Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kc ti 15 kr. 141-150
  • Ahenni no Akyigyinafo Anokwafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni no Akyigyinafo Anokwafo
  • “W’Ahenni Mmra”
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WOGYINA ONYANKOPƆN ASƐM AKYI AKOKODURU SO
  • “BABILON KƐSE NO” HWE ASE!
  • WOFI WIASE NYINAA ADANSEDI ASE
  • “AKOA” NOKWAFO BI
  • Onyankopɔn Ahenni Di Tumi
    Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu
  • Onyankopɔn Ahenni—Nniso Biara ne No Nsɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ahenni Ɔsɛmpɔw No Da Adi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nokware Asomfo a Yebehu Wɔn Wɔ Awiei Bere no Mu
    Tie Daniel Nkɔmhyɛ No!
Hwɛ Pii Ka Ho
“W’Ahenni Mmra”
kc ti 15 kr. 141-150

Ti 15

Ahenni no Akyigyinafo Anokwafo

1. Nsɛm akɛse a ebesisi bɛn na Daniel ka siei?

NA DANIEL nkɔmhyɛ no aka ato hɔ dedaadaw sɛ Mesia no bepue sɛ onipa wɔ afe 29 Y.B. mu, na wɔde no besi ahengua so wɔ ɔsoro anuonyam mu nso wɔ 1914 Y.B. mu. Bio nso, Daniel kaa sɛnea wobebua wiase sodi ɔsɛmpɔw kɛse no ho asɛm kɔɔ akyiri siei.

2. Ɔsɛmpɔw bɛn na afei ɛsɛ sɛ wobua, na asennibea bɛn na wobebua no?

2 Afei ɛsɛ sɛ wobua asase so tumidi a ɛfata ho ɔsɛmpɔw kɛse no prɛko. Nanso asennibea bɛn na wobebua asɛm no? Hwɛ, wobebua wɔ asennibea kɛse a ɛsen biara wɔ amansan no nyinaa mu! Daniel de nsɛm yi ka ho asɛm sɛ:

“Mede hwɛ ara kosi sɛ wosisii agua, na obi a ne nna akyɛ bɛtraa ase, n’atade hoa sɛ sukyerɛma, na ne ti nhwi hoa sɛ oguanten nhwi fitafitaa; n’agua ogyaframa ara nko, ne ntwahonan ogya a ɛrefram; ogya te sɛ asubɔnten sen fi n’anim bae, mpem mpem som no, na ɔpedu huhaa gyina n’anim, wɔtraa ase sɛ wɔrebu atɛn, na wobuebuee nhoma no mu.”—Daniel 7:9, 10.

3. (a) Hena ne Ɔtemmufo no? (b) Dɛn na “nhoma” ahorow no da no adi? (d) Atɛn bɛn na wobu?

3 Saa kwan no so na “mmeresanten Hene,” Yehowa Nyankopɔn, tra ase fi ase bu ntɛn. (Adiyisɛm 15:3) Nanso dɛn ne “nhoma” a afei wobuebue mu wɔ n’anim no? Ɛyɛ tumidi ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ awerɛhow a amanaman no anya wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no. Bere a Amanaman Mmere no baa awiei wɔ 1914 Y.B. mu no, ‘atemmufo bagua’ no gye “wɔn tumi” a wodi no wɔ ɔkwan a ɛfata so, ɛwom sɛ wɔhyɛɛ wɔn “bere ne dɔn a wɔn nkwa nna nkodu” de—kosi sɛ wobebu wɔn fɔ ankasa wɔ Harmagedon.—Daniel 7:12; Adiyisɛm 16:14, 16.

4, 5. (a) Henanom na wɔde tumidi ma wɔn? (b) Ɔkwan biako pɛ bɛn na yɛnam so betumi ahu ba a Ɔhene no aba?

4 Ɛnde, hena na wɔde tumidi bɛma no? Daniel toa so sɛ:

“Mede hwɛ, anadwo adehu no mu ara, na hwɛ, obi a ɔte sɛ onipa ba nam ɔsoro amununkum mu reba, na oduu nea ne nna akyɛ no nkyɛn, na wɔma ɔbɛn n’anim. Na ɔno na wɔde tumi ne anuonyam ne ahenni maa no ma aman, nkurɔfo ne ɔkasa horow nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahenni yɛ nea ɛrensɛe da.”—Daniel 7:13, 14.

5 Hena ne “obi a ɔte sɛ onipa ba” yi? Ɛnyɛ obiara sɛ Awurade Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no. Esiane sɛ “ɔsoro amununkum” no gyina hɔ ma nea aniwa nhu nti, ɛyɛ ntease aniwa a ɛne gyidi na yɛde hu ne ba a waba ho ɔsoro “sɛnkyerɛnne” no, “sɛnkyerɛnne” a ɛbɛdaa adi wɔ nsɛm a esisii asase so bere a “awoko yaw mfiase” no bae wɔ 1914 Y.B. mu ho no.—Mateo 24:3, 7, 8; Adiyisɛm 1:7.

6. (a) Henanom nso na wobu wɔn atɛn? (b) Dɛn na eyinom nya, na ɔkwan bɛn so?

6 Yehu fi Daniel nkɔmhyɛ no mu sɛ ɛno akyi no “wobuu atɛn maa ɔsorosoroni no ahotefo,” na eyinom nso nsa ka “ɔsoro nyinaa ase ahemman so ahenni ne tumi ne kɛseyɛ.” (Daniel 7:22, 27) Henanom ne saa “ahotefo” yi? Ɛda adi pefee sɛ, wɔyɛ soronko koraa wɔ adesamma nniso horow so atumfoɔ ahopɛfo a wɔaporɔw, a wofi teteete ahyɛ nkurɔfo so no ho. Wɔnyɛ nnipa biara sɛ “ahotefo” 144,000 a wɔasra wɔn, nnipa a “wonni dɛm” wɔ wɔn mudi mu kura mu, na “wɔatɔ wɔn afi nnipa mu” ma wɔabɛyɛ “onipa Ba” no mfɛfo adedifo wɔ ne soro Ahenni no mu no. Wonyan wɔn fi awufo mu ma wɔkɔka ne ho “ɛda a edi akyiri” no mu. (Adiyisɛm 14:3-5; Mateo 24:30; Yohane 6:40) Bere a Yesu ba wɔ n’Ahenni mu no, wohu “ahotefo” yi nkaefo bi wɔ asase so sɛ wɔn ani da hɔ yiye. Na wɔwɔ adwuma bi yɛ!

WOGYINA ONYANKOPƆN ASƐM AKYI AKOKODURU SO

7, 8. (a) Kuw bɛn na wofii ahosiesie adwuma ase, na bere bɛn? (b) Dɛn na wopia too nkyɛn? (d) Dɛn na wogyinaa akyi denneennen? (e) Bere bɛn so na wɔtwee adwene sii? (ɛ) Adwinnade bɛn na wɔde abɔ Onyankopɔn Ahenni no dawuru?

7 Bere a bere rebɛn ma “onipa Ba” no nsa aka n’Ahenni no, ɛda adi pefee sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ ahosiesie adwuma bi wɔ asase so ha. Wɔ 1870 mfe no mu no, Charles T. Russell hyehyɛɛ Kristofo a wɔahyira wɔn ho so kuw ketewaa bi wɔ Pittsburgh, Pennsylvania, U.S.A. Ankyɛ na eyinom behui sɛ na Kristoman asɔre ahorow no gyina Babilon nkyerɛkyerɛ ne amanne ahorow ne Plato nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra nwu da no so na ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm. Bere a kuw ketewa yi piaa atoro nyamesom too nkyɛn no, wobegyinaa Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa Yesu agyede no, owusɔre ne Onyankopɔn Ahenni sɛ anidaso ma adesamma a wohu amane ho no akyi denneennen.

8 Russell ne n’ayɔnkofo nam Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a wɔatintim afi July 1879 abesi nnɛ no so gyinaa Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa adebɔ ho no akyi denneennen de tiaa Darwin adannandi nkyerɛkyerɛ no. ‘Wobuu nsu guu hell so’ denam Bible no a wɔde kyerɛe sɛ ɛmmae da sɛ wɔanya baabi a ogya wɔ a wɔde yɛ ‘akra a wɔawu’ no ayayade, na mmom Bible “hell” no yɛ ɔdamoa no so. (Dwom 16:10; Asomafo no Nnwuma 2:29-32) Wɔtwee adwene sii 1914 Y.B. so sɛ bere bi a wɔahyɛ no agyirae sɛ Onyankopɔn Ahenni no ‘bɛba.’ Ɛde besi nnɛ da yi no, Ɔwɛn-Aban [a] Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ a wotintim nea ɛba biara mfuamfua ɔpepem pii wɔ kasa horow bɛboro 100 mu no de nokwaredi bɔ Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Kristo so ho dawuru sɛ ɛne adesamma amanaman no anidaso koro pɛ.—Mateo 12:21; Dwom 145:10-12.

9. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 11:7-12 baa mu wɔ “adansefo” yi ho?

9 Bere a C. T. Russell somee bɛboro mfe 30 sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no, owui October 31, 1916, na J. F. Rutherford bedii n’ade. Ná nyamesom asɔfo de ɔko no redi dwuma na ama wɔasɔre atia Ahenni asɛm no. Wɔbobɔɔ Kristofo nhyiam ahorow gui. Aman dodow bi mu no, wɔde Onyankopɔn asomfo anokwafo koguu afiase. Wobuu Rutherford ne asomfo afoforo baason a asɛyɛde da wɔn so a na wɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn, New York, U.S.A., no fɔ sɛ wɔmfa wɔn nkogu afiase mfe pii. Nanso, Onyankopɔn asomfo yi bo antu, efisɛ na Bible nkɔmhyɛ aka ɔtaa ahorow a ɛte saa ho asɛm asie. Sɛ́ nhwɛso no, Adiyisɛm 11:7-12 ka wiase aman no ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so sɛ “aboa” a ɔko tia Onyankopɔn ‘adansefo’ na “wadi wɔn so nkonim na wakum wɔn.” Wɔbɛma wɔagyae wɔn nkɔmhyɛ no, na sɛnkyerɛnne kwan so no wɔbɛyɛ te sɛ afunu a wɔadeda hɔ akyɛ ma enti wɔabɔn wɔ Kristoman “abɔnten so.” Eyi nyinaa baam, bere a ɔmanfo dii Onyankopɔn asomfo ho fɛw wɔ wiase nyinaa no. Nanso, bere a ɔko no mu basabasayɛ ano dwoe na wogyaa wɔn a na wɔde wɔn agu afiase—na wɔayi atoro sobo a wɔbɔɔ wɔn no nyinaa afi wɔn so—no, “nkwa honhom fii Nyankopɔn mu bɛhyɛn wɔn mu.” Wɔmaa wɔn so ma wonyaa Onyankopɔn anim gyinabea pa, na efi 1919 no, wɔbaa Ahenni ho dwumadi kɛse mu.—Yesaia 52:7, 8; Romafo 10:15.

“BABILON KƐSE NO” HWE ASE!

10. Dɛn ho fɔ na Kristoman mu asɔre ahorow dii, na ɔkwan bɛn so?

10 Saa ɔko mfe no mu no, ɛnyɛ sɛ Kristoman mu asɔfo no dii anim taa nokware Kristofo nko, na mmom wɔpow adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni abɛn no. Ná wɔwɔ wɔn ankasa nyamesom “ahenni” a ɛne “Babilon Kɛse.” (Adiyisɛm 17:5, 6, 18) Wɔ ɔko no afanu nyinaa no, wɔkaa mmerante ne mmabaa guu akodi amoa mu ma wɔde wɔn koma nyinaa boaa saa nnipakum a ɛyɛ hu no. Esiane adeyɛ a ɛte saa nti, ɛsɛ sɛ Kristoman asɔfo kɔ so di mogya ho fɔ kɛse te sɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ tete Yerusalem, a Yehowa diyifo kaa eyi kyerɛɛ wɔn no: “W’atade mmuaano na wohu ahiafo a wodi bem no mogya no.”—Yeremia 2:34; 19:3, 4; hwɛ Mateo 23:34, 35 nso.

11. Hesekiel 22:3, 4, 16 fa Kristoman ho dɛn?

11 Afei wɔde mogya ho afodi yi kaa Kristoman abosonsom ne ne Babilon atoro nkyerɛkyerɛ no ho. Ne saa nti, odiyifo Hesekiel nsɛm no bɛfaa Kristoman a awae afi gyidi ho no nso ho:

“Sɛ [Yehowa] Nyankopɔn se ni: Kurow a ehwie mogya gu wɔ no mu sɛ ne bere mmra, na ɛyɛ abosonhuhuw fa de gu ne ho fĩ. Wo mogya a wuhwie gui no mu na wudi sõ, na w’abosonhuhuw a woyɛe no na wode agu wo ho fĩ, na woama wo nna abɛn, na woadu wo mfe mu; ɛno nti mede wo mayɛ ahohorade mama amanaman, ne fɛwdi mama nsase nyinaa; na wo ho behura amanaman anim, na woahu sɛ mene [Yehowa].”—Hesekiel 22:3, 4, 16.

12. (a) Asɛm kɛse bɛn na esii wɔ 1919 mu? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi baa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asase so no mfaso?

12 Onyankopɔn, Yehowa, a Kristoman som a adi mogya ho fɔ no se wɔsom no nanso wɔmpɛ sɛ wɔde ne din di dwuma bio no ara na ɔtoo wɔn kyenee. Wɔ 1919 Y.B. mu no, ɛne Babilon nyamesom a ɛwɔ wiase nyinaa no hwee ase kɛse. Wantumi annya gyinabea pa biara wɔ Ɔsorosoroni no anim bio. Wantumi annya Yehowa nokware asomfo so tumi bio. Na saa ara na ɛte wɔ Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman, no fã biara nso ho. ‘Amansan Hene Yehowa’ de ɔfrɛ yi frɛ “ahotefo” anokwafo a wɔwɔ asase so sɛ:

“Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so. Mumfi Babel, momfa ahurusidi nne . . . momma wɔnte eyi.” (Yesaia 48:16, 17, 20)

Dɛn ne “ahurusidi nne” yi, na wɔate wɔ hefa?

WOFI WIASE NYINAA ADANSEDI ASE

13. (a) “Ahurusidi nne” no mu ade bɛn na afei ɛbɛyɛɛ ade titiriw? (b) Ɔfrɛ a emu yɛ den bɛn na wɔtee?

13 “Onipa Ba” no kaa “ahurusidi nne” yi mu ade titiriw bi ho asɛm wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa “wiase awiei” ho no mu sɛ:

“Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3, 14, 37)

Nanso na ehia sɛ wɔhyehyɛ “ahotefo” no yiye sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayɛ adwuma yi. Ná wɔrentumi mfa nnipa ahoɔden ara kwa nso nyɛ. Nea ɛyɛ anigye no, wɔ amanaman ntam nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A., wɔ 1919 ne afei 1922 mu ase no, wohwiee Yehowa honhom guu wɔn so ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so. Ɛhyehyɛɛ wɔn na ɛhyɛɛ wɔn den sɛ ‘wɔmmɔ, wɔmmɔ, wɔmmɔ Ɔhene no ne n’Ahenni no dawuru.’ Wɔ “wɔn a wɔapaw wɔn” a wokura ɔsoro anidaso no mu pintinn yi fam no, na adwuma kɛse bi da wɔn anim.—Mateo 24:31.

14. Ɔkwan bɛn so na afei Yoel nkɔmhyɛ no nyaa ne mmamu kɛse?

14 Sɛnea na Yoel nkɔmhyɛ no abam wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu wɔ Yudafo nneɛma nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no mu no, saa ara na afei saa nkɔmhyɛ no fii ase nyaa ne mmamu kɛse wɔ Satan wiase nhyehyɛe no “nna a edi akyiri” no mu. Onyankopɔn honhom buee nnɛ mmere yi Yehowa ‘mmabarima ne mmabea’ a wɔasra wɔn no adwene mu, na ɛkanyan wɔn ma ‘wɔhyɛɛ nkɔm ampa,’ bere a wɔyɛɛ adwumaden de bɔɔ adesamma wiase no kɔkɔ wɔ “[Yehowa] da kɛse a ɛhyerɛn” a ɛreba no ne hia a ehia na egye ntɛmpɛ sɛ ‘wɔbɛbɔ Yehowa din’ sɛnea ɛbɛyɛ na wɔagye wɔn nkwa ho no.—Asomafo no Nnwuma 2:16-21; Yoel 2:28-32.

“AKOA” NOKWAFO BI

15. (a) Hena ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔada no adi bio wɔ nnɛ mmere yi mu?

15 Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa “sɛnkyerɛnne” no ho no mu no, na wabisa sɛ:

“Hena ara ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan ɛbere a ɛsɛ mu?”

Ná “akoa” nokwafo kuw bi asom wɔ tete Kristofo no mu kosii sɛ gyidi ho ɔwae kɛse no bae. Yehu “akoa” ahyehyɛde bi a ɛte saa a ɛde honhom mu aduan ma bere a Awurade Yesu ba wɔ n’Ahenni mu no bio anaa? Yehu! Ná saa “Bible Asuafo,” sɛnea na wɔfrɛ wɔn saa bere no, ayɛ asase nyinaa so ahosiesie adwuma bi. Na Yesu kae sɛ:

“Nhyira ne akoa no a ne wura ba a, obehu no sɛ ɔreyɛ saa. Nokware mise mo sɛ, ɔbɛma wadi nea ɔwɔ nyinaa so.”—Mateo 24:45-47.

16. (a) “Akoa” no ahwɛ Owura no ‘nneɛma a ɔwɔ’ no so dɛn? (b) Kyerɛwnsɛm mu din bɛn na “akoa” no de anigye agye atom?

16 Bere a “akoa,” a ɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔaka abom no kyerɛ dibea a efi Owura no hɔ yi ho anisɔ no, wahwɛ Ahenni nneɛma a ɛwɔ asase so no so yiye, na wɔahwɛ abɔ “asɛmpa” no dawuru. Wɔ 1920 mfe no mu no, wɔkaa atemmu nsɛm a emu yɛ den tiaa Satan ne n’ahyehyɛde, ɛnkanka Babilon nyamesom. Wɔ 1931 mu no, “akoa” no de anigye gyee din a ɛma ɔda nsow koraa fi atoro som nyinaa ho no toom—edin a ɛne “Yehowa Adansefo”—ne asɛyɛde ne hokwan a odiyifo Yesaia kyerɛe wɔ nsɛm yi mu no:

“Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose, ne m’akoa a mayi no no . . . Me, mene [Yehowa], na ogyefo bi nni hɔ sɛ me! . . . Mone m’adansefo, [Yehowa] na ose. Mene Nyankopɔn.”—Yesaia 43:10-13.

17. Asemmisa bɛn na na ehia sɛ wobua saa bere no?

17 Ná ɛbɛyɛ dɛn na afei “akoa” no, ne wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo a wɔn dodow yɛ mpem du du kakraa bi no, atumi ‘aka Ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi adanse’? Ná aka kakra ma Yehowa ama ho mmuae.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 148, 149]

BIBLE ASƐMTI A ƐNE AHENNI NO

EDEN BƆHYƐ A ƐFA ‘ASENI’ NO AHENNI HO

WƆHYƐƐ NKƆM SƐ ‘ASENI’ A ƆYƐ ƆHENE NO NAM ABRAHAM, DAWID, SO BƐBA

AHENNI ASƐNKA—ƆHENE NO OGYE AFƆRE

WƆDE AHENNI NO ASI HƆ—“NNA A EDI AKYIRI” FI 1914

AHENNI NO ‘BA’ BƐSƐE NNIPA NNISO

MFIRIHYIA 1,000 AHENNI SAN DE PARADISE BA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena