Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 82
  • Mordekai ne Ester

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mordekai ne Ester
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Ɔdwenee Ne Nkurɔfo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ester Gyee Ne Nkurɔfo Nkwa
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Onyaa Akokoduru ne Nyansa na Odwenee Ne Nkurɔfo Ho
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ogyinaa Onyankopɔn Nkurɔfo Akyi
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 82
Ɔhemmaa Ester wɔ apontow bi ase, na ɔreka pɔw bɔne a Haman abɔ afa Israelfo ho no akyerɛ Ɔhene Ahasweros

ASƐM 82

Mordekai ne Ester

MOMMA yɛnsan yɛn akyi nkɔ mfe kakra ansa na Esra rekɔ Yerusalem. Ná Mordekai ne Ester ne Israelfo atitiriw wɔ Persia ahemman no mu. Ná Ester yɛ ɔhemmaa, na na n’agya nuabarima ba Mordekai na odi ɔhene akyi wɔ tumi mu. Ma yɛnhwɛ sɛnea eyi bae.

Ester awofo wui bere a osua koraa, enti Mordekai na ɔtetee no. Ná Persia hene Ahasweros wɔ ahemfie bi wɔ Susan kurom, na na Mordekai yɛ ne nkoa mu biako. Da koro, ɔhene yere Wasti yɛɛ no so asoɔden, enti ɔhene paw ɔyere foforo ma ɔbɛyɛɛ ne hemmaa. Wunim ɔbea a ɔpaw no no? Yiw, ababaa Ester a ne ho yɛ fɛ no.

Mordekai mpɛ sɛ ɔkotow Haman, enti Haman bo afuw

Wuhu ɔbarima ɔhantanfo yi a nkurɔfo rebɔ wɔn mu ase ama no no? Ɔne Haman. Ɔyɛ onipa titiriw wɔ Persia. Na Haman pɛ sɛ Mordekai, a wuhu no sɛ ɔte hɔ no nso bɔ ne mu ase ma no. Nanso na Mordekai renyɛ saa. Ná onsusuw sɛ ɛteɛ sɛ ɔbɛbɔ ne mu ase ama onipa bɔne a ɔte saa. Eyi hyɛɛ Haman abufuw kɛse. Enti nea ɔyɛe ni.

Haman kaa Israelfo ho atosɛm kyerɛɛ ɔhene no. Ɔkae sɛ: ‘Wɔyɛ nnipa bɔne a wonni wo mmara so. Ɛsɛ sɛ wokunkum wɔn.’ Na Ahasweros nnim sɛ Ester yɛ Israelni. Enti otiee Haman, na ɔhyɛɛ mmara bi sɛ ɛsɛ sɛ wokunkum Israelfo nyinaa da pɔtee bi.

Bere a Mordekai tee mmara no ho asɛm no, ɛhaw no pii. Ɔsoma ma wɔkɔka kyerɛɛ Ester sɛ: ‘Ka kyerɛ ɔhene, na srɛ no ma onnye yɛn.’ Ná mmara mma kwan wɔ Persia sɛ obi bɛkɔ ɔhene anim bere a wɔmfrɛɛ no. Nanso Ester kɔe bere a wɔmfrɛɛ no. Ɔhene de ne sika poma no kyerɛɛ no so, a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wokum no. Ester too nsa frɛɛ ɔhene ne Haman tow wɔn pon kɛse. Ɛhɔ na ɔhene bisaa Ester dekode a ɔhwehwɛ fi ne nkyɛn. Ester kae sɛ sɛ ɔne Haman bɛsan aba apontow ase bio n’adekyee a, ɔbɛka akyerɛ no.

Saa apontow no ase no Ester ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Wɔrebekunkum me ne me nkurɔfo.’ Ɔhene bo fuwii. Obisae sɛ: ‘Hena na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ ade a ɛte saa?’

Ester kae sɛ: ‘Saa nipa no ne ɔtamfo Haman ɔbɔnefo yi!’

Afei de ɔhene no bo fuwii kɛse. Ɔhyɛe sɛ wonkum Haman. Akyiri yi, ɔhene no yɛɛ Mordekai obi a odi ɔhene akyi wɔ tumi mu. Afei Mordekai ma wɔyɛɛ mmara foforo a ɛmaa Israelfo no ko peree wɔn ti ɛda a na anka ɛsɛ sɛ wokunkum wɔn no. Afei esiane sɛ na Mordekai yɛ onipa titiriw nti, nnipa pii boaa Israelfo no, na wogyee wɔn fii wɔn atamfo nsam.

Ester nhoma a ɛwɔ Bible mu no.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena