Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 8/8 kr. 9-11
  • Kwati Kyakyatow ho Afiri

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwati Kyakyatow ho Afiri
  • Nyan!—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wonyaa Ahoɔden De Sakrae
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Kyakyatow Ho?
    Nyan!—2002
  • Kyakyatoɔ
    Nyan!—2015
  • So Bible Kasa Tia Kyakyatow?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Kyakyatow Nnye Koraa Ampa?
    Nyan!—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2002
g02 8/8 kr. 9-11

Kwati Kyakyatow ho Afiri

“Kyakyatow anka m’akwahosan, na midii sika a mede tow kyakya no so bere nyinaa. Nanso migye tom sɛ bere biara a metwa loto no, na mepaw aba a misusuw sɛ me ti ye wɔ ho bere nyinaa.”—Linda.

NNIPA a wɔtow kyakya no pii nya gyidi bi wɔ mma a wosusuw sɛ wɔn ti ye wɔ ho anaa biribi a wosusuw sɛ ɛwɔ nkonyaayi mu tumi a ɛbɛma wɔanya adepa daakye mu. Ebia wonsusuw sɛ wɔfa wɔn gyidihunu no aniberesɛm, nanso ebetumi aba sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ ɛmfa ho sɛnea ɛte biara no.

Ebinom a wɔtow kyakya mpo bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn mma wonni aba a wɔapaw no. Nanso Bible no kura nsɛm a ɛkasa tia wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn nanso ‘wɔtow pon ma siade bosom’ no. (Yesaia 65:11) Yiw, Onyankopɔn kyi nneyɛe a ɛma obi nya akraye mu gyidihunu no. Sɛnea kyakyatow te no, ɛhyɛ Akraye Nyamewa a wobenya ne mu ahotoso a ntease biara nnim ho nkuran.

Kyakyatow nso mma obi ani nwu sɛ ɔbɛyɛ sikanibere. Wɔ nnɛ wiase a wɔmfa honhom fam nsɛm nyɛ hwee wɔ asetram no, wɔde sika ankasa ayɛ onyame, na wɔde kyakyatow ayɛ ɔkwan a wɔnam so som no. N’asɔredan no ne adan akɛse a wɔtow mu kyakya no, na ne gyidikasɛm a wokura mu ne sɛ adifudepɛ yɛ biribi pa. Nhwehwɛmufo ahu sɛ nnipa dodow no ara a wɔkɔ kyakyatow adan mu no ka sɛ, ɛnyɛ sɛ wɔkɔ hɔ kogye wɔn ani na mmom sɛ wobedi “sika kɛse ankasa.” Nanso Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ [sikanibere, NW] a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:10.

Bible no ka pefee wɔ 1 Korintofo 6:9, 10 sɛ: “Mommma wɔnnnaadaa mo . . . abosonsomfo . . . ne aniberefo rennya Onyankopɔn ahenni no.” Adifudepɛ nyɛ asetra mu yare kɛkɛ; ɛyɛ honhom fam yare a edi awu—nanso ɛyɛ yare a wotumi sa.

Wonyaa Ahoɔden De Sakrae

Kazushige, a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no, ka sɛ: “Mebɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ megyae kyakyatow. Mihui sɛ kyakya a me ne me nnamfonom tow wɔ mmirikatu ho no resɛe m’abusua. Mehweree sika a na midi no bere nyinaa. Mede sika a me yere sie maa yɛn babarima a ɔto so abien awo no mpo tow kyakya, na mede adwumakuw a meyɛ mu adwuma no sika tow kyakya awiei koraa. Ne saa nti, mehweree obu korakora. Na me yere taa su pa me kyɛw sɛ minnyae kyakyatow nanso na mintumi nnyae.”

Afei Kazushige fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Ɔka sɛ: “Dodow a mekenkan Bible no, dodow no ara na mibenyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na sɛ mitie no a, menya so mfaso. Mebɔɔ me tirim sɛ denam mmoa a Onyankopɔn de ma so no, megyae kyakyatow. Nea ɛyɛ me nwonwa ne sɛ, ɛnyɛ sɛ magyae kyakyatow nko, na mmom manya ɛho tan nso. Seesei sɛ misusuw amanehunu a na me kyakyatow de ba m’abusua no so ho a, ɛyɛ me yaw wɔ me komam. Hwɛ aseda ara a mede ma Yehowa Nyankopɔn sɛ waboa me ma matwe me ho afi kyakyatow a na aka me hɔ no ho na ɔreboa me ma mabɔ ɔbra pa!”—Hebrifo 4:12.

Saa ara na John nso a yɛkaa ne ho asɛm wɔ mfiase no afi ase resua Bible no. Ɔka sɛ: “Bible no a misuae no boaa me ma mesan susuw me tebea ho. Bere a edi kan no, m’ani buee ankasa ma mihuu sɛe a me kyakyatow ama masɛe me ne m’abusua nyinaa no. Mibehui sɛ kyakyatow ma nkurɔfo yɛ pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ—su ahorow a Yehowa kyi. Bere a mekɔɔ so suaa ade no, ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no maa me ahoɔden ma metwee me ho fii kyakyatow ho. Asetra pa a na mepɛ sɛ minya nti na mifii kyakyatow ase. Seesei a magyae kyakyatow na mede anigye resom Yehowa yi, saa akwanhwɛ no abam.”

John yere Linda nso sii gyinae sɛ ɔbɛtwe ne ho afi kyakyatow ho. Ɔka sɛ: “Na ɛnyɛ mmerɛw. Nanso bere a me ne me kunu fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no akyi no, misuae sɛ mede m’adwene besi nneɛma a eye koraa so wɔ asetra mu. Ɛnyɛ sɛ misuae sɛ mɛdɔ nneɛma a Onyankopɔn dɔ nko, na mmom sɛ mekyi nneɛma a okyi nso, a nea ɛka ho bi ne adifudepɛ nneyɛe biara. Mewɔ sika pii wɔ me sika kotoku mu ka asetra a atrimpɔw kɛse wom a manya no ho.”—Dwom 97:10.

Sɛ wo ne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ a, wo nso wubetumi anya ahoɔden ne nyansa a ehia ma woakwati kyakyatow ho afiri. Saayɛ bɛma wo sikasɛm, nkate, ne honhom fam akwahosan atu mpɔn. Afei w’ankasa wubehu nokwasɛm a nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22 yɛ no: “[Yehowa, NW] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Adifudepɛ nyɛ asetra mu yare kɛkɛ; ɛyɛ honhom fam yare a edi awu

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Kyakyatow ne Tumi a Ɛboro Nnipa De So

Wɔ amanneɛbɔ bi a wɔde kɔmaa Ɔman Asoɛe a Ɛyɛ Ɔhaw a Kyakyatow De Ba Mu Nhwehwɛmu mu no, nhwehwɛmufo a wɔwɔ Duke Sukuupɔn mu no kaa ho asɛm sɛ abusuabɔ bi da sɛnea wɔbɔ kyakyatow ho dawuru ne gyidi a wɔwɔ wɔ tumi a ɛboro nnipa de so mu ntam. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “[Kyakyatow] ho dawuru pii a wɔbɔ no ma obi nya ahotoso sɛ obenya honam fam nneɛma . . . Nanso eyi nyɛ honam fam ade dodow a wɔnam adwumaden ne mmɔden so anya na mmom nea wosusuw sɛ wɔnam honhom abɔde ne ntafowayi, a egyina anidaso ahorow, adaeso ne gyidihunu so benya. Kyakyatow adwuma sohwɛfo biara nim sɛ wɔn a wɔne wɔn di gua paa no de nkyia a wɔto gyina gyidihunu, nsoromma mu hwɛ, wɔn a wɔayɛ wɔn ho adehufo, ne adaeso nhoma ahorow a ɛhyehyɛ akontaahyɛde a ɛne edin, nna, ne adaeso hyia, so. Sɛ anka wobesi so dua sɛ akontaahyɛde no nyinaa gyina pɛ bere a wɔpaw, na mma a wɔde tow kyakya a agye din no bɛtew nea onipa no hwɛ kwan so no, kyakyatow nnwumakuw no apaw sɛ wɔbɛhyɛ wɔn a wɔtow no nkuran ma wɔapaw mma a wɔn ankasa susuw sɛ eye (na wɔbata ho).”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

“Ɔdɔ a mewɔ ma Yehowa no maa me ahoɔden ma metwee me ho fii kyakyatow ho.”—John

“Mewɔ sika pii wɔ me sika kotoku mu ka asetra a akomatɔyam kɛse wom a manya no ho.”—Linda

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

“Nea ɛyɛ me nwonwa ne sɛ, ɛnyɛ sɛ magyae kyakyatow nko, na mmom manya ɛho tan nso.”—Kazushige

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena