Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • rq adesua 10 kr. 20-21
  • Nneyɛe a Onyankopɔn Kyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneyɛe a Onyankopɔn Kyi
  • Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Nnamfo Kwati Bɔne
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Kwati Kyakyatow ho Afiri
    Nyan!—2002
  • Kyakyatoɔ
    Nyan!—2015
  • Kyakyatow—Ɛyɛ Bɔne Anaa?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
rq adesua 10 kr. 20-21

Adesua 10

Nneyɛe a Onyankopɔn Kyi

Ɛsɛ sɛ wote nka dɛn wɔ nneɛma a Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ bɔne no ho? (1)

Nna ho nneyɛe bɛn na ɛnteɛ? (2)

Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni bu atorodi? (3) kyakyatow? (3) korɔnbɔ? (3) basabasayɛ? (4) ahonhonsɛmdi? (5) asabow? (6)

Ɔkwan bɛn so na obi betumi ade ne ho afi su ne nneyɛe a ɛte saa ho? (7)

1. Onyankopɔn asomfo dɔ papa. Nanso ɛsɛ sɛ wosua sɛnea wobekyi bɔne nso. (Dwom 97:10) Ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkwati nneyɛe bi a Onyankopɔn kyi. Saa nneyɛe no bi ne dɛn?

2. Aguamammɔ: Nna a edi aware anim, awaresɛe, mmoa a wɔne wɔn da, ne mmarima anaa mmea a wɔne wɔn ho da nyinaa yɛ bɔne a anibere wom a etia Onyankopɔn. (Leviticus 18:6; Romafo 1:26, 27; 1 Korintofo 6:9, 10) Sɛ nnipa baanu nwaree nanso wɔabom te hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔtetew mu anaasɛ wɔware wɔ mmara kwan so.—Hebrifo 13:4.

3. Atorodi, Kyakyatow, Korɔnbɔ: Yehowa Nyankopɔn ntumi nni atoro. (Tito 1:2) Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wonya n’anim dom kwati atorodi. (Mmebusɛm 6:16-19; Kolosefo 3:9, 10) Pɛsɛmenkominya wɔ kyakyatow biara mu. Enti Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ kyakyatow biara mu, te sɛ loto, apɔnkɔ mmirikatu, ne nea wɔfrɛ no bingo no. (Efesofo 5:3-5) Na Kristofo mmɔ korɔn. Wɔnhyɛ da ntɔ awifode na wɔmfa nneɛma bere a wommisaa ho kwan.—Exodus 20:15; Efesofo 4:28.

4. Abufufa, Basabasayɛ: Abufuw a obi ntumi nni so betumi ama wayɛ basabasa. (Genesis 4:5-8) Obi a ɔyɛ basabasa ntumi nyɛ Onyankopɔn adamfo. (Dwom 11:5; Mmebusɛm 22:24, 25) Ɛnteɛ sɛ yɛde bɔne betua nneɛma bɔne a afoforo betumi ayɛ atia yɛn no so ka.—Mmebusɛm 24:29; Romafo 12:17-21.

5. Kaberekyerɛ ne Ahonhonsɛmdi: Ebinom bisa ahonhom tumi de bɔ mmɔden sɛ wɔde bɛsa nyarewa. Afoforo to wɔn atamfo aduru na ama wɔayare anaa wɔawu mpo. Satan ne tumi a ɔhyɛ nneyɛe yi nyinaa akyi. Enti ɛnsɛ sɛ Kristofo nya emu kyɛfa biara. (Deuteronomium 18:9-13) Yehowa a yɛbɛbɛn no ne ahobammɔ a ɛsen biara a yebenya wɔ aduru a ebia afoforo bɛto yɛn no ho.—Mmebusɛm 18:10.

6. Asabow: Ɛnyɛ bɔne sɛ yɛbɛnom bobesa, beer, anaa mmosa foforo kakra. (Dwom 104:15; 1 Timoteo 5:23) Nanso asanom bebrebe ne asabow yɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so. (1 Korintofo 5:11-13; 1 Timoteo 3:8) Nsa a wobɛnom no pii dodo no betumi asɛe w’akwahosan ne w’abusua. Ebetumi ama sɔhwɛ afoforo adi wo so ntɛmntɛm.—Mmebusɛm 23:20, 21, 29-35.

7. Nnipa a wɔyɛ nneɛma a Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ bɔne no “rennya Onyankopɔn ahenni.” (Galatifo 5:19-21) Sɛ wodɔ Onyankopɔn ankasa na wopɛ sɛ wosɔ n’ani a, wubetumi atwe wo ho afi saa nneyɛe yi ho. (1 Yohane 5:3) Sua sɛnea wubekyi nea Onyankopɔn ka sɛ ɛyɛ bɔne. (Romafo 12:9) Wo ne nnipa a wɔwɔ suban pa mmɔ fekuw. (Mmebusɛm 13:20) Kristofo a wɔn ho akokwaw a wubenya wɔn ayɔnkofo no betumi de mmoa ama wo. (Yakobo 5:14) Nea ɛsen ne nyinaa no, fa wo ho to Onyankopɔn mmoa so denam mpaebɔ so.—Filipifo 4:6, 7, 13.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Onyankopɔn kyi asabow, korɔnbɔ, kyakyatow, ne basabasayɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena