Yɛpɛ sɛ Yɛboa Wo
Wɔasiesie nhomawa yi na ama woahu Yehowa Adansefo adwuma no ne nhyehyɛe a wɔayɛ sɛ wɔbɛboa wo ma woanya Bible no mu nimdeɛ kɛse no mu yiye. Ebia Yehowa Adansefo aba wo nkyɛn pɛn, anaasɛ ebia wo ne wɔn akasa wɔ borɔn bi so anaasɛ mmeae afoforo. Ebia Adansefo no mu biako ne wo sua ade mprempren mpo.
So na wunim sɛ wɔn asɛm a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho no yɛ nea wɔrebɔ ho dawuru wɔ wiase nyinaa? Dɛn ntia? Efisɛ yɛn Bɔfo, Onyankopɔn, no pɛ sɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa mu no de biakoyɛ som no. Ɔkaa yɛn bere yi ho asɛm too hɔ sɛ: “Aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”—Yesaia 2:2, 3.
Yehowa Adansefo adwuma a ɛne ka a wɔka Onyankopɔn akwan ho asɛm kyerɛ wo no yɛ nkɔmhyɛ yi mmamu. Nkratafa a edidi so no bɛkyerɛ wo nea enti a adwuma yi ho hia mprempren ne sɛnea wubetumi anya mu mfaso.