ASƐM 60
Abigail ne Dawid
WUNIM ɔbea a ne ho yɛ fɛ a ɔrebehyia Dawid no? Wɔfrɛ no Abigail. Onim nyansa yiye, na osiw Dawid kwan wɔ bɔne a anka ɔreyɛ ho. Ansa na yɛbɛka ho asɛm no, ma yɛnhwɛ nneɛma bi a ɛbaa Dawid so.
Dawid guan fii Saul anim no, okohintaw ɔbodan bi mu. Ne nuanom ne n’abusuafo a aka kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Nnipa bɛyɛ 400 bɛkaa ne ho, na Dawid na odii wɔn anim. Afei Dawid kɔɔ Moab hene nkyɛn, na ɔkae sɛ: ‘Mesrɛ wo, ma m’agya ne me nã ntra wo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea ɛbɛba me so.’ Na Dawid ne ne mmarima no kohintaw mmepɔw no mu.
Eyi akyi na Dawid hyiaa Abigail. Na ne kunu Nabal yɛ ɔdefo a ɔwɔ asase. Na ɔwɔ nguan 3,000 ne mpapo 1,000. Na Nabal yɛ onipa hunu. Nanso ne yere Abigail ho yɛ fɛ yiye. Afei nso, onim papa yɛ. Da koro bi mpo ogyee n’abusua nkwa. Ma yɛnhwɛ sɛnea ɛbae.
Na Dawid ne ne mmarima ayɛ Nabal yiye. Na wɔaboa abɔ ne nguan ho ban. Enti da koro Dawid somaa ne mmarima no bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ mmoa mfi Nabal nkyɛn. Dawid mmarima no kɔɔ Nabal nkyɛn bere a na ɔne n’adwumayɛfo retwitwa nguan no ho nhwi. Na ɛyɛ afahyɛ da, na na Nabal wɔ nnuan pa pii. Enti Dawid mmarima no kae sɛ: ‘Yɛayɛ wo yiye. Yenwiaa wo nguan no bi, na mmom yɛaboa ahwɛ wɔn so. Afei, yɛsrɛ wo, ma yɛn aduan.’
Nabal kae sɛ: ‘Meremfa m’aduan mma nnipa te sɛ mo.’ Ɔkasaa animtiaabu mu, na ɔkekaa Dawid ho nsɛmmɔne. Bere a mmarima no san kɔka kyerɛɛ Dawid no, Dawid bo fuwii kɛse. Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: ‘Momfa mo nkrante!’ Na wosiim sɛ wokokunkum Nabal ne ne mmarima no.
Nabal mmarima no biako a ɔtee nsɛm a ɛmfata a Nabal kekae no kaa nea ɛbae no kyerɛɛ Abigail. Ntɛm ara Abigail boaboaa aduan ano. Ɔde soaa mfurum, na osii kwan so. Bere a ohyiaa Dawid no, ofi n’afurum so sii fam, ɔbɔɔ ne mu ase kae sɛ: ‘Mesrɛ wo, me wura, nsusuw nea me kunu Nabal ayɛ no ho. Wagyimi, na odi nkwaseasɛm. Akyɛde a mede brɛ wo ni. Mesrɛ wo, gye, na fa nea esii no kyɛ yɛn.’
Dawid buae sɛ: ‘Woyɛ ɔbea nyansafo. Woasiw me kwan wɔ Nabal a anka mekum no na matua no ne nsɛmmɔne so ka no ho. San kɔ fie asomdwoe mu.’ Akyiri yi, bere a Nabal wui no, Abigail bɛyɛɛ Dawid yerenom mu biako.