Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 59
  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dawid Ne Saul
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔde Dawid Si Hene
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • 1 Samuel Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 59
Ɔhene Saul atow peaw pɛ sɛ ɔde kum Dawid, na Dawid abɔ ne mu ase sɛnea ɛbɛyɛ a peaw no renwɔ no

ASƐM 59

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan

DAWID kum Goliat akyi no, Israel safohene Abner de no baa Saul anim. Saul ani gyee Dawid ho. Ɔyɛɛ no ne dɔm mu asafohene no biako, na ɔmaa ɔbɛtraa ahemfie.

Akyiri yi, bere a asraafo no fi wɔne Filistifo akodi no resan aba no, mmea no too dwom sɛ: ‘Saul akum mpempem, nanso Dawid akum ɔpedudu.’ Eyi maa Saul ani beree, efisɛ wɔhyɛɛ Dawid anuonyam sen Saul. Nanso Saul ba Yonatan ani ammere. Na ɔdɔ Dawid kɛse, na na Dawid nso dɔ Yonatan pii. Enti wɔn baanu nyinaa hyɛɛ wɔn ho bɔ sɛ wɔbɛyɛ nnamfo bere nyinaa.

Ɔhene Saul bo afuw

Ná Dawid yɛ obi a otumi bɔ sanku yiye, na na Saul pɛ nnwom a ɔbɔ no. Nanso da koro, ahoɔyaw maa Saul yɛɛ biribi a enye koraa. Bere a Dawid rebɔ sanku no, Saul faa ne peaw towee, na ɔkae sɛ: ‘Mɛbɔ Dawid afam fasu no ho!’ Nanso Dawid dan ne ho, na peaw no anka no. Akyiri yi Saul tow peaw no bio a anka Dawid. Enti Dawid hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ yiye.

Wokae ɛbɔ a Saul hyɛe no? Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde ne babea bɛma ɔbarima a obekum Goliat no aware. Akyiri yi Saul ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔde ne babea Mikal bɛma no, nanso ɛsɛ sɛ okum Filistifo 100 ansa. Hwɛ asɛm! Ná Saul ani da so sɛ Filistifo no bekum Dawid. Nanso wɔankum no, enti Saul de ne babea maa Dawid sɛ ne yere.

Da koro Saul ka kyerɛɛ Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ ɔpɛ sɛ okum Dawid. Nanso Yonatan ka kyerɛɛ n’agya sɛ: ‘Nyɛ Dawid bɔne. Ɔnyɛɛ wo bɔne da. Mmom no, biribiara a wayɛ no yɛ nea ɔde boa wo. Ɔde ne nkwa too ne nsam kokum Goliat, na bere a wuhui no, w’ani gyei.’

Saul tiee ne ba no, na ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔrenyɛ Dawid bɔne. Wɔsan de Dawid bae, na ɔkɔɔ so som Saul wɔ ne fie hɔ sɛ kan no ara. Nanso, da koro, bere a Dawid rebɔ nnwom no, Saul san too ne peaw no bio sɛ ɔde rebɔ Dawid. Dawid twee ne ho na peaw no kɔwɔɔ fasu no mu. Eyi to so abiɛsa! Afei Dawid hui sɛ ɛsɛ sɛ oguan!

Saa anadwo no Dawid kɔɔ n’ankasa ne fie. Nanso Saul somaa nnipa sɛ wonkokum no. Ná Mikal nim nea n’agya abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ. Enti ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: ‘Sɛ woanguan anadwo yi a wobekum wo ɔkyena.’ Anadwo no Mikal boaa Dawid ma ɔfaa mfɛnsere mu guanee. Bɛyɛ mfe ason no na ɛsɛ sɛ Dawid de ne ho sie sɛnea ɛbɛyɛ a Saul nhu no.

1 Samuel 18:1-30; 19:1-18.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena