Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 56
  • Saul—Israel Hene a Odi Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Saul—Israel Hene a Odi Kan
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Israel Hene a Odi Kan
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Osetie Ye Sen Afɔre”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Samuel Nhoma a Edi Kan no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Yesu Paw Saul
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 56
Odiyifo Samuel resra Saul sɛ ɔhene; ɔrehwie ngo agu Saul ti so

ASƐM 56

Saul—Israel Hene a Odi Kan

HWƐ Samuel a ɔrehwie ngo agu ɔbarima no atifi. Na eyi na wɔyɛ obi de kyerɛ sɛ wɔapaw no sɛ ɔhene. Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ onhwie ngo no ngu Saul atifi. Ɛyɛ ngo titiriw bi a ɛyɛ huam.

Ná Saul nsusuw sɛ ɔfata sɛ ɔhene. Ɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Meyɛ Benyamin abusua a esua koraa wɔ Israel no muni. Dɛn nti na woka sɛ mɛyɛ ɔhene?’ Yehowa pɛɛ Saul asɛm efisɛ na ɔnyɛ ne ho te sɛ obi a ɔyɛ kɛse na ne ho hia. Ɛno nti na ɔpaw no sɛ ɔhene.

Nanso na Saul nyɛ ohiani anaa onipa ketewa. Na ofi adefo abusua mu, na ne ho yɛ fɛ yiye, na na ɔyɛ onipa tenten. Na ɔkyɛn nea ɔware sen biara wɔ Israel no anammɔn biako! Na Saul tumi tu mmirika yiye, na na ne ho yɛ den nso. Nkurɔfo no ani gyei sɛ Yehowa paw Saul sɛ ɔhene. Wɔn nyinaa bɔɔ ose kae sɛ: ‘Ɔhene nya nkwa!’

Ná Israelfo atamfo ho da so yɛ den. Na wɔda so rehaw Israelfo pii. Wɔde Saul sii hene no akyi bere tiaa bi no, Amonfo ne wɔn bɛkoe. Nanso Saul boaboaa dɔm kɛse ano, na odii Amonfo so nkonim. Eyi maa nkurɔfo no ani gyei sɛ Saul yɛ ɔhene.

Mfe no retwam no, Saul dii Israelfo anim ma wodii wɔn atamfo so nkonim pii. Na Saul wɔ ɔbabarima kokodurufo bi a wɔfrɛ no Yonatan. Na Yonatan boaa Israel ma wodii nkonim pii. Na Filistifo da so yɛ Israelfo atamfo a wonnye koraa. Da koro Filistifo mpempem pii bae sɛ wɔbɛko atia Israel.

Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔntwɛn nkosi sɛ ɔbɛba abɛbɔ afɔre ama Yehowa. Nanso Samuel amma ntɛm. Saul suroe sɛ ebia Filistifo befi ɔko no ase, enti ɔno ankasa bɔɔ afɔre no. Bere a Samuel bae no, ɔka kyerɛɛ Saul sɛ wayɛ asoɔden. Samuel kae sɛ: ‘Yehowa bɛpaw onipa foforo ma wadi Israel so hene.’

Akyiri yi Saul yɛɛ asoɔden bio. Enti Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Eye sɛ wubetie Yehowa sen sɛ wode oguan a wadɔ sen biara bɛbɔ afɔre ama no. Esiane sɛ wuntie Yehowa nti, Yehowa remma wonkɔ so nni Israel so hene.’

Yebetumi asua biribi afi eyi mu. Ɛkyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ yetie Yehowa bere nyinaa. Afei nso, ɛkyerɛ sɛ onipa pa te sɛ Saul betumi adan abɛyɛ onipa bɔne. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ nnipa bɔne, anaa ɛnte saa?

1 Samuel ti 9 kosi 11; 13:5-14; 14:47-52; 15:1-35; 2 Samuel 1:23.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena