Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 14 kr. 22-23
  • Onyankopɔn Nnamfo Kwati Bɔne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Nnamfo Kwati Bɔne
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneyɛe a Onyankopɔn Kyi
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ na Yɛasɔ Onyankopɔn Ani?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Ɔfã 13
    Tie Onyankopɔn
  • So Onyankopɔn Bɛsɛe Nnipa Bɔne Bio?
    Nya Asetra Mu Anigye Wɔ Asase So Daa!
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 14 kr. 22-23

ADESUA 14

Onyankopɔn Nnamfo Kwati Bɔne

Satan sɔ nnipa hwɛ ma wɔyɛ nneɛma bɔne. Ɛho hia sɛ obi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn adamfo no kyi nea Yehowa kyi. (Dwom 97:10) Nneɛma a ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nnamfo kwati no bi ni:

Nneɛma a Yehowa kyi no bi ne nna mu ɔbrasɛe, asabow, yafunu a wotu gu, korɔnbɔ, atorodi, abufuhyew, ne kyakyatow

Ɔbarima ne ɔbea nna ho bɔne ahorow. “Nsɛe aware.” (Exodus 20:14) Nna mu kyɛfa a wunya ansa na woaware no nso nteɛ.—1 Korintofo 6:18.

Asabow. “Asabofo . . . rennya Onyankopɔn ahenni.”—1 Korintofo 6:10.

Awudi, Yafunu a Wotu Gu. “Nni awu.”—Exodus 20:13.

Korɔnbɔ. “Mmɔ korɔn.”—Exodus 20:15.

Atorodi. Yehowa kyi “atoro tɛkrɛma.”—Mmebusɛm 6:17.

Basabasayɛ ne Abufuhyew. “Obiara a n’ani gye awudisɛm ho no, [Yehowa] kyi no koraa.” (Dwom 11:5) “Ɔhonam nnwuma [no bi ne] . . . bobɔne.”—Galatifo 5:19, 20.

Kyakyatow. ‘Mo ne odifudepɛfo mmmɔ.’—1 Korintofo 5:11.

Ɔman ne Mmusua Ho Tan. “Monkɔ so nnɔ mo atamfo, na mommɔ mpae mma wɔn a wɔtaa mo.”—Mateo 5:43, 44.

Nsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛ yɛn no fa yɛn yiyedi ho. Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛbɛkwati sɛ yɛbɛyɛ nneɛma bɔne. Wonam Yehowa ne N’adansefo mmoa so betumi akwati sɛ wobɛyɛ nneɛma a ɛnsɔ Onyankopɔn ani.—Yesaia 48:17; Filipifo 4:13; Hebrifo 10:24, 25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena