Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g92 2/8 kr. 19-21
  • Kyakyatow Nnye Koraa Ampa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kyakyatow Nnye Koraa Ampa?
  • Nyan!—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kyakyatow—Asiane Ahorow a Ahintaw no
  • Wɔn a Wontumi Nnyae Kyakyatow
  • Sɛnea Kyakyatow Mfiri Twetwe Nnipa
  • Gyinae Pa a Wubesi
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Kyakyatow Ho?
    Nyan!—2002
  • Kyakyatow​—So Obi Di?
    Nyan!—1988
  • Kwati Kyakyatow ho Afiri
    Nyan!—2002
  • Kyakyatoɔ
    Nyan!—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1992
g92 2/8 kr. 19-21

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Kyakyatow Nnye Koraa Ampa?

AFEI de, Andrew a wadi mfe dumien ne Julian a wadi mfe du no awofo anhu wɔn bio. Na wɔn abusua no te ahyɛmma bi mu, na na mmofra no anya kyakyatow mfiri a ɛwɔ mu no ho anigye. Obi a ɔtow bi a ohuu sɛnea wɔn ani agye ho no maa wɔn mu biara sika sɛ wɔn ankasa mfa nsɔ mfiri no nhwɛ. Dɛn ne wɔn asɛnnennen? Wɔn awofo aka sɛ wɔnnkɔ mfiri no ho.

Nanso, Andrew ne Julian sii gyinae sɛ wɔbɛsɔ ahwɛ. Bere a wɔda so ara kae wɔn awofo kɔkɔbɔ ahorow no, wɔtowee—na wonyaa wɔn sika no mmɔho! Afei wɔtow bio. Saa bere yi de, sika dodow a wodii no maa wɔn ho dwiriw wɔn! Wosusuwii ho sɛ, “Ɛyɛ dɛn na eyi tumi yɛ asiane pii saa? Ɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya sika! So kyakyatow nnye koraa ampa?”

Te sɛ mmofra pii a wɔwɔ aman a kyakyatow nyɛ nã wɔ hɔ mu no, Andrew ne Julian anhu bɔne a ɛwɔ mu ahe biara. Sɛ wususuw nhwɛso a mpanyimfo binom ayɛ wɔ eyi mu no ho a, asɛm yi asete nyɛ den. Ɛnyɛ sɛ pii tow kyakya nko, na mmom wɔde nea ebetumi ayɛ wɔn suban no ho anoyi a ntease wom ma. Sɛ nhwɛso no, wɔde sika a wonya fi loto mu a wɔde yɛ nneɛma a ehia no yɛ nhwɛso ka sɛ kyakyatow ye ankasa. (Nanso ntease nni eyi mu te sɛ ka a wɔbɛka sɛ ntoboa a nnubɔnetɔnfo bi de ma sɛ wɔmfa mma ahiafo no ma nnubɔnetɔn yɛ adepa no ara pɛ!) Nanso afoforo ka sɛ kyakyatow yɛ agorudi ne anigyede a bɔne biara nni ho na ɛde anigye bi ba asetra mu.

Sɛnea ɛte biara no, wɔ Britain ne Ireland, sɛnea ɛte wɔ aman afoforo so no, mmofra mpempem pii adan kyakyatowfo. Na ebia sika pii a wubetumi anya a wammrɛ ho no betumi ayɛ wo akɔnnɔ.

Kyakyatow—Asiane Ahorow a Ahintaw no

Nanso, kyakyatow mu wɔ asiane ankasa ma mmofra. Amanneɛbɔ ahorow ka “wɔn a kyakyatow aka wɔn hɔ” ne “nneɛma a ɛyɛ hu a kyakyatow betumi de aba bere a agoru a bɔne biara nnim no dan su a ɛhyɛ obi ma otumi gyimi no” ho asɛm. Sɛnea The Buzz (Britania TV so dwumadi bi) kyerɛ no, sɛ mmofra tow kyakya a, “ebetumi ama wɔayɛ akobɔfo, basabasayɛfo, asisifo ne akorɔnfo, kyakyatow a wontumi nnyae ne tuutuu bɔ, na nea anibere kɛse wom koraa no, wodi wɔn ho dɔm anaa wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm.” Asetram osuahu ahorow ada no adi sɛ kyakyatow tumi de ɔhaw ba ampa.

Adrian se: “Bere a midii bɛyɛ mfe 11 no na mifii kyakyatow ase. Na me ne me wɔfa ne me nua kɔ akraman mmirikatu ase. Mfiase no, na me ti ye nti na metaa di.” Nkɛntɛnso bɛn na enyaa wɔ Adrian so? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na ɛnyɛ den mma me sɛ menya asɛm aka—adi atoro—akyerɛ me papa na manya sika, na ansa na meredi mfe aduonu no, na ɛnhaw me sɛ mewia sika afi sika adaka a ɛwɔ me papa aguadidan mu no mu de atow kyakya.”

Adrian ka nkɛntɛnso foforo bi a ennye ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛyɛ onihafo, efisɛ sɛ wode sika a wobɛyɛ adwuma anya no toto nea wususuw sɛ wubenya afi kyakyatow mu no ho a, ɛbɛyɛ te sɛ nea esua koraa.”—Fa toto Mmebusɛm 13:4; Ɔsɛnkafo 2:24 ho.

Robert (ɛnyɛ ne din ankasa), fii ase tow kyakya no na wadi mfe 12. Ɔka asiane foforo nso ho asɛm: “Wubetumi anya gyidi hunu.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na me papa wɔ kyakyatow mfiri wɔ yɛn aguadidan no mu. Na minim sɛnea ɛyɛ adwuma no pɛpɛɛpɛ, nanso mifi gyidi hunu mu yɛ nneɛma de bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma madi, te sɛ pia a mipia nea wɔde sɔ no wɔ ɔkwan pɔtee bi so anaasɛ mɛma sika a madi no agu faako a wɔde sika gu wɔ afiri no mu no bere tiaa bi. Ebinom kasa kyerɛ mfiri no ankasa.” Yiw, kyakyatowfo pii fi gyidi hunu mu som akraye nyame no a wonnim—adeyɛ a Onyankopɔn kasa tia.—Yesaia 65:11.

Wɔn a Wontumi Nnyae Kyakyatow

Asiane foforo a ne hu yɛ den nso ne sɛ kyakyatow betumi adan obi su a ontumi nnyae. “Mmofra a wonnii mfe 16 bɛboro 2,000 na wɔn awofo de wɔn kɔ Gamblers Anonymous (ahyehyɛde bi a ɛboa wɔn a kyakyatow aka wɔn hɔ ma wogyae) hɔ afe biara, na wɔka sɛ nnipa dodow a wɔde wɔn kɔ hɔ mprempren . . . wɔ Britain no yɛ wɔn mu kakraa bi.” (The Buzz) Ebetumi aka wɔn ho akosi he? Amanneɛbɔ biako ka sɛ: “Sɛ kyakyatow no nya ka wɔn hɔ a, sɛ wodi anaa wonni no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so tow.”

Robert kae sɛ na ohu ɔbea bi a ɔde £90 (¢63,000) tow kyakya da biara. Na abofra kyakyatowfo bi ho pere no sɛ obenya sika de akɔtow kyakya wɔ kyakyatow mfiri no ho araa ma ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum ne maame! Paddy, a bere a ɔyɛ abofra koraa no na ofii ase tow kyakya no nso ntumi nni ne kyakyatow suban no so. Ose: “Wɔtetee me wɔ kyakyatow abusua mu. Na mede biribiara tow kyakya. Bere a minyinii na mewaree no, kyakyatow gyee me yere ne me mma nsam aduan, na awiei koraa no ɛde me duu beae a mepɛe sɛ medi me ho dɔm.”

Sɛnea Kyakyatow Mfiri Twetwe Nnipa

Tebea bɔne ahorow yi betumi afi kyakyatow biara mu aba, nanso nea ɛyɛ asiane kɛse ma mmofra nnɛ no ne kyakyatow afiri no. Journal of Gambling Behavior, 1989 Fɛfɛw bere mu de no ka sɛ eyi na “mprempren wobu no asɛnnennen a ɛsen biara ma mmofra a wɔtow kyakya.” The Buzz se mfiri yi a wɔama no din a ɛfata sɛ adwotwafo a wɔn nsa biako no yɛ “nnaadaa mfiri a ne hu yɛ den. Dodow a wotow no, dodow no ara na wobɛhwehwɛ sɛ wobɛtow.”

So nyansa wɔ agoru bi a wodi, ɛmfa ho sɛnea ɛdaadaa nnipa, a wɔahyehyɛ no sɛ wonni wo sika bere nyinaa sen sɛnea wubedi no mu? Young People Now ka hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ wubedi no ho asɛm sɛ: “Ɛbɛ bi ka sɛ: Wo ne ɔkwasea nnkyɛ ade mu pɛpɛɛpɛ da. Kyakyatow mfiri nnyɛ saa . . . [Sɛ] wode £10.00 hyɛ afiri no mu a, ɛbɛfa £7.00 na asan de £3.00 ama wo.”

Ɛnyɛ nwonwa sɛ Mark Griffiths a ɔhwehwɛɛ nkɛntɛnso a kyakyatow wɔ wɔ mmofra so mu no se: “Ɔkwan biako pɛ a wobɛfa so anya sika afi kyakyatow afiri mu ne sɛ wo ankasa benya bi.” So nyansa wom ma wo sɛ wode wo ho bɛhyɛ adeyɛ a mfaso nnim sɛɛ mu?

Nanso, wɔnam nyansa kwan so ayɛ mfiri yi sɛnea ne tow bɛka wo hɔ na woatow pii. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam aduaba ho mfonini ahorow a ɛsa so abiɛsa a ɛma wuhu sen sɛ ɛbɛma woahu nea wudi nko no so! Young People Now kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Atifi hɔ de a ɛsa so ne nea ɛwɔ nea ɛkyerɛ sɛ obi adi no ase no ma wɔn a wɔtow no susuw sɛ ‘anka wɔreyɛ adi’ na ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔtow bio.” Nea wɔka sɛ anka wɔreyɛ adi, di a obi adi ho sɛnkyerɛnne abien no ne nea ɛto so abiɛsa a ɛkyerɛ sɛ obi adi nkogu no taa ma nea ɔtow kyakya hu no sɛ “anka ɔreyɛ adi,” enti ɛhyɛ no nkuran ma ɔsɔ hwɛ bio—ɔyɛ bio, na ɔsan yɛ bio.

Nanso saa na kyakyatow adwuma no te. Wɔn a wɔyɛ mfiri no yɛ sɛnea wɔtow kyakya no wɔ ɔkwan bi so a ɛma wunya adwene sɛ anka woreyɛ adi na ɛnyɛ sɛ woanni! Ɛkaa kakraa na anka wudi! Eyi ma wokɔ so tow esiane anigye kɛse a wunya sɛ anka woreyɛ “adi” no nti. Fa akanea a etwa yerɛyerɛw no ne nnyigyei a edwemfa no ka eyi ho, na afei wufi ase nya adwene so nkɛntɛnso denneennen a wɔde redaadaa wo ma woatow—woakɔ so atow—na woakɔ so adi nkogu—no ho ntease bi.

Gyinae Pa a Wubesi

Ɛnde, ɔkwan a eye kyɛn so a wonam so bɛkwati sɛ wobɛyɛ obi a ontumi nnyae kyakyatow ne sɛ womfa wo ho nhyɛ kyakyatow mu koraa. Kwati n’afa horow nyinaa a sika kakraa bi a wɔde to nkyia ka ho. Nnipa pii a wɔatow kyakya bere tenten no de nkaprɛ nkaprɛ na efii ase. Na sɛ wunya kyakyatow hokwan bi a, susuw nnyinasosɛm a Yesu Kristo kaa ho asɛm wɔ Mateo 7:17 no ho: “Dua pa biara sow aba pa, na dua bɔne sow aba bɔne.”

Susuw ho hwɛ: Dɛn na kyakyatow ma ɛba nkurɔfo asetram? So ɛboa ma obi nya Onyankopɔn honhom aba te sɛ anigye, asomdwoe, ne ahosodi, anaasɛ so ɛde ɔko, abufuw, ne adifudepɛ ba? (Galatifo 5:19-23) Kae sɛ, Onyankopɔn kasa tia adifudepɛ. Adifudepɛ adeyɛ biako pɛ betumi ama ne bo afuw wo. Bisa wo ho sɛ kyakyatowfo yɛ nnamfo a woye ma Kristoni mmofra anaa. (1 Korintofo 15:33) Kae sɛ “wiase no nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) So ɛnna adi pefee sɛ kyakyatow di Satan Ɔbonsam atirimpɔw ho dwuma? Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ woma ɛdaadaa wo na wode wo ho hyem?

Bere a Ireland ɔman loto baa so foforo no, ntɛm ara na wɔfrɛɛ no nkwaseafo tow! Saa na ɛte ara nen. Hena na ɔpɛ sɛ wobu no kwasea na wogye ne nsam nneɛma a ehia no denam nnaadaa so a wɔnam de no bɛkɔ kyakyatowfo anidaso hunu wiase mu no so? Anigyesɛm ne sɛ, Andrew ne Julian (a wɔbɔɔ wɔn din wɔ mfiase no) hui sɛ kyakyatow yɛ ɔkwasea agoru. Wohu mu asiane ahorow no na wɔkwati. Wɔka sɛ: “Ɔkwan biara so no, nneɛma pa pii wɔ hɔ a wubetumi ayɛ wɔ asetram sen wo sika a wobɛsɛe no wɔ kyakyatow mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena