Yehowa ma Yɛn Ogyefo
29 Na honhom mu nipa a odi kan a Onyankopɔn yɛɛ no no te sɛ abakan ma no.
Onyankopɔn dɔ no kɛse na ɔnam no so bɛsɛe nnipa bɔne na wagye wɔn a wɔyɛ osetie.—Yohane 3:16, 36
30 Yehowa somaa ne Ba ma wɔwoo no asase so. Wɔtoo ne din Yesu. Ná wɔfrɛ ne nã Maria.—Luka 1:30-35
31 Bere a Yesu nyinii no ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pa pii. Ɔkyerɛkyerɛe sɛ Yehowa nkutoo ne nokware Nyankopɔn.—Marko 12:29, 30
Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa nkutoo.—Mateo 4:10; Yohane 4:23, 24
Ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Yehowa ahenni no ho ade nso.—Luka 17:20, 21
32 Yesu saa ayarefo yare na ɔyɛɛ nneɛma pa pii. Wanyɛ nneɛma bɔne.—Asomafo no Nnwuma 10:38; 1 Petro 2:21, 22
Nanso ɔkwan bɛn so na obegye yɛn afi bɔne ne owu mu?
33 Ná ɛsɛ sɛ ɔbɔ afɔre bi ma Onyankopɔn na ɔde agye nnipa pa. Tete no Onyankopɔn ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔmfa mmoa mmɔ afɔre wɔ wɔn bɔne ho.—Hebrifo 7:25, 27
34 Yesu amfa mmoa ammɔ afɔre. Ɔde ne ho mae sɛ afɔre maa yɛn.—Mateo 20:28; Hebrifo 10:12
Wunim nea enti?