Ti 18
Ahenni no Di Nkonim!
1. (a) Dɛn nti na yebetumi anya adesamma daakye mu ahotoso? (b) Dɛn na Harmagedon bɛkyerɛ ama wɔn a wɔsɛe asase no?
SO WƆBƐSƐE adesamma afi asase so? Dabi. Na nea enti a ɛte saa ne Ahenni no. Efisɛ ɛyɛ “ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade,” Yesu a wɔde no asi ahengua so no ne nea odi dwuma wɔ Ahenni no ‘ba’ mu, na ɔdwerɛw Satan asase so ahyehyɛde ne ne nhyehyɛe horow a ɛyɛ nhyɛso no. Wɔ Harmagedon no, wɔbɛsɛe wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɛe asase no.—Adiyisɛm 11:15, 18; 14:19, 20; 19:11-16.
2, 3. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Sefania nkɔmhyɛ no de ma? (b) Dɛn na ehia ma nkwagye?
2 Yɛn Nyankopɔn, Yehowa, abɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛmma yɛn ani nna hɔ yiye wɔ nea ɔrebɛyɛ wɔ Harmagedon no ho.
“Enti monhwɛ me kwan, [Yehowa] asɛm ni, nkosi da a mɛsɔre mabegye asade. Na ɛyɛ m’atemmude sɛ meboa amanaman ano na mihyia ahenni aman, na mehwie m’abohuru, m’abufuhyew nyinaa, agu wɔn so; na me ninkuntwe gya no mu asase no nyinaa bɛhyew.”
Nanso ebinom befi mu aka, wɔdɔɔso! Na Yehowa resiesie wɔn dedaw, sɛnea nkɔmhyɛ koro no ara mu nsɛm foforo yi ka ho asɛm no:
“Na ɛno ansa na mɛdan ano kronkron makyerɛ amanaman, sɛ wɔn nyinaa mmɔ [Yehowa] din no, na wɔnyɛ ɔnokoro nsom no.”—Sefania 3:8, 9.
3 Wobɛyɛ saa nkurɔfo a wobenya nkwa no mu biako anaa? Yiw, sɛ ‘wobɔ Yehowa din’ a. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Ɛdenam sakra a wobɛsakra anya “ano kronkron” no so—Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a ɛtew ade ho no a wode bɛhyɛ wo komam, na wode adi dwuma. (Marko 13:10) Bere a wunya Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam Kristo so ayɛ no mu gyidi no, ɛsɛ sɛ woyɛ nea Petro tuu n’ankasa ne nkurɔfo fo sɛ wɔnyɛ mfeha 19 ni no: “Enti monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne, na ɛyɛ a, ahodwo nna afi [Yehowa] anim aba.”—Asomafo no Nnwuma 3:19, 20.
4, 5. (a) Wobɛyɛ dɛn atumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den? (b) Ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ “ano kronkron” no ho anisɔ?
4 Te sɛ Yesu no, ɛsɛ sɛ woda wo ho adi sɛ wonyɛ Satan wiase no fã. (Yohane 17:14, 16) Sɛ wonam Kristo so hyira wo ho so ma Yehowa na wɔbɔ wo asu wɔ nsu mu de yɛ ho sɛnkyerɛnne a, wubetumi ne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a emu yɛ den yiye. (1 Petro 3:21) Bere nyinaa ɛsɛ sɛ wohwehwɛ saa abusuabɔ yi bere a wo ne Onyankopɔn nkurɔfo a wahyehyɛ wɔn wɔ asase so nyinaa no de ‘nokoro’ som no no. Wobɛpɛ sɛ wo ne eyinom ka “ahenni no ho asɛmpa yi” kyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wotie nyinaa sɛnea wo nsɛm tebea bɛma kwan.—Mateo 24:14; Romafo 10:10-18; Hebrifo 13:15.
5 Woyɛ obi a wonam ɔkwan a ɛte saa so gye Bible mu nokware a ɛyɛ “ano kronkron” no so anaa? Ɛnde fa wo ho to Yehowa so koraa. Sɛ ‘Ɔdonkunini no, obegye wo.’—Sefania 3:17; Yesaia 12:2-5.
6. Afotu pa bɛn na Yohane de mae, na dɛn na ɛsɛ sɛ eyi hyɛ yɛn nkuran ma yɛyɛ?
6 Bere a wunya Yehowa ne ne trenee ho dɔ no, ehia nso sɛ wotra ase ma ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow hyia. Ɔsomafo Yohane de afotu pa yi mae sɛ:
“Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:15-17)
“Daa”! Ɛno mma ɛmfata sɛ wode mmɔdenbɔ bɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ Satan nhyehyɛe bɔne no nna a edi akyiri yi mu anaa? Ɛnhyɛ yɛn nkuran wɔ “nna a edi akyiri” yi mu mma yɛmfa yɛn ho mmata Yehowa ahyehyɛde a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛ n’ananmusifo wɔ asase so no ho anaa?—Mateo 24:45-47.
ADWUMA KƐSE BI
7. Dɛn na ɛbɛka wɔ Harmagedon akyi?
7 Bere a ɔsɛe a Harmagedon ko no de ba no to twa no, Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no bɛkɔ so atra hɔ a ayɛ krado sɛ wɔde bedi dwuma ɔkwan biara a ɔbɛkyerɛ so. Na ɛmmra sɛ wobebu yɛn sɛ yɛfata, a yɛn mu biara nso bɛtra ha!—Sefania 2:3; Dwom 25:8, 9, 20.
8. (a) Saa bere no dɛn na ebehia ma wɔde ayɛ Onyankopɔn adwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na wobesiesie Onyankopɔn nkurɔfo?
8 Ebehia sɛ wɔhyehyɛ Onyankopɔn nkurɔfo wɔ Ahenni nniso no ase sɛnea ɛbɛyɛ na wɔayɛ adwuma kɛse bi de ama asase a wɔatew so no so ayɛ fɛ, asakra yɛn asase yi ayɛ no “Onyankopɔn turo” ankasa. (Fa toto Hesekiel 31:8 ho.) Wo nso wopɛ sɛ woyɛ saa adwuma no bi? Ebehia honhom a ɛpɛ ne ahoɔden a Onyankopɔn de ma na wɔde ayɛ saa adwuma no—mmɔdenbɔ koro no ara a Yehowa Adansefo yi adi nnɛ wɔ ‘ahenni ho asɛmpa yi a wɔka no asase so nyinaa’ mu no. Ebehia sɛ wɔn mu biara yɛ odwumayeni ankasa de di Ɔhene no a ɔkaa eyi no nhwɛso akyi: “M’agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma” no.—Yohane 5:17; 4:34.
9. (a) Adwuma bɛn na ɛbɛwɔ hɔ? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ renyɛ anihaw?
9 Akyinnye biara nni ho sɛ adansi adwuma bɛdɔɔso wɔ asase nyinaa so—ɛnyɛ kuropɔn mu afihyiae atantan na wobesisi, na mmom mmusua atrae fɛfɛ a wɔbɛyɛ wɔ paradise tebea mu. Yiw, wobenya adwuma pii ayɛ, nanso ɛbɛyɛ anigye, adwuma a ahomeka wom, adwuma a mfaso wɔ so a Ɔhene Salomo kaa ho asɛm sɛ, “Adepa nni hɔ” nsen sɛ “onipa biara didi nom hu adepa ne brɛ nyinaa mu” no.—Ɔsɛnkafo 3:12, 13; fa toto Yesaia 65:17, 21-25 ho.
10. Tebea horow bɛn na Adiyisɛm 21:1-4 kyerɛ sɛ ɛbɛba saa bere no?
10 Tebea horow bɛn mu na Awurade “nguan foforo” no bɛyɛ wɔn adwuma no? (Yohane 10:16) Adiyisɛm ti 21 ka nea yebetumi ahwɛ kwan kyerɛ yɛn. Ɛka “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho asɛm. Nnipa nniso nhyehyɛe horow a aporɔw renni nnipa so bio, efisɛ “kan soro ne kan asase” no atwam. Afei nso, wɔayi Ɔbonsam ne ne nnɛɛdɛɛ nkɛntɛnso no afi hɔ. Adesamma a wɔyɛ basabasa te sɛ “ɛpo” a edi akɔneaba a wodi amumɔyɛsɛm no nni hɔ bio. Mmom no, adesamma abusua a wɔwɔ asomdwoe, “asase foforo,” no bɛma wɔanya biribi pa a wobegyina so ayɛ Onyankopɔn apɛde. Ɛhɔ na wubetumi de nokwaredi adi akwankyerɛ a efi “ɔsoro foforo” a wɔn a wɔwom ne Ɔhene no ne ‘n’ayeforo’ a emufo yɛ 144,000 hɔ no akyi. Wɔ “ayeforo” dehye yi gyinabea sɛ “kurow kronkron no, Yerusalem foforo” no mu no, ‘ebesian afi soro aba’ a ɛkyerɛ sɛ ɛdan n’adwene ba adwuma a wɔbɛyɛ de asiesie asase no so no so. Na hwɛ anigyesɛm ara a ebefi mu aba! Sɛnea Yohane ka no:
“Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:1-4.
11. (a) Nneɛma akɛse bɛn na nnipa ɔpepem pii a wobefi mu aka no hwɛ kwan sɛ wobenya? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de nnipa bɛhyɛ asase so ma?
11 Hyɛ no nsow sɛ anidaso kɛse a ɛne sɛ “owu nni hɔ bio” no ka saa bɔhyɛ no ho. Wɔhwɛ kwan sɛ nnipa ɔpepem pii benya nkwa wɔ “ahohia kɛse” no mu akonya “asase foforo” no mu nhyira horow no. (Adiyisɛm 7:9, 14) Nanso awiei koraa no nnipa ɔpepem pii, ɔpepepem pii, benya nkwa wɔ ha wɔ Ahenni no ase. Dɛn nti na yɛka sɛ nnipa “ɔpepepem pii”? Noa bere so Nsuyiri no akyi no, Yehowa de ahyɛde maa treneefo a wofii mu kae no sɛ: “Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.” Eyi kyerɛ sɛ anyɛ yiye koraa no nnipa benya anidaso a anigye wom sɛ wɔbɛware awo mma wɔ trenee mu akosi bere bi wɔ Harmagedon akyi. (Genesis 9:1, 7; 10:1-32; Mateo 24:37) Nanso, ɛno renyɛ ɔkwan titiriw a Onyankopɔn nam so de adesamma bɛhyɛ ‘asase so ma’ saa bere no. Ɛnde ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛma wɔahyɛ yɛn asase yi so ma na ɔnam saayɛ so ama ne mfiase atirimpɔw abam? (Genesis 1:28; Yesaia 45:18) Ɔnam ne wusɔre anwonwade kɛse no so bɛyɛ no mpɛn ɔpepepem pii.
‘ATEASEFO NYANKOPƆN’
12. Yesu nkyerɛkyerɛ bɛn na ɛmaa nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn?
12 Bere bi, Yesu buaa wɔn a wɔsɔre tia no no sɛ:
“Ɛfa awufo sɔre ho de, monkan nea Onyankopɔn kae no pɛn sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufo [Nyankopɔn], na mmom ateasefo de.”
Onyankopɔn ani so no, saa nnipa anokwafo no te sɛ nea wɔwɔ nkwa mu ara pɛ, na obenyan wɔn. Nkurɔfo akuwakuw no ho dwiriw wɔn wɔ saa ɔkyerɛkyerɛ no ho.—Mateo 22:31-33; Luka 20:37, 38.
13. Dɛn na yebetumi ahwɛ kwan wɔ “nguan foforo” anokwafo a wɔawuwu no ho?
13 Ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ anokwafo a wɔte saa a wɔtɔɔ wɔn bo ase wɔ ɔtaa mu “na wɔn nsa aka owusɔre a eye kyɛn so” no ne “nguan foforo” mudi mu kurafo a ɛnnɛ ebia wobewuwu ansa na Harmagedon aba no benya owusɔre ntɛm akɔ “asase foforo” no so. Ebia w’ankasa woahwere w’adɔfo bi wɔ owu mu, a ebia wɔyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo mpo. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ wobɛma eyinom akwaaba afi awufo mu, na woaka ade kɛse a Yehowa ayɛ de abu ne ho bem no ho asɛm akyerɛ wɔn!—Hebrifo 11:35.
14. Anidaso a ɛyɛ nwonwa bɛn na wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 5:28, 29 ne Adiyisɛm 20:11-13?
14 Nanso adesamma afoforo a wɔawuwu wɔ abakɔsɛm mu bɛboro mfe mpem 6,000 no nso ɛ? Yesu se: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29) “Awufo, nketewa ne akɛse,” befi ada mu abegyina Onyankopɔn atemmu agua no anim.—Adiyisɛm 20:11-13.
15. Dɛn nti na atemmu bere no renyɛ hu?
15 Ɛno bɛyɛ bere a ɛyɛ hu ama wɔn a wɔanyan wɔn afi awufo mu no anaa? Ɛmfa ho sɛnea nyamesom mfonini ahorow a ɛfa Atemmu a Edi Akyiri ho no te no, ɛbɛyɛ anigye bere kɛse. Efisɛ ɛnyɛ wɔn a wobenyan wɔn afi awufo mu no nneyɛe bɔne a atwam no so na wobegyina abu wɔn ntɛn, na mmom no, ɔpɛ a wobenya sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne trenee ahwehwɛde a ɛbɛma wɔanya nkwa wɔ Onyankopɔn Ahenni ase ahyia. (Fa toto Romafo 6:7 ho.) Na wɔbɛbɔ mmɔden biara aboa wɔn ma wɔafa ɔkwan a ɛbɛma wɔapata wɔne Onyankopɔn ntam korakora no so. Wɔbɛyɛ ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse a ɛsen biara a wɔayɛ pɛn wɔ Ahenni nhyehyɛe no ase.
16. (a) Dɛn ne “nhoma” ahorow no? (b) Dɛn nti na ɔkyerɛkyerɛ bɛyɛ nea ɛkyɛn so koraa wɔ “asase foforo” no so?
16 Wobebuebue “nhoma” ahorow mu. Eyinom bɛyɛ akwankyerɛ ahorow a wɔbɛkyerɛw de aboa nnipa a wɔanyan wɔn afi awufo mu no ma wɔayɛ saa “nnwuma” a ɛbɛma wɔafata ama daa nkwa no. (Adiyisɛm 20:12) Sɛ wɔde ɔkyerɛkyerɛ hokwan ahorow ne nhyehyɛe a wɔbɛyɛ wɔ “asase foforo” no mu a Yehowa ne ne Hene Mesia kyerɛ kwan no toto biribiara a Satan wiase yi de ama pɛn ho a, na ɛno bɛyɛ nea akɔ anim yiye sen biara.
NHYIRA HOROW A “NNIPAKUW KƐSE” NO BENYA
17. Sɛ wutwa kɔ saa “asase foforo” no so a, dɛn na ebehia sɛ woyɛ?
17 Nanso, sɛ woka “nnipakuw kɛse” a wobefi Harmagedon mu aka no ho a, asɛm yi bɛfa wo ho dɛn? Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛnea wɔn nyinaa wu Adam mu no, sɛ nso wɔn nyinaa benya nkwa Kristo mu ne no.” (1 Korintofo 15:22) Wo nso, wubehia Kristo agyede no mu mfaso a ɔde bedi dwuma de ama adesamma so akɔ pɛyɛ mu wɔ ne mfirihyia 1,000 nniso no mu. Ebehia sɛ wo nso wuso ɔkyerɛkyerɛ a wɔde bɛma wɔ mfirihyia apem “nhoma” no mu no mu sɛnea ɛbɛyɛ na wode nokwaredi ayɛ “nnwuma” a ɛbɛma wɔakyerɛw wo din wɔ “nkwa nhoma” no mu.
18. Ahenni nhyehyɛe bɛn na ɛsɛ sɛ ɛde anigye soronko ba?
18 Ɛnnɛ, wo desani adwene a ɛnyɛ pɛ no tumi gye nneɛma a ebetumi de asie no mu nkyekyem ketewaa bi pɛ. Ebia wɔate sɛ woateɛm pɛn sɛ, ‘Sɛ anka metumi akae a!’ Ɛsɛ sɛ woda ase dɛn ara wɔ Kristo afɔrebɔ no ho! Efisɛ, sɛ́ Ahenni no nhyehyɛe a ɛde bɛma adesamma so no fã no, ɛnyɛ nipadua mu nyarewa ne yaw nko na ebeyi afi hɔ, na mmom wɔbɛma saa abɔde a ɛyɛ nwonwa—wo desani adwene—no asua nsɛm, akora so, na adwen ho, na nea ɛsen biara no, ɛnam ɔsom so akyerɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa su horow a ɛkorɔn no ho anisɔ. Wobeyi ɔkasa mu akwanside ahorow a efi kasa a wɔyɛɛ no basabasa wɔ Babel abantenten ho no afi hɔ, na wɔbɛkyerɛ adesamma nyinaa kasa biako sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabom asom Yehowa wɔ biakoyɛ mu, sɛnea Sefania 3:9 kyerɛ no.
19. Anigye bɛn na Ahenni no nkoa benya mu kyɛfa?
19 Onyankopɔn ho dɔ ne yɔnko dɔ nso bɛkanyan nnipa koma a ayɛ pɛ no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Amansan Hene Yehowa kaa nsɛm yi kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔwɔ anisɔ no:
“Hwɛ, merebɔ ɔsoro foforo [ne asase foforo NW], na wɔrenkae kan de no na ɛremma koma mu bio; na mmom momma mo ho nsɛpɛw mo na munni ahurusi daa daa, ade a merebɔ no nti na hwɛ, merebɔ Yerusalem [Foforo] ama ayɛ ahurusidi, ne ne man, ama ayɛ ahosɛpɛw. Na medi Yerusalem ho ahurusi, na me ho asɛpɛw me me man ho, na wɔrente osu ne nteɛteɛm wɔ mu bio.” (Yesaia 65:17-19)
Kristo Ahenni no mu mfɛfo adedifo 144,000 no anigye ne ahosɛpɛw a ɛhyerɛn no bɛda adi wɔ Ahenni no nkoa ɔpepepem pii a wɔwɔ asase so no mu, bere a eyinom kɔ so bɛn nnipa pɛyɛ ho no.
WƆTEW YEHOWA DIN HO DAAPEM
20. (a) Dɛn nti na mfirihyia 1,000 no betwam ntɛmntɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na Dawid hyiraa Yehowa? (d) Ɛka wo ma wo nso woka ayeyi nsɛm a ɛte saa ara anaa?
20 Mfirihyia apem betwam, te sɛ da koro wɔ Yehowa ani so, na hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ te sɛ bere tiaa bi ama adesamma a wɔreyɛ adansi adwuma a adagyew nnim koraa no nso! (2 Petro 3:8) Yebetumi ahwɛ kwan nso sɛ ahomegye bere nso bɛwɔ hɔ ama fekubɔ a anigye wom ne apɔw-mu-teɛteɛ a ɛma ahoɔden, nnwom a wɔde begye wɔn ani ne adwinni afoforo a ɛfata, ne nhyehyɛe a yɛde bɛsom yɛn Bɔfo Kɛse no bere nyinaa. Obiara bɛpɛ sɛ ohyira Yehowa, sɛnea Dawid yɛe bere a ɔyɛɛ nhyehyɛe horow maa asɔrefi ɔsom no kaa eyi no:
“Wo [Yehowa] na kɛseyɛ ne mmaninyɛ ne anuonyam ne nimdi ne aseda wɔ wo, na nea ɛwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ wo. Wo, [Yehowa], na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti. Na ahonya ne anuonyam fi w’anim, na wo na wudi ade nyinaa so, na wo nsam na ahoɔden ne mmaninyɛ wɔ, na nnipa nyinaa kɛseyɛ ne denhyɛ wɔ wo nsam. Na afei, yɛn Nyankopɔn, yɛn de, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.”—1 Beresosɛm 29:11-13.
21. (a) Kristo bewie ne mfirihyia apem nniso no dɛn? (b) Dɛn na Ahenni no bewie yɛ?
21 Nea ɛne ayeyisɛm fɛfɛ yi hyia no, Nea ɔkorɔn sen Dawid, Kristo Yesu, de nea ɔsomafo Paulo ka siei no na ebewie ne mfirihyia apem asomdwoe nniso ne adesiesie a wɔbɛsan ayɛ no:
“Na awiei no di hɔ a ɔde ahenni no bɛhyɛ agya Onyankopɔn nsa, na watu ahenni ne ahoɔden ne tumi nyinaa [a ɛsɔre tia no no] agu.”
Wɔbɛkyerɛ prɛko sɛ Onyankopɔn nniso ne nniso a ɛfata a ɛwɔ tumi a ɛsɛ a ɛde mfaso horow a ɛtra hɔ daa bɛbrɛ Yehowa asomfo. Wɔ Ahenni no a ɛde nneɛma pa ma tumidi ase no, wobeyi owu a efi Adam no afi hɔ na wɔama adesamma nyinaa anya nkwa wɔ “Kristo mu.” Ne saa nti, na wɔbɛma nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ asase so saa bere no afa wɔn ho “adi afi ɔsom a ɛsom porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.”—Romafo 8:21; 1 Korintofo 15:22-28.
22. (a) Sɔhwɛ bere tiaa bɛn na ebedi so aba? (b) Ade a edi akyiri bɛn na Yesu bɛyɛ de abu bem?
22 Wobegyaa Satan afi bun no mu bere tiaa bi ma wabɛsɔ adesamma wiase a ayɛ pɛ no ahwɛ sɛ edi nokware ma Yehowa Ahenni no anaa. Nnipa dodow bi a wonnim wɔn ano bɛpaw sɛ wobedi Ɔbonsam akyi, nanso wobebu wɔn atɛn ntɛm ara. Onyankopɔn “ɔbea” no ‘aseni,‘ Kristo Yesu, bɛyɛ ade a edi akyiri a ɔde bebu bem no denam Ɔwɔ dedaw no ti a ɔbɛpɛtɛw, asɛe ɔne n’asefo afi hɔ koraa te sɛ nea ɔde ogya a ennum “awia ne anadwo daa daa” hyew wɔn no so. Wobebua ɔsɛmpɔw kɛse a ɛsɔree wɔ Eden a ɛfa fata a Yehowa tumi a odi wɔ n’abɔde so fata no asiesie de akosi daa!—Adiyisɛm 20:7-10; Genesis 3:15.
23. (a) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a yesusuw ho no ka yɛn ma yɛyɛ dɛn? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye ho sɛ yebehu sɛ ‘Onyankopɔn Ahenni no aba’?
23 Sɛ yesusuw “mmeresanten Hene,” yɛn Bɔfo Kɛse, Amansan Hene Yehowa, bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no ho a, ɛnka yɛn mma yɛmfa aseda nyi ne din ayɛ anaa? Ɛnka yɛn sɛnea ɛkaa ebinom wɔ Pentekoste da no mma yɛnka “Onyankopɔn ade kɛse,” ‘n’ahene mu Hene’ no ne Mesia Ahenni no ho asɛm anaa? (Asomafo no Nnwuma 2:11; Adiyisɛm 15:3; 19:16) Ɛnka yɛn mma yɛmmɔ yɛn soro Agya no mpae sɛ “W’AHENNI MMRA” anaa? (Mateo 6:9, 10) Yiw, ‘ƐMMRA’ mmɛsɛe Satan nnwuma ne n’ahyehyɛde mfi asase so! Yiw, ‘ƐMMRA’ na ɛmfa nniso a ɛfata mmrɛ adesamma nyinaa! Yiw, ‘ƐMMRA’ na ɛmfa mfirihyia apem nniso a anuonyam wom no mmra na ɛmfa paradise mmra bio, ennyan awufo na ɛmma adesamma a wɔpɛ nyinaa nnya ɔdesani pɛyɛ! Yiw, ‘ƐMMRA’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtew Yehowa din a ɛso nni no ho daapem!
[Mfonini wɔ kratafa 180, 181]
Wɔ asase foforo no so no, mmofra a wɔbɛwo wɔn trenee mu no renhu amanehunu a ɛka mmusua nnɛ no mu biara