Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 67
  • Yehosafat De Ne Ho To Yehowa So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehosafat De Ne Ho To Yehowa So
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Ko Maa Yehosafat
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Ɛnyɛ Mo Na Ɔsa Yi Wɔ Mo, Na Ɛwɔ Onyankopɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Wode Wo Koma Besi Nea Wɔakyerɛw no So Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Sɛnea Yehowa Hu Afoforo No, Wo Nso Hu Wɔn Saa Ara
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 67
Yehosafat ne n’asraafo rekɔ ɔko, na nnwontofo bi di wɔn anim reto nnwom

ASƐM 67

Yehosafat De Ne Ho To Yehowa So

WUNIM saa mmarima yi ne nea wɔreyɛ? Wɔrekɔ ɔkõ, na mmarima a wodi anim no reto dwom. Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Dɛn nti na mmarima no nni nkrante ne mpeaw a wɔde bɛko?’ Ma yɛnhwɛ.

Ná Yehosafat ne mmusuakuw abien Israel ahemman no hene. Ɔne Ɔhene Ahab ne Yesebel a na wɔwɔ mmusuakuw 10 kusuufam ahemman no mu no traa ase bere koro mu. Nanso na Yehosafat yɛ ɔhempa, na na n’agya Asa nso yɛ ɔhempa. Enti keseefam mmusuakuw abien ahemman no mufo nyaa ahotɔ mfe pii.

Nanso afei asɛm bi sii a ɛmaa ehu kaa ɔman no. Nkurɔfo bɛka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: ‘Dɔm kɛse a wofi Moab, Amon ne Bepɔw Seir so reba wo so.’ Israelfo pii hyiae wɔ Yerusalem a na wɔhwehwɛ Yehowa mmoa. Wɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na Yehosafat bɔɔ mpae wɔ hɔ sɛ: ‘O Yehowa yɛn Nyankopɔn, yennim nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Yentumi nyɛ hwee wɔ dɔm kɛse yi anim. Yɛn ani da wo so.’

Yehowa tiei, na ɔmaa ne nkoa mu biako ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Ɔko no nyɛ mo de, na mmom Onyankopɔn dea. Ɛho renhia sɛ moko. Mo de monhwɛ ara, na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo.’

Enti ade kyee no Yehosafat ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: ‘Momfa mo ho nto Yehowa so!’ Afei ɔmaa dwontofo bedii asraafo no anim, na bere a wɔrekɔ no na wɔreto Yehowa ayeyi dwom. Wunim nea ɛbae bere a wɔbɛn ɔko no ano no? Yehowa maa atamfo no twaa wɔn ho ne wɔn ho koe. Na bere a Israelfo no koduu hɔ no na atamfo asraafo no nyinaa awuwu!

So Yehosafat nyɛ nyansafo sɛ ɔde ne ho too Yehowa so anaa? Sɛ yɛde yɛn ho to No so a, yɛn nso yɛbɛyɛ anyansafo.

1 Ahene 22:41-53; 2 Beresosɛm 20:1-30.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena