Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?
50 So wopɛ sɛ wotra ase daa wɔ saa paradise fɛfɛ no mu?
Ɛnde sua nea Onyankopɔn ka no ho ade pii. Bɔ mmɔden sɛ wubesua Bible no akenkan.—Yohane 17:3; Adiyisɛm 1:3
51 Sua Yesu ho ade pii.—Deuteronomium 18:18, 19; Yohane 3:16; Asomafo no Nnwuma 3:19-23
52 Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nneɛma pa nkutoo na tie Yehowa.—Romafo 6:17, 18, 22
53 Kae, Yehowa se ɛnsɛ sɛ yekunkum nnipa.—Exodus 20:13; 1 Yohane 3:11, 12
54 Ɛnsɛ sɛ yɛfa nneɛma a ɛyɛ nnipa afoforo de.—Exodus 20:15; Efesofo 4:28
55 Ɛnsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea tra anaasɛ ɔne no da gye sɛ ɔyɛ ne yere.—Exodus 20:14, 17; 1 Tesalonikafo 4:3
56 Wunim ɔyerenom dodow a Onyankopɔn ma kwan sɛ okunu betumi anya? Bere tenten bɛn na ɛsɛ sɛ okunu ne ne yere tra?—Genesis 2:22, 24; Mateo 19:5, 6; 1 Korintofo 7:2, 10, 11
57 Kae nso sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nkutoo.—Mateo 4:10; 1 Korintofo 8:6
58 Abosom ne ahoni ntumi mmoa yɛn. Dɛn ntia?—1 Korintofo 8:4
So eye sɛ yenya ahoni?—Deuteronomium 27:15; 1 Yohane 5:21
59 Dɛn nti na ɛyɛ bɔne sɛ yebenya suman na yɛde yɛn ho ahyɛ abosonsɛm mu?—Deuteronomium 18:10-13; Adiyisɛm 21:8
60 Abɔfo bɔne anaa adaemone no tew atua tiaa Onyankopɔn. Wɔnam adebisafo so daadaa nnipa.—Asomafo no Nnwuma 16:16
61 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae. Mpaebɔ kyerɛ sɛ yɛne Onyankopɔn bɛkasa, aka akyerɛ no sɛ yɛpɛ sɛ yɛsom no na yɛsrɛ ne mmoa.—Filipifo 4:6, 7
62 Ɛsɛ sɛ yetie Yesu na yenya ne mu gyidi.—Hebrifo 5:9; Yohane 3:16
63 Kae sɛ owui na ɔde agye yɛn nkwa.—Romafo 5:8
64 Kae sɛ Yesu ne yɛn hene a aniwa nhu no. Ɛsɛ sɛ yetie no.—Filipifo 2:9-11; Adiyisɛm 19:16
65 Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ woka nneɛma pa a woresua no ho asɛm kyerɛ afoforo ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no asu.—Mateo 28:19, 20; Yohane 4:7-15
66 Enti wubetumi aka nneɛma pa yi ho asɛm akyerɛ wo nnamfo.—Mateo 10:32
67 Sɛ wusua akenkan a, wubetumi asua nneɛma pii na woatumi aboa afoforo yiye.—2 Timoteo 2:15
68 Yesu kyerɛkyerɛɛ mmofra nkumaa nso sɛ wontie Onyankopɔn. Bere biara nni hɔ a na onni adagyew sɛ ɔne wɔn bɛkasa.—Mateo 19:13-15
69 Ɛsɛ sɛ awofo nso kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wotie Onyankopɔn na wɔdɔ no.—Deuteronomium 6:6, 7; Mmebusɛm 6:20-22; Efesofo 6:4
70 Asɔre ahorow ahorow pii wɔ hɔ. Wɔn nkyerɛkyerɛ no pii mfi Bible mu. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yemfi asɔre horow a wɔnkyerɛkyerɛ nokware no mu.—Adiyisɛm 18:4; Yohane 4:23, 24
71 Yehowa wɔ nnipa wɔ asase so a wobetumi akyerɛkyerɛ wo ne ho nsɛm pii. So wunim nnipa ko a wɔyɛ?—Asomafo no Nnwuma 15:14; Romafo 10:14, 15
72 Wɔne Yehowa Adansefo. Wɔwɔ asomdwoe wɔ wɔn ntam. Wunim nea enti? Efisɛ wɔdodɔ wɔn ho.—Yesaia 43:10-12; Yohane 13:34, 35
73 Esiane sɛ wɔdɔ Yehowa nso nti, wɔagye asubɔ. Saa kwan yi so na wɔnam da no adi baguam sɛ wɔatwe wɔn ho afi wɔn abrabɔ bɔne no ho na wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkwa som Onyankopɔn.—Asomafo no Nnwuma 2:41
74 Yehowa Adansefo hwɛ kwan sɛ wɔbɛtra paradise foforo a ɛyɛ fɛ mu.—Dwom 37:9-11, 29
Dɛn na wubetumi ayɛ na wo ne wɔn abom atra hɔ?—Yakobo 1:22, 25; 2:20-26
75 Wo ne wɔn mmom nsua Yehowa som. Wɔdɔ Yehowa ne Kristo Yesu na wotie wɔn. Wodɔ wɔn? So wobɛpɛ sɛ woboa afoforo ma wonya Onyankopɔn ho nimdeɛ?—Yohane 6:45-47
76 Yehowa ne Kristo Yesu dɔ wo na wɔpɛ sɛ wotra ase daa wɔ paradise.—Yohane 3:16
Ɛda adi sɛ nea wonam mfonini ahorow yi ne nhomawa yi mu nsɛm so asua no ama woanya ɔpɛ sɛ wobɛtra ase wɔ asase so daa. Sɛ wobɛpɛ sɛ wusua eyi ho ade pii a, yɛhyɛ nyansa sɛ wo ne Yehowa Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no mu biako nkasa. Anaasɛ, wubetumi akyerɛw, anaa wubetumi ama obi akyerɛw krataa ama wo, de akɔ baa dwumadibea a ɛbɛn faako a wote, sɛnea wɔakyerɛ wɔ address ahorow a ɛwɔ nhomawa yi kratafa a ɛto so abien no mu no.