahorow ho aba asɛm.”
Ɛkanni Mu Ɔhaw
Kasa horow ne honhom ayaresa a asan aba kuw no mu asɔfo binom begyee din yiye. Nanso ankyɛ na asɔre ahorow a wofi mu maa adwene ahorow ahorow sɔree wɔ sɛnea wobedi nsɛm ho dwuma no mu. Wɔn mu paapaee wɔ akwankyerɛ ne ɛkanni mu.
Esiane sɛ wonim asiane kɛse a mpaapaemu ahorow a ɛte sɛɛ yɛ ma kasa horow ne honhom ayaresa a asan aba no nti, wɔn a ɛhaw wɔn no frɛɛ mpanyimfo nhyiam bi. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Dallas, Texas, 1980 mu. Ɔkasafo a obuee nhyiam no ano no kaa no pen sɛ: “Yɛwɔ ha sɛ yɛrebegye yɛn mpaapaemu a ɛyɛ aniwu no atom.”
Nanso so ná wɔwɔ ano aduru? Dabi. Ɔfã biako pɛ nkɔso denam akuw horow wɔ ɔpanyin anaa ɔkyerɛkyerɛfo a ɔhwɛ n’asuafo so ase so. Wɔn a wɔsɔre tia no kyerɛe sɛ “mpanyimfo no di afoforo asetra so tumi a ennyina kyerɛwsɛm so kodu baabi mpo, a wɔpere Kristo tumidi no.” Ɔsɔfo biako kaa ɔfoforo ho asɛm sɛ “owia nguan,” na ɔde kaa ho sɛ: “Wɔrenyɛ nnebɔneyɛfo asuafo mma Kristo; wɔreyɛ asɔre afoforo mufo asuafo ama wɔn ankasa ho.” Akyinnye biara nni ho sɛ mpaapaemu ahorow no da so ara wɔ hɔ.—Christianity Today, April 4, 1980.
Ɛsɛ sɛ biakoyɛ a ɛnyɛ yiye no yɛ nea efi biribi ankasa. Nea ama aba saa no yɛ nea ɛda adi sɛ efi pow a wɔapow atumi a Bible no wɔ no.
Nhoma a Ɛde Biakoyɛ Ba No a Wɔpow
Sɛ woyɛ honhom yaresafo a ɔka kasa horow a, ebia wobɛte nka nokwarem sɛ, kasa horow ne honhom ayaresa asɔfo rempow Bible no da. Nanso kae sɛ, “akyɛde ahorow” a wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ kuw no mu no biako ne nkɔmhyɛ. Wogye di sɛ kyerɛwsɛm no yɛ nea “ɛsɛ sɛ bere nyinaa wɔde yɛ adwuma wɔ asɛm a ɛyɛ ‘den’ a nkwa wom no tumi ase” a wɔada no adi wɔ nkɔm a wɔhyɛ mu no, saa na nhoma The New Charismatics no bɔ amanneɛ. Sɛnea kasa horow ne honhom ɔyaresarfo bi kae no: “Honhom no, sɛ́ Onyankopɔn teasefo no, kɔ adanse a atwam ho kyerɛwtohɔ ahorow mu ne ɛno akyi.”
Nanso, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛ mpo yɛn anaa ɔbɔfo bi fi soro ba bɛka asɛmpa foforo bi kyerɛ mo ka nea moagye no ho [“nea ɛne no bɔ abira” (NE)] a; onnue.” (Galatifo 1:8) Afei, sɛ ɛnsɛ sɛ ɔsomafo anaa ɔbɔfo ka biribi foforo bi ka asɛmpa a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no ho a, so wɔama obi a ɔka kasa horow tumi nnɛ sɛ ɔnyɛ saa?
Ɔkyerɛwfo ne honhom ɔyaresafo a ɔka kasa horow, Cathrine Marshall se “ɛnyɛ nokware ne afotu a ɛsɛ sɛ Kristo de ma yɛn no nyinaa na ɛwɔ Apam Dedaw ne Foforo no mu no.” Nanso Bible no ankasa se: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.” (2 Timoteo 3:16, 17) Esiane sɛ eyi ne dwuma a Bible no di nti, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔbrɛ emu nsɛm no ase?
Mfiase no ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛnyɛ hwee sɛ obi de n’ankasa ne suahu bedi Bible no anim. Nanso so wuhu nea ɛno betumi de aba? Kae sɛ wɔ Guyana no, Jonestown kuw a wokunkum wɔn ho no sɔfo de Bible no too nkyɛn na ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ɛho hia sɛ wotie ɔno ne ‘n’adiyisɛm ahorow a efi Onyankopɔn hɔ’ no. Ná wama wɔagye adi sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to “osuahu” a wɔanya wɔ ne nkyɛn no so sen Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no. So wuhu asiane a efi gyinabea a ɛte sɛɛ mu ba—sɛnea epira obi no? Sɛ Bible no nni hɔ na ɛde akwankyerɛ ama a, anka ahobammɔ bɛn na ɛbɛwɔ hɔ a etia nnipadɔm a wɔyɛ gyegyeegye no nkɛntɛnso ne nnipa pii a wɔdaadaa wɔn no?
Bere a ɛnsɛ sɛ obi tew adiyisɛm ahi no, wɔde afotu no ma nso sɛ “monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu.” (1 Tesalonikafo 5:20, 21) Enti na wɔde afotu no ama wɔ 1 Yohane 4:1 sɛ “monsɔ ahonhom no nhwɛ sɛ wofi Nyankopɔn.” Kyerɛwsɛm koro no ara de afotu no ma sɛ: “Adɔfo, munnnye ahonhom nyinaa nnni.” Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wofi Onyankopɔn. Ebinom fi Satan Ɔbonsam.
Afei ɔkwan bɛn so na obi kyerɛ nsonsonoe a ɛda ahonhom no ntam? Obi ankasa osuahu nyɛ nea ɛdɔɔso a ɛbɛma wahu. Na, ankyinnye biara nni ho sɛ, nnɛyi adiyisɛm a ɛnam Onyankopɔn honhom no so biara nni hɔ a ɛbɛbɔ adiyi ahorow a honhom koro no ara yi kyerɛɛ Yesu, n’asuafo no ne Bible akyerɛwfo no abira.
Kasa horow ne honhom ayaresafo wɔ anidaso sɛ awiei koraa no mpaapaemu a ɛwɔ wɔn mu no befi hɔ. Nanso ɔsɔfo biako gye toom sɛ: “Kasa horow ne honhom ayaresa kuw no yɛ nea, nkyerɛkyerɛ fam no, wontumi nkyerɛ ne daakye.” Ɛda adi sɛ nea ama wɔn mu akɔ so apaapae no ne sɛ, kasa horow ne honhom ayaresafo no pii nnye Bible no ntom sɛ tumi a wɔde kyerɛkyerɛ a ɛsen biara. Enti, wɔn ankasa suahu a wɔde asi ananmu no kyerɛ sɛ wɔrentumi nyɛ biako ankasa.
Nnipa a wɔyɛ mmadwemma a wɔwɔ kuw no mu ne wɔn a wɔwɔ akyi bisa afei sɛ: So kasa horow ne honhom ayaresa kuw no da no adi ampa sɛ Onyankopɔn honhom kronkron no reyɛ adwuma? Na ɛhe na kuw no de n’anim akyerɛ?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Mfiase no ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛnyɛ hwee sɛ obi de n’ankasa ne suahu bedi Bible no ankasa anim. Nanso so wuhu nea ɛno betumi de aba?
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
Ɔkwan bɛn na obi nam so hu nsonsonoe a ɛda ahonhom no ntom? Obi ankasa suahu nyɛ nea ɛdɔɔso a ‘ɛbɛma wahu’
[Kratafa 6 adaka]
“Na sɛ ahenni bi ne ne ho di asi a, ahenni no ntumi nnyina. Na sɛ ofi bi ne ne ho di asi a, ofi no ntumi nnyina. Na sɛ Satan sɔre ɔno ara ne so, na ɔne ne ho di asi a, ɔrentumi nnyina, na n’awiei nen.”—Marko 3:24-26.