So Onyankopɔn Bɛsɛe Nnipa Bɔne Bio?
22 Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ nso asɛe pii. Nneɛma bɔne bɛn na wɔreyɛ wɔ ha?
23 Ebinom kunkum nnipa afoforo. Onyankopɔn se ɛnsɛ sɛ woyɛ eyi.—Exodus 20:13; 1 Yohane 3:11, 12
24 Ebinom wia ade. Onyankopɔn se ɛnsɛ sɛ wuwia ade.—Exodus 20:15; Efesofo 4:28
25 Nnipa bi ware yerenom pii. Ebinom ne mmea baanu anaa nea ɛboro saa twe mpena wɔ afie ahorow mu. Mmarima ne mmea binom nso bom tra a wɔnwaree. Eyi nyinaa ne nea Bible ka no nhyia.—Mateo 19:4-6; 1 Korintofo 7:1-4; 1 Timoteo 3:1, 2
26 So wokae sɛ ɔyere biako pɛ na Onyankopɔn de maa Adam?—Genesis 2:22, 24
27 Ebinom som abosom. Onyankopɔn se ɛnsɛ sɛ wosom abosom anaasɛ wode ahoni di dwuma wɔ ɔsom mu.—Exodus 20:4, 5; Yesaia 44:9-17; 1 Yohane 5:21
28 Yehowa bɛsɛe abɔnefo a wɔnsakra no.—Dwom 37:9, 10; Luka 13:5; 1 Korintofo 6:9, 10