Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 9/8 kr. 10-11
  • Honhom Kronkron Reyɛ Adwuma Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Honhom Kronkron Reyɛ Adwuma Nnɛ
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1. “MONNODƆ MO HO MO HO”
  • 2. “MUMFI WIASE”
  • 3. ‘MONYƐ ASUAFO’
  • 4. “DƆ [YEHOWA]”
  • “Akyɛde Ahorow” no mu Hwehwɛ
  • Honhom Soronko
    Nyan!—1982
  • Sɛnea Onyankopɔn Honhom Betumi Anya Wo So Tumi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • ‘Honhom Kronkron No Din Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Onyankopɔn Honhom Kyerɛ Kwan—Asomafo No Bere So Ne Ɛnnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 9/8 kr. 10-11

Honhom Kronkron Reyɛ Adwuma Nnɛ

HONHOM KRONKRON akyɛde ahorow a ɛma wohuu afeha a edi kan Kristofo asafo no sɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no twaam. Ɛho nhia ma wɔde ahu wɔn a honhom kronkron no nam wɔn so reyɛ adwuma nnɛ. Ɛnde, dɛn ne agyiraehyɛde ahorow a ɛbɛma yɛahu wɔ yɛn bere yi mu? Hwehwɛ ebi mu hwɛ:

1. “MONNODƆ MO HO MO HO”

Nokware dɔ ne honhom kronkron no charisma (akyɛde) a ɛho hia sen biara nnɛ. (1 Korintofo 13:13) Ɛda adi wɔ ɔdɔ ankasa a ɛsɛ sɛ Kristoni nya ma ne yɔnko no mu. (Mateo 22:39) Ɛdefa eyi ho no, Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Saa ɔdɔ yi nyɛ ɔdɔ hunu bi ara kwa, adesamma nyinaa ho dɔ. Ɛsen ɔdɔ a wofi nkate mu ka ho asɛm. Ɛyɛ nea nnwuma a ɛde mfaso ahorow a enni awiei brɛ afoforo ka ho. Edi aman, mmusua, amammui ne ntetee a obi nyae mu nyiyim so, ma enti, sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔwɔ saa akyɛde yi wɔ ɔman biako so no remmɔ wɔn tirim da sɛ wɔrekɔ ɔko akokunkum Kristofo afoforo (anaa onipa foforo biara) wɔ asase foforo so. Bisa wo ho sɛ, henanom na nnɛ woyi ɔdɔ a ɛte sɛɛ adi wɔ wiase baabiara?​—1 Yohane 3:10-12; 4:20, 21.

2. “MUMFI WIASE”

Sɛnea ɛbɛyɛ a n’asuafo bɛtra Agya ne Ɔba no mu na wɔne wɔn ho wɔn ho ayɛ biako no, Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wiase yi ne ne mmusua, aman, amammui ne asetra mu mpaapaemu ahorow no fã. Nea na ɛsɛ sɛ wɔdi no nokware ne Onyankopɔn ahenni no. (Yohane 15:19; Mateo 6:9, 10) Nhoma From the Old World to the New no ka sɛ: “Ná wɔn ani gye Onyankopɔn Ahenni no ho sen ahenni biara a wɔde wɔn ho bɛhyɛ ase wɔ asase so.” Na History of Christianity kyerɛ sɛ afeha a edi kan no mu Kristofo “powee sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ . . . [Roma] ahemman no sraadi mu.” Henanom na ɛnnɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ nneɛma a ɛte saa mu?

3. ‘MONYƐ ASUAFO’

Kristofo dɔ nyɛ botorobodwo. “Me mma nkumaa, mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yohane 3:18) Yesu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm nkyerɛ afoforo na wɔnyɛ asɛmpaka adwuma wɔ wiase nyinaa. (Mateo 10:7; 24:14; 28:19, 20) Nanso sɛnea Christianity Today kyerɛ no, kasa horow ne honhom ayaresafo nkyem abiɛsa mu biako pɛ na wohu hia a ɛho hia sɛ “wɔdan wiase no ba Kristo nkyɛn.” Nanso, eyinom mu baahe mpo na wofi adi ankasa ‘kɔyɛ asuafo’ denam kɔ a wɔkɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu no so? Wɔ ɔkwan foforo so no, so wunnye nni sɛ, wɔ wiase nyinaa no, wonim Yehowa Adansefo yiye ne wɔn adansedi adwuma no? Sunsunsɔre sɔfo bi ka kyerɛɛ Ɔdansefo bi sɛ: “Sɛ misusuw ho sɛ yɛn na yɛwɔ Onyankopɔn honhom no, nanso mo nkurɔfo yi na moreyɛ adwuma no a, ɛma misu!”

4. “DƆ [YEHOWA]”

Nokware som a Onyankopɔn de ne honhom gyina akyi no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ Yehowa di kan wɔ biribiara mu. (Exodus 20:5) Yesu kae sɛ: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu! Eyi ne mmara no mu kɛse ne nea edi kan.” (Mateo 22:37, 38) Ɔkwan biako a wobɛfa so ayɛ saa ne sɛ wobɛma wɔahu Onyankopɔn din Yehowa no. Yesu yɛɛ eyi, ka kyerɛɛ Onyankopɔn wɔ mpaebɔ mu sɛ: “Mayi wo din makyerɛ wɔn, na meyi makyerɛ.” (Yohane 17:26) Ɛno nti na Kristofo bɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Henanom na nnɛ wɔde Yehowa di kan wɔ wɔn asetra mu na wɔkyerɛ eyi denam wɔn ho a wɔde to n’Asɛm, ne mmara horow so no so, ne ɛdenam da a wɔda ne din no adi wɔ asase so baabiara no so? Amanaman ntam nyamesom kuw bɛn na edin Yehowa no da wɔn so?

“Akyɛde Ahorow” no mu Hwehwɛ

Akyinnye biara nnni ho sɛ Onyankopɔn honhom no reyɛ adwuma nnɛ. Nokware Kristofo na wɔwɔ saa honhom agyiraehyɛde ahorow no. (Galatifo 5:22, 23) Na ɛreka wɔn ahoɔden mu ma wɔadi n’atirimpɔw ho dwuma.

Sɛ nhwɛso no, obi a na anka ɔyɛ honhom yaresafo tumi kaa kasa horow, nanso na ɔda so ara te nka sɛ biribi nkɔ yiye. Na mpaapaemu a ɛda kasa horow akuw bɛyɛ 10 ntam a wɔne wɔn ho wɔn ho nyɛ adwene, a ebinom kasa tia afoforo sɛ “wɔn de no fi adaemone na wobu wɔn atɛn” no ama n’adwene atu afra. So ebetumi ayɛ adaemone na abɛhyɛ akuw yi mu na wɔreyɛ nsɛnkyerɛnne ahorow a ɛyɛ nwonwa de adaadaa afoforo? Akyiri yi ohyiaa obi a ɔyɛ ahonhonsɛmdifo a ‘ɔne ahonhom ‘kasae’ wɔ ne fi. “Meka kyerɛɛ no sɛ honhom biako pɛ a mepɛe sɛ mihu ne honhom kronkron no, na ɔkae sɛ ɔntee ɛno din da. Nanso, nea ɛyɛɛ me nwonwa ne sɛ n’ahonhom no nso de nkɔmhyɛ ahorow ma, na ɛma otumi saa nyarewa ahorow wɔ anwonwa kwan so.” Mprempren onim esiane a ɛwɔ saa nneɛma yi mu.

‘Wasɔ ahonhom no ahwɛ’ sɛ wofi Onyankopɔn anaa. (1 Yohane 4:1) Obehui sɛ ɛnte saa. Ohui sɛ kasa horow ne honhom ayaresafo asetra, wɔn abrabɔ, wɔn nneyɛe ne wɔn gyidi ahorow anna honhom aba a wɔaka ho asɛm wɔ Galatifo 5:22, 23 no adi. Wɔ ɔkwan foforo so no, otumi hu sɛ Yehowa Adansefo tra ase sɛ Kristofo, na ɔkae sɛ: “Wɔwɔ ɔdɔ a ɛtra aman ahye ahorow. Na adanse kɛse biako ne sɛ wɔreka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no wɔ asase nyinaa so sɛnea wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Mateo 24:14 no. Sɛ́ ɔbɛyɛ nneɛma a ɛte sɛɛ no gyee akokoduru a Onyankopɔn honhom no nkutoo na ebetumi de ama.” Yiw, ampa, honhom kronkron no reyɛ adwuma denneennen nnɛ wɔ Kristofo a wɔte sɛɛ mu!

[Kratafa 11 adaka]

“Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.​—Galatifo 5:22, 23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena