Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 28
  • Sɛnea Wogyee Akokoaa Mose Nkwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wogyee Akokoaa Mose Nkwa
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mose Yɛɛ N’adwene Sɛ Ɔbɛsom Yehowa
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Monto Dwom Mma Yehowa”!
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Miriam​—Onyaa Hokwan Wɔ Ne Mmofraase Ne Mpanyinyɛ Bere Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Biribi A Ɛsom Bo Sen Misraim Akorade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 28
Mose nuabea Miriam ne Farao babea no rekasa

ASƐM 28

Sɛnea Wogyee Akokoaa Mose Nkwa

HWƐ abofra ketewa a ɔresu, na okura awuraa no nsam no. Mose nen. Wunim nea awuraa fɛfɛ no yɛ? Ɔyɛ Misraim hene Farao babea ankasa.

Mose maame de ne ba no siei kosii sɛ odii asram abiɛsa, efisɛ wampɛ sɛ Misrifo no kum no. Nanso na onim sɛ ebia obi behu Mose, enti eyi na ɔyɛ de gyee no nkwa.

Ɔfaa kɛntɛn bi hyehyɛɛ no sɛnea ɛbɛyɛ a nsu renkɔ mu. Afei ɔde Mose toom, na ɔde kɛntɛn so sii wura atenten a ɛwɔ Asubɔnten Nil ho no mu. Wɔka kyerɛɛ Mose nuabea Miriam sɛ onnyina hɔ baabi na ɔnhwɛ nea ɛbɛba.

Akokoaa Mose da kɛntɛn mu resu

Ankyɛ na Farao babea no baa Asubɔnten Nil ho sɛ obeguare. Mpofirim ara ohuu kɛntɛn a ɛwɔ wura atenten no mu no. Ɔfrɛɛ ne mfenaa no biako sɛ: ‘Kɔfa saa kɛntɛn no brɛ me.’ Bere a ɔhene babea yi buee kɛntɛn no so no, na abofra fɛfɛ bɛn ara na ɔda mu! Na Mose resu, na ne ho yɛɛ ɔhene babea no mmɔbɔ. Wampɛ sɛ wokum no.

Afei Miriam pue bae. Wutumi hu no wɔ mfonini no mu. Miriam bisaa Farao babea no sɛ: ‘Menkɔfrɛ Israelfo mmea no bi na ɔnhwɛ abofra no mma wo anaa?’

Ɔhene babea no kae sɛ, ‘Yiw.’

Enti Miriam tuu mmirika kɔbɔɔ ne maame amanneɛ. Bere a Mose maame bae no, ɔhene babea no kae sɛ: ‘Fa abofra yi na hwɛ no ma me, na metua wo ka.’

Enti Mose maame hwɛɛ n’ankasa ne ba. Akyiri yi, bere a Mose nyinii kakra no, ɔde no kɔmaa Farao babea no, na ɔfaa no sɛ n’ankasa ba. Saa na ɛyɛe na Mose konyinii wɔ Farao fie.

Exodus 2:1-10.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena