Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 68
  • Mmofra Baanu a Wonya Nkwa Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra Baanu a Wonya Nkwa Bio
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Ahofama ne Nokwaredi Ho Nhwɛso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Elisa Huu Ogya Teaseɛnam​—Wo Nso Ɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Ogyinaa Mu Kosii Awiei
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 68
Odiyifo Elia aba okunafo a ofi Sarefat ne ne ba no nkyɛn

ASƐM 68

Mmofra Baanu a Wonya Nkwa Bio

SƐ WUWUI na wɔsan de wo baa nkwa mu a, anka wo maame bɛte nka dɛn? Anka n’ani begye pii! Nanso so obi a wawu betumi abɛtra ase bio? So ebi aba pɛn?

Hwɛ ɔbarima a ogyina ha no, ne ɔbea no ne abofra no. Ɔbarima no yɛ odiyifo Elia. Ɔbea no yɛ okunafo a ofi Sarefat, na abofra no yɛ ne ba. Da koro abofra no yaree. Ne yare no mu yɛɛ den araa ma owui. Afei Elia ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Fa abofra no ma me.’

Elia de abofra a wawu no foroo aborɔsan no de no kɔtoo mpa so. Afei ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘O Yehowa, ma abofra no mmra nkwa mu bio.’ Na abofra no fii ase homee! Ɛnna Elia san de no sian baa fam, na ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: ‘Hwɛ, wo ba no anya nkwa!’ Ɛno nti na ne maame ani agye saa.

Yehowa diyifo titiriw foforo nso ne Elisa. Na ɔyɛ Elia boafo. Nanso bere bi akyi no Yehowa nam Elisa nso so yɛɛ anwonwade ahorow. Da koro Elisa kɔɔ Sunem kurom, na ɔbea bi yɛɛ no ayamye kɛse. Ɔbea yi woo ba akyiri yi.

Da koro anɔpa, bere a abofra no anyin no, ɔkɔɔ n’agya nkyɛn wɔ afum. Mpofirim ara abofra no teɛɛm sɛ: ‘Me ti!’ Bere a wɔde no baa fie no, abofra no wui. Hwɛ awerɛhow ara a ɛkaa ne maame! Ntɛm ara na ɔkɔfaa Elisa.

Bere a Elisa bae no, ɔde abofra a wawu no kɔɔ dan mu. Ɔbɔɔ Yehowa mpae, na obutuw abofra no so. Ankyɛ na abofra no ho san yɛɛ hyew, na abofra no nwansii mpɛn ason. Ne maame ani gyei dɛn ara bere a obehui sɛ ne ba no anya nkwa no!

Nnipa pii awuwu. Eyi ama wɔn mmusua ne wɔn nnamfo adi awerɛhow. Yenni tumi a yɛde benyan wɔn. Nanso Yehowa betumi. Akyiri yi yebehu sɛnea ɔde nnipa ɔpepem pii bɛsan aba nkwa mu.

1 Ahene 17:8-24; 2 Ahene 4:8-37.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena