Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 61
  • Wɔde Dawid Si Hene

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔde Dawid Si Hene
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dawid Ne Saul
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Dawid Guan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • 1 Samuel Mu Nsɛntitiriw
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • “Kyerɛkyerɛ Me Ma Menyɛ Nea Wopɛ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 61
Dawid refrɛ Ɔhene Saul

ASƐM 61

Wɔde Dawid Si Hene

SAUL bɔɔ mmɔden bio sɛ ne nsa bɛka Dawid. Ɔfaa n’asraafo a wɔyɛ den sen biara mu 3,000 na osiim kɔhwehwɛɛ no. Bere a Dawid tee eyi no, ɔsomaa nnipa sɛ wɔnkɔhwehwɛ faako a Saul ne ne mmarima no asoɛ anadwo no. Na Dawid bisaa ne mmarima no baanu sɛ: ‘Mo mu hena na ɔne me bɛkɔ Saul nsra no mu?’

Abisai buae sɛ: ‘Me ne wo bɛkɔ.’ Na Abisai yɛ Dawid nuabea Suruia ba. Bere a Saul ne ne mmarima no ada no, Dawid ne Abisai yɛɛ nyãa kɔɔ nsra no mu. Wɔfaa Saul peaw ne ne nsu kuruwa, a na ɛbɛn ne ti pɛɛ. Obiara anhu wɔn anaasɛ wɔante wɔn nka efisɛ na wɔn nyinaa adeda hatee.

Afei hwɛ Dawid ne Abisai. Wɔafi hɔ akogyina bepɔw bi atifi. Dawid teɛm frɛ Israel safohene panyin no sɛ: ‘Abner, dɛn nti na wuntumi nwɛn wo wura ɔhene? Hwɛ! Ne peaw ne ne nsu kuruwa no wɔ he?’

Saul sɔree. Ɔtee sɛ ɛyɛ Dawid nne, na obisae sɛ: ‘Ɛyɛ wo Dawid anaa?’ Wutumi hu Saul ne Abner wɔ ase hɔ?

Dawid buaa Saul sɛ: ‘Yiw, me wura ɔhene.’ Na Dawid bisae sɛ: ‘Dɛn nti na wudi m’akyi? Bɔne bɛn na mayɛ? Ɔhene, wo peaw no wɔ ha. Ma wo mmarima no biako mmegye.’

Ɔhene Saul ate Dawid nne

Saul gye toom sɛ: ‘Mayɛ bɔne. Madi nkwaseasɛm.’ Ɛnna Dawid fii hɔ, na Saul san kɔɔ fie. Nanso Dawid kae ne tirim sɛ: ‘Da bi Saul bekum me. Ɛsɛ sɛ miguan kɔ Filistifo asase so.’ Na saa na ɔyɛe. Dawid tumi daadaa Filistifo no ma wogye dii sɛ afei de ɔwɔ wɔn afã.

Bere bi akyi no Filistifo ne Israel kɔkoe. Ɔko no mu no wokum Saul ne Yonatan. Eyi maa Dawid werɛ howee kɛse, na ɔkyerɛw dwom dɛdɛ bi sɛ: ‘Wo nti me werɛ ahow kɛse, me nua Yonatan. Wo bo yɛ me den!’

Eyi akyi no Dawid san baa Hebron kurom wɔ Israel. Ná ɔko asi wɔn a wɔpaw Saul ba Isboset sɛ ɔhene ne wɔn a wɔpɛ Dawid sɛ ɔhene no ntam. Nanso akyiri yi Dawid mmarima no dii nkonim. Wɔde Dawid sii hene no na wadi mfe 30. Mfe ason ne fã no odii hene wɔ Hebron. Mma a ɔwoo wɔn wɔ hɔ no binom ne Amnon, Absalom ne Adonia.

Bere dui a Dawid ne ne mmarima ko faa kurow fɛfɛ bi a wɔfrɛ no Yerusalem. Yoab a ɔno nso yɛ Dawid nuabea Suruia ba na odii anim wɔ ɔko no mu. Enti Dawid de Yoab sii ne dɔm no so safohene. Afei Dawid fii ase dii hene Yerusalem kurom.

1 Samuel 26:1-25; 27:1-7; 31:1-6; 2 Samuel 1:26; 3:1-21; 5:1-10; 1 Beresosɛm 11:1-9.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena