Sɛnea Wogye Yɛn fi Bɔne ne Owu Mu
35 So wokae sɛ Adam, onipa a odi kan no, yɛɛ bɔne? Nkwa ne paradise fii ne nsa, na yɛn nyinaa wu nso, efisɛ yɛyɛ ne mma.—Romafo 5:12; 3:23
36 Ná yebetumi asan anya nkwa a ɛyɛ pɛ yi, sɛ onipa foforo a ɔyɛ pɛ de ne nkwa to hɔ ma yɛn, anaasɛ ogye yɛn fi owu mu a.—1 Korintofo 15:45; Romafo 5:19, 21
37 Ná Yesu yɛ Onyankopɔn Ba. Na ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ. Wanyɛ bɔne.—Hebrifo 5:9; 7:26
38 Ɔmaa kwan ma nnipa a wɔnnɔ Nyankopɔn kum no.—Asomafo no Nnwuma 2:23
Eyi yɛ ne ho a ɔde bɔɔ afɔre maa yɛn.—1 Timoteo 2:6
39 Wosiee Yesu wɔ ɔboda mu. Odii nnansa wɔ owu mu. Afei Onyankopɔn nyan no.—Asomafo no Nnwuma 2:24
40 Ɔsan kɔɔ soro. Afei obetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn a wotie Onyankopɔn no.—Hebrifo 9:24; 1 Yohane 2:1, 2