Ɔsoro Hene de Nhyira Horow ba Asase So
41 Yehowa yɛɛ Yesu Ɔhene wɔ ɔsoro.—Yesaia 9:6; Daniel 7:13, 14; Asomafo no Nnwuma 2:32-36
42 Obedi asase nyinaa so.—Daniel 7:14; Mateo 28:18
43 So wokae nea ɛbɛba nnipa bɔne so no?—Dwom 37:9, 10; Luka 13:5
44 So wokae ɔbɔfo a odi kan a ɔyɛɛ bɔne no din? Yesu beyi ɔne abɔfo bɔne afoforo afi hɔ. Wɔbɛsɛe wɔn abosom ne ahoni ahorow no nyinaa.—Hebrifo 2:14; Adiyisɛm 20:2, 10
45 Yesu bɛyɛ nneɛma pa pii ama nnipa a wɔyɛ osetie.—Hebrifo 5:9
46 Obiara renyare bio.—Yesaia 33:24; Adiyisɛm 22:1, 2
So wokae sɛnea Yesu saa ayarefo yare no?
47 Obiara benya nneɛma pa.—Yesaia 65:17, 21-23
48 Onyankopɔn kae nnipa a wɔawuwu mpo. Ɔnam Yesu so de wɔn bɛsan aba nkwa mu. Wɔfrɛ eyi owusɔre.—Yohane 5:28, 29; 11:25
49 Bere a wɔakunkum nnipa bɔne nyinaa no, obi renwu bio. Wuram mmoa mpo ho renyɛ hu. Obiara ani begye akosi daa.—Adiyisɛm 21:4; Yesaia 65:25; Dwom 37:11, 29